1Since many have undertaken to compile an ordered account of what has been accomplished among us.OAKCBAdamfo pa Teofilo, nnipa pii abɔ mmɔden akyerɛw Yesu ho nsɛm a akɔ so wɔ yɛn mu no.
2Just as eyewitnesses from the beginning and servants of the word handed these accounts to us,OAKCBWɔkyerɛw faa nsɛm a wɔaka akyerɛ yɛn a nnipa a wohuu saa nneɛma yi fi mfiase no nam so daa no adi no ho.
3I too, having traced everything accurately from the start, decided to write it in order for you, most excellent Theophilus,OAKCBNanso minyaa adwene bi sɛ, sɛ mehwehwɛ nea wɔakyerɛw no nyinaa mu yiye na mekyerɛw brɛ wo a, eye.
4so that you may know the certainty of the things you have been taught.OAKCBEyi bɛboa wo ma woahu nokware a ɛwɔ nea woasua no nyinaa mu.
5In the days of Herod, king of Judea, a priest named Zechariah was in Abijah's priestly division. His wife Elizabeth descended from Aaron.OAKCBMede mʼasɛm no befi Yudafo sɔfo Sakaria a ɔtenaa ase wɔ Yudeahene Herode bere so a na ofi Abia asɔfokuw mu no so. Sakaria yere Elisabet nso, na ɔyɛ Aaron aseni.
6They were both righteous before our Father, walking blamelessly in all his commandments and ordinances.OAKCBNa Sakaria ne ne yere Elisabet som Onyankopɔn nokware mu a wɔn ho nni asɛm wɔ Onyankopɔn anim.
7But they had no child, because Elizabeth was barren, and both were very old.OAKCBNa wonni ɔba, efisɛ na Elisabet yɛ obonin. Na wɔn baanu nyinaa nso anyinyin.
8Now while he was serving as priest before our Father when his division was on duty,OAKCBDa bi a eduu Sakaria asɔfokuw so sɛ wɔyɛ asɔredan mu adwuma no,
9by priestly custom, lot chose him to enter his sanctuary and burn incense.OAKCBwɔtow aba yii no sɛ, ɔnkɔhyew aduhuam wɔ ɔhyew afɔremuka no so.
10And the whole crowd of the people were praying outside at the hour of incense.OAKCBSaa bere no ara nso na asafo no rebɔ mpae wɔ adiwo hɔ sɛnea wɔtaa yɛ no.
11Then an angel of our Father appeared to him, standing at the right of the altar of incense.OAKCBSakaria gu so rehyew aduhuam no, prɛko pɛ, Awurade bɔfo begyinaa afɔremuka no nkyɛn mu wɔ nifa so.
12Zechariah was shaken when he saw him, and fear came over him.OAKCBSakaria huu no no, ɔbɔɔ piriw na ne ho popoe.
13The angel said to him, "Don't be afraid, Zechariah—your prayer has been heard. Your wife Elizabeth will bear you a son; name him John.OAKCBNanso ɔsoro ɔbɔfo no ka kyerɛɛ no se, “Sakaria, nsuro, Awurade Nyankopɔn ate wo mpaebɔ. Wo yere Elisabet bɛwo ɔbabarima na ɛsɛ sɛ woto ne din Yohane.
14You will have joy and gladness; many will rejoice at his birth.OAKCBNʼawo bɛma wʼani agye na wo ho asɛpɛw wo. Saa ara na ɛbɛma nnipa bebree nso ani agye.
15He will be great before our Father, must never drink wine or other alcoholic drinks, and he will be filled with the Holy Spirit even from his mother's womb.OAKCBƆbɛyɛ ɔkɛse wɔ Awurade anim. Ɔrennom nsa biara da, na Honhom Kronkron bɛyɛ no ma afi ne na yam.
16And he will turn many of the children of Israel back to their Father.OAKCBIsraelfo pii nam nʼasɛnka so benya adwensakra asan aba Awurade, wɔn Nyankopɔn, nkyɛn.
17He will go before our Father in Elijah's spirit and power, turning fathers' hearts to their children, and the disobedient to the wisdom of the righteous, to prepare a people ready for our Father."OAKCBObenya Odiyifo Elia honhom ahoɔden no bi, na obedi Agyenkwa no ba no anim abesiesie nnipa ama ne ba a ɔbɛba no. Nʼasɛnka bɛma ntease aba agyanom ne wɔn mma ntam. Na ɔbɛdan Awurade asɛm no ho asoɔdenfo adwene akɔ Awurade pɛ ho.”
18Zechariah said to the angel, "How will I know this? I'm old, and my wife is well along in years."OAKCBSakaria buaa ɔbɔfo no se, “Ɛbɛyɛ dɛn na eyi aba mu? Mabɔ akwakoraa na me yere nso abɔ aberewa.”
