Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

2 Samuel 1 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 After the death of Saul, David returned from defeating the Amalekites and stayed in Ziklag two days. Saulo wu akyi no, Dawid san fii nkonim a odii Amalekfo so no mu bɛtenaa Siklag nnaanu.
2 On the third day a man came from Saul's camp, clothes torn, dirt on his head. Reaching David, he fell to the ground and bowed. Ne nnansa so no, ɔbarima bi fi Saulo nsraban mu a watetew ne ntade mu, atu mfutuma agu ne ti mu, de rekyerɛ sɛ ɔretwa adwo bae. Oduu Dawid nkyɛn no, ɔdan ne ho hwee fam nidi mu.
3 David asked him, "Where have you come from?" "I escaped from the camp of Israel," he replied. Dawid bisaa no se, “Ɛhe na wufi?” Obuae se, “Maguan afi Israel nsraban mu.”
4 "What happened?" David asked. "Tell me." He said, "The people fled the battle. Many fell and died. Saul and his son Jonathan are dead too." Dawid bisaa no se, “Na ɛyɛɛ dɛn? Ɔko no kosii dɛn?” Ɔkae se, “Mmarima no guan fii akono. Bebree totɔe. Na Saulo ne ne babarima Yonatan nso atotɔ.”
5 David asked the young man who brought the news, "How do you know Saul and his son Jonathan are dead?" Enti Dawid bisaa aberante a ɔbɛbɔɔ no saa amanneɛ no se, “Ɛyɛɛ dɛn na wuhuu sɛ Saulo ne ne babarima Yonatan awuwu?”
6 The young man said, "I happened onto Mount Gilboa, and there was Saul, leaning on his spear, the chariots and horsemen bearing down on him. Aberante no buae se, “Mikofii Gilboa bepɔw so, na mekɔtoo sɛ Saulo sɛn ne peaw so a atamfo no nteaseɛnam ne nʼapɔnkɔsotefo mmɛn no ara.
7 He turned around, saw me, and called to me. I said, 'Here I am.' Ɔdan ne ho a ohuu me no, ɔteɛɛ mu frɛɛ me se memmra. Mibisaa no se, ‘Menyɛ dɛn?’
8 He asked me, 'Who are you?' I told him, 'I am an Amalekite.' “Obisaa me se, ‘Wo ne hena?’ “Mibuaa no se, ‘Meyɛ Amalekni.’
9 He said to me, 'Stand over me and kill me; anguish has seized me, but I'm still alive.' “Na ɔsrɛɛ me se, ‘Begyina me so na kum me, na me ho yeraw me yiye, na mepɛ sɛ me wu.’
10 So I stood over him and killed him, since I knew he wouldn't survive his fall. Then I took the crown from his head and the band on his arm, and brought them here to my lord." “Enti migyinaa ne so kum no, efisɛ na minim sɛ tebea a ɔwɔ mu no, ɔrennya nkwa. Na mituu nʼahenkyɛw a ɛhyɛ no no ne nʼabasa so atweaban no sɛ mede rebrɛ wo, me wura.”
11 Then David grabbed his own clothes and tore them, and so did all the men with him. Dawid ne ne mmarima no tee asɛm no, wɔde awerɛhow sunsuan wɔn ntade mu.
12 They mourned, wept, and fasted until evening for Saul, his son Jonathan, our Father's people, and the house of Israel, because they had fallen by the sword. Wotwaa ho agyaadwo, sui, bua daa da mu no nyinaa wɔ Saulo ne ne babarima Yonatan wu ne Awurade asraafo ne Israelman sɛ wɔn mu pii wuwuu saa da no.
13 David asked the young man who brought the news, "Where are you from?" He said, "I'm the son of a foreigner, an Amalekite." Na Dawid bisaa aberante a ɔbɛbɔɔ wɔn saa amanneɛ no se, “Wufi he?” Na obuae se, “Meyɛ ɔhɔho Amalekni a mete mo asase so.”
14 David said, "How were you not afraid to raise your hand to kill our Father's anointed?" Dawid bisaa no se, “Na wunsuro sɛ wukum obi a Awurade asra no no?”
15 David called one of his young men and said, "Go, strike him down." He struck him, and he died. Dawid ka kyerɛɛ ne mmarima no mu baako se, “Kum no!” Enti ɔbarima no twee nʼafoa de wɔɔ Amalekni no, kum no.
16 David had said to him, "Your blood is on your own head, for your own mouth testified against you when you said, 'I killed our Father's anointed.'" Na Dawid kae se, “Wʼano ayi mmusu ama wo ama woawu, efisɛ wo ara na wokae se woakum obi a Awurade asra no no.”
17 Then David sang this lament over Saul and his son Jonathan, Na Dawid too kwadwom maa Saulo ne Yonatan.
18 and ordered the people of Judah taught this lament, called The Bow; it is written in the Book of Jashar: Na ɔhyɛɛ sɛ wɔnkyerɛ nnipa a wɔwɔ Yuda nyinaa to. Wɔtoo no din sɛ agyan dwom a wɔakyerɛw wɔ Yasar Nhoma mu.
19 "Your glory, Israel, lies slain on your heights. How the mighty have fallen! “Wʼanuonyam ne wʼahosɛpɛw, Israel, awu da mmepɔw so! Akofo akɛse atotɔ!
20 Don't tell it in Gath, don't proclaim it in the streets of Ashkelon, or the daughters of the Philistines will rejoice, the daughters of the uncircumcised will exult. “Monnka asɛm yi wɔ Gat, na Filistifo abɔ ose! Monnka wɔ Askelon mmɔnten so, na abosonsomfo anserew ahosɛpɛw mu.
21 Mountains of Gilboa, may you have no dew or rain, no fields yielding offerings. For there the shield of the mighty was defiled, the shield of Saul, no longer rubbed with oil. “Gilboa mmepɔw, mma obosu anaa osu ntɔ ngu wo so anaa wo nsian so. Efisɛ ɛhɔ na woguu ɔkofo kɛse no akokyɛm ho fi; wɔremfa ngo nsra Saulo nkatabo ho bio.
22 From the blood of the slain, from the flesh of the mighty, the bow of Jonathan did not turn back, the sword of Saul did not return unsatisfied. “Saulo ne Yonatan kunkum wɔn atamfo ahoɔdenfo! Wɔamfi akono amma no nsapan.
23 Saul and Jonathan, beloved and cherished in life, in death they were not parted. They were swifter than eagles, stronger than lions. Ɔdɔ ne ahoɔfɛ bɛn na na Saulo ne Yonatan nni, wɔn mu antetew da, nkwa ne owu mu. Na wɔn ho yɛ hare kyɛn akɔre; na wɔn ho yɛ den kyɛn gyata.
24 Daughters of Israel, weep for Saul, who clothed you in scarlet and finery, who adorned your garments with ornaments of gold. “Israel mmabea, munsu Saulo, efisɛ ofuraa mo ntama pa, hyehyɛɛ mo sikakɔkɔɔ agude.
25 How the mighty have fallen in the thick of battle! Jonathan lies slain on your heights. “Akofo akɛse atotɔ akono. Yonatan awu da mmepɔw no so.
26 I grieve for you, my brother Jonathan; you were very dear to me. Your love for me was wonderful, surpassing the love of women. Misu wo, me nua Yonatan! Na wosom me bo yiye. Na wo dɔ a wowɔ ma me no yɛ nwonwa; emu dɔ sen ɔbea dɔ!
27 How the mighty have fallen! The weapons of war have perished." “Hwɛ sɛnea akofo akɛse atotɔ! Ɔko mu akode ayerayera!”
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]