Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Ecclesiastes 10 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Dead flies make the perfumer's oil stink and ferment; so a little foolishness outweighs wisdom and honor. Sɛnea nwansena funu ma aduhuam yi nka bɔne no, saa ara na nkwaseasɛm kakraa bi boro nimdeɛ ne anuonyam so no.
2 The heart of the wise inclines to his right, but the heart of a fool to his left. Onyansafo koma sian kɔ nifa, nanso ɔkwasea koma kɔ benkum.
3 Even when the fool walks along the road, he lacks sense, and he shows everyone that he is a fool. Mpo sɛ ɔkwasea nam ɔkwan so a, wohu sɛ onnim nyansa na ɔma obiara hu sɛ wagyimi.
4 If the ruler's anger rises against you, do not leave your post, for calmness lays great offenses to rest. Sɛ sodifo bo fuw wo a, nnyaw wʼadwuma nto hɔ; na ntoboase dwudwo mfomso kɛse ano.
5 There is an evil I have seen under the sun, the kind of error that comes from a ruler: Bɔne bi wɔ hɔ a mahu wɔ owia yi ase ɛyɛ mfomso bi a efi sodifo:
6 foolishness is set in many high places, while the rich sit in low positions. Wɔma nkwaseafo dibea a ɛkorɔn, na asikafo nya nea ɛwɔ fam.
7 I have seen slaves on horseback, and princes walking on foot like slaves. Mahu nkoa sɛ wɔtete apɔnkɔ so, na mmapɔmma nam fam sɛ nkoa.
8 Whoever digs a pit may fall into it, and whoever breaks through a wall may be bitten by a snake. Obiara a otu amoa no betumi atɔ mu; na nea obubu ɔfasu no, ɔwɔ betumi aka no.
9 Whoever quarries stones may be hurt by them, and whoever splits logs is endangered by them. Obiara a ɔpae abo no, abo no betumi apira no; na nea ɔpae nnua no betumi anya mu akwanhyia.
10 If the axe is dull and its edge is not sharpened, you have to use more strength; but wisdom brings success. Sɛ abonnua ano kum na wɔansew ano a ebehia ahoɔden bebree, nanso adwumayɛ ho nimdeɛ de nkonimdi bɛba.
11 If the snake bites before it is charmed, the charmer gains nothing. Sɛ ɔwɔ ka obi ansa na wɔadwudwo no a nea odwudwo ɔwɔ no rennya so mfaso biara.
12 A wise man's words bring him favor, but the lips of a fool consume him. Onyansafo anom nsɛm yɛ nyam, nanso ɔkwasea ano fafa de no kɔ ɔsɛe mu.
13 The beginning of his words is foolishness, and the end of his talk is wicked madness. Mfiase no, wɔn nsɛm yɛ nkwaseasɛm; awiei no, ɛyɛ adammɔ atirimɔdensɛm,
14 Yet the fool keeps on talking. No one knows what is coming, and who can tell anyone what will happen after him? na ɔkwasea woro nsɛm. Obiara nnim nea ɛreba, hena na obetumi aka nea ebesi wɔ obi akyi akyerɛ no?
15 Fools wear themselves out with their work, for they do not even know the way to town. Ɔkwasea adwumayɛ ma ɔbrɛ; na ɛmma onhu ɔkwan a ɛkɔ kurom.
16 Woe to you, land, when your king is a child and your princes feast in the morning. Nnome nka wo, asase a na wo hene yɛ ɔsomfo na wo mmapɔmma to pon anɔpa.
17 Blessed are you, land, when your king is the son of nobles and your princes feast at the proper time—for strength, and not for drunkenness. Nhyira nka wo, asase a wo hene yɛ ɔdehye na wo mmapɔmma didi bere a ɛfata de pɛ ahoɔden na ɛnyɛ nsabow.
18 Through laziness the rafters sag, and through idle hands the house leaks. Sɛ obi yɛ akwadworɔ a ne mpuran yɛ mmerɛw; sɛ ne nsa nka hwee a ne fi nwini.
19 Bread is made for laughter, and wine gladdens life, and money answers everything. Wɔto pon ma serew, na nsa ma onipa ahosɛpɛw, nanso sika na ɛyɛ biribiara safe.
20 Do not curse the king even in your thoughts, and do not curse the rich even in your bedroom, for a bird of the sky may carry your words, and a winged creature may report what you say. Wʼadwene mu mpo nkasa ntia ɔhene, na wo pia mu nso nnome ɔdefo, efisɛ anomaa a ɔnam wim de wʼasɛm bɛkɔ, na anomaa a otu bɛkɔ akɔka.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]