Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Exodus 40 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Then our Father spoke to Moses, saying: Afei Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
2 "Set up the tabernacle, the tent of meeting, on day one of month one. “Ɔsram a edi kan no da a edi kan no na si Ahyiae Ntamadan no.
3 Place in it the ark of the testimony, and shield the ark with the veil. Wusi wie a, fa Apam Adaka a Mmaransɛm Du no wɔ mu no si mu. Na fa ntwamtam no twa Apam Adaka no anim ma ɛnhyɛ kronkron mu kronkron hɔ.
4 Bring in the table, arrange its setup, bring in the lampstand, and light its lamps. Afei, fa ɔpon no besi hɔ na fa ɛho nneɛma nyinaa gu so na fa kaneadua no bra na sɔ kanea no.
5 Put the gold incense altar before the ark of the testimony, and put the screen at the tabernacle's entrance. Fa sikakɔkɔɔ afɔremuka a wɔbɛhyew aduhuam wɔ so no besi Apam Adaka no anim na fa ɔpon no nkataanim sɛn Ahyiae Ntamadan no ano.
6 Place the altar of burnt offering before the entrance to the tabernacle, the tent of meeting, “Fa ɔhyew afɔremuka no si Ahyiae Ntamadan no kwan ano.
7 and place the basin between the tent of meeting and the altar, and put water in it. Fa hweaseammɔ no si Ahyiae Ntamadan no ne afɔremuka no ntam na hyɛ no nsu ma.
8 Set up the courtyard all around, and hang the screen at the gate of the courtyard. Siesie adiwo twa Ahyiae Ntamadan no ho hyia na fa nsɛnanim no sɛn ne kwan no ano.
9 "Take the anointing oil and anoint the tabernacle and everything in it; dedicate it and all its furnishings, and it will be holy. “Fa ɔsrango no na pete gu Ahyiae Ntamadan no so baabiara ne biribiara a ɛwɔ mu ne nneɛma a ɛwɔ hɔ nyinaa ne nkongua so, na fa tew ho.
10 Anoint the burnt offering altar and all its utensils; dedicate the altar, and the altar will be most holy. Ɔhyew afɔremuka no ne ɛho nneɛma nyinaa nso, pete ɔsra ngo no bi gu so na tew ho na ɛnyɛ kronkron.
11 Anoint the basin and its stand, and dedicate it. Sra hweaseammɔ no ne ne ntaease no ngo na fa tew ho.
12 "Then bring Aaron and his sons to the tent of meeting's entrance and wash them with water. “Fa Aaron ne ne mmabarima no bra Ahyiae Ntamadan no kwan ano na fa nsu hohoro wɔn ho.
13 Clothe Aaron in holy garments, anoint and dedicate him, to serve me as priest. Na fa atade kronkron no hyɛ Aaron, na sra no ngo na ne ho ntew na ɔmmɛyɛ me sɔfo.
14 Bring his sons; dress them in tunics. Fa ne mmabarima no bra na fa wɔn ntade hyehyɛ wɔn.
15 Anoint them as you anointed their father, so they may serve me as priests. Their anointing gives them a lasting priesthood for all generations." Sra wɔn ngo sɛnea woyɛɛ wɔn agya no, sɛnea wɔbɛsom me sɛ asɔfo. Wɔn ngosra no bɛyɛ asɔfodi wɔ wɔn awo ntoatoaso nyinaa mu.”
16 Moses did everything just as our Father commanded him. Mose yɛɛ biribiara sɛnea Awurade hyɛɛ no no.
17 In the first month of the second year, on the first day of the month, the tabernacle was raised up. Afe a ɛto so abien no mu ɔsram a edi kan no da a edi kan no, wɔkekaa Ahyiae Ntamadan no sisii anim.
18 Moses raised the tabernacle: he put its bases, set its frames, put its bars, and raised its pillars. Mose sii Ahyiae Ntamadan no; ɔde nsisiso no sisii wɔn afa, de nnyinaso no hyehyɛɛ mu de mmeamu nnua beabea mu de mpuran sisii wɔn afa.
19 He spread the tent over the tabernacle and put its covering over it, as our Father had commanded Moses. Afei, ɔde nkuruso no kuruu mpuran no so de ne nguguso guguu so san de nguguso a edi akyi kuruu so sɛnea Awurade hyɛɛ no no.
