Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

1 Chronicles 9 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 All Israel was registered by genealogy, recorded in the Book of the Kings of Israel. And Judah was exiled to Babylon for their unfaithfulness. Wɔkyerɛw Israel anato biara mu nnipa din guu Israel ne Yuda Ahemfo nhoma mu. Esiane sɛ na Yudafo no nni Awurade nokware no nti, wotwaa wɔn asu kɔɔ Babilonia.
2 The first to resettle their own property in their cities were Israel, the priests, the Levites, and the temple servants. Wɔn a wɔsan ba bɛfaa wɔn agyapade wɔ wɔn nkurow dedaw mu no yɛ mpapahwekwa. Wɔne asɔfo, Lewifo ne asɔredan mu aboafo no bi na wɔbae.
3 And in Jerusalem lived some of the people of Judah, of Benjamin, and of Ephraim and Manasseh: Nnipa a wofi Yuda, Benyamin, Efraim ne Manase mmusuakuw mu ba bɛtenaa Yerusalem.
4 Uthai son of Ammihud son of Omri son of Imri son of Bani, of the sons of Perez son of Judah. Abusua baako a wɔsan bae no yɛ Amihud babarima Utai a ɔyɛ Omri babarima na ɔno nso yɛ Imri babarima na ɔno nso yɛ Bani babarima a wɔyɛ Yuda babarima Peres asefo.
5 And of the Shilonites: Asaiah the firstborn, and his sons. Wɔn a wɔsan bae a na wofi Silonfo abusua mu no yɛ: Asaia a ɔyɛ abakan no ne ne mmabarima.
6 From Zerah's sons: Jeuel and their relatives, 690. Serah abusua mu no: Yeuel ne nʼabusuafo na wɔsan bae. Yuda abusuakuw no mu mmusua ahansia aduɔkron (960) na wɔsan bae.
7 And of Benjamin's sons: Sallu son of Meshullam, son of Hodaviah, son of Hassenuah, Wɔn a wofi Benyamin abusuakuw mu a wɔsan bae no ne: Mesulam babarima Salu, a ɔyɛ Hodawia babarima na ɔno nso yɛ Hasenua babarima;
8 Ibneiah son of Jeroham; Elah son of Uzzi son of Michri; Meshullam son of Shephatiah son of Reuel son of Ibnijah, Yibneia a ɔyɛ Yeroham babarima, Ela a ɔyɛ Usi babarima, Mikri babarima; Mesulam a ɔyɛ Sefatia babarima, Reuel babarima, Yibnia babarima bae.
9 and their relatives, listed by family line, 956. All these were heads of their ancestral families. Saa mmarima yi nyinaa, na wɔyɛ mmusua ntuanofo, na wɔakyerɛw wɔn din wɔ wɔn mmusuakuw anato nhoma mu. Benyamin abusuakuw mu mmusua ahankron ne aduonum asia na wɔsan bae.
10 And of the priests: Jedaiah, Jehoiarib, Jachin, Asɔfo a wɔsan bae no bi ne: Yedaia, Yehoriarib, Yakin,
11 and Azariah son of Hilkiah, son of Meshullam, son of Zadok, son of Meraioth, son of Ahitub, chief officer of our Father's house. Asaria a ɔyɛ Hilkia babarima a ɔno nso yɛ Mesulam babarima na ɔno nso yɛ Sadok babarima na ɔno nso yɛ Meraiot babarima na ɔno nso yɛ Ahitub babarima. Na Asaria yɛ Onyankopɔn fi ahwɛfo so panyin.
12 Adaiah son of Jeroham, of Pashhur, of Malchijah; and Maasai son of Adiel, of Jahzerah, of Meshullam, of Meshillemith, of Immer; Asɔfo a wɔsan bae no bi ne Adaia a ɔyɛ Yeroham babarima a na ɔno nso yɛ Pashur babarima na ɔno nso yɛ Malkia babarima ne Masai a ɔyɛ Adiel babarima na ɔno nso yɛ Yahsera babarima na ɔno nso yɛ Mesulam babarima a ɔno nso yɛ Mesilemit babarima na ɔno nso yɛ Imer babarima.
13 and their relatives—heads of their families—1,760, capable men for serving in the house of our Father. Asɔfo a wɔsan bae nyinaa dodow yɛ apem ahanson aduosia. Na wɔyɛ mmusua ntuanofo a wɔyɛ nsiyɛfo. Na wɔn adwuma ne sɛ, wɔsom wɔ Onyankopɔn fi.
