Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Matthew 1 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 This is the genealogy of Jesus Christ, the son of David, the son of Abraham: Yesu Kristo a ofi Ɔhene Dawid ne Abraham abusua mu no mpanyimfo din na edidi so yi:
2 Abraham was the father of Isaac, Isaac the father of Jacob, and Jacob the father of Judah and his brothers. Abraham ba ne Isak, Isak ba ne Yakob; Yakob nso mma ne Yuda ne ne nuanom.
3 Judah was the father of Perez and Zerah by Tamar, Perez the father of Hezron, and Hezron the father of Ram. Yuda mma ne Peres ne Sera. Wɔn na ne Tamar. Peres ba ne Hesron na Hesron nso ba ne Ram.
4 Ram was the father of Amminadab, Amminadab the father of Nahshon, and Nahshon the father of Salmon. Ram woo Aminadab, Aminadab woo Nahson, Nahson nso woo Salmon.
5 Salmon was the father of Boaz by Rahab, Boaz the father of Obed by Ruth, and Obed the father of Jesse, Salmon ne ne yere Rahab woo Boas, Boas ne ne yere Rut woo Obed, Obed nso woo Yisai.
6 and Jesse the father of David the king. David was the father of Solomon by the wife of Uriah, Yisai ba ne Ɔhene Dawid. Dawid ba ne Salomo. Dawid ne Batseba a na anka ɔyɛ Uria yere no na wɔwoo Salomo.
7 Solomon the father of Rehoboam, Rehoboam the father of Abijah, and Abijah the father of Asa. Salomo woo Rehoboam, Rehoboam woo Abia, Abia woo Asa.
8 Asa was the father of Jehoshaphat, Jehoshaphat the father of Joram, and Joram the father of Uzziah. Asa woo Yehosafat, Yehosafat woo Yoram, Yoram nso woo Usia
9 Uzziah was the father of Jotham, Jotham the father of Ahaz, and Ahaz the father of Hezekiah. Usia ba ne Yotam, Yotam ba ne Ahas: Ahas ba ne Hiskia.
10 Hezekiah was the father of Manasseh, Manasseh the father of Amon, and Amon the father of Josiah, Hiskia ba ne Manase, Manase ba ne Amon, Amon nso ba ne Yosia.
11 and Josiah the father of Jeconiah and his brothers, at the time of the exile to Babylon. Yosia woo Yekonia ne ne nuanom. Wɔwoo wɔn bere a na Yudafo te nnommum mu wɔ Babilon no.
12 After the exile to Babylon, Jeconiah was the father of Shealtiel, and Shealtiel the father of Zerubbabel. Wɔn a wofi Babilon nnommum mu bae no akyi awo ntoatoaso ni: Yekonia woo Sealtiel, Sealtiel woo Serubabel.
13 Zerubbabel was the father of Abiud, Abiud the father of Eliakim, and Eliakim the father of Azor. Serubabel woo Abihud, Abihud woo Eliakim, Eliakim nso woo Asor.
14 Azor was the father of Zadok, Zadok the father of Achim, and Achim the father of Eliud. Asor ba ne Sadok, Sadok ba ne Akim, Akim ba ne Elihud.
15 Eliud was the father of Eleazar, Eleazar the father of Matthan, and Matthan the father of Jacob, Elihud ba ne Eleasar, Eleasar ba ne Matan. Matan nso ba ne Yakob,
16 and Jacob the father of Joseph, the husband of Mary—it was Mary from whom Jesus was born, who is called Christ. Yakob woo Yosef a ɔwaree Maria no. Saa Maria yi na ɔwoo Yesu Kristo.
17 So all the generations from Abraham to David: fourteen generations; from David to the exile to Babylon: fourteen generations; from the exile to Babylon to Christ: fourteen generations. Awo ntoatoaso a efi Abraham so de besi Ɔhene Dawid so yɛ dunan. Efi Ɔhene Dawid so de besi bere a wɔfaa ɔman no nnommum kɔɔ Babilon no nso awo ntoatoaso yɛ dunan saa ara. Saa ara nso na efi bere a wotu fii Babilon san baa wɔn man mu bio no de besi Kristo awo so nso yɛ awo ntoatoaso dunan.
18 Jesus Christ's birth happened this way: his mother Mary was pledged to Joseph, but before they united, she was found pregnant through the Holy Spirit. Sɛnea Yesu Kristo awo ho nsɛm te ni: Wɔde ne na Maria maa Yosef sɛ ɔnware no, nanso ansa na wobehyia mu sɛ awarefo no, ohuu sɛ wanyinsɛn; nea efi Honhom Kronkron.
19 Because Joseph, her husband, was righteous and didn't want to disgrace her publicly, he decided to divorce her quietly. Ɛbaa saa no, ne kunu Yosef a odi ne ho ni no ampɛ sɛ obegu Maria anim ase nti ɔyɛɛ nʼadwene sɛ obegyaa no aware wɔ kokoa mu.
20 While Joseph considered this, an angel of the Lord appeared to him in a dream: "Joseph, son of David, don't be afraid to take Mary as your wife—the child conceived in her is from the Holy Spirit. Bere a asɛm no ayɛ Yosef dadwen no, Awurade bɔfo beyii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ dae mu. Ɔbɔfo no kae se, “Yosef, Dawid ba, nsuro sɛ wobɛfa Maria sɛ wo yere efisɛ ne nyinsɛn no fi Honhom Kronkron.
21 She will bear a son; name him Jesus, for he will save his people from their sins." Ɔbɛwo ɔbarima na woato no din Yesu, ase ne Agyenkwa, efisɛ ɔno na obegye ne nkurɔfo nkwa afi wɔn bɔne mu.”
22 All this took place to fulfill what our Father had spoken through the prophet: Eyi nyinaa baa mu de hyɛɛ nea Awurade nam odiyifo no so kae no ma se:
23 "Look, the virgin will conceive and give birth to a son, and they will call him Immanuel" (which means, "our Father with us"). “Ɔbabun no benyinsɛn, na wawo ɔbabarima, na wɔato no din Immanuel” a ase ne sɛ, “Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.”
24 Joseph woke and did as the angel of the Lord commanded him, taking Mary as his wife. Bere a Yosef nyan no, ɔyɛɛ sɛnea ɔbɔfo no hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Enti ɔkɔfaa Maria baa ne fi ma ɔbɛyɛɛ ne yere.
25 He did not have relations with her until she gave birth to a son, and named him Jesus. Nanso Yosef ne Maria anhyia da kosii sɛ Maria woo ɔbabarima maa Yosef too ne din “Yesu.”
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]