Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

2 Samuel 8 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 After this, David defeated the Philistines and subdued them, and he took Metheg-ammah from the Philistines. Akyiri no, Dawid dii Filistifo no so, brɛɛ wɔn ase. Ɔko gyee Gat a ɛyɛ wɔn kuropɔn kɛse no.
2 He also defeated Moab. He made them lie on the ground and measured them with a cord: two lengths to die, one full length to live. So Moab became David's servants and brought tribute. Dawid san dii Moabfo so. Ɔmaa nnipa no dedaa fam, na ɔde hama susuw wɔn. Osusuw hama no abien a, na wakyerɛ sɛ wonkum saa nnipa no. Ɛnna osusuw hama no baako a, na wakyerɛ sɛ wonnyaa saa nkurɔfo no. Enti Moabfo a wonyaa wɔn ti didii mu no bɛyɛɛ Dawid asomfo a na afe biara woyi tow brɛ no.
3 David also defeated Hadadezer son of Rehob, king of Zobah, as he went to restore his control at the Euphrates River. Dawid sɛe Rehob babarima Hadadeser a na odi hene wɔ Soba no akofo, bere a Hadadeser kɔɔ Asubɔnten Eufrate ho, pɛe sɛ ɔkɔhyɛ ne nniso mu den no.
4 David captured from him 1,700 horsemen and 20,000 foot soldiers, and hamstrung all the chariot horses, keeping enough for one hundred chariots. Dawid kyeree ne nteaseɛnam apem, nteaseɛnamkafo mpem ason ne asraafo a wɔnam mpem aduonu. Dawid twitwaa nteaseɛnam apɔnkɔ no nyinaa nantin ntin, na ogyaw mu ɔha pɛ.
5 When Aram of Damascus came to help Hadadezer king of Zobah, David killed 22,000 Arameans. Bere a Aramfo a wofi Damasko baa sɛ wɔrebɛboa Sobahene Hadadeser no, Dawid kum wɔn mu mpem aduonu.
6 David set garrisons in Aram of Damascus, and the Arameans became his servants, bringing tribute. Our Father gave David victory wherever he went. Na ɔde asraafo a wɔyɛ bansifo kɔtenaa Damasko, maa Aramfo bɛyɛɛ Dawid nkurɔfo a na woyi tow brɛ no. Baabiara a Dawid bɛkɔ no, Awurade ma no di nkonim.
7 David took the gold shields that belonged to the servants of Hadadezer and brought them to Jerusalem. Dawid de Hadadeser asraafo mpanyimfo sikakɔkɔɔ nkatabo no baa Yerusalem.
8 And from Betah and Berothai, cities of Hadadezer, King David took a great quantity of bronze. Ɔde Beta ne Berotai a na ɛyɛ Hadadeser nkurow no mu kɔbere bebree kaa ne ho kɔe.
9 When Toi king of Hamath heard that David had defeated the entire army of Hadadezer, Bere a Hamathene Toi tee sɛ Dawid atɔre Hadadeser asraafo no ase pasaa no,
10 he sent his son Joram to King David to greet and congratulate him for fighting and defeating Hadadezer, who had been at war with Toi. Joram brought items of silver, gold, and bronze. ɔsomaa ne babarima Yoram kɔɔ Dawid nkyɛn, kokyiaa no maa no mo. Na Hadadeser ne Toi yɛ atamfo fi teteete a wɔako atia wɔn ho wɔn ho mpɛn pii. Yoram kɔkyɛɛ Dawid nneɛma bebree a ɛyɛ, dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne kɔbere mfrafrae.
11 King David dedicated these also to our Father with the silver and gold he had dedicated from all the nations he subdued, Ɔhene Dawid too akyɛde no nyinaa din de maa Awurade a, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a onya fii aman bi a odii wɔn so no nyinaa ka ho.
12 from Aram, Moab, the Ammonites, the Philistines, Amalek, and the plunder of Hadadezer son of Rehob, king of Zobah. Saa aman no ne Edom, Moab, Amon, Filistia, Amalek ne nea efi Sobahene Rehob babarima Hadadeser nkyɛn nso.
13 David made a name for himself returning from striking down 18,000 Edomites in the Valley of Salt. Eyi maa Dawid gyee din. Ɔsan nʼakyi kɔe no, okunkum Edomfo mpem dunwɔtwe wɔ Nkyene Bon mu.
14 He put garrisons throughout Edom—in all Edom he placed garrisons—and all the Edomites became servants to David. Our Father gave David victory wherever he went. Ɔde asraafo bansifo tuatuaa Edom nyinaa ano. Na Edomfo nyinaa bɛyɛɛ Dawid nkoa. Eyi yɛ nhwɛso foforo a ɛkyerɛɛ nkonim a Awurade maa Dawid dii wɔ baabiara a ɔkɔe no.
15 So David reigned over all Israel, administering justice and righteousness for all his people. Dawid dii Israel nyinaa so hene, a wanhyɛ obiara so na wansisi obiara nso.
16 Joab son of Zeruiah commanded the army; Jehoshaphat son of Ahilud was the court recorder; Seruia babarima Yoab na na ɔyɛ ɔsafohene. Ahilud babarima Yehosafat na na ɔyɛ adehye abakɔsɛmkyerɛwni.
17 Zadok son of Ahitub and Ahimelech son of Abiathar were priests; Seraiah was the court secretary; Sadok a na ɔyɛ Ahitub babarima ne Abiatar babarima Ahimelek na na wɔyɛ asɔfo. Na Seraia yɛ asennii kyerɛwfo.
18 Benaiah son of Jehoiada commanded the Kerethites and the Pelethites; and David's sons were priests. Yehoiada babarima Benaia na na odi Keretifo ne Peletifo so, na Dawid mmabarima tua asɔfodɔm ano.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]