Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Matthew 22 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Jesus spoke to them again in parables, saying: Yesu de mmebu ahorow kyerɛɛ sɛnea Ɔsoro Ahenni no te.
2 "The kingdom of our Father is like a king who prepared a wedding feast for his son. Ose, “Ɔsoro Ahenni no te sɛ ɔhene bi a ne babarima hyiaa ayeforo na ɔtoo pon maa no.
3 He sent his servants to summon the invited guests to the wedding feast, but they refused to come. Ɔtoo nsa frɛɛ nnipa pii. Bere no dui no, ɔnam tumi so somaa nʼasomfo sɛ wɔnkɔfrɛfrɛ nnipa no na wɔmmra. Nanso nnipa no amma.
4 Again he sent other servants, saying, 'Tell those invited: Look, I have prepared my dinner; my oxen and fattened cattle are killed, everything ready. Come to the wedding feast.' “Ɔsan somaa nʼasomfo afoforo se, ‘Monkɔka nkyerɛ wɔn se, wɔawie biribiara. Wɔakum mʼanantwi ne me nyɛmmoa de anoa aduan awie. Mommra ayeforo no ase mmedidi!’
5 But they paid no attention and went off, one to his farm, another to his business, “Nanso wɔammua no. Obi kɔɔ nʼafum. Ɔfoforo nso kodii ne gua.
6 while the rest seized his servants, mistreated them, and killed them. Afoforo nso kyeree nʼasomfo no hwee wɔn, pirapiraa wɔn, kunkum ebinom nso.
7 The king was enraged, and he sent his troops, destroyed those murderers, and burned their city. Ɔhene no tee nea nnipa no ayɛ nʼasomfo no, ne bo fuwii. Ɔsomaa nʼasraafo ma wokokunkum awudifo no, hyew wɔn kurow no pasaa.
8 Then he told his servants, 'The wedding is ready, but those invited weren't worthy. “Ɔsan frɛɛ nʼasomfo ka kyerɛɛ wɔn se, ‘Wɔawie ayeforo aduan no. Nanso wɔn a mefrɛɛ wɔn no mfata sɛ wɔba aponto no ase.
9 Go therefore to the main roads and invite to the wedding feast as many as you find.' Enti monkɔ mmɔnten so na obiara a mubehu no no, momfrɛ no mmra aponto no ase.’
10 Those servants went out into the roads and gathered everyone they found, bad and good, and the wedding hall filled with guests. Asomfo no fii adi kɔɔ mmɔnten so kɔfrɛɛ nnipa dodow a wohuu wɔn no nyinaa. Wɔfrɛɛ nnipa pa ne nnipa bɔne, maa ɔdan a wɔtoo pon wɔ mu no yɛɛ ma.
11 "But when the king came in to see the guests, he saw a man not dressed in wedding clothes. “Ɔhene no baa hɔ sɛ ɔrebɛhwɛ nnipa a wɔaba no, ohuu obi a ɔnhyɛ ayeforohyia atade wɔ hɔ.
12 He asked, 'Friend, how did you get in here without wedding clothes?' He was speechless. Obisaa no se, ‘Damfo, ɛyɛɛ dɛn na wonhyɛ ayeforohyia atade, na wutumi baa ha?’ Nanso damfo no antumi ammua.
13 Then the king told the servants, 'Tie his hands and feet, and throw him into the outer darkness, where there will be weeping and grinding of teeth.' “Afei ɔhene no ka kyerɛɛ nʼasomfo no se, ‘Monkyekyere ne nan ne ne nsa na monkɔtow no nkyene akyirikyiri sum mu, nea osu ne setwɛre wɔ no.’
14 For many are called, but few are chosen." “Wɔafrɛ bebree, nanso kakraa bi na wɔpaw wɔn.”
15 Then the Pharisees went and plotted how to trap him with his own words. Farisifo no tuu Yesu ho agyina, pɛɛ ɔkwan bi a wɔbɛfa nʼanom asɛm so anya no akyere no.
16 They sent their disciples to him, with the Herodians, saying, "Teacher, we know you are truthful and truly teach God's way; you defer to no one, since you don't judge people by rank. Wosii no gyinae se, wɔbɛsoma wɔn nnipa bi ne Herodefo aba Yesu nkyɛn abebisa no se, “Owura, yenim sɛ woyɛ ɔnokwafo, na wonam nokware kwan so kyerɛ nnipa kwan a ɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn a wunsuro akyi asɛm, efisɛ wonhwɛ nnipa anim.
17 Tell us, then, what you think: Is it lawful to pay taxes to Caesar, or not?" Ka ma yentie. Eye sɛ woyi tow ma Roma Hempɔn Kaesare anaa enye?”
18 But Jesus, knowing their malice, said, "Why are you testing me, you hypocrites? Yesu huu wɔn adwemmɔne no ma ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mo nyaatwomfo! Adɛn nti na mopɛ sɛ mode nnaadaa sɔ me hwɛ?
19 Show me the coin used for the tax." And they brought him a denarius. Momfa sika a wɔde yi tow no bi nkyerɛ me.” Wɔde bi kyerɛɛ no.
20 And he said to them, "Whose image is this, and whose inscription?" Obisaa wɔn se, “Hena mfoni na ɛda so, na hena din nso na ɛwɔ so?”
