Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Matthew 24 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Jesus was leaving the temple when his disciples came to show him its buildings. Yesu refi faako a asɔredan no si hɔ akɔ no, nʼasuafo no baa ne nkyɛn pɛɛ sɛ wɔtwe nʼadwene kɔ adan ahorow a ɛwɔ asɔredan no mu no so.
2 "Do you see all these?" he answered. "Truly I tell you: not one stone here will be left on another; all will be torn down." Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Wobedwiriw saa dan yi agu pasaa!”
3 While Jesus was sitting on the Mount of Olives, his disciples came to him privately: "Tell us, when will these things happen, and what sign marks your coming and the end of the age?" Yesu kɔɔ Ngo Bepɔw no so. Ɔte hɔ no, nʼasuafo no baa ne nkyɛn bebisaa no se, “Bere bɛn na nea woreka yi bɛba? Na nsɛnkyerɛnne bɛn na ɛbɛma yɛahu wo ba a wobɛsan aba bio no ne wiase awiei a ɛbɛba no?”
4 Jesus answered, "Watch out that no one deceives you. Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Monhwɛ na obi annaadaa mo.
5 "For many will come in my name, claiming, 'I am the Christ,' and they will deceive many. Nnipa bebree de me din bɛba abɛka se, wɔne Agyenkwa no, na wɔadaadaa mo mu pii.
6 You'll hear of wars and rumors of wars—don't be alarmed. This must happen, but the end isn't yet. Sɛ mote sɛ wɔafi akodi ase a, ɛnkyerɛ me ba a mɛsan aba no ho nsɛnkyerɛnne. Ɛsɛ sɛ eyinom ba, nanso awiei no de, ennya mmae.
7 Nation will rise against nation, and kingdom against kingdom, with famines and earthquakes in place after place. Aman bɛsɔre wɔ aman so, na ahenni asɔre wɔ ahenni so, na ɔkɔm ne asasewosow bɛba mmeaemmeae.
8 All these are the beginning of birth pains. Eyinom nyinaa bɛyɛ nneɛma a ɛyɛ hu a ɛbɛba no mfiase.
9 Then they will hand you over to suffering and kill you, hated by all nations because of my name. “Sɛ moyɛ me de nti, wɔbɛyɛ mo ayayade, na wɔakunkum mo wɔ wiase afanan nyinaa,
10 At that time many will fall away and will betray and hate one another, na mo mu pii bɛsan akɔ bɔne mu, na moayiyi mo ho mo ho ama, na moatentan mo ho mo ho.
11 and many false prophets will appear and deceive many people. Atoro adiyifo bebree bɛsɔre, na wɔadaadaa mo mu pii.
12 Because lawlessness will increase, the love of most will grow cold, Bɔne bɛdɔɔso wɔ wiase, na abrɛ nnipa dɔ a wɔwɔ no ase.
13 but the one who endures to the end will be saved. Nanso wɔn a wobegyina pintinn akodu awiei no, wobegye wɔn nkwa.
14 This good news of the kingdom will be announced worldwide as a testimony to all nations, and then the end will come. Na wɔbɛka asɛmpa a ɛfa Ahenni no ho no wɔ wiase mmaa nyinaa, na wɔate. Ɛno akyi ansa na awiei no bɛba.”
15 So when you see the desolating abomination Daniel the prophet spoke of standing in the holy place—let the reader understand, “Enti sɛ muhu ‘abusude a ɛde ɔsɛe ba’ a Odiyifo Daniel kaa ho asɛm sɛ egyina kronkronbea hɔ no a, ma nea ɔkenkan no nte ase,
16 then let those who are in Judea flee to the mountains. na wɔn a wɔte Yudea no nguan nkɔ Yuda mmepɔw so.
17 "Let no one on the rooftop go down to take anything out of the house, Mma obiara a ɔwɔ ne fi dan atifi no nsian nkɔfa biribiara mfi ne fi hɔ.
18 and let no one in the field go back to get a coat. Wɔn a wɔwɔ mfuw so no nso nnsan wɔn akyi mmɛfa wɔn ntama.
19 How dreadful it will be in those days for pregnant women and nursing mothers! Ɛbɛyɛ hu ama wɔn a wɔafa afuru ne wɔn a woturu mma saa bere no mu!
20 Pray that your flight will not take place in winter or on the Sabbath. Na mommɔ mpae na bere a ɛsɛ sɛ muguan no anyɛ awɔwbere anaa Homeda.
21 For then there will be great suffering, unmatched from the world's beginning until now, and never to be matched again. Efisɛ awerɛhowdi a ɛbɛba no, bi nsii wɔ wiase abakɔsɛm mu da, na bi nso rensi da.
22 If those days had not been cut short, no one would survive; but for the elect's sake, those days will be cut short. “Nokware, sɛ wɔantwa saa nna no so a, ɛrenka obi.
23 Then if anyone tells you, 'Look, here's the Christ,' or 'There he is,' don't believe it. Sɛ obi ka kyerɛ mo se, ‘Agyenkwa no wɔ ha anaasɛ ɔwɔ nohɔ anaa wayi ne ho adi wɔ ha anaa ɛhɔ’ a, munnnye nni.
24 False messiahs and false prophets will arise, performing great signs and wonders to deceive, if possible, even the elect. Atoro agyenkwanom ne atoro adiyifo bɛsɔre, na wɔayɛ anwonwade ahorow na sɛ ebetumi a, wɔadaadaa wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn no mpo.
25 See, I have told you ahead of time. Monhwɛ yiye, efisɛ maka biribiara akyerɛ mo!
26 So if they say, 'Look, he's in the wilderness,' don't go out; 'Look, in the inner rooms,' don't believe it. “Enti sɛ obi ka kyerɛ mo se, ‘Agyenkwa no asan aba na ɔwɔ sare so a,’ monnhaw mo ho sɛ mobɛkɔ hɔ akɔhwehwɛ no. Anaasɛ nso wose, ‘Ɔde ne ho asie baabi a,’ munnnye nni!
27 For just as lightning flashes from the east and shows as far as the west, so will the Son of Man's coming be. Na sɛnea anyinam twa fi apuei kɔ atɔe no, saa ara na sɛ Onipa Ba no reba a, ɛbɛyɛ ne no.
28 Wherever there is a carcass, there the vultures will gather. Na nea funu wɔ no, ɛhɔ na apete bɛboaboa wɔn ho ano.
29 Right after the suffering of those days, the sun will go dark, the moon will give no light, stars will fall from the sky, and the powers of the heavens will shake. “Saa mmere no awerɛhowdi no akyi pɛ “ ‘owia beduru sum, na ɔsram renhyerɛn; na nsoromma befi wim atetew ahwe, na wim abɔde behinhim.’
30 Then the sign of the Son of Man will appear in heaven, and all earth's peoples will mourn, seeing the Son of Man come on heaven's clouds with power and great glory. “Afei Onipa Ba no ho nsɛnkyerɛnne bɛda adi wɔ ɔsoro. Na asase sofo nyinaa betwa agyaadwo bere a wobehu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi ne anuonyam nam ɔsoro omununkum mu reba.
31 He will send out his angels with a loud trumpet blast, and they will gather his chosen from the four winds, from one end of the sky to the other. Na mɛsoma mʼabɔfo na wɔde torobɛnto a ano yɛ den aba abɛboaboa wɔn a mayi wɔn no ano fi ɔsoro ano akɔka asase ano.
32 Learn this from the fig tree: as soon as its branch softens and leafs out, you know summer is near. “Afei munsua biribi mfi borɔdɔma dua no ho asɛm no mu. Sɛ eyi mman foforo, san yi nhaban foforo a, na ɛkyerɛ sɛ asusow abɛn.
33 So also, when you see all these things, know it is near, at the door. Saa ara nso na sɛ muhu sɛ saa nneɛma yi nyinaa afi ase resisi a, mubehu sɛ me ba a mɛsan aba no abɛn, adu ɔpon ano.
34 Truly I tell you, this generation will certainly not pass away until all these things have happened. Nokware mise mo sɛ, awo ntoatoaso yi rentwa mu, gye sɛ saa nneɛma yi nyinaa aba mu ansa.
35 Heaven and earth will pass away, but my words will never pass away. Ɔsoro ne asase betwa mu akɔ, nanso me nsɛm de, ɛbɛtena hɔ daa.
36 "No one knows that day or hour—not the angels in heaven, not the Son—only the Father. “Nanso da anaa dɔn ko a awiei no bɛba de, obiara nnim. Ɔsoro abɔfo ne Onyankopɔn Ba no mpo nnim. Agya no nko na onim.
37 As in Noah's days, so will be the Son of Man's coming. Onipa Ba no ba a ɔbɛba no bɛyɛ sɛnea Noa bere so ɛyɛɛ no ara pɛ.
38 For in the days before the flood, people ate and drank, married and gave in marriage, until the day Noah entered the ark; Na sɛnea nna a edi nsuyiri no anim no nnipa didii, na wɔnomee, warewaree, de kosii da a Noa kɔɔ hyɛn no mu,
39 and they knew nothing until the flood came and swept them all away. That is how the coming of the Son of Man will be. na nnipa annye nea ɛbɛba anni, kosii sɛ nsuyiri bɛfaa wɔn nyinaa kɔe no, saa ara na me ba a mɛsan aba no bɛyɛ.
40 Two men will be in the field; one will be taken and the other left. Saa bere no, wɔbɛfa mmarima baanu a wɔreyɛ adwuma wɔ afum no mu baako akɔ, na wɔagyaw ɔbaako.
41 Two women will be grinding with a hand mill; one will be taken and the other left. Saa ara nso na mmea baanu a wɔwɔ fie renoa aduan no nso, wɔbɛfa ɔbaako agyaw ɔbaako.
42 Therefore keep watch, because you do not know on what day your Lord will come. “Enti monwɛn, efisɛ munnim da ko a Awurade bɛba.
43 Understand: had the homeowner known what watch of night the thief was coming, he'd have watched and kept his house from being broken into. Sɛnea sɛ ofiwura nim bere a owifo bɛba a anka ɔbɛwɛn de abɔ ne ho ban afi akorɔmfo ho no,
44 So you too must be ready, because the Son of Man comes at an hour you don't expect. saa ara na ɛsɛ sɛ musiesie mo ho, efisɛ Onipa Ba no bɛba bere a mo ani nna so sɛ ɔbɛba.
45 Who then is the faithful and wise servant, whom the master put in charge of his household to give them food at the right time? “Hena ne ɔsomfo nokwafo nyansafo no, nea ne wura de ne fi mu asomfo ahyɛ ne nsa sɛ ɔmma wɔn aduan wɔ bere a ɛsɛ mu?
46 It will be good for that servant whose master finds him doing so when he returns. Nhyira ne ɔsomfo a ne wura no bɛba abɛto no sɛ wayɛ nʼadwuma pɛpɛɛpɛ.
47 Truly I tell you, he will put him in charge of all his possessions. Meka mo nokware se ɔde nea ɔwɔ nyinaa bɛhyɛ ne nsa na wahwɛ so!
48 But suppose that wicked servant says to himself, 'My master is staying away a long time,' Na sɛ ɔkɔyɛ ɔsomfo tirimuɔdenfo, na ɔka kyerɛ ne ho se, ‘Me Wura nnya mmae,’
49 and then begins to beat his fellow servants and to eat and drink with drunkards. na ofi ase boro ne mfɛfo nkoa, na ɔne akɔwensafo didi, bow nsa a,
50 That servant's master will come on a day he doesn't expect, at an hour he doesn't know. Ɔsomfo no wura no bɛba da a nʼani nna so.
51 He will cut him to pieces and place him with the hypocrites, where people weep and grind their teeth." Ɔbɛtwe nʼaso dennen, na ɔde no akɔ baabi a wobu nyaatwomfo atɛn; ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]