20 He took the testimony, put it in the ark, set poles on the ark, and put the mercy seat on top of the ark. Ɔde abo a wɔakyerɛw Mmaransɛm Du no wɔ so no guu Apam Adaka no mu de nnua a wɔde bɛsoa no susoo mu. Ɔde ne nkataso a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ a ɛyɛ mpata nkataso no kataa so.
21 He brought the ark into the tabernacle, hung the screening veil, and covered the ark of the testimony, as our Father commanded Moses. Afei, ɔde Apam Adaka no besii Ahyiae Ntamadan no mu de ntwamtam no twaa mu, sɛnea Awurade hyɛɛ no no.
22 He set the table in the tent of meeting, on the tabernacle's north side, outside the veil, Afei, ɔde ɔpon no sii atifi fam wɔ ɔdan no mu wɔ ntwamtam no akyi,
23 and arranged the bread on it before our Father, as our Father had commanded Moses. de Ɔkyerɛ Brodo no too so wɔ Awurade anim sɛnea Awurade hyɛe no.
24 He put the lampstand in the tent of meeting, opposite the table, on the tabernacle's south side, Ɔde kaneadua no sii ɔpon no nkyɛn wɔ Ahyiae Ntamadan no anafo fam.
25 and set up the lamps before our Father, as our Father had commanded Moses. Afei, ɔsɔɔ kanea no wɔ Awurade anim sɛnea Awurade hyɛɛ no no.
26 He placed the golden altar in the tent of meeting in front of the veil, Mose de sikakɔkɔɔ afɔremuka sii ntwamtam no ho pɛɛ wɔ Ahyiae Ntamadan no mu
27 and burned fragrant incense on it, as our Father had commanded Moses. na ɔhyew nnuhuam wɔ so sɛnea Awurade hyɛe no.
28 Then he put up the screen at the entrance to the tabernacle. Ɔde Ahyiae Ntamadan no ano nkataano sɛn ano.
29 He placed the altar of burnt offering at the tabernacle's entrance, the tent of meeting, and offered on it the burnt offering and grain offering, as our Father commanded Moses. Ɔde afɔremuka a esi akyi a wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ so no si bɛn ɔkwan no ano, na ɔbɔɔ so ɔhyew afɔre ne aduan afɔre sɛnea Awurade hyɛe no.
30 He set the basin between the tent of meeting and the altar, putting water in it for washing, Ɔde hweaseammɔ sii Ahyiae Ntamadan no ne afɔremuka no ntam na wɔhyɛɛ no nsu ma, sɛnea asɔfo no benya bi ahohoro wɔn ho,
31 and with it Moses, Aaron, and his sons washed their hands and feet. na Mose ne Aaron ne Aaron mmabarima hohoroo wɔn nsa ho ne wɔn anan ase wɔ hɔ.
32 Whenever they entered the tent of meeting or neared the altar, they washed, as our Father commanded Moses. Bere biara a wɔbɛfa afɔremuka no ho akɔ Ahyiae Ntamadan no mu no, wogyina hohoroo wɔn ho sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.
33 He set up the courtyard around the tabernacle and altar, and put up the screen at the courtyard gate. So Moses finished the work. Na Mose sii biribi twaa Ahyiae Ntamadan no ne afɔremuka no ho hyiae na wɔde nsɛnanotam sɛn ano. Ɛnna Mose wiee nʼadwuma.
34 Then the cloud covered the tent of meeting, and the glory of our Father filled the tabernacle. Omununkum no bɛkataa Ahyiae Ntamadan no so maa Awurade anuonyam hyɛɛ no ma.
35 Moses could not enter the tent of meeting, for the cloud settled on it, and our Father's glory filled the tabernacle. Esiane sɛ na omununkum no asi wɔ hɔ no nti, Mose antumi ankɔ mu na Awurade anuonyam hyɛɛ Ahyiae Ntamadan no ma.
36 Whenever the cloud lifted from over the tabernacle, the Israelites set out on each stage of their journey; Bere biara a omununkum no bɛma ne ho so no, na Israelfo no nso di akyi.
37 but if the cloud did not lift, they did not set out until the day it lifted. Na sɛ egyina a, na wɔn nso agyina akosi sɛ ɛbɛma ne ho so bio.
38 For the cloud of our Father covered the tabernacle by day, with fire in it by night, visible to all the house of Israel throughout all their journeys. Awia de, omununkum no gyina Ahyiae Ntamadan no so na sɛ edu anadwo a, na ogya asɔ wɔ omununkum no mu sɛnea Israelfo no nyinaa behu. Eyi toaa so saa ara wɔ wɔn akwantu no nyinaa mu.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]