Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Mark 1 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 The beginning of the gospel of Jesus Christ, the Son of our Father. Asɛmpa a ɛfa Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no ho no mfiase ni.
2 As written in Isaiah the prophet: "Look, I send my messenger ahead of you, who will prepare your way. Wɔakyerɛw wɔ Odiyifo Yesaia nhoma no mu se, “Mɛsoma me bɔfo adi wʼanim kan. Ɔno na obesiesie ɔkwan ama wo.”
3 A voice calling out in the wilderness: 'Prepare the way of the Lord, make his paths straight.'" “Obi nne reteɛ mu wɔ sare so, ‘Munsiesie ɔkwan mma Awurade, mommɔ akwan a ɛteɛ mma no.’ ”
4 John appeared, baptizing in the wilderness and proclaiming a baptism of repentance for the forgiveness of sins. Enti Yohane ba bɛbɔɔ asu wɔ sare so, ɔkaa adwensakra asubɔ a ɛma bɔnefakyɛ ho asɛm.
5 All Judea and everyone in Jerusalem went out to him, and he baptized them in the Jordan River as they confessed their sins. Nnipa fifi Yerusalem ne Yudea nkurow nyinaa so kohuu Yohane tiee no. Na wɔkaa wɔn bɔne kyerɛɛ no no, ɔbɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu.
6 John was dressed in camel's hair, with a leather belt around his waist, eating locusts and wild honey. Na Yohane hyɛ atade a wɔde yoma nwi na apam a aboa nhoma abɔso nso bɔ mu. Na nʼaduan yɛ mmoadabi ne ɛwo.
7 He announced: "After me comes one stronger than I; I'm not worthy to stoop and untie his sandal strap. Ɔrekyerɛkyerɛ no, ɔkae se, “Ɛrenkyɛ koraa, obi bɛba a ɔwɔ tumi sen me, a ne mpaboa hama mpo, mensɛ sɛ mekotow na masan.
8 I have baptized you with water, but he will baptize you with the Holy Spirit." Me de, mede nsu na ɛbɔ mo asu, na ɔno de, ɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu!”
9 In those days Jesus came from Nazareth of Galilee and was baptized by John in the Jordan. Saa bere no mu na Yesu fi Nasaret a ɛwɔ Galileaman mu ba maa Yohane bɔɔ no asu wɔ asubɔnten Yordan mu.
10 Immediately, as he came up out of the water, he saw the heavens split open and the Holy Spirit come down on him like a dove. Yesu fii asu no mu sii konkɔn so ara pɛ, ohuu sɛ ɔsoro abue, na Honhom Kronkron resian sɛ aborɔnoma aba ne so.
11 And a voice came from heaven: "You are my beloved Son; in you I delight." Na nne bi fi ɔsoro kae se, “Wone me Dɔba a wosɔ mʼani.”
12 And immediately the Holy Spirit drove him out into the wilderness. Ɛhɔ ara, Honhom Kronkron de Yesu kɔɔ sare so.
13 He was in the wilderness forty days, tempted by Satan, with the wild animals, and the angels served him. Ɔtenaa hɔ adaduanan a na wuram mmoa na ɛka ne ho. Ɛhɔ na ɔbonsam sɔɔ no hwɛe. Akyiri no, abɔfo ba bɛsom no.
14 Now after John was arrested, Jesus came into Galilee, proclaiming the gospel of our Father, Ɔhene Herode kyeree Yohane akyi no, Yesu kɔɔ Galilea kɔkaa asɛmpa no wɔ hɔ.
15 and saying, "The time is fulfilled, and our Father's kingdom is near; repent and believe the good news." Ɔkae se, “Bere no awie du! Onyankopɔn ahenni no abɛn. Monsakra mo adwene na munnye asɛmpa no nni!”
16 Passing the Sea of Galilee, he saw Simon and his brother Andrew casting a net in the sea, for they were fishermen. Da bi a Yesu nam Galilea mpoano no, ohuu Simon ne ne nua Andrea sɛ wɔregu asau.
17 And Jesus said to them, "Follow me, and I will make you become fishers of people." Yesu frɛɛ wɔn se, “Mummedi mʼakyi! Na mɛma mo ayɛ nnipayifo.”
18 And immediately they left their nets and followed him. Ɛhɔ ara, wogyaw wɔn asau no guu hɔ kodii nʼakyi.
19 Going a little farther, he saw James son of Zebedee and John his brother in their boat, mending the nets. Ɔkɔɔ nʼanim kakra no, ohuu Sebedeo mma baanu a wɔfrɛ ɔbaako Yohane, na ɔbaako nso de Yakobo, sɛ wɔte ɔkorow mu reyɛ wɔn asau ho adwuma.
20 At once he called them; leaving their father Zebedee in the boat with the hired hands, they followed him. Ɔfrɛɛ wɔn nso se wommedi nʼakyi. Ntɛm ara na wogyaw wɔn agya Sebedeo ne nʼapaafo hɔ wɔ ɔkorow no mu bedii nʼakyi.
21 They went to Capernaum. At once, on the Sabbath, he entered the synagogue and began teaching. Yesu ne nʼakyidifo yi beduu Kapernaum. Na Homeda duu no, ɔkɔɔ asɔredan mu kɔkaa asɛmpa no.
22 They were amazed at his teaching, for he taught them with authority, not like the scribes. Nnipa no tee asɛm no maa wɔn ho dwiriw wɔn, efisɛ ɔkasaa te sɛ obi a ɔwɔ tumi, na mmom wankasa sɛ Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no.
23 And immediately there was in their synagogue a man with an unclean spirit, and he cried out. Amono mu hɔ ara na ɔbarima bi a ɔwɔ wɔn hyiadan no mu hɔ a ɔwɔ honhommɔne teɛɛ mu se,
24 Why meddle with us, Jesus of Nazareth? Have you come to destroy us? I know who you are—God's Holy One! “Dɛn na wo Nasareni Yesu ne yɛn wɔ yɛ? Woaba sɛ worebɛsɛe yɛn ana? Minim wo sɛ wone Onyankopɔn Ba Kronkron no!”
25 But Jesus rebuked him, saying, "Be silent, and come out of him!" Yesu teɛteɛɛ honhommɔne no se, “Mua wʼano! Fi ne mu kɔ!”
26 And the unclean spirit, convulsing him and crying out with a loud voice, came out of him. Honhommɔne no wosow saa ɔbarima no na ɔteɛteɛɛ mu dennen maa ne tu kɔe.
27 All were amazed, and they questioned each other: "What is this? A new teaching with authority - he commands even the unclean spirits, and they obey him!" Nnipa no nyinaa ho dwiriw wɔn ma wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se. “Nkyerɛkyerɛ foforo bɛn ni? Ahonhommɔne mpo tie ne nne!”
28 And at once his fame spread everywhere throughout all the surrounding region of Galilee. Saa anwonwade a ɔyɛe yi ho nsɛm trɛw faa Galileaman mu nyinaa.
29 Immediately he left the synagogue and went to Simon and Andrew's house, with James and John. Wofii hyiadan no mu no, wɔne Yakobo ne Yohane kɔɔ Simon ne Andrea fi.
30 Now Simon's mother-in-law lay sick with a fever, and immediately they told him about her. Na Simon asebea da mpa so a atiridii akyere no, na wɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ Yesu.
31 He came, took her hand, raised her up. The fever left her, and she served them. Yesu kɔɔ faako a ɔda hɔ kosoo ne nsa ma ɔsɔre tenaa ase. Ɛhɔ ara na atiridii no tu fii ne so ma ofii ase twɛn wɔn.
32 That evening, when the sun set, they brought him all who were sick and those oppressed by demons. Eduu anwummere no, nnipa no de ayarefo ne wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne brɛɛ Yesu sɛ ɔnsa wɔn yare.
33 And the whole city was gathered together at the door. Kurow mu no nyinaa bɛboaa wɔn ho ano wɔ ofi no abobow ano,
34 He healed many sick with various diseases and drove out many demons, not letting the demons speak, since they knew him. na Yesu saa ayarefo bebree yare. Otuu ahonhommɔne bebree nso. Nanso, wamma ahonhommɔne no ankasa, efisɛ, na wonim no.
35 Long before dawn, while still dark, he got up, went out to a deserted place, and prayed there. Ahemadakye a na anim ntetewee no, Yesu sɔre fii fie hɔ kɔɔ baabi a ɛhɔ yɛ dinn, kɔbɔɔ mpae wɔ hɔ.
36 And Simon and those who were with him searched for him, Simon ne wɔn a wɔka ne ho fii adi kɔhwehwɛɛ no,
37 and they found him and said to him, "Everyone is looking for you." na wohuu no no, wɔteɛɛ mu kae se, “Nnipa bebree rehwehwɛ wo!”
38 He said, "Let us go elsewhere, to the neighboring towns, so I can preach there too, for that is why I came." Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛsɛ sɛ yɛkɔ nkurow a aka no so, na mekɔka mʼasɛm kyerɛ wɔn, efisɛ, ɛno nti na mebae.”
39 And he went throughout all Galilee, preaching in their synagogues and casting out demons. Enti, ɔkɔɔ Galileaman mu baabiara kɔkaa asɛmpa no wɔ asɔredan mu, tuu ahonhommɔne bebree nso.
40 A man with leprosy came, knelt, and begged him, "If you're willing, you can make me clean." Ɔkwatani bi bɛkotow no srɛɛ no sɛ, “Sɛ ɛyɛ wo pɛ a, wubetumi ama me ho afi.”
41 Moved with deep compassion, he stretched out his hand, touched him, and said to him, "I am willing; be clean." Yesu huu ɔkwatani no mmɔbɔ, enti ɔde ne nsa kaa no kae se, “Mepɛ! Wo ho mfi!”
42 And immediately the leprosy left him, and he was made clean. Amono mu hɔ ara, ne ho fi maa ne ho tɔɔ no!
43 Sternly warning him, he sent him away at once, Yesu bɔɔ nʼano denneennen se,
44 and told him, "Make sure you tell no one—but go, show yourself to the priest, and offer what Moses commanded for your cleansing, as proof to the people." “Nka saa asɛm yi nkyerɛ obiara, na mmom fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo. Sɛ worekɔ a fa wʼafɔrebɔde a Mose ahyɛ sɛ akwatafo a wɔasa wɔn yare mfa nka wɔn ho nkɔ no ka wo ho kɔ sɛnea ɛbɛma obiara ahu sɛ wo ho atɔ wo.”
45 But he went out, proclaiming it freely and spreading the news, so Jesus could no longer enter a town openly, but stayed in lonely places. Yet people came to him from everywhere. Nanso ɔrekɔ no nyinaa, na ɔde nteɛteɛmu rebɔ nʼayaresa no ho dawuru. Esiane eyi nti sɛ Yesu kɔ baabiara a, nnipadɔm betwa ne ho hyia. Ɛno nti na baabiara a ɔbɛkɔ no onnyi ne ho adi. Enti ɔtenaa sare so hɔ maa nnipa bebree baa ne nkyɛn.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]