19The angel answered him, "I am Gabriel, who stands in our Father's presence, sent to speak to you and bring you this good news.OAKCBƆbɔfo no kae se, “Mene Gabriel a migyina Onyankopɔn anim daa no. Ɔno na ɔsomaa me se memmɛka asɛmpa yi nkyerɛ wo.
20And now you will be silent, unable to speak, until the day these things happen, because you did not believe my words, which will come true in their time."OAKCBEsiane sɛ woagye akyinnye nti, wobɛtɔ mum akosi sɛ wɔbɛwo abofra no. Na nea maka akyerɛ wo yi nyinaa bɛba mu pɛpɛɛpɛ wɔ ne bere a ɛsɛ mu.”
21Meanwhile the people waited for Zechariah, wondering why he stayed so long in the sanctuary.OAKCBSaa bere yi nyinaa na asafo mma no retwɛn Sakaria sɛ ɔbɛba. Na ɛyɛ wɔn nwonwa sɛ wakyɛ saa.
22When he came out, he could not speak to them, and they knew he had seen a vision in the sanctuary. He kept motioning to them and stayed mute.OAKCBBere a ɔbae no, wantumi ankasa ankyerɛ asafomma no. Wohu fii ne nneyɛe mu sɛ wahu nʼani so ade wɔ asɔredan mu hɔ.
23And when his days of service were ended, he went home.OAKCBOwiee nʼasɔfodwuma wɔ asɔredan mu hɔ no, ɔkɔɔ fie.
24After these days his wife Elizabeth became pregnant, and for five months she kept herself hidden, saying,OAKCBNna bi akyi no, ne yere Elisabet nyinsɛnee, na ɔde ne ho siee asram anum.
25"This is what our Father did for me, in the days he looked on me, to remove my disgrace among people."OAKCBƆde anigye kae se, “Awurade ayɛ me adɔe. Wayi animguase a ɛkaa me wɔ nnipa anim no afi me so.”
26In month six our Father sent the angel Gabriel to a Galilee town called Nazareth,OAKCBElisabet nyinsɛn asram asia no, Onyankopɔn somaa ɔbɔfo Gabriel kɔɔ Galilea akuraa bi a wɔfrɛ no Nasaret no ase
27to a virgin engaged to a man named Joseph, of the house of David; the virgin's name was Mary.OAKCBse, ɔnkɔ ɔbea kronkron bi a wɔfrɛ no Maria a na wɔde no ama Yosef a ofi Ɔhene Dawid abusua mu no aware no nkyɛn.
28And he came to her and said, "Greetings, favored one! Our Father is with you."OAKCBGabriel huu no ara pɛ, ɔka kyerɛɛ no se, “Asomdwoe nka wo! Awurade ka wo ho, wo a Awurade adom wo.”
29But she was greatly troubled by his words, and wondered what kind of greeting this might be.OAKCBƆbɔfo no asɛm no maa Maria adwene mu yɛɛ no nnaa ma obisaa ne ho se, “Na saa nkyia yi ase ne dɛn?”
30The angel said to her, "Don't be afraid, Mary, for you have found favor with our Father.OAKCBƆbɔfo no san ka kyerɛɛ Maria bio se, “Maria, nsuro, efisɛ Awurade adom wo.
31You will conceive in your womb and bear a son, and you will call his name Jesus.OAKCBTie! Ɛrenkyɛ biara wubenyinsɛn na woawo ɔbabarima na woato ne din Yesu.
32He will be great and called Son of the Most High, and our Father will give him the throne of his father David,OAKCBƆbɛyɛ ɔkɛse, na wɔbɛfrɛ no Ɔsorosoro Nyankopɔn Ba. Na Awurade de ne nena Dawid ahengua no bɛma no.
33and he will reign over Jacob's house forever; his kingdom will never end."OAKCBNa obedi Yakob fi so hene daa; na nʼahenni to rentwa da.”
34And Mary said to the angel, "How will this be, since I am a virgin?"OAKCBMaria bisaa ɔbɔfo no se, “Na ɛbɛyɛ dɛn na mawo wɔ bere a ɔbarima nhuu me da?”
35The angel answered her, "The Holy Spirit will come over you, and the Most High's power will shadow you; so the holy child born will be called the Son of our Father.OAKCBƆbɔfo no buae se, “Honhom Kronkron bɛba wo so na Ɔsorosoro Nyankopɔn tumi abɛkata wo so, eyi nti abofra a wobɛwo no no bɛyɛ kronkron na wɔbɛfrɛ no Onyankopɔn Ba.
36Look, your relative Elizabeth has also conceived a son in her old age—this is the sixth month for her called barren.OAKCBƐbɛyɛ asram asia ni a wo busuani Elisabet mpo a ɔyɛ obonin anyinsɛn ɔbabarima wɔ ne mmerewabere mu.
37For nothing will be impossible with our Father."OAKCBEfisɛ Onyankopɔn de, biribiara nso no yɛ.”
38Mary said, "I am the servant of our Father; let it happen to me as you said." Then the angel left her.OAKCBMaria kae se, “Me de, meyɛ Awurade afenaa. Nea Awurade pɛ na ɛnyɛ.” Afei, ɔbɔfo no gyaw no hɔ kɔe.
39In those days Mary got up and hurried to the hill country, to a town in Judah,OAKCBNna kakra bi akyi no, Maria kɔɔ Yudea mmepɔw so kurow bi mu.
40and she entered the house of Zechariah and greeted Elizabeth.OAKCBSaa kurow no mu na Sakaria te. Oduu kurow no mu hɔ no, ɔkɔɔ Sakaria fi kɔsraa Elisabet. Okyiaa no.
41When Elizabeth heard Mary's greeting, her baby leaped in her womb, and she was filled with the Holy Spirit.OAKCBElisabet tee Maria nkyia no, ɔba a ɔda ne yam no kekaa ne ho; amono mu hɔ ara na Honhom Kronkron hyɛɛ Elisabet ma.
42She cried out with a loud voice, "Blessed are you among women, blessed is the fruit of your womb!OAKCBElisabet de ahosɛpɛw teɛɛ mu se, “Maria, wɔahyira wo sen mmea nyinaa, na wo ba a wobɛwo no no bɛyɛ onipa kɛse.
43And why is this granted to me, that the mother of my Lord should come to me?OAKCBAnuonyam bɛn na ɛsen eyi. Me sɛɛ ne hena a anka mʼAwurade bɛba abɛsra me?
44For the moment I heard your greeting, the baby in my womb leaped for joy.OAKCBWukyiaa me pɛ, na abofra no de anigye kekaa ne ho.
45Blessed is she who believed that there would be a fulfillment of what our Father spoke to her."OAKCBNhyira nka wo sɛ wugye dii sɛ nea Onyankopɔn aka no ɔbɛyɛ; ɛno nti na wɔadom wo yi.”
46And Mary said, "My soul magnifies our Father,OAKCBMaria kae se, “Me kra kamfo Awurade.
47and my spirit rejoices in our Father, my Savior,OAKCBNa me honhom ani gye mʼagyenkwa Nyankopɔn mu;
48for he has looked on the humble estate of his servant. For from now on all generations will call me blessed;OAKCBefisɛ wahu nʼafenaa mmɔborɔni mmɔbɔ, na efi nnɛ, awo ntoatoaso nyinaa bɛfrɛ me nea Onyankopɔn ahyira no.
49for the Mighty One has done great things for me, and holy is his name.OAKCBEfisɛ Ɔkronkronni Tumfo no ayɛ ade kɛse ama me;
50And his mercy is for those who fear him from generation to generation.OAKCBnʼahummɔbɔ fi awo ntoatoaso kosi awo ntoatoaso ma wɔn a wosuro no na wodi no ni no nyinaa.
51He has shown strength with his arm; he has scattered the proud in the thoughts of their hearts;OAKCBƆde ne nsa a tumi wɔ mu no abɔ ahomasofo ne ahantanfo ne wɔn nsusuwii apete.
52he has brought down the mighty from their thrones and lifted up the humble;OAKCBWatu abirɛmpɔn ade so ama ahobrɛasefo so.
53he has filled the hungry with good things, and the rich he has sent away empty.OAKCBWama wɔn a ahia wɔn no nnepa na wagya ahonyafo kwan nsapan.
54He has helped his servant Israel, in remembrance of his mercy,OAKCBWaboa nʼakoa Israel na ne werɛ amfi ne mmɔborɔhunu ne ne bɔ
55just as he spoke to our fathers, to Abraham and to his offspring forever."OAKCBa ɔhyɛɛ yɛn agya Abraham ne nʼasefo no da.”
56And Mary remained with her about three months and then returned to her home.OAKCBMaria tenaa Elisabet nkyɛn bɛyɛ asram abiɛsa ansa na ɔresan akɔ ne kurom.
57Now the time came for Elizabeth to give birth, and she bore a son.OAKCBElisabet awo duu so no, ɔwoo ɔbabarima.
58Her neighbors and relatives heard our Father had shown her great mercy, and rejoiced with her.OAKCBNʼafipamfo ne nʼabusuafo tee adɔe a Awurade ayɛ no no, wɔne no nyinaa de anigye dii ahurusi.
59On the eighth day they came to circumcise the child, and were going to call him Zechariah after his father,OAKCBEduu nnaawɔtwe no, abusuafo ne adɔfo behyiaa sɛ wɔrebetwa abofra no twetia na wɔato ne din. Wɔpɛɛ sɛ wɔde abofra no to nʼagya Sakaria.
60but his mother answered, "No; he will be called John."OAKCBNanso ne na kae se, “Dabi! Ɛsɛ sɛ wɔfrɛ no Yohane.”
61And they said to her, "None of your relatives is called by this name."OAKCBWɔka kyerɛɛ no se, “Obiara nni abusua yi mu a wɔfrɛ no saa.”
62And they made signs to his father, asking what Zechariah wanted the child to be called.OAKCBEyi ma wɔde wɔn nsa yɛɛ nsɛnkyerɛnne bisaa nʼagya, din a wɔmfa nto abofra no.
63He asked for a tablet and wrote, "His name is John." And everyone was amazed.OAKCBSakaria ma wɔde krataa brɛɛ no na ɔkyerɛw so se, “Ne din de Yohane.” Eyi yɛɛ wɔn nyinaa nwonwa.
64And immediately his mouth was opened and his tongue loosed, and he spoke, blessing our Father.OAKCBAmono mu hɔ ara, Sakaria tumi kasaa bio, na ofii ase yii Onyankopɔn ayɛ.
65Fear fell on all their neighbors, and all these things were talked about throughout Judea's hill country.OAKCBWɔn a wɔtee nyinaa ho dwiriw wɔn, na saa asɛm yi trɛw faa Yudea mmepɔw so hɔ nyinaa.
66And all who heard kept these things in their hearts, saying, "What then will this child become?" For our Father's hand was with him.OAKCBObiara a ɔtee saa nsɛm yi bisaa ne ho se, “Ɛno de, na dɛn na abofra yi rebenyin ayɛ? Ɛda adi pefee sɛ Awurade nsa wɔ ne so.”
67And his father Zechariah was filled with the Holy Spirit and prophesied, saying,OAKCBHonhom hyɛɛ nʼagya Sakaria ma ma ɔhyɛɛ nkɔm se,
68"Blessed be our Father of Israel, for he has visited and redeemed his people,OAKCB“Nhyira nka Awurade, Israel Nyankopɔn, sɛ waba abegye ne manfo.
69and has raised up a mighty Savior for us in the house of his servant David,OAKCBƆde Agyenkwa Tumfo a ɔyɛ ne somfo Dawid aseni rebrɛ yɛn,
70as he spoke through the mouth of his holy prophets long ago,OAKCBsɛnea ɔnam nʼadiyifo akronkron so fii teteete hyɛɛ bɔ
71that we should be saved from our enemies and from the hand of all who hate us;OAKCBsɛ, ɔbɛma yɛn Agyenkwa a obegye yɛn afi yɛn atamfo ne wɔn a wokyi yɛn no nsam no,
72to show the mercy promised to our fathers and to remember his holy covenant,OAKCBsɛ obehu yɛn agyanom mmɔbɔ na wakae nʼapam kronkron no,
73the oath that he swore to our father Abraham, to grant us,OAKCBntam a ɔka kyerɛɛ yɛn agya Abraham no:
74that we, being delivered from the hand of our enemies, might serve him without fear,OAKCBsɛ obegye yɛn afi yɛn atamfo nsam no, na yɛasom no a osuro biara nni mu.
75in holiness and righteousness before him all our days.OAKCBNa yɛn nkwa nna nyinaa mu, yɛayɛ kronkron ne atreneefo wɔ nʼanim.
76And you, child, will be called the prophet of the Most High; for you will go before the Lord to prepare his ways,OAKCB“Na wo, akokoaa yi, wɔbɛfrɛ wo Ɔsorosoroni no Odiyifo efisɛ wo na wubesiesie ɔkwan ama Agyenkwa no,
77to give his people the knowledge of salvation through the forgiveness of their sins,OAKCBna wobɛkyerɛ ne manfo kwan a wɔnam bɔnefakyɛ so nya nkwa a enni awiei;
78because of the tender mercy of our Father, by which the sunrise from on high will visit us,OAKCBna eyinom nyinaa bɛba mu efisɛ Onyankopɔn mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso no,
79to give light to those who sit in darkness and in the shadow of death, to guide our feet into the way of peace."OAKCBna ɛbɛma hann a efi ɔsoro abepue yɛn so ahyerɛn wɔn a wɔte sum ne owu sum mu no so, na akyerɛ yɛn kwan akɔ asomdwoe mu.”
80The child grew, became strong in spirit, and lived in the wilderness until the day he appeared publicly to Israel.OAKCBAbofra no nyinii na honhom hyɛɛ no ma; ɔtenaa sare so kosii bere a ofii nʼasɛnka adwuma ase.