Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Matthew 7 OASCB

Show OASCB only
Verse × ×
1 "Do not judge, so that you may not be judged. “Mommmu ntɛn, na afoforɔ ammu mo ntɛn.
2 For you'll be judged by the judgment you use, and measured by the measure you give. Deɛ mode yɛ afoforɔ no, ɛno ara na wɔde bɛyɛ mo.
3 Why look at the speck in your brother's eye but miss the log in your own? “Adɛn na woma aboseaa a ɛda wo nua ani so no ha wo, ɛberɛ a ɛboɔ kɛseɛ da wo deɛ so?
4 Or how can you tell your brother, 'Let me remove the speck from your eye,' when a log is in yours? Ɛbɛyɛ dɛn na woatumi aka akyerɛ wo nua sɛ, ‘Ma menyi aboseaa a ɛda wʼani so no mma wo,’ wɔ ɛberɛ a ɛboɔ da wʼani so.
5 Hypocrite, first remove the log from your own eye; then you'll see clearly to remove the speck from your brother's eye. Nyaatwomni! Di ɛkan yi ɛboɔ a ɛda wʼani so no ansa na woatumi ahunu aboseaa a ɛda wo nua ani so ayi ama no.
6 "Don't give dogs what is holy, or throw your pearls before pigs—they'll trample them underfoot, then turn and tear you apart. “Mommfa deɛ ɛho te mma nkraman. Saa ara nso na monnto mo nhwene pa ngu mprako anim! Wɔbɛtiatia so, na woadane wɔn ho ato ahyɛ mo so.
7 "Ask, and you'll receive it; seek, and you'll find; knock, and it'll open for you. “Mommisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ, na mobɛhunu; mompem, na wɔbɛbue mo.
8 For everyone who asks receives, whoever seeks finds, and whoever knocks, it will be opened. Na obiara a ɔbisa no, ɔnya. Obiara a ɔhwehwɛ no, ɔhunu; na deɛ ɔpem no, wɔbue no.
9 Or what person among you, if his son asks him for bread, will give him a stone? “Na hwan na ne ba bisa no burodo a ɔbɛma no ɛboɔ?
10 Or if he asks for a fish, will give him a snake? Anaasɛ ɔbisa no nsuomnam a ɔbɛma no ɔwɔ? Ɛremma saa da!
11 So if you, being evil, know how to give your children good gifts, how much more will your Father in heaven give good things to those who ask him? Na sɛ mo a moyɛ nnebɔneyɛfoɔ mpo nim sɛdeɛ moma mo mma nnepa a, ɛbɛyɛ dɛn na mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no mfa nnepa mma ne mma a wɔbisa no no.
12 "So in everything, treat people the way you want them to treat you; for this is the Law and the Prophets. Enti, sɛdeɛ mmara no ne adiyifoɔ no ka no, adeɛ biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ mma wɔn saa ara.
13 "Enter through the narrow gate, for the gate is wide, the road broad, leading to destruction, and many enter through it. “Ɛkwan teateaa no nko ara so na wobɛtumi afa akɔ ɔsoro! Ɛkwan a ɛkɔ ɔbonsam kurom no trɛ, na nʼapono nso mu baeɛ ma nnipadɔm a wɔfa so kɔ ɔsɛeɛ mu.
14 But the gate is narrow, the road narrow, that leads to life; few find it. Ɛpono a wɔwura mu de kɔ nkwa mu no yɛ ketewa na ɛkwan a wɔfa so no nso yɛ teateaa, na nnipa kakra bi na wɔhunu fa so.
15 "Beware false prophets: they come to you in sheep's clothing but are ravenous wolves inside. “Monhwɛ mo ho yie wɔ atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ a wɔba mo nkyɛn ahobrɛaseɛ mu sɛ nnwan nanso wɔyɛ mpataku a wɔnya mo a, wɔbɛtete mo pasaa no ho.
16 By their fruit you will recognize them. Are grapes gathered from thornbushes, or figs from thistles? Wɔn nneyɛeɛ na mode bɛhunu wɔn, sɛdeɛ motumi de dua bi aba hunu dua ko a ɛyɛ no. Worentumi nte bobe wɔ nkasɛɛ so; saa ara nso na worentumi nte borɔdɔma wɔ nnɛnkyɛmse so.
17 In the same way, every good tree bears good fruit, but the bad tree bears bad fruit. Dua a ɛwɔ nnyinasoɔ pa no tumi so aba pa; na dua a ɛnni nnyinasoɔ pa no nso so aba bɔne.
18 A good tree cannot bear bad fruit, nor can a bad tree bear good fruit. Dua pa ntumi nso aba bɔne saa ara nso na dua bɔne ntumi nso aba pa.
19 Every tree that does not bear good fruit is cut down and thrown into the fire. Dua biara a ɛnso aba pa no, wɔtwa de gu ogya mu hye no.
20 So then, by their fruit you will recognize them. Onipa nneyɛeɛ na ɛma yɛhunu ne suban.
21 "Not everyone who says to me, 'Lord, Lord,' will enter the kingdom of our Father, but the one who does the will of my Father in heaven. “Ɛnyɛ obiara a ɔbɔ me din ‘Awurade, Awurade’ no na ɔbɛkɔ ɔsoro ahennie mu.
22 Many will say to me on that day, 'Lord, Lord, didn't we prophesy in your name, drive out demons in your name, do many miracles in your name?' Atemmuo da no, nnipa pii bɛka akyerɛ me sɛ, ‘Awurade, yɛkaa wo ho asɛm kyerɛɛ afoforɔ. Yɛnam wo din nso so tuu ahonhommɔne, sane yɛɛ anwanwadeɛ, ahodoɔ’.
23 Then I will tell them plainly: 'I never knew you; get away from me, you lawbreakers.' Na mabua wɔn sɛ, ‘mennim mo da. Momfiri me so nkɔ, nnebɔneyɛfoɔ!’
24 "So anyone who hears these words of mine and does them will be like a wise man whose house was built on the rock. “Wɔn a wɔtie deɛ meka, na wɔdi so no te sɛ onyansafoɔ a ɔsi ne dan si ɔbotan so.
25 Rain fell, floods came, winds blew and beat against that house, but it didn't fall, because it was founded on rock. Sɛ osuo tɔ, na osuframa bɔ, na nsuo yiri, na emu biara ka ɛdan no a, ɛremmu da ɛfiri sɛ, wɔsi sii ɔbotan so.
26 And everyone who hears these words of mine and doesn't do them is like a foolish man who built his house on sand. Nanso, wɔn a wɔtie deɛ meka na wɔnni soɔ no te sɛ ɔkwasea bi a ɔsii ne dan sii anwea so.
27 The rain fell, floods came, winds blew and hit that house, and it fell—and its fall was great." Sɛ osuo tɔ, na osuframa bɔ, na nsuo yiri, na emu biara ka ɛdan no a, ɛbɛdwiri agu fam, abubu pasaa.”
28 When Jesus had finished saying these words, the crowds were astonished at his teaching, Yesu asɛnka no maa nnipadɔm a wɔtiee no no nyinaa ho dwirii wɔn,
29 because he was teaching them as one who had authority, and not as their scribes. ɛfiri sɛ, ɔkyerɛkyerɛɛ sɛ obi a ɔkura tumi na ne nkyerɛkyerɛ no nte sɛ deɛ Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no kyerɛ no.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OASCB

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]