Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Exodus 39 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 From the blue, purple, and scarlet yarn they made finely woven garments for serving in the holy place; they made the holy garments for Aaron, as our Father commanded Moses. Nnipa no de ntama tuntum, bibiri ne koogyan a ɛyɛ fɛ pam asɔfotade maa asɔfo no a wɔde bɛsom wɔ kronkronbea hɔ. Saa ntadetam no ara bi na wɔde pam Aaron ntade kronkron no sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.
2 He made the ephod of gold, of blue, purple, and scarlet yarn, and of finely woven linen. Wɔde asaawatam bi a wɔanwen afi asaawa a wɔato mu na ɛpam asɔfotade nkataase no.
3 They hammered gold into sheets, cut it into threads, and worked them into the blue, purple, and scarlet yarn and fine linen—the work of a skilled designer. Besaleel boroo sikakɔkɔɔ ma ɛyɛɛ tratraa, ɛnna otwitwaa no nteanteaa sɛ hama na ɔde bobɔɔ ntama tuntum, bibiri ne koogyan no mu. Ɛyɛ nsaanoadwuma a ɛte apɔw yiye.
4 They made shoulder pieces for it, joined together at its two edges. Wɔde nwoma a wɔapam susoo nkataase no mu fi ase besii mmati ahama abien no mu.
5 The ephod's woven band was one piece with it, made the same way: gold, blue, purple, and scarlet yarn, and finely twisted linen, as our Father commanded Moses. Na wɔde ntama tuntum, bibiri, koogyan ne sikakɔkɔɔ yɛɛ nkyekyeremu sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ Mose no.
6 They made the onyx stones, mounted in gold filigree settings, engraved like seal engravings, with the names of Israel's sons. Abo apopobibiri abien a wotwa de femfam mmati ahama abien no a eso asɔfotade no nkataase no mu no, sikakɔkɔɔ na wɔde kyerɛw Israelfo mmusuakuw no nyinaa din guu so sɛnea wɔkyerɛw nsateaa so kaa so no.
7 He put them on the ephod's shoulder pieces as memorial stones for Israel's sons, as our Father had commanded Moses. Saa abo yi yɛ nkae ade de ma Awurade fa Israelfo ho, na wɔyɛɛ ne nyinaa sɛnea Awurade hyɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ no no ara pɛ.
8 He made the breastpiece—skilled work like the ephod's—of gold, blue, purple, scarlet yarn, and finely twisted linen. Wɔpam adɛbo no te sɛ asɔfotade a wɔde nwera ankasa yɛe, na wɔde sikakɔkɔɔ hama ne asaawa tuntum, bibiri ne koogyan na ɛnwen mu.
9 Square and doubled, they made the breastpiece—about nine inches long and nine inches wide, doubled. Na ɛyɛ ahinanan a ne fa biara susuw nsateaa akron a wɔabu abɔ so.
10 They set in it four rows of stones. The first row was carnelian, topaz, and emerald; Na wɔhyehyɛɛ abo a ɛsom bo sesaa so nnidiso nnidiso anan wɔ mu. Nnidiso a edi kan no yɛ bogyanambo, akraatebo ne ahabammono bo;
11 the second row, turquoise, sapphire, and emerald; nnidiso a ɛto so abien no yɛ nsrammabo, hoabo ne dɛnkyɛmmo;
12 the third row, jacinth, agate, and amethyst; nea ɛto so abiɛsa no yɛ akutuhonobo, mfrafraebo ne beredumbo;
13 the fourth row, beryl, onyx, and jasper. They were enclosed in gold filigree settings. na nea ɛto so anan no yɛ sikabereɛbo, apopobibiribo ne ahwehwɛbo a wɔde sikakɔkɔɔ atwa emu biara ho ahyia.
14 Twelve stones, one per name of Israel's sons, each engraved like a seal with its own name, for the twelve tribes. Wɔyɛɛ abo no te sɛ nsɔwanode bi kyerɛw Israel mmusuakuw dumien no din guu so.
