Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Genesis 46 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 So Israel set out with all he had, came to Beersheba, and sacrificed to our Father, whom his father Isaac had worshiped. Enti Israel de nʼahode nyinaa sii mu koduu Beer-Seba. Ɔbɔɔ Onyankopɔn a na nʼagya Isak som no no afɔre wɔ hɔ.
2 And our Father spoke to Israel in visions of the night, "Jacob, Jacob." He said, "Here I am." Anadwo anisoadehu mu no, Onyankopɔn frɛɛ Yakob se, “Yakob! Yakob!” Yakob gyee so se, “Me ni.”
3 He said, "I am your Father, whom your father worshiped. Do not be afraid to go down to Egypt, for there I will make you a great nation. Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, “Mene Onyankopɔn. Onyankopɔn a wʼagya som no. Nsuro sɛ wobɛkɔ Misraim, efisɛ mɛma wʼase adɔ ayɛ ɔman kɛse wɔ hɔ.
4 I myself will go down with you to Egypt, and I will surely bring you back; and Joseph's own hand will close your eyes." Mʼankasa ne wo bɛkɔ Misraim, na masan de wo aba ha. Edu bere a worebewu a, wubewu wɔ Yosef nsam.”
5 Jacob set out from Beersheba. Israel's sons carried their father Jacob, their little ones, and their wives in the wagons Pharaoh had sent for him. Na Yakob sii mu fii Beer-Seba. Israelmma no de wɔn agya Yakob, wɔn yerenom ne wɔn mma tenatenaa nteaseɛnam a Farao soma ma wɔde bɛfaa wɔn no mu.
6 They took their livestock and the goods they had acquired in the land of Canaan, and came to Egypt—Jacob and all his offspring with him. Wɔfaa wɔn mmoa ne wɔn agyapade a wɔanya wɔ Kanaan asase so no nyinaa kaa wɔn ho kɔɔ Misraim. Yakob ne nʼasefo nyinaa sii mu kɔɔ Misraim.
7 His sons and grandsons, daughters and granddaughters—all his offspring he brought with him to Egypt. Israel de ne mmabarima, ne nenanom, ne mmabea ne wɔn mma a wɔn nyinaa yɛ nʼasefo kaa ne ho kɔɔ Misraim.
8 These are the names of Israel's sons who came into Egypt—Jacob and his sons: Reuben, Jacob's firstborn. Din a edidi so yi yɛ Israelfo, Yakob asefo a ɔde wɔn kɔɔ Misraim. Ruben yɛ Yakob abakan.
9 The sons of Reuben: Hanoch, Pallu, Hezron, and Carmi. Ruben nso mmabarima din na edidi so yi: Hanok, Palu, Hesron ne Karmi.
10 The sons of Simeon: Jemuel, Jamin, Ohad, Jachin, Zohar, and Shaul the son of a Canaanite woman. Simeon nso mmabarima yɛ: Yemuel, Yamin, Ohad, Yakin, Sohar ne Saulo a ne na yɛ Kanaanni.
11 The sons of Levi: Gershon, Kohath, and Merari. Lewi mmabarima din na edidi so yi: Gerson, Kohat ne Merari.
12 Judah's sons: Er, Onan, Shelah, Perez, Zerah; but Er and Onan died in Canaan. Perez's sons: Hezron and Hamul. Yuda nso mmabarima yɛ: Er, Onan, Sela, Peres ne Serah. Nanso Er ne Onan de, wowuwuu wɔ Kanaan asase so ansa na Israel reba Misraim asase so. Peres mmabarima yɛ: Hesron ne Hamul.
13 The sons of Issachar: Tola, Puvah, Iob, and Shimron. Isakar mmabarima nso yɛ: Tola, Puwa, Hiob ne Simron.
14 The sons of Zebulun: Sered, Elon, and Jahleel. Sebulon mmabarima nso yɛ: Sered, Elon ne Yakleel.
15 These are Leah's sons, born to Jacob in Paddan-aram, with his daughter Dinah; his sons and daughters numbered thirty-three. Wɔn a wɔabobɔ wɔn din yi yɛ Lea mma a ɔne Yakob woo wɔ Paddan-Aram a ne babea Dina nso ka ho. Saa mmabarima ne ne babea yi nyinaa dodow si nnipa aduasa abiɛsa.
16 The sons of Gad: Ziphion, Haggi, Shuni, Ezbon, Eri, Arodi, and Areli. Gad nso mma din na edidi so yi: Sifion, Hagi, Suni, Esbon, Eri, Arodi ne Areli.
17 Asher's sons: Imnah, Ishvah, Ishvi, Beriah, and their sister Serah. Beriah's sons: Heber and Malchiel. Aser nso mma din na edidi so yi: Yimna, Isua, Isui ne Beria ne wɔn nuabea Sera. Beria nso mma yɛ: Heber ne Malkiel.
18 These are the sons of Zilpah, whom Laban gave to his daughter Leah; she bore these to Jacob—sixteen in all. Eyinom nso ne Silpa, afenaa a Laban de no maa ne babea Lea a ɔno nso de no maa ne kunu Yakob waree no mma. Wɔn nyinaa dodow ano si nnipa dunsia.
19 The sons of Rachel, Jacob's wife: Joseph and Benjamin. Yakob yere Rahel mma yɛ: Yosef ne Benyamin.
20 Manasseh and Ephraim were born to Joseph in Egypt by Asenath, daughter of Potiphera, priest of On. Yosef ne ne yere Asnat, a ɔyɛ Potifera a ɔyɛ On bosomfo babea woo Manase ne Efraim wɔ Misraim.
21 The sons of Benjamin: Bela, Becher, Ashbel, Gera, Naaman, Ehi, Rosh, Muppim, Huppim, and Ard. Benyamin nso mmabarima din na edidi so yi: Bela, Beker, Asbel, Gera, Naaman, Ehi, Ros, Mupim, Hupim ne Ard.
22 These are the sons of Rachel who were born to Jacob—fourteen persons in all. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi yɛ Rahel mmabarima a ɔne Yakob woe. Wɔn nyinaa dodow yɛ nnipa dunan.
23 The sons of Dan: Hushim. Dan babarima yɛ Husim.
24 The sons of Naphtali: Jahzeel, Guni, Jezer, and Shillem. Naftali nso mmabarima din na edidi so yi: Yahseel, Guni, Yeser ne Silem.
25 These are Bilhah's sons, whom Laban gave to his daughter Rachel; she bore these to Jacob—seven in all. Bilha a ɔyɛ Laban afenaa a ɔde no maa ne babea Rahel mmabarima a ɔne Yakob woo no na wɔabobɔ wɔn din yi. Na wɔn dodow yɛ nnipa baason.
26 Jacob's direct descendants who came to Egypt—excluding his sons' wives—totaled sixty-six. Nnipa a Yakob de wɔn kɔɔ Misraim nyinaa, a wɔyɛ nʼasefo ankasa, a ne mmabarima yerenom nka ho dodow yɛ aduosia asia.
27 Joseph had two sons born in Egypt. Jacob's household that came to Egypt numbered seventy in all. Sɛ wɔde Yosef mmabarima baanu a ɔwoo wɔn wɔ Misraim no ka ho a, na Yakob asefo a ɔde wɔn kɔɔ Misraim no nyinaa dodow yɛ nnipa aduɔson.
28 Jacob sent Judah ahead to Joseph to lead the way to Goshen; they reached the land of Goshen. Israel somaa Yuda ma odii kan kɔɔ Yosef hɔ kobisaa no Gosen kwan. Akyiri no, wokoduu Gosen.
29 Joseph readied his chariot and went up to Goshen to meet his father Israel. He appeared to him, fell on his neck, and wept on his neck a long time. Yosef siesiee ne nteaseɛnam ma wɔkɔɔ Gosen kohyiaa nʼagya Israel. Yosef duu nʼagya Yakob anim pɛ na ɔbam no, sui ara kwansin.
30 Israel said to Joseph, "Now let me die, since I've seen your face and you're still alive." Israel ka kyerɛɛ Yosef se, “Ohu a mahu wo sɛ wote ase yi nti, sɛ owu bɛfa me nnɛ koraa a, mepɛ.”
31 Joseph told his brothers and his father's household, "I will go up and tell Pharaoh, and say to him, 'My brothers and my father's household, who were in Canaan, have come to me. Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom no ne nʼagya fifo no se, “Mɛkɔ akɔka akyerɛ Farao se, ‘Me nuabarimanom ne mʼagya fifo a na anka wɔte Kanaan asase so nyinaa aba ha abɛka me ho.
32 The men are shepherds, for they have been keepers of livestock; they've brought their flocks, herds, and all they have.' Mmarima no yɛ nguanhwɛfo. Wɔhwɛ mmoa so. Na wɔde wɔn nguan ne wɔn anantwi ne biribiara a wɔwɔ aba.’
33 When Pharaoh calls you and says, 'What is your occupation?' Sɛ Farao frɛ mo, na obisa mo se, ‘Adwuma bɛn na moyɛ a,’
34 you will say, 'Your servants have raised livestock from our youth until now, we and our fathers,' so you may settle in Goshen; for every shepherd is detestable to the Egyptians." momma no mmuae se, ‘Wo nkoa ayɛn mmoa fi wɔn mmofraase, te sɛ nea yɛn agyanom yɛe no ara pɛpɛɛpɛ.’ Sɛ moka saa kyerɛ no a, ɔbɛma mode Gosen ayɛ mo atenae, efisɛ Misraimfo kyi nguanhwɛfo kɔkɔɔkɔ.”
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]