21 They said, "Caesar's." Then he said to them, "So pay Caesar what belongs to Caesar, and our Father what belongs to our Father." Wobuaa se, “Kaesare.” Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛno de, momfa Kaesare de mma Kaesare, na momfa Onyankopɔn de mma Onyankopɔn.”
22 When they heard it, they were amazed; and they left him and went away. Ne mmuae a ɔmaa wɔn no maa wɔn ho dwiriw wɔn ma wogyaw no hɔ kɔe.
23 That same day Sadducees came to him, who say there is no resurrection, and they asked him, Da no ara, Sadukifo a wonnye owusɔre nni no baa Yesu nkyɛn bebisaa no se,
24 saying, "Teacher, Moses said: if a man dies childless, his brother must marry the widow and raise offspring for his brother. “Owura, Mose kae se, ‘Sɛ ɔbarima bi anwo na owu a, ne nuabarima mfa ne yere no kunabea na ɔne no nwo mma owufo no.
25 Now there were seven brothers among us. The first married, died, and, childless, left his wife to his brother. Anuanom baason bi ne yɛn tenaa ha. Ɔpanyin no waree a wanwo ba na owui. Enti ne nua a ɔto so abien no faa ne yere no kunabea.
26 So too the second and the third, down to the seventh. Nea ɔto so abien no nso wui, maa nea ɔto so abiɛsa no faa ɔbea no kunabea. Ɔno nso wui a wanwo ba, maa ɔfoforo nso faa ɔbea no kunabea. Eyi toaa so ara kosii sɛ anuanom baason no nyinaa waree ɔbea no.
27 Last of all, the woman died. Nea edi akyi ne sɛ, ɔbea no nso wui.
28 In the resurrection, then, whose wife of the seven will she be? For they all had her." Ɛno nti, owusɔrebere no, nnipa baason yi mu hena na ɔbea no bɛyɛ ne yere? Efisɛ wɔn nyinaa waree no!’ ”
29 Jesus answered, "You're mistaken—you know neither the Scriptures nor our Father's power. Yesu buaa wɔn se, “Mo mfomso a moayɛ no fi nim a munnim Kyerɛwsɛm no ne Onyankopɔn tumi a ɔwɔ no!
30 For in the resurrection people neither marry nor are married off, but are like angels in heaven. Na owusɔrebere no, aware nni hɔ; obiara bɛyɛ sɛ abɔfo a wɔwɔ ɔsoro no.
31 Now, about the resurrection of the dead, haven't you read what our Father told you: Nea ɛfa owusɔre no ho no nso, monkenkan nea Onyankopɔn aka afa ho no pɛn? Munhu sɛ Onyankopɔn kasa kyerɛɛ mo bere a ɔkae se,
32 'I'm the God of Abraham, of Isaac, and of Jacob'? He's not God of the dead, but of the living." ‘Mene Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no?’ Eyi kyerɛ sɛ, Onyankopɔn nyɛ awufo Nyankopɔn na mmom, ateasefo Nyankopɔn.”
33 And when the crowds heard it, they were astonished at his teaching. Nnipadɔm no tee ne nkyerɛkyerɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa.
34 But when the Pharisees heard that he had silenced the Sadducees, they gathered together. Farisifo no tee sɛ Yesu abu afa Sadukifo no so no, wokohyiaa Yesu.
35 And one of them, an expert in the Law, asked him a question to test him: Wɔn mu baako a ɔyɛ mmaranimfo bisaa Yesu se,
36 "Teacher, which is the great commandment in the Law?" “Owura, Mose mmaransɛm no mu nea ɛwɔ he koraa na ɛkyɛn ne nyinaa?”
37 He said to him, "Love your Father with all your heart, with all your soul, and with all your mind. Yesu buaa no se, “ ‘Dɔ Awurade, wo Nyankopɔn, wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne wʼadwene nyinaa mu.’
38 This is the great and first commandment. Eyi ne mmaransɛm no mu nea edi kan na ɛkyɛn ne nyinaa.
39 And a second is like it: You will love your neighbor as yourself. Nea ɛto so abien no te sɛ ɛno ara: ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’
40 On these two commandments depend all the Law and the Prophets." Mose mmaransɛm ne adiyifo no nkyerɛkyerɛ no nyinaa gyina saa mmaransɛm abien yi so.”
41 Now while the Pharisees were gathered together, Jesus asked them, Farisifo no twaa Yesu ho hyiae no, obisaa wɔn se,
42 "What do you think about the Christ? Whose son is he?" They said to him, "David's." “Dɛn na mususuw fa Agyenkwa no ho? Hena ba ne no?” Wobuaa no se, “Dawid Ba.”
43 He asked them, "How then does David, by the Holy Spirit, call him Lord, saying, Yesu bisaa wɔn se “Ɛno de, adɛn na Dawid nam Honhom Kronkron so frɛ no ‘Awurade?’ Efisɛ Dawid kae se,
44 'Our Father said to my Lord, "Sit at my right hand, until I put your enemies under your feet"'? “ ‘Awurade ka kyerɛɛ me wura se, “Tena me nifa kosi sɛ mɛma woadi wʼatamfo nyinaa so.” ’
45 If then David calls the Christ Lord, how can the Christ be David's son?" Sɛ Dawid frɛ no ‘Awurade’ a, ɛno de, ɛyɛɛ dɛn na Kristo no yɛ ne ba?”
46 No one could answer him a word, and from that day no one dared ask him anything else. Obiara antumi ammua. Eyi akyi nso, obiara antumi ammisa no nsɛm bio.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]