Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

2 John 1 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 The elder, to the chosen lady and her children, whom I love in truth—not only I, but all who know the truth, Me, Asɔre Panyin, Mekyerɛw kɔma Awuraa a wɔayi no ne ne mma a medɔ wɔn, nokware no nti. Ɛnyɛ me nko, na mmom, wɔn a wonim nokware no nyinaa dɔ mo,
2 because of the truth that lives in us and will be with us forever. efisɛ nokware no te yɛn mu na ɛbɛtena yɛn mu akosi daa:
3 Grace, mercy, and peace will be with us from our Father and from Jesus Christ, our Father's Son, in truth and love. Adom, mmɔborɔhunu ne asomdwoe mfi Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo, Agya no Ba no nkyɛn, mmra yɛn so nokware ne ɔdɔ mu.
4 I was overjoyed to find some of your children walking in truth, as our Father commanded us. Mʼani gyee sɛ mihuu sɛ mo mma no bi te nokware mu sɛnea Agya no hyɛɛ yɛn no.
5 Now I ask you, dear lady: not a new command, but one we've had from the start—love one another. Enti mereka akyerɛ wo, Awuraa se, momma yɛnnodɔ yɛn ho. Eyi nyɛ mmara foforo a merehyɛ ama wo. Ɛyɛ mmara a wɔahyɛ ama yɛn fi mfiase.
6 This is love: that we walk by his commands. This is the command, as you heard from the beginning: that you walk in love. Saa ɔdɔ a mereka ho asɛm yi kyerɛ sɛ momma yɛntena ase na yɛnyɛ osetie mma Onyankopɔn. Mmara a mote fii mfiase no kyerɛ sɛ mo nyinaa, montena ase ɔdɔ mu.
7 For many deceivers have gone out into the world, denying that Jesus Christ came in the flesh. This is the deceiver and the antichrist. Nnaadaafo a wonnye nto mu no se Yesu Kristo baa ɔhonam mu no abɔ apete wiase. Saa nnaadaafo yi yɛ atorofo ne Kristo atamfo.
8 Watch yourselves, so that you don't lose what we have worked for, but receive a full reward. Monhwɛ mo ho so yiye na moanhwere nea moayɛ ho adwuma na moanya mo akatua wɔ mu no.
9 Anyone who oversteps, not remaining in Christ's teaching, lacks our Father; whoever remains in the teaching has both our Father and the Son. Obiara a ɔntena Kristo nkyerɛkyerɛ mu no nni Onyankopɔn. Na nea ɔtena nkyerɛkyerɛ no mu no wɔ Agya no ne Ɔba no.
10 If someone comes to you without this teaching, don't welcome them into your home or greet them, Sɛ obi ba mo nkyɛn na wamfa saa nkyerɛkyerɛ yi ammrɛ mo a, munnnye no wɔ mo fi na munnnye nʼani nso.
11 for whoever greets him shares in his evil deeds. Efisɛ obiara a ogye saa nipa no ka bɔne a ɔyɛ no ho.
12 I have much to write, but I'd rather not use paper and ink. I hope to come and speak with you face to face, so our joy may be complete. Mewɔ nsɛm pii kyerɛw brɛ mo, nanso mempɛ sɛ mɛfa krataa ne kyerɛwduru so aka. Mmom, mɛba abɛsra mo na me ne mo abɛkasa na ama yɛn anigye awie pɛyɛ.
13 The children of your chosen sister greet you. Wo nuabea a Onyankopɔn apaw no no mma kyia wo.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]