Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Numbers 33 OASCB

Show OASCB only
Verse × ×
1 These are the stages of the Israelites' journey out of Egypt, by their divisions under Moses and Aaron's hand. Yei ne akwantuo nhyehyɛeɛ a Israelfoɔ dii so ɛberɛ a Mose ne Aaron de wɔn firi Misraim no.
2 Moses wrote their starting points by stage, at our Father's command; these are their stages by starting points. Mose twerɛɛ faako a wɔfaeɛ nyinaa sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Yeinom ne mmea mmea a wɔsoɛɛ wɔ wɔn akwantuo no mu.
3 They set out from Rameses on the fifteenth day of the first month, the day after Passover—the Israelites marched out boldly, in full view of all the Egyptians, Wɔsiim firii Rameses kuropɔn no mu wɔ Twam Afahyɛ a ɛdi ɛkan no akyi bosome a ɛdi ɛkan ɛda a ɛtɔ so dunum. Wɔde akokoɔduru firii hɔ a Misraimfoɔ no rehwɛ wɔn.
4 while the Egyptians buried all their firstborn, whom our Father had struck down among them, and on their gods our Father executed judgments. Saa ɛberɛ no, na Misraimfoɔ no resie wɔn mmakan a Awurade kunkumm wɔn anadwo a adeɛ rebɛkye ama wɔatu ɛkwan no no. Awurade nam atemmuo nnwuma akɛseɛ yi so dii Misraimfoɔ anyame no nyinaa so nkonim.
5 The children of Israel set out from Rameses and camped at Succoth. Wɔfirii Rameses no, wɔbaa Sukot.
6 They set out from Succoth and camped at Etham, which is on the edge of the wilderness. Wɔfirii Sukot bɛbɔɔ atenaeɛ wɔ Etam, ɛserɛ no ano.
7 They left Etham, turned back to Pi-hahiroth, east of Baal-zephon, and camped before Migdol. Wɔfirii Etam sane wɔn akyi baa Pihahirot a ɛne Baal-Sefon di nhwɛanimu, na wɔbɔɔ atenaeɛ wɔ bepɔ Migdol ho.
8 They set out from before Hahiroth, crossed the sea into the wilderness, traveled three days through the wilderness of Etham, and camped at Marah. Wɔfiri Pihahirot, na wɔtwaa Ɛpo Kɔkɔɔ no kɔɔ ɛserɛ so. Wɔde nnansa nante kɔɔ Etam ɛserɛ so kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Mara.
9 They left Marah and reached Elim, where twelve water springs and seventy palm trees stood; there they camped. Wɔfirii Mara no, wɔbaa Elim; baabi a na nsuwa dumienu ne mmɛdua aduɔson wɔ hɔ.
10 They set out from Elim and camped by Yam Suph. Wɔfirii Elim no, wɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no ho.
11 They set out from Yam Suph and camped in the wilderness of Sin. Wɔfirii Ɛpo Kɔkɔɔ no ho, kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Sin anweatam so.
12 They set out from the wilderness of Sin and camped at Dophkah. Wɔtu firii Sin kɔɔ Dofka.
13 They set out from Dophkah and camped at Alush. Wɔfirii Dofka kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Alus.
14 They left Alush and camped at Rephidim, where the people had no water to drink. Wɔfirii Alus kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Refidim, baabi a na wɔnnya nsuo mma nnipa no nnom.
15 They set out from Rephidim and camped in the wilderness of Sinai. Wɔfirii Refidim no, wɔkɔɔ Sinai ɛserɛ so.
16 They set out from the wilderness of Sinai and camped at Kibroth-hattaavah. Wɔfirii Sinai ɛserɛ so no, wɔkɔɔ atenaeɛ wɔ Kibrot-Hataawa.
17 They set out from Kibroth-hattaavah and camped at Hazeroth. Wɔfirii Kibrot-Hataawa kɔɔ Haserot.
18 They set out from Hazeroth and camped at Rithmah. Wɔfirii Haserot kɔɔ Ritma.
19 They set out from Rithmah and camped at Rimmon-perez. Wɔfirii Ritma kɔɔ Rimon Peres.
20 They set out from Rimmon-perez and camped at Libnah. Wɔfirii Rimon Peres kɔɔ Libna.
21 They set out from Libnah and camped at Rissah. Wɔfirii Libna kɔɔ Risa.
22 They set out from Rissah and camped at Kehelathah. Wɔfirii Risa kɔɔ Kahelata.
23 They set out from Kehelathah and camped at Mount Shepher. Wɔfirii Kahelata kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Sefer Bepɔ so.
24 They set out from Mount Shepher and camped at Haradah. Wɔfirii Sefer Bepɔ so kɔɔ Harada.
25 They set out from Haradah and camped at Makheloth. Wɔfirii Harada kɔɔ Makhelot.
26 They set out from Makheloth and camped at Tahath. Wɔfirii Makhelot kɔɔ Tahat.
27 They set out from Tahath and camped at Terah. Wɔfirii Tahat kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Tera.
28 They set out from Terah and camped at Mithkah. Wɔfirii Tera kɔɔ Mitka.
29 They set out from Mithkah and camped at Hashmonah. Wɔfirii Mitka kɔɔ Hasmona.
30 They set out from Hashmonah and camped at Moseroth. Wɔfirii Hasmona kɔɔ Moserot.
31 They set out from Moseroth and camped at Bene-jaakan. Wɔfirii Moserot kɔɔ Beneyaakan.
32 They set out from Bene-jaakan and camped at Hor-haggidgad. Wɔfirii Beneyaakan kɔɔ Horhagidgad.
33 They set out from Hor-haggidgad and camped at Jotbathah. Wɔfirii Horhagidgad kɔɔ Yotbata.
34 They set out from Jotbathah and camped at Abronah. Wɔfirii Yotbata kɔɔ Abrona.
35 They set out from Abronah and camped at Ezion-geber. Wɔfirii Abrona kɔɔ Esion-Geber.
36 They set out from Ezion-geber and camped in the wilderness of Zin, that is, Kadesh. Wɔfirii Esion-Geber kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Kades, wɔ Sin ɛserɛ so.
37 They left Kadesh and camped at Mount Hor, on the edge of Edom's land. Wɔfirii Kades kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Bepɔ Hor so, wɔ Edom hyeɛ ano.
38 Aaron the priest climbed Mount Hor at our Father's command and died there in the fortieth year after the children of Israel left the land of Egypt, in the fifth month, on its first day. Ɛberɛ a wɔduruu Bepɔ Hor ase no, Awurade ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Aaron sɛ ɔnkɔ bepɔ no atifi, na ɛhɔ na ɔkɔwuiɛ. Asɛm yi sii mfeɛ aduanan so a Israelfoɔ tu firii Misraim no.
39 Aaron was 123 years old when he died on Mount Hor. Aaron dii mfeɛ ɔha aduonu mmiɛnsa, na ɔwuiɛ wɔ Bepɔ Hor so.
40 The Canaanite king of Arad, living in the Negev of Canaan, heard the Israelites were coming. Saa ɛberɛ no ara mu na Kanaanhene Arad a ɔtenaa Negeb wɔ Kanaan asase so no tee sɛ Israelfoɔ no reba nʼasase so.
41 They set out from Mount Hor and camped at Zalmonah. Israelfoɔ no toaa wɔn akwantuo no so firi Bepɔ Hor so kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Salmona.
42 They set out from Zalmonah and camped at Punon. Wɔfirii Salmona kɔtenaa Punon.
43 They set out from Punon and camped at Oboth. Wɔfirii Punon kɔtenaa Obot.
44 They set out from Oboth and camped at Iye-abarim, on the border of Moab. Wɔtoaa so kɔɔ Iye-Abarim, Moab hyeɛ so.
45 They set out from Iyim and camped at Dibon-gad. Wɔfirii hɔ no, wɔkɔɔ Dibon Gad.
46 They set out from Dibon-gad and camped at Almon-diblathaim. Wɔfirii Dibon Gad kɔɔ Almon Diblataim.
47 They set out from Almon-diblathaim and camped in the mountains of Abarim, near Nebo. Wɔfirii Almon Diblataim kɔtenaa Abarim mmepɔ a ɛbɛn Nebo no so.
48 They left the mountains of Abarim and camped on the plains of Moab, by the Jordan at Jericho. Na akyire no, wɔtu kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Moab tata so a ɛbɛn Asubɔnten Yordan a ɛne Yeriko di nhwɛanimu no.
49 They camped along the Jordan, from Beth-jeshimoth to Abel-shittim, on the plains of Moab. Wɔwɔ saa beaeɛ hɔ no, wɔtenaa mmeaeɛ bebree a ɛbɛn Asubɔnten Yordan ho—ɛfiri Bet-Yesimot kɔsi Abel Sitim a ɛwɔ Moab tata so no.
50 Our Father spoke to Moses in the plains of Moab by the Jordan at Jericho, saying: Ɛberɛ a wɔabɔ atenaseɛ hɔ no na Awurade nam Mose so kasa kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ,
51 "Speak to the Israelites and tell them: When you cross the Jordan into the land of Canaan. “Sɛ motwam Asubɔnten Yordan kɔduru Kanaan asase so a,
52 Drive out everyone living in the land before you; destroy all their carved images and metal figures, and tear down all their high places. mompam nnipa a wɔte hɔ no nyinaa na monsɛe wɔn abosom ne ahoni a wɔde aboɔ ayɛ ne asɔreeɛ a wɔasisi no petee mu wɔ mmepɔ so ne beaeɛ a wɔsom wɔn ahoni no nyinaa.
53 Possess the land and live in it, for I have given you the land to possess. Mede asase no ama mo. Momfa na montena so.
54 Divide the land by lot among your clans—more land to larger clans, less to smaller ones. Wherever the lot falls for someone, that becomes theirs. You will inherit by your ancestral tribes. Mo mmusua mu nnipa dodoɔ so na wɔbɛhwɛ ama mo asase. Wɔn a wɔdɔɔso no, wɔbɛma wɔn asase kɛseɛ na wɔn a wɔsua no nso bɛnya asase ketewa.
55 "But if you don't drive out the land's residents before you, those you leave will be barbs in your eyes and thorns in your sides, troubling you in the land where you live. “Sɛ moampam nnipa a wɔte hɔ no a, wɔbɛyɛ mo ani ase mpe ne mo honam mu nkasɛɛ. Wɔbɛha mo wɔ asase no so.
56 And then I will do to you what I had planned to do to them." Na mede deɛ mahyɛ sɛ mɛyɛ wɔn no bɛyɛ mo.”
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OASCB

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]