15 For the breastpiece they made braided chains of pure gold, like cords. Sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de adɛbo no aso asɔfotade no mu no, wɔde sikakɔkɔɔ nkaa hyehyɛɛ asɔfotade no mmati ntareso abien no so.
16 They made two gold filigree settings and two gold rings, fastening the two rings to the breastpiece's two ends. Wɔsan yɛɛ sikakɔkɔɔ nkaa abien de hyehyɛɛ adɛbo no ntwɔtwɔw so wɔ soro.
17 They fastened the two gold cords to the two rings at the ends of the breastpiece. Wɔde sikakɔkɔɔ ahama abien no hyehyɛɛ sikakɔkɔɔ nkaa a ɛwɔ adɛbo no mu no mu.
18 They put the two ends of the two cords on the two filigree settings, and put them on the ephod's shoulder pieces, at its front. Wɔde ahama no ti no bobɔɔ sikakɔkɔɔ no a esuso asɔfotade no mu no mu.
19 They made two gold rings and put them on the breastpiece's two ends, on its inner edge facing the ephod. Wɔde sikakɔkɔɔ nkaa abien nso hyehyɛɛ adɛbo no ntwea abien no a egu asɔfotade no so pɛɛ no so.
20 They made two gold rings and put them on the two shoulder pieces of the ephod, low on the front, near the seam above its woven band. Wɔde sikakɔkɔɔ nkaa abien susoo asɔfotade no mmati ntareso no mu ma ɛbɛn nkyekyeremu a wɔanwen no fɛfɛɛfɛ ne asɔfotade no ahyiae so no.
21 They fastened the breastpiece's rings to the ephod's rings with a blue cord, so it would rest on the ephod's woven band and not come loose from the ephod, as our Father commanded Moses. Sɛnea ɛbɛyɛ na adɛbo no begyina pɛpɛɛpɛ wɔ nkyekyeremu fɛfɛ no so nti, wɔde ntama tuntum kyekyeree nkaa a esuso adɛbo no ne asɔfotade no mu. Eyinom nyinaa, Awurade na ɔhyɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ.
22 Bezalel made the robe of the ephod entirely of blue, the work of a weaver. Asɔfotade no fa kɛse no ara de, wɔde ntama tuntum na ɛnwenee
23 Its opening was in the center, like a collar's opening, with a woven binding around it so it wouldn't tear. na wotwaa mfimfini tokuru pempam bi faa so maa ano no yɛɛ den sɛnea wɔhyɛ a ɛrentetew.
24 They made pomegranates of blue, purple, and scarlet yarn and twisted linen on the robe's hem. Na wɔde bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan a wɔanwen yɛɛ biribi te sɛ atoaa aba de sensɛn batakari no ase mmuano no ano.
25 They made pure gold bells and set them between the pomegranates on the robe's hem, all around between the pomegranates. Na wɔde sikakɔkɔɔ yɛɛ nnɔnnɔmma na wɔde biribi te sɛ atoaa aba no hyehyɛɛ ntam ne ntam wɔ batakari no ase mmuano no ano de twaa ho hyiae.
26 Bell and pomegranate, bell and pomegranate, around the robe's hem for serving, as our Father commanded Moses. Sɛ Aaron hyɛ asɔfotade yi a, na ɛkyerɛ sɛ ɔrekɔsom Awurade sɛnea Awurade hyɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ no.
27 For Aaron and his sons they made the tunics of fine linen, the work of a weaver, Wɔde asaawatam a ɛyɛ fɛ pam asɔfotade no bi maa Aaron ne ne mmabarima.
28 the fine-linen turban, the beautiful fine-linen caps, and linen undergarments of finely twisted linen. Wɔde ntama a ɛyɛ fɛ na ɛpam adɛbo, abotiri, kyɛw ne nhyɛasetam ahorow no.
