Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

2 Samuel 23 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Now these are the last words of David. The oracle of David son of Jesse, the oracle of the man raised on high, anointed by the God of Jacob, our Father, Israel's beloved singer of songs: Eyi ne Dawid nsɛm a etwaa to: “Dawid, Yisai ba barima a Onyankopɔn maa no nkɔso a ɛyɛ nwonwa, na Yakob Nyankopɔn sraa no ngo no, Israel nnwomhyehyɛfo mu otiban:
2 The Spirit of our Father spoke through me; his word was on my tongue. “Awurade honhom kasa fa me mu; ne nsɛm wɔ me tɛkrɛma so.
3 Our Father, the God of Israel, has spoken; the Rock of Israel said to me: "When one rules over people in righteousness, ruling in the fear of God, Israel Nyankopɔn kasae. Israel botan ka kyerɛɛ me se: ‘Onipa a odi hene trenee mu, na ɔde Onyamesuro di hene no,
4 he is like the light of morning when the sun rises on a cloudless dawn, like the brightness after rain that brings grass from the earth. ɔte sɛ anɔpa hann, ɔte sɛ anɔpa a omununkum nni hɔ apueiwia hann; ɔte sɛ osutɔ akyi hyerɛn, na ɛma sare foforo pue fi asase mu.’
5 Is not my house like this with our Father? For he has made with me an everlasting covenant, ordered in all things and secure. Will he not bring to fruition all my salvation and all my desire? “Ɛyɛ me fi na Onyankopɔn ayi. Yiw, ɔne me ayɛ apam a ɛwɔ hɔ daa. Ne nhyehyɛe yɛ afebɔɔ, bi nni hɔ bio, na wɔasɔw ano. Ɔbɛhwɛ me yiyedi ne me nkɔso daa.
6 But worthless men are all like thorns thrown away, for they cannot be picked up barehanded. Na wɔn a wonnim Onyame no te sɛ nsɔe a wɔbɛtow agu, efisɛ wɔwowɔ nsa a eso mu no.
7 The one who would touch them arms himself with iron and the shaft of a spear, and they are burned with fire on the spot." Ɛsɛ sɛ obi kɔ amia mu ansa na watwa wɔn agu; wɔde ogya bɛhyew wɔn dwerɛbee.”
8 These are the names of David's mighty warriors: Josheb-basshebeth the Tahkemonite, chief of the three, raised his spear against 800 men, killing them at once. Din a edidi so yi yɛ Dawid dɔmmarima: Nea odi kan ne Yoseb-Basebet a ofi Tahkemon, na ɔyɛ ɔsahene wɔ akofo akɛse Baasa bi so wɔ Dawid mmarima no mu. Ɔno na ɔde ne peaw kum atamfo akofo ahanwɔtwe wɔ ɔsa baako pɛ mu no.
9 Next was Eleazar son of Dodo the Ahohite, one of the three mighty men with David when they defied the Philistines gathered for battle there, and Israel's men retreated. Nea ɔto so abien wɔ baasa no mu no ne Dodo babarima Eleasar a ɔyɛ Ahohi aseni. Bere bi Eleasar ne Dawid ka bɔɔ mu, tew gyinae, de tiaa Filistifo bere a Israel asraafo no nyinaa aguan no.
10 He rose up, struck the Philistines until his hand tired and clung to the sword. Our Father won a great victory that day, and the troops returned behind him only to strip the dead. Okunkum Filistifo no ara kosii sɛ afei, na ontumi mpagyaw ne peaw. Nanso Awurade maa no dii nkonim saa da no. Asraafo a wɔaka no ansan amma kosii bere a ɛsɛ sɛ wɔkɔtase wɔn asade no.
11 Next was Shammah son of Agee the Hararite. The Philistines massed at Lehi, in a field full of lentils, and the troops fled from them. Nea odi hɔ yɛ Sama a ɔyɛ Agee a ofi Harar babarima. Da koro bi, Filistifo no boaa wɔn ho ano wɔ Lehi, na wɔtow hyɛɛ Israelfo no so wɔ aseduafuw bi mu. Israel asraafo no guanee,
12 But Shammah stood in the middle of the field, defended it, and struck down the Philistines. And our Father brought a great victory. nanso Sama gyinaa ne nan so pintinn wɔ afuw no mfimfini, kaa Filistifo no gui. Enti Awurade ma odii nkonim.
13 At harvest three of the thirty chief men went down to David at the cave of Adullam, while a band of Philistines camped in the Valley of Rephaim. Twabere bi a na Dawid wɔ Adulam ɔbodan mu no, Filisti asraafo bɛkyeree nsraban wɔ Refaim bon mu. Dawid akofo nimdefo aduasa no mu baasa sian kohyiaa no wɔ hɔ.
14 David was then in the stronghold, and a Philistine garrison was at Bethlehem. Saa bere no na Dawid te nsraban mu hɔ a na Filistifo asraafo no fa bi nso akɔtena Betlehem.
15 David longed for water and said, "If only someone would give me a drink of water from the well by the gate in Bethlehem!" Dawid daa nʼakɔnnɔ adi se, “Ao, sɛ minya nsu pa a ɛwɔ Betlehem abura a ɛwɔ kurow no pon no ano hɔ no bi a, anka mɛnom.”
16 So the three warriors broke through the Philistine camp, drew water from the well of Bethlehem by the gate, and brought it to David. But he refused to drink it; he poured it out to our Father. Enti baasa no bu faa Filistifo no mu kɔsaw nsu no bi fii abura no mu, de brɛɛ Dawid. Nanso wannom. Mmom, ohwie guu Awurade anim.
17 He said, "Far be it from me, my Father, that I should do this! Is this not the blood of the men who risked their lives?" So he would not drink it. Such were the deeds of the three warriors. Ɔteɛɛ mu se, “Awurade ma ɛmpare me sɛ mɛnom eyi! Saa nsu yi som bo te sɛ saa mmarima yi a wɔde wɔn nkwa too hɔ, kɔsaw nsu yi brɛɛ me yi mogya.” Enti Dawid annom. Mmarimasɛm a Baasa no dii no nhwɛso bi ni.
18 Abishai, Joab's brother, son of Zeruiah, was chief of the thirty. He raised his spear against 300, killed them, and won fame among the three. Na Yoab nua Seruia babarima Abisai nso dii Aduasa no anim. Da bi, ɔde ne peaw kum atamfo akofo ahaasa wɔ ɔsa baako pɛ mu. Saa akokodurusɛm yi nti ne din hyetaa sɛ Baasa no.
19 Was he not the most honored of the thirty? He became their commander, though not one of the three. Abisai na ogyee din pa ara wɔ Aduasa no mu. Ɛwɔ mu, wannye din sɛ Baasa no ho de, nanso na ɔno ne Aduasa no safohene.
20 Benaiah son of Jehoiada was a valiant man from Kabzeel, a man of great deeds. He struck down Moab's two mighty warriors. He went down into a pit on a snowy day and killed a lion there. Na Yehoiada babarima Benaia nso yɛ ɔkofo kokodurufo a ofi Kabseel. Odii mmarimasɛm bebree a bi ne sɛ, okum Moab akofo akɛse baanu. Bere bi nso, ɔtaa gyata, ma wɔkɔtɔɔ amoa mu. Na sukyerɛmma atɔ, ama fam ayɛ toro de, nanso ɔkyeree gyata no, kum no.
21 He also struck down an impressive Egyptian. The Egyptian held a spear, but Benaiah came at him with only a staff, wrenched the spear from his hand, and killed him with his own spear. Bere bi nso, ɔde abaaporiwa a na okura no kum Misraimni ɔkofo kɛse bi a na ɔno kura peaw. Benaia hwim peaw no fii Misraimni no nsam, na ɔde kum no.
22 These were the deeds of Benaiah son of Jehoiada, who won a name among the three mighty men. Eyinom na Yehoiada babarima Benaia yɛe, ma ogyee din te sɛ Baasa no.
23 He was more honored than the thirty, but not among the three. David put him over his bodyguard. Na ɔwɔ anuonyam sen wɔn a na wɔfra Aduasa no mu no biara, nanso na ɔnka Baasa no ho. Na Dawid yɛɛ no nʼawɛmfo no so sahene.
24 Among the thirty were: Asahel the brother of Joab; Elhanan son of Dodo of Bethlehem; Wɔn a aka a na wɔfra Aduasa no mu no ni: Yoab nuabarima Asahel; Dodo a ofi Betlehem babarima Elhanan;
25 Shammah the Harodite; Elika the Harodite; Sama a ofi Harod; Elika a ofi Harod;
26 Helez the Paltite; Ira son of Ikkesh the Tekoite; Heles a ofi Palti; Ira, Ikes a ofi Tekoa babarima;
27 Abiezer the Anathothite; Mebunnai the Hushathite; Abieser a ofi Anatot; Sibekai a ofi Husa;
28 Zalmon the Ahohite; Maharai the Netophathite; Salmon a ofi Ahoa; Maharai a ofi Netofa;
29 Heleb son of Baanah the Netophathite; Ittai son of Ribai from Gibeah of the Benjaminites; Heleb, Baana a ofi Netofa babarima; Itai, Ribai a ofi Gibea (Benyamin abusuakuw mu) babarima;
30 Benaiah the Pirathonite; Hiddai from the ravines of Gaash; Benaia a ofi Piraton; Hidai a ofi Nahale-Gaas;
31 Abi-albon the Arbathite; Azmaveth the Barhumite; Arbatini Abi-Albon; Asmawet a ofi Bahurim;
32 Eliahba the Shaalbonite; the sons of Jashen; Jonathan; Eliahba a ofi Saalbon; Yaasen mmabarima;
33 Shammah the Hararite; Ahiam son of Sharar the Hararite; Yonatan, Sama a ofi Harar babarima; Sarar, Ahiam a ofi Maaka babarima;
34 Eliphelet son of Ahasbai the Maacathite; Eliam son of Ahithophel the Gilonite; Elifelet, Ahasbai a ofi Maaka babarima; Eliam, Ahitofel a ofi Gilo babarima;
35 Hezro the Carmelite; Paarai the Arbite; Hesro a ofi Karmel; Paarai a ofi Arba;
36 Igal son of Nathan of Zobah; Bani the Gadite; Igal, Natan a ofi Soba babarima; Bani a ofi Gad;
37 Zelek the Ammonite; Naharai the Beerothite, the armor-bearer of Joab son of Zeruiah; Selek a ofi Amon; Naharai a ofi Beerot (Yoab akodekurafo);
38 Ira the Ithrite; Gareb the Ithrite; Ira a ofi Yitri; Gareb a ofi Yitri;
39 and Uriah the Hittite—thirty-seven in all. Hetini Uria. Wɔn nyinaa dodow yɛ aduasa ason.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]