Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Luke 9 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Jesus called the twelve together, gave them power and authority over all the demons and to heal diseases. Da bi Yesu frɛɛ Dumien no hyia maa wɔn tumi ne ahoɔden a wɔde betu ahonhommɔne na wɔde asa nyarewa nso.
2 And he sent them out to proclaim the kingdom of our Father and to heal the sick. Afei ɔsomaa wɔn se wɔnkɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛm na wɔnsa nyarewa.
3 He said to them, "Take nothing for the road: no staff, bag, bread, or money, and don't take two tunics each. Na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mo akwantu yi mu, mommfa biribiara nnkɔ, sɛ ɛyɛ pema anaa akwantukotoku, anaa aduan biara, anaa sika, anaa ntade abien abien.
4 Whatever house you enter, stay there, and leave from there. Na sɛ mokɔ kurow bi mu a, ofi biara a mobɛsoɛ wɔ mu no, ɛhɔ ara na montena nkosi sɛ mubefi kurow no mu.
5 Wherever they won't welcome you, shake the dust off your feet as you leave that town, as a testimony against them." Sɛ mokɔ kurow biara mu na wɔannye mo, na morefi hɔ akɔ a, momporoporow mo anan ase mfutuma mfa nkyerɛ sɛ, mo ne wɔn nni hwee yɛ bio.”
6 So they set out and went from village to village, proclaiming the good news and healing everywhere. Wofii hɔ no, wɔkɔɔ nkuraase nkuraase kɔkaa asɛmpa no, saa nyarewa pii nso.
7 Herod the tetrarch heard all that was happening, and was puzzled, because some said John had been raised from the dead, Ɔmansinhene Herode tee nea Yesu ayɛ no nyinaa no, ɛhaw no yiye, efisɛ na ebinom keka se Osuboni Yohane na wasɔre afi awufo mu,
8 others that Elijah had appeared, and still others that one of the prophets of old had risen. na afoforo nso se ɛyɛ Elia anaa tete adiyifo no mu baako na wasɔre afi awufo mu aba.
9 Herod said, "I beheaded John—so who is this I hear such things about?" He kept seeking to see him. Herode kae se, “Yohane de, matwa ne ti, na hena koraa ne saa onipa yi a mete anwonwasɛm a ɛte sɛɛ fa ne ho yi?” Eyi nti ɔpɛɛ sɛ ohu no.
10 When the apostles returned, they told Jesus all they had done. He took them and withdrew privately to a town called Bethsaida. Asomafo no fii wɔn akwantu mu bae no, wɔbɔɔ nsɛm a esisii wɔ hɔ nyinaa ho amanneɛ kyerɛɛ Yesu. Eyi akyi na Yesu ne wɔn twee wɔn ho kɔɔ baabi a ɛbɛn Betsaida.
11 But the crowds found out and followed him. He welcomed them, spoke to them of our Father's kingdom, and healed those who needed it. Nnipadɔm no huu nea Yesu ne nʼasomafo no wɔ no, wotiw wɔn ma ogyee wɔn fɛw so, kaa Onyankopɔn ahenni ho asɛm kyerɛɛ wɔn, saa ayarefo yare.
12 As the day was ending, the Twelve came and said to him, "Send the crowd away to find lodging and food in the villages and countryside around us—we're in a remote place here." Anim rebiribiri no, dumien no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Ka kyerɛ nnipa no na wɔnkɔ nkurow ne nkuraa a atwa yɛn ho ahyia yi mu nkɔpɛ nea wobedi ne nea wɔbɛda, efisɛ faako a yɛwɔ yi yɛ sare so.”
13 He said, "You give them something to eat." They said, "We have only five loaves and two fish—unless we go and buy food for this whole crowd." Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mo ara momma wɔn biribi nni.” Wobuaa no se, “Yɛwɔ brodo anum ne mpataa abien pɛ. Ɛno nti gye sɛ yɛkɔtɔ aduan brɛ wɔn nyinaa.”
14 For there were about 5,000 men. He told his disciples, "Seat them in groups of about fifty each." Na nnipa bɛyɛ mpem anum na wɔahyia wɔ hɔ. Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Monhwɛ na nnipa no ntenatena ase aduonum aduonum.”