29 The sash: finely woven linen, blue, purple, and scarlet yarn, embroidered work, as our Father commanded Moses. Bio, wɔde ntama a ɛyɛ fɛ na ɛpam nkyekyeremu no na wɔde asaawa tuntum, bibiri ne koogyan dii mu adwinni sɛnea Awurade hyɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ no.
30 They made the holy crown's plate from pure gold, engraved like a seal: "Holy to our Father." Na afei, wɔde sikakɔkɔɔ yɛɛ abɔanim a wɔakyerɛw so: Kronkron Ma Awurade.
31 They tied a blue cord to it, fastening it on the turban above, as our Father commanded Moses. Wɔde ntama tuntum na asina abɔanim no abɔ abotiri no mu sɛnea Awurade hyɛe no.
32 All the work of the tabernacle, the tent of meeting, was finished. Israelites did everything our Father commanded Moses—so they did. Eyi nyinaa akyi no, wowiee Ahyiae Ntamadan no si sɛnea Awurade kyerɛɛ Mose sɛ wonsi no no.
33 They brought Moses the tabernacle: the tent, all its furnishings, clasps, frames, crossbars, posts, and bases; Afei, wɔde Ahyiae Ntamadan no ne emu nneɛma nyinaa brɛɛ Mose: Nkyerewa, nnyinaso, mmeamu nnua, mpuran ne nsisiso;
34 the covering of red-dyed ram skins, the covering of fine leather, and the screening curtain, adwennini nwoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, abirekyi nwoma a wɔahyɛ, nkataano,
35 the ark of the testimony with its poles and the mercy seat; adaka no a Mmaransɛm Du no wɔ mu no, nnua a wɔde soa Mpata agua;
36 the table with all its utensils and the bread of the Presence; ɔpon no ne ɛho nneɛma, Ɔkyerɛ Brodo,
37 the pure gold lampstand, its arranged lamps, all its utensils, and oil for the light; sika akaneadua ne nʼakanea, ɛho nneɛma ne ngo wɔde sɔ kanea;
38 the gold altar, anointing oil, fragrant incense, and the tent entrance screen; sikakɔkɔɔ afɔremuka, ɔsrango, aduhuam ne Ahyiae Ntamadan no nkataano,
39 the bronze altar with its bronze grate, poles, and all its utensils, the basin and its stand; kɔbere Afɔremuka, kɔbere ntwitae, nnua no ne ɛho nneɛma, nea wɔhoro mu nneɛma ne ne ntaamu,
40 the courtyard's curtains, posts, and bases, the courtyard entrance screen, ropes, pegs, and all the equipment for the tabernacle's service, the tent of meeting; ntwahotam a wɔde twa adiwo hɔ fasu ho, ne ɛho nnua a esuso mu, nnyinasode ne ntwahotam a ɛwɔ adiwo pon ano, ntampehama ne nnadewa ne biribiara a wɔde boaa Ahyiae Ntamadan no si.
41 and the finely woven garments for serving in the holy place, the holy garments for Aaron the priest, and his sons' garments for priestly service. Wɔde asɔfotade a wɔapam no fɛfɛɛfɛ a wɔhyɛ kɔ kronkronbea hɔ no brɛɛ no ma ɔhwɛe. Afei, wɔde Aaron asɔfotade kronkron no nso ne ne mmabarima de a wɔbɛhyɛ de ayɛ asɔfodwuma no bɛkyerɛɛ no.
42 The people of Israel had done all the work just as our Father had commanded Moses. Enti Israelfo no dii nsɛm a Awurade hyɛɛ Mose sɛ ɔnka nkyerɛ wɔn no nyinaa so.
43 Moses inspected all the work: they had done it as our Father commanded—so they had done it. Moses blessed them. Na Mose hwɛɛ nnwuma no nyinaa huu sɛ biribiara ntɔ kyima wɔ ho no, ohyiraa wɔn, efisɛ sɛnea Awurade hyɛe no ara pɛ na wɔyɛe.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]