14 Of the Levites: Shemaiah son of Hasshub, son of Azrikam, son of Hashabiah, of the sons of Merari, Lewifo a wɔsan bae no yɛ: Semaia a ɔyɛ Hasub babarima a na ɔyɛ Asrikam babarima a na ɔno nso yɛ Hasabia babarima a na ɔyɛ Merari aseni,
15 and Bakbakkar, Heresh, Galal, and Mattaniah son of Mica, son of Zichri, son of Asaph; Bakbakar, Heres, Galal, Mika babarima Matania a ɔyɛ Sikri babarima na ɔno nso yɛ Asaf babarima,
16 and Obadiah son of Shemaiah, son of Galal, son of Jeduthun, and Berechiah son of Asa, son of Elkanah, who lived in the villages of the Netophathites. Obadia a ɔyɛ Semaia babarima a ɔyɛ Galal babarima na ɔno nso yɛ Yedutun babarima ne Asa a ɔyɛ Elkana babarima Berekia a wɔtenaa Netofa asase so.
17 The gatekeepers: Shallum, Akkub, Talmon, Ahiman, and their relatives; Shallum was chief. Apon ano hwɛfo a wɔsan bae no yɛ: Salum, Akub, Talmon, Ahiman ne wɔn abusuafo. Salum na na ɔyɛ ɔpon ano hwɛfo panyin.
18 To this day they stand at the King's Gate, on the east side. These were the gatekeepers of the Levite camps. Kan no nso, na anka wɔn na wɔhwɛ ɔhene pon a ɛkyerɛ apuei fam no so. Na saa mmarima no som sɛ Lewifo atenae apon ano ahwɛfo.
19 Shallum son of Kore, of Ebiasaph, of Korah, and his relatives of his father's house, the Korahites, oversaw the work of service, guarding the tent's thresholds; their fathers oversaw the camp of our Father, guarding the entrance. Na Salum yɛ Kore babarima a ɔyɛ Ebiasaf a ofi Kora abusua mu aseni. Na ɔne nʼabusuafo a wɔyɛ Korafo no na na wɔwɛn ɔkwan a ɛkɔ kronkronbea hɔ no, sɛnea na wɔn mpanyimfo wɛn Ahyiae Ntamadan wɔ Awurade atenae hɔ no.
20 Phinehas son of Eleazar was leader over them formerly; our Father was with him. Eleasar babarima Pinehas na kan no na ɔhwɛ apon ano ahwɛfo no so, na Awurade ka ne ho.
21 Zechariah the son of Meshelemiah was gatekeeper at the entrance of the tent of meeting. Akyiri no, Meselemia babarima Sakaria na na ɔwɛn ɔkwan a ɛkɔ Ahyiae Ntamadan no mu no ano.
22 All of them, chosen as gatekeepers of the gates, numbered 212, registered by genealogy in their villages. David and Samuel the seer had appointed them to this trusted office. Ne nyinaa mu, saa bere no, na apon ano ahwɛfo no dodow yɛ ahannu ne dumien (212) a na wɔakyerɛw wɔn din wɔ wɔn anato nkrataa mu wɔ wɔn nkuraa. Dawid ne Samuel a na ɔyɛ ɔdehufo no ama wɔn dibea a ɛsom bo.
23 They and their sons guarded the gates of the house of our Father, the house of the tent, as guards. Saa apon ano ahwɛfo yi ne wɔn asefo no, na wɔkyekyɛ wɔn mu kɔwɛn ɔkwan a ɛkɔ Awurade fi, a kan no na ɛyɛ ntamadan no ano.
24 The gatekeepers were posted on the four sides: east, west, north, and south. Wɔde apon ano ahwɛfo no gyinagyinaa afanan no nyinaa a ɛyɛ apuei, atɔe, atifi ne anafo.
25 Their relatives in their villages were to come every seven days, from time to time, to be with them. Bere ano bere ano, na wɔn abusuafo a wɔwɔ nkuraa no bɛboa wɔn wɔ wɔn nnanson nnanson dwumadi mu.
26 The four chief gatekeepers, Levites, were entrusted with the chambers and treasuries of the house of our Father. Na saa Lewifo apon ano ahwɛfo mpanyimfo baanan no adwuma no yɛ nea ekura asodi kɛse, efisɛ wɔn na na wɔhwɛ adan ne sikakoradan a ɛwɔ Onyankopɔn fi hɔ no so.
27 They stayed the night around our Father's house, since the guard duty was theirs, and the opening, morning by morning. Wɔwɛn Onyankopɔn fi hɔ anadwo, efisɛ na ɛyɛ wɔn asɛde. Afei, na ɛyɛ wɔn adwuma sɛ da biara anɔpa wobuebue apon no.
28 Some were in charge of the service vessels, counting them in and out. Na apon ano ahwɛfo no bi adwuma ne sɛ, wɔhwɛ nneɛma ahorow a wɔde yɛ ɔsom adwuma no so. Sɛ wɔrekɔfa, na wɔresan de akogu hɔ no nyinaa, wɔhwɛ sɛ bi renyera.
29 Others were in charge of the furnishings, sacred utensils, fine flour, wine, oil, incense, and spices. Afoforo nso hwɛ nneɛma a wɔde asiesie hɔ, nneɛma a ɛwɔ kronkronbea hɔ, nneɛma a wɔde brɛ wɔn, sɛ ebia, asikresiam a wɔayam no muhumuhu, nsa, ngo, nnuhuam ne kurobow ahorow so.
30 And some of the priests' sons blended the spices. Nanso na asɔfo no na wodi nnuhuam no ne kurobow no ho dwuma.
31 Mattithiah, one of the Levites, firstborn of Shallum the Korahite, was in charge of baking the flat cakes. Lewini a wɔfrɛ no Matitia a ɔyɛ Korani Salum abakan no na na ɔto brodo a wɔde bɔ afɔre no.
32 Some Kohathite relatives were responsible for preparing the rows of bread every Sabbath. Na nnipa bi a wofi Kohat abusua mu nso na na wɔhwɛ, siesie brodo a wɔde to pon Homeda no.
33 These singers, heads of Levite families, stayed in the temple chambers, exempt from other duties—on duty day and night. Nnwom ho nimdefo a na wɔn nso yɛ Lewifo atitiriw no nyinaa, na wɔtete Asɔredan no mu. Na wɔmma wɔnnyɛ dwuma foforo biara, esiane wɔn adwuma a wɔyɛ no mmere nyinaa nti.
34 These were heads of Levite families, leaders listed by family line; and they lived in Jerusalem. Na saa nnipa yi nyinaa tete Yerusalem. Na wɔyɛ Lewifo mmusua no nyinaa ntuanofo a wɔakyerɛw wɔn din ahyɛ wɔn anato krataa mu.
35 In Gibeon lived Jeiel the father of Gibeon, and the name of his wife was Maacah, Yeiel (Gibeon agya) tenaa Gibeon. Na ne yere din de Maaka,
36 and his firstborn son was Abdon, then Zur, Kish, Baal, Ner, Nadab, a na ne babarima abakan din de Abdon. Na Yeiel mmabarima a wɔaka no din de Sur, Kis, Baal, Ner, Nadab,
37 Gedor, Ahio, Zechariah, and Mikloth. Gedor, Ahio, Sakaria ne Miklot.
38 Mikloth fathered Shimeam; they too lived with their relatives in Jerusalem, opposite their relatives. Miklot na ɔyɛ Simeam agya. Na saa abusuafo yi tete bemmɛn wɔn ho wɔn ho wɔ Yerusalem.
39 And Ner fathered Kish, Kish fathered Saul, and Saul fathered Jonathan, Malchi-shua, Abinadab, and Esh-baal. Ner na ɔwoo Kis. Kis na ɔwoo Saulo, Saulo na ɔwoo Yonatan, Malki-Sua, Abinadab ne Esbaal.
40 And the son of Jonathan was Merib-baal, and Merib-baal fathered Micah. Yonatan babarima ne: Merib-Baal (anaa Mefiboset) na Merib-Baal woo Mika.
41 The sons of Micah: Pithon, Melech, Tahrea, and Ahaz. Mika mmabarima ne: Piton, Melek, Tarea ne Ahas.
42 And Ahaz fathered Jarah, and Jarah fathered Alemeth, Azmaveth, and Zimri; and Zimri fathered Moza. Ahas woo Yara. Yara woo Alemet, Asmawet ne Simri. Na Simri woo Mosa.
43 And Moza fathered Binea, and Rephaiah was his son, Eleasah his son, and Azel his son. Mosa woo Binea. Binea woo Refaia. Refaia woo Elasa. Elasa woo Asel.
44 Azel had six sons, named Azrikam, Bocheru, Ishmael, Sheariah, Obadiah, and Hanan—these were Azel's sons. Asel woo mmabarima baasia a wɔne: Asrikam, Bokeru, Ismael, Searia, Obadia ne Hanan. Na eyinom yɛ Asel mma.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]