Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Lamentations 3 OASCB

Show OASCB only
Verse × ×
1 I am the man who has seen affliction under the rod of his wrath. Mene ɔbarima a mahunu amane wɔ nʼabufuo abaa ano.
2 He has driven me away and made me walk in darkness without any light. Wapam me afiri ne ho ama manante sum mu na ɛnyɛ hann mu;
3 Surely against me he turns his hand again and again, all day long. Ampa ara wama nsa so atia me mpɛn bebree, ɛda mu nyinaa.
4 He has worn away my flesh and my skin; he has broken my bones. Wama me wedeɛ ne me nam anyini Na wabubu me nnompe.
5 He has besieged me and surrounded me with bitterness and hardship. Waka me ahyɛ mu, ɔde nwononwono ne ahokyere atwa me ho ahyia.
6 He has made me dwell in darkness like those long dead. Wama matena esum mu sɛ wɔn a wɔawuwu dada no.
7 He has walled me in so I cannot escape; he has weighed down my chains. Wato ɔfasuo atwa me ho ahyia enti mentumi nnwane; wagu me nkɔnsɔnkɔnsɔn ama matɔ baha.
8 Even when I call out and cry for help, he shuts out my prayer. Mpo sɛ mefrɛ anaasɛ mebɔ mpaeɛ srɛ mmoa a ɔsi me mpaeɛbɔ ano.
9 He has blocked my ways with cut stones; he has made my paths crooked. Ɔde abotan asi me ɛkwan; wama mʼakwan ayɛ kɔntɔnkye.
10 He is a bear lying in wait for me, a lion in hiding. Te sɛ sisi a ɔda hɔ retwɛn, te sɛ gyata a watɛ,
11 He drove me off my path and tore me to pieces; he has made me desolate. ɔtwee me firi ɛkwan no mu dwerɛɛ me na ɔgyaa me a menni mmoa biara.
12 He bent his bow and set me as the target for his arrow. Ɔkuntunuu ne tadua mu na ɔde ne bɛmma kyerɛɛ me so.
13 He drove the arrows of his quiver into my vitals. Ɔde bɛmma a ɛfiri ne kotokuo mu hwiree mʼakoma mu.
14 I have become the laughingstock of all my people, their mocking song all day long. Meyɛɛ asredeɛ maa me nkurɔfoɔ nyinaa; wɔto akutia nnwom de di me ho fɛ ɛda mu nyinaa.
15 He has filled me with bitterness; he has sated me with bitterness. Ɔde nhahan nwononwono ahyɛ me ma. Wama me bɔnwoma anom.
16 He has made my teeth grind on gravel, and made me cower in the dust. Ɔde aboseaa abubu me se; na watiatia me so wɔ mfuturo mu.
17 My soul has lost all peace; I have forgotten what happiness is. Wɔama asomdwoeɛ abɔ me; na mewerɛ afiri yiedie.
18 So I say, "My endurance has perished, and so has my hope from our Father." Enti mese, “Mʼanimuonyam asa, deɛ mede mʼani too so Awurade mu no nyinaa.”
19 Remember my affliction and my wandering, the bitterness and the gall! Mekae mʼamanehunu wɔ mʼakyinkyini mu, nwononwono ne bɔnwoma mu.
20 My soul continually remembers it and is bowed down within me. Mekae yie, na me kra aboto wɔ me mu.
21 But this I call to mind, and therefore I have hope: Nanso, mekae yei ne saa enti, mewɔ anidasoɔ.
22 The covenant love of our Father never ceases; his mercies never come to an end; Awurade dɔ kɛseɛ enti yɛnnsɛeɛ. Nʼayamhyehyeɛ nni hwammɔ.
23 they are new every morning; great is your faithfulness. Ɛyɛ foforɔ anɔpa biara; wo nokorɛdie yɛ kɛseɛ.
24 "Our Father is all I need," says my soul, "therefore I will hope in him." Meka kyerɛ me ho sɛ, “Awurade yɛ me kyɛfa, enti mɛtwɛn no.”
25 Our Father is good to those who wait for him, