Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

2 Samuel 22 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 David spoke to our Father the words of this song when our Father rescued him from the hand of all his enemies and from the hand of Saul. Bere a Awurade gyee Dawid fii nʼatamfo nyinaa ne Saulo nsam akyi no, ɔtoo saa dwom yi de yii Awurade ayɛ.
2 He said: My Father is my rock, my fortress, my rescuer. Nsɛm a ɛwɔ dwom no mu ni: “Awurade yɛ me botan, mʼaban ne mʼagyenkwa;
3 My Father, my rock, in whom I take refuge, my shield and the power of my salvation, my stronghold and my refuge, my savior—you save me from violence. me Nyankopɔn yɛ me botan; ne mu na minya guankɔbea. Ɔyɛ me kyɛm, me nkwagye mu ahoɔden, mʼabandennen, mʼagyenkwa, nea ogye me fi basabasayɛ mu.
4 I call upon my Father, who is worthy of praise, and I am saved from my enemies. “Misu frɛ Awurade; ɔno na ayeyi sɛ no, efisɛ ogye me fi mʼatamfo nsam.
5 For the waves of death engulfed me; the torrents of destruction terrified me. Owu asorɔkye twaa me ho hyiae; ɔsɛe yiri faa me so.
6 The cords of the grave entangled me; the snares of death confronted me. Ɔda mu hama kyekyeree me; mihyiaa owu mfiri.
7 In my distress I called upon my Father; I cried out to my God for help. From his temple he heard my voice, and my cry reached his ears. “Na mʼamanehunu mu no, misu frɛɛ Awurade. Yiw, mefrɛɛ me Nyankopɔn pɛɛ mmoa. Ɔtee me nne fii ne kronkronbea. Me sufrɛ duu nʼasom.
8 Then the earth shook and quaked; the foundations of the heavens trembled and shook, because he was angry. Na asase wosowee na ehinhimii; ɔsoro fapem wosowee; wɔwosowee, nʼabufuw nti.
9 Smoke rose from his nostrils, and consuming fire came from his mouth; burning coals blazed from him. Wusiw fii ne hwene mu; ogyaframa fii nʼanom; na nnyansramma dɛw fii mu.
10 He parted the heavens and came down, with dark clouds beneath his feet. Ofii ɔsoro baa fam; na omununkum kabii duruu nʼanan ase.
11 He mounted a cherub and flew; he soared on the wings of the wind. Ɔte kerubim so tui; gyaagyaa ne ho wɔ mframa ntaban so.
12 He made darkness his canopy around him—the dark rain clouds of the skies. Ɔde sum kataa ne ho hyiae, ɔde osu mununkum dii nʼanim kan.
13 Out of the brightness before him blazed coals of fire. Hann kɛse hyerɛn wɔ nʼanim, na anyinam pa fii mu.
14 My Father thundered from heaven; the Most High raised his voice. Awurade bobɔɔ mu fi ɔsoro; Ɔsorosoroni no teɛɛ mu dennen.
15 He shot his arrows and scattered his foes, hurled lightning and routed them. Ɔtow nʼagyan maa nʼatamfo hwetee; anyinam twa ma wɔyɛɛ basaa.
16 The channels of the sea appeared, the foundations of the world were laid bare at the rebuke of my Father, at the blast of breath from his nostrils. Awurade kasae, na wiase nnyinaso no nyinaa daa hɔ. Wotumi huu ɛpo ase, na asase fapem ho daa hɔ.
17 He reached down from on high and took hold of me; he drew me out of deep waters. “Ofi ɔsoro baa fam besoo me mu; ɔtwee me fii asu a emu dɔ mu.
18 He rescued me from my powerful enemy, from my foes who were too strong for me. Ogyee me fii mʼatamfo a wɔyɛ den nsam, atamfo a wokyi me na wɔn ho yɛ den pa ara sen me.
19 They confronted me in the day of my disaster, but my Father was my support. Wɔbaa me so wɔ mʼamanehunu da, nanso Awurade pagyaw me.
20 He brought me out into a spacious place; he rescued me because he delighted in me. Ɔde me baa baabi a bammɔ wɔ; ogyee me, efisɛ nʼani kum me ho.
21 My Father dealt with me according to my righteousness; according to the purity of my hands he rewarded me. “Awurade atua me papayɛ so ka; me bem a midi no, wahyɛ me anan mu.
22 For I have kept the ways of my Father; I have not wickedly turned from my God. Efisɛ manantew Awurade akwan so; mentwee me ho mfii me Nyankopɔn ho nkɔyɛɛ bɔne.
23 All his judgments are before me; I have not turned aside from his statutes. Ne mmara nyinaa gu mʼanim; mentwee me ho mfii ne nhyehyɛe ho.
24 I was blameless before him, and I kept myself free from my guilt. Me ho nni asɛm wɔ Onyankopɔn anim; matwe me ho afi bɔne ho.
25 So my Father rewarded me according to my righteousness, according to my purity in his sight. Awurade tuaa me papayɛ so ka, efisɛ minni fɔ wɔ nʼanim.
26 To the faithful you show yourself faithful; to the blameless you show yourself blameless. “Woda wo ho adi sɛ ɔnokwafo kyerɛ wɔn a wodi nokware, wɔn a wodi mu nso wo kyerɛ wɔn sɛ wodi mu.
27 To the pure you show yourself pure, but to the crooked you show yourself shrewd. Wuyi wo kronkronyɛ kyerɛ ɔkronkronni, nanso amumɔyɛfo de wukyi wɔn.
28 You save the afflicted people, but your eyes are on the haughty, to bring them low. Wugye ahobrɛasefo, nanso wʼani kɔ ahantanfo so sɛ wobɛbrɛ wɔn ase.
29 For you are my lamp, my Father; he turns my darkness into light. Wo Awurade, woyɛ me kanea. Yiw, Awurade woma me sum dan hann.
30 With you I can charge an army; with my Father I can leap over a wall. Wʼahoɔden mu, metumi aka asraafokuw agu; me Nyankopɔn nti, mitumi foro ɔfasu.
31 As for my Father, his way is perfect; the word of my Father is flawless. He is a shield to all who take refuge in him. “Onyankopɔn de, nʼakwan yɛ pɛ; Awurade bɔhyɛ nyinaa ba mu. Ɔyɛ nkatabo ma wɔn a wɔhwehwɛ bammɔ wɔ ne mu.
32 For who is God but our Father? And who is a rock except our Father? Hena ne Onyankopɔn, gye sɛ Awurade? Hena ne ɔbotantim no, gye sɛ yɛn Nyankopɔn?
33 My Father is my strong refuge; he makes my way blameless. Onyankopɔn ne mʼaban a ɛyɛ den; wagye me, na wama me kwan so ayɛ pɛ.
34 He makes my feet like the feet of a deer and sets me secure on the heights. Ɔma mʼanammɔn ho yɛ hare sɛ ɔforote de; Ɔma me gyina sorɔnsorɔmmea.
35 He trains my hands for battle, so that my arms can bend a bow of bronze. Osiesie me ma ɔko; na me basa tumi kuntun kɔbere mfrafrae tadua.
36 You have given me the shield of your salvation, and your gentleness has made me great. Woama me wo nkwagye kyɛm. Wo mmoa ama mayɛ ɔkɛse.
37 You widen the path beneath me, so that my ankles do not give way. Woabɔ kwan tɛtrɛɛ ama mʼanan sɛnea me nkotodwe rengurow.
38 I pursued my enemies and destroyed them; I did not turn back until they were finished. “Metaa mʼatamfo sɛee wɔn; mannyina kosii sɛ wodii nkogu.
39 I consumed them and shattered them so they could not rise; they fell beneath my feet. Meyam wɔn, mebɔɔ wɔn hwee fam, na wɔantumi ansɔre; wɔhwehwee ase wɔ mʼanan ase.
40 You armed me with strength for battle; you made my adversaries bow beneath me. Wohyɛɛ me ahoɔden maa ɔko; woaka mʼatamfo ahyɛ mʼanan ase.
41 You made my enemies turn their backs in flight, and those who hated me I destroyed. Womaa wɔdan wɔn ani guanee, na mesɛe wɔn a wɔtan me nyinaa.
42 They looked, but there was no one to save them—even to my Father, but he gave no answer. Wosu pɛɛ mmoa, nanso obiara ammegye wɔn. Wosu frɛɛ Awurade, nanso wannye wɔn so.
43 I ground them as fine as the dust of the earth; I crushed and trampled them like mud in the streets. Meyam wɔn ma wɔyɛɛ sɛ asase so mfutuma; mepraa wɔn guu suka mu sɛ wura.
44 You delivered me from the strife of my people; you kept me as head of nations; a people I did not know now serves me. “Womaa me nkonimdi wɔ wɔn a wɔbɔ me kwaadu so. Woahwɛ sɛ mɛyɛ amanaman sodifo; na nnipa a minnim wɔn som me.
45 Foreigners cower before me; as soon as they hear, they obey me. Ananafo brɛ wɔn ho ase ma me; wɔte me nka pɛ ara a, wɔde wɔn ho ma me.
46 Foreigners lose heart; they come trembling from their strongholds. Wɔn nyinaa bɔ huboa, na wɔde ahopopo fi wɔn nsraban mu ba.
47 My Father lives! Blessed be my Rock! Exalted be my Father, the Rock of my salvation! “Awurade te ase! Ayeyi nka me botan, ma wɔmma Onyankopɔn, me nkwagye botan so.
48 It is my Father who gives me justice and brings peoples down beneath me. Ɔno ne Onyankopɔn a ɔtɔ wɔn a wɔhaw me so were; ɔka amanaman no hyɛ mʼase
49 He brings me out from my enemies. You lifted me high above my foes; you rescued me from the violent man. na ogye me fi mʼatamfo nsam. Wode me si baabi a mʼatamfo nnu, wugye me fi atutuwpɛfo a wotia me nsam.
50 Therefore I will praise you among the nations, my Father; I will sing praises to your name. Awurade eyi nti, mɛkamfo wo wɔ amanaman mu, Ao Awurade. Mɛto ayeyi dwom ama wo din.
51 He gives great victories to his king and shows covenant love to his anointed, to David and his descendants forever. “Wode nkonimdi akɛse ama wo hene; woda ɔdɔ a ɛnsa da adi kyerɛ nea woasra no ngo, wode kyerɛ Dawid, ne nʼasefo afebɔɔ.”
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]