Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

2 Timothy 2 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 So then, my child, draw your strength from the grace that is in Christ Jesus. Na wo, Timoteo me ba, Kristo Yesu yɛ mmɔborɔhunufo, enti ma ɔnhyɛ wo den.
2 And what you heard from me in the presence of many witnesses, entrust to faithful people able to teach others too. Fa nsɛm a wotee sɛ mereka akyerɛ adansefo bebree no, na fa hyɛ nnipa a wugye wɔn di na wobetumi akyerɛ afoforo nso nsa.
3 Take your share of suffering like a good soldier of Christ Jesus. Sɛ amanehunu ba wo so a, mia wʼani tena sɛ Kristo Yesu sraani pa.
4 No soldier on duty gets tangled in civilian affairs—he wants to please the one who enlisted him. Ɔsraani mmfa ne ho nhyehyɛ afisɛm mu, efisɛ ɔpɛ sɛ ɔsɔ ne panyin ani.
5 And an athlete is not crowned unless he competes according to the rules. Saa ara nso na obi a ɔfra akansi mu a otu mmirika no rentumi nni nkonim gye sɛ odi akansi no mmara so.
6 The hard-working farmer ought to be the first to receive a share of the crops. Ɛsɛ okuafo mmɔdemmɔfo sɛ odi kan nya ne nnɔbae bi.
7 Think over what I am saying, for the Lord will give you understanding in everything. Dwene nsɛm a mereka yi ho, efisɛ Awurade bɛma woate biribiara ase.
8 Remember Jesus Christ, risen from the dead, a descendant of David, as told in my gospel, Kae Dawid aseni Yesu Kristo a wonyan no fi awufo mu sɛnea wɔkaa no wɔ Asɛmpa a mekaa ho asɛm no mu no.
9 for which I suffer, chained like a criminal. But the word of our Father is not chained! Esiane sɛ meka Asɛmpa no nti mihu amane, mpo, wɔagu me nkɔnsɔnkɔnsɔn sɛ ɔdebɔneyɛni. Nanso wonguu Onyankopɔn asɛm no nkɔnsɔnkɔnsɔn ɛ.
10 So I endure everything for the sake of the chosen, so they too may gain the salvation in Christ Jesus, with eternal glory. Ɛno nti, migyina biribiara a ɛbɛba me so no ano ma wɔn a wɔapaw wɔn no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nso benya nkwagye ne anuonyam a enni awiei a ɛwɔ Kristo Yesu mu no bi.
11 This saying is trustworthy: If we have died with him, we will also live with him; Nsɛm a ɛsɛ sɛ wode wo ho to so ni: “Sɛ yɛne no wui a, yɛne no bɛtena ase.
12 if we endure, we will also reign with him; if we disown him, he also will disown us; Sɛ yɛampa abaw a yɛne no bedi hene. Sɛ yɛpa no a, ɔno nso bɛpa yɛn.
13 if we are faithless, he remains faithful, for he cannot disown himself. Sɛ yɛnyɛ nokwafo a, ɔno de, ɔyɛ ɔnokwafo efisɛ ɔrensan nʼasɛm.”
14 Remind them of these things, and warn them before our Father not to quarrel over words—useless, and ruins those who listen. Monkae mo nkurɔfo wɔ eyi ho na mommɔ wɔn kɔkɔ wɔ Onyame anim se wɔnnham wɔn nsɛm ho, na mfaso biara nni so; na ɛsɛe atiefo adwene kɛkɛ.
15 Do your best to present yourself to our Father approved, a worker unashamed, rightly handling the word of truth. Bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ odwumayɛni a womfɛre Onyankopɔn adwuma no yɛ ho, na kyerɛ nokware a ɛwɔ Onyankopɔn asɛm no mu no, na woafata nʼanim.
16 But avoid empty, godless chatter; it leads people further into wickedness, Twe wo ho fi nsɛnhuhuw a ɛho ntew ho, efisɛ ɛno na ɛpam nnipa fi Onyankopɔn ho.
17 and their talk will spread like gangrene. Among them are Hymenaeus and Philetus, Nea wɔkyerɛ no te sɛ akisikuru a ɛtrɛw fa ɔhonam no ani. Saa akyerɛkyerɛfo yi mu baanu ne Himeneo ne Fileto.
18 who wandered away from the truth, claiming the resurrection already happened, and are undermining some people's faith. Wɔaman afi nokware no ho na wɔka kyerɛ agyidifo bi se, yɛn wusɔre no atwam dedaw nam saa asɛm no so sɛe wɔn adwene.
19 Yet our Father's firm foundation stands, sealed: "He knows those who are his," and "Let all who name his name turn from evil." Nanso obi rentumi nhinhim fapem dennen a Onyankopɔn ato no, efisɛ wɔakyerɛw wɔ so se, “Awurade nim wɔn a wɔyɛ ne de,” na “Ɛsɛ obiara a ɔka se ɔyɛ Awurade de no sɛ ɔtwe ne ho fi bɔne ho.”
20 In a large house there are vessels not only of gold and silver, but also of wood and clay—some for honor, some for dishonor. Nkuku ne nkaka wɔ ofi kɛse mu. Ebi wɔ hɔ a wɔde dwetɛ na ayɛ, bi nso wɔde sikakɔkɔɔ na ayɛ. Wɔde dua na ayɛ bi na afoforo nso wɔde dɔte. Ebi wɔ hɔ a ɛwɔ hɔ ma nnapɔnna bi na afoforo nso de di dwuma daa.
21 So if anyone purifies himself from these, he becomes a vessel of honor: holy, useful to the Master, ready for every good work. Sɛ obi tew ne ho fi saa nneɛma bɔne no ho a, wɔde no bɛyɛ nnwuma sononko efisɛ watu ne ho asi hɔ, asiesie ne ho ama ne wura sɛ dwuma pa biara a ɛsɛ sɛ odi no, obedi.
22 Flee youthful cravings; pursue righteousness, faith, love, and peace with those who call on the Lord from a pure heart. Guan fi mmerantebere mu akɔnnɔ ho, na tiw nneɛma a ɛho tew te sɛ: trenee, gyidi, ɔdɔ ne asomdwoe a ɛka wo ne wɔn a wofi koma pa mu bɔ mu frɛ Awurade ma ɔboa no akyi.
23 Have nothing to do with foolish, ignorant controversies; you know they breed quarrels. Mfa wo ho nhyehyɛ nkwasea akyinnye a ɛmfa hwee mma no mu, efisɛ ɛde akasakasa ba.
24 The Lord's servant must not be quarrelsome, but be gentle to all, able to teach, patient when wronged. Ɛnsɛ sɛ Awurade somfo ne obi nya akasakasa. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ayamye ma obiara. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa a ɔwɔ boasetɔ nso
25 Gently correcting those who oppose him. Perhaps our Father will grant them repentance to know the truth, a sɛ wɔn a wɔne no di asi fom a, ɔtɔ ne bo ase teɛ wɔn, sɛ ebia Onyankopɔn bɛsakra wɔn adwene ama wɔahu nokware no.
26 and they may sober up, escaping the devil's trap where he has held them captive to do his will. Na wɔn adwene mu ada hɔ na wɔaguan afi ɔbonsam a wakyekyere wɔn ama wɔyɛ nʼapɛde no afiri mu.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]