15 They did so, and had everyone sit down. Wɔyɛɛ sɛnea Yesu kae no.
16 He took the five loaves and two fish, looked up to heaven, blessed and broke them, then kept giving them to the disciples to serve the crowd. Afei Yesu faa brodo anum no ne mpataa abien no na ɔhwɛɛ ɔsoro, daa so ase, hyiraa so, bubuu mu de maa nʼasuafo no se wɔnkyɛ mma nnipa no.
17 All ate and were satisfied; the leftover pieces filled twelve baskets. Obiara didi mee. Asuafo no boaboaa nea wodi ma ɛkae no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛn dumien.
18 Once, while praying alone with his disciples nearby, Jesus asked them, "Who do the crowds say I am?" Da bi a Yesu hyɛ kokoa mu baabi rebɔ mpae a nʼasuafo ka ne ho no, obisaa wɔn se, “Nnipa ka se mene hena?”
19 They answered, "John the Baptist. Others say Elijah. Still others, that an ancient prophet has risen." Wobuaa no se, “Ebinom ka se, woyɛ Osuboni Yohane, ebinom nso ka sɛ Elia, na afoforo nso se, woyɛ tete adiyifo no mu baako a wasɔre afi awufo mu aba.”
20 "But who do you say that I am?" he asked. Peter answered, "The Christ of our Father." Yesu bisaa wɔn se, “Na mo nso muse mene hena?” Petro buaa no se, “Wone Kristo, nea Onyankopɔn asoma no no.”
21 Jesus strictly warned them, ordering them to tell no one this, Yesu bɔɔ wɔn ano sɛ wɔnnka nkyerɛ obiara.
22 saying, "The Son of Man must suffer many things and be rejected by the elders, chief priests, and scribes, and be killed, and on the third day be raised." Ɔtoaa so se, “Ɛsɛ sɛ Kristo no hu amane pii; Yudafo mpanyimfo ne asɔfo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo nso bɛpo no. Akyiri no wobekum no, na ne nnansa so wasɔre.”
23 Then he told them all, "Whoever wants to come after me must deny himself and take up his cross daily and follow me. Afei ɔka kyerɛɛ wɔn nyinaa se, “Sɛ obi pɛ sɛ odi mʼakyi a, ɔmpa ne ho akyi na daa ɔnsoa nʼasennua na onni mʼakyi.
24 For whoever intends to save his life will lose it, but whoever loses his life because of me will save it. Na obiara a ɔma nʼani ku ne ho sen me no, ɔbɛhwere ne nkwa; na nea me nti ɔbɛhwere ne nkwa no, ne nsa bɛka.
25 For what use is it if someone gains the whole world, yet loses or forfeits himself? Na sɛ onipa nya wiase yi mu nneɛma nyinaa na ɔhwere ne kra a, dɛn mfaso na obenya?
26 Whoever is ashamed of me and my words, the Son of Man will be ashamed of him when he comes in his own glory and the glory of the Father and the holy angels. Na nea nʼani bewu me ne me nsɛm ho no, ɔno nso, da a me, Onipa Ba no bɛba wɔ me ne Agya no ne abɔfo kronkron no anuonyam mu no, mʼani bewu wɔ ne ho.
27 But I tell you truly, some standing here will not taste death before they see the kingdom of our Father." “Na mereka akyerɛ mo se, mo a mugyina ha yi mu bi wɔ hɔ a wɔrenwu kosi sɛ wobehu Onyankopɔn ahenni no.”
28 About eight days after these words, Jesus took Peter, John, and James up a mountain to pray. Yesu kaa ne nsɛm yi wiee no, ɛbɛyɛ nnaawɔtwe akyi, ɔne Petro, Yohane ne Yakobo kɔɔ bepɔw bi so sɛ wɔrekɔbɔ mpae.
29 As he was praying, the appearance of his face changed, and his clothing became dazzling white. Na Yesu gu so rebɔ mpae no, nʼanimdua sesae, na nʼatade nso hyerɛnee.
30 And there were two men talking with him—Moses and Elijah, Prɛko pɛ, nnipa baanu a ɛyɛ Mose ne Elia puee wɔ hɔ anuonyam mu ne no bɛkasae.
31 who appeared in glory, speaking of his departure, which he was about to fulfill in Jerusalem. Wɔkasa faa ne wu a obewu a ɛde mahyɛ bɛba Yerusalem so no ho.
32 Peter and his companions were weighed down with sleep; fully awake, they saw his glory and the two men standing with him. Saa bere no na Petro ne nnipa a wɔka ne ho no adeda hatehatee na wonyanyan a wɔn ani so tetew wɔn no, wohuu Yesu sɛ ɔwɔ nʼanuonyam mu ne nnipa baanu bi a wɔka ne ho.
33 As they were leaving him, Peter said to Jesus, "Master, it's good we're here. Let's make three shelters—one for you, one for Moses, one for Elijah." He didn't know what he was saying. Na ɛbaa sɛ nnipa no refi Yesu nkyɛn akɔ no, Petro ka kyerɛɛ Yesu se, “Awurade, eye sɛ yɛn nso yɛwɔ ha bi. Ma yɛmmɔ asese abiɛsa; wo de baako, Mose de baako na Elia nso de baako.” Na Petro nnim asɛm a ɔreka no.
34 As he spoke, a cloud came and covered them in shadow; entering it, they were afraid. Ogu so rekasa no, omununkum bɛkataa wɔn so ma wosuroe.
35 A voice from the cloud said, "This is my Son, my Chosen One—listen to him!" Na nne bi fi omununkum no mu kae se, “Oyi ne me Ba a mayi no. Muntie no!”
36 When the voice ended, Jesus was found alone. They stayed silent, telling no one in those days what they had seen. Kasa yi akyi no, wohuu sɛ aka Yesu nko ara na ogyina hɔ. Na mmere no mu, wɔanka nea wohuu no ankyerɛ obiara.
37 The next day, when they came down from the mountain, a large crowd met him. Ade kyee a wosian fii bepɔw no so bae no, nnipakuw bi behyiaa Yesu.
38 A man from the crowd shouted, "Teacher, please look at my son, because he's my only child. Ɔbarima bi fi nnipakuw no mu teɛɛ mu se, “Kyerɛkyerɛfo, mesrɛ wo, bra bɛhwɛ me ba a midi no bakoro ma me;
39 A spirit seizes him, and suddenly he cries out; it convulses him until he foams, scarcely leaving him, battering him. sɛ honhommɔne ba ne so a, amono mu, ɔteɛ mu, otwa hwe, osinsen, nʼano pu ahuru, na obu fa so, na ɛkyɛ ansa na afi ne so.
40 I begged your disciples to drive it out, but they could not." Na mesrɛɛ wʼasuafo no sɛ wontu honhommɔne no nanso wɔantumi.”
41 Jesus answered, "Distrustful, twisted generation, how long must I stay with you and endure you? Bring your son here." Yesu kae se, “Ao! Mo a munni gyidi, mentena mo nkyɛn na minnya mo ho boasetɔ nkosi da bɛn!” Afei, ɔdan nʼani ka kyerɛɛ ɔbarima no se, “Fa wo ba no bra ha.”
42 As the boy was coming, the demon threw him down and convulsed him. But Jesus rebuked the unclean spirit, healed the boy, and returned him to his father. Ɔde abofra no reba no, honhommɔne no twaa no hwee fam ma osinsenii. Na Yesu teɛteɛɛ honhommɔne no maa abofra no ho yɛɛ no den na ɔde no maa nʼagya.
43 All were astonished at our Father's majesty. While everyone was amazed at everything Jesus did, he said to his disciples, Onyankopɔn tumi ne ne kɛseyɛ a ɛdaa adi wɔ honhommɔne no tu mu no maa nnipa no ho dwiriw wɔn. Na wɔredwinnwen nea asi yi ho no, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se,
44 "Store these words in your ears: the Son of Man will soon be delivered into human hands." “Muntie asɛm a merebɛka yi yiye. Wobeyi Kristo no ama.”
45 But they didn't understand this word—hidden from them so they couldn't grasp it—and they were afraid to ask him about it. Nea ɔkaa yi na ɛyɛ ahintasɛm nti, asuafo no ante ase. Nanso na wosuro sɛ wobebisa no ase.
46 Now an argument arose among them as to which of them was the greatest. Asuafo no gyee akyinnye a ɛfa wɔn mu nea ɔbɛyɛ ɔkɛse wɔ Onyankopɔn ahenni mu no ho.
47 But Jesus, knowing their hearts' thoughts, took a child and stood him beside himself, Na Yesu huu wɔn adwene no, osoo abofra bi mu de no begyinaa ne nkyɛn pɛɛ,
48 and told them, "Whoever receives this child in my name receives me, and whoever receives me receives the one who sent me. For the least among you all—that one is great." na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Obiara a obegye saa abofra yi wɔ me din mu no, gye me; na nea ogye me no nso gye nea ɔsomaa me no. Nea ɔyɛ aketewa wɔ mo nyinaa mu no, ɔno ne ɔkɛse.”
49 John said, "Master, we saw someone driving out demons in your name and tried to stop him, because he doesn't follow with us." Yohane nso ka kyerɛɛ no se, “Awurade, yehuu obi a ɔnka yɛn ho sɛ ɔde wo din tu ahonhommɔne enti yɛbraa no.”
50 "Do not stop him," Jesus said to him, "for whoever is not against you is for you." Yesu ka kyerɛɛ no se, “Munnsiw no kwan, efisɛ nea ontia mo no, na ɔwɔ mo afa.”
51 When the days neared for him to be taken up to heaven, Jesus resolutely set his face to go to Jerusalem. Na bere a ɛsɛ sɛ Yesu san kɔ ɔsoro no rebɛn no, osii ne bo sɛ ɔbɛkɔ Yerusalem.
52 He sent messengers ahead of him. They went and entered a Samaritan village to prepare for him, Ansa na ɔrebɛkɔ no, ɔsomaa nnipa bi dii kan kɔɔ Samaria akuraa bi ase sɛ wonkosiesie baabi mma no.
53 but the people there did not welcome him, because he was heading for Jerusalem. Nanso Samariafo no annye Yesu, efisɛ wohuu sɛ na ɔrekɔ Yerusalem.
54 Seeing this, the disciples James and John said, "Lord, do you want us to call down fire from heaven to consume them?" Asuafo no tee nea aba no, Yakobo ne Yohane bisaa Yesu se, “Awurade, wopɛ sɛ yɛma ogya fi ɔsoro bɛhyew wɔn pasaa ana?”
55 But he turned and rebuked them. Yesu dan nʼani kyerɛɛ wɔn kaa wɔn anim,
56 And they went on to another village. na wofii hɔ kɔɔ akuraa foforo bi ase.
57 As they walked the road, someone said to him, "I'll follow you wherever you go." Bere a wɔrekɔ no, ɔbarima bi baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Baabiara a wobɛkɔ no, medi wʼakyi.”
58 Jesus said, "Foxes have dens, birds of the sky have nests, but the Son of Man has nowhere to lay his head." Yesu buaa no se, “Sakraman wɔ wɔn abon, wim nnomaa nso wɔ mmerebuw, nanso me, Onipa Ba no de, minni baabi a mede me ti to!”
59 To another he said, "Follow me." He replied, "Lord, first let me go bury my father." Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima foforo bi nso se, “Bedi mʼakyi.” Nanso ɔbarima no kae se, “Awurade, ma me kwan na minkosie mʼagya ansa.”
60 But Jesus told him, "Let the dead bury their own dead, but you go proclaim the kingdom of our Father." Yesu ka kyerɛɛ no se, “Ma wɔn a wɔte ase na wɔawu wɔ honhom mu no nyɛ saa nnwuma no, na wo de, kɔka Onyankopɔn ahenni no ho asɛm kyerɛ amanaman nyinaa.”
61 Another also said, "I'll follow you, Lord, but first let me say goodbye to those at my house." Na ɔfoforo nso kae se, “Awurade, medi wʼakyi nanso ma me kwan na me ne mʼabusuafo nkodi nkra ansa.”
62 Jesus replied, "No one who puts a hand to the plow and looks back is fit for our Father's kingdom." Nanso Yesu ka kyerɛɛ no se, “Obiara a ɔbɛma nʼadwene ayɛ no ntanta wɔ dwumadi bi a mede ahyɛ ne nsa no ho no, ɔmfata Onyankopɔn ahenni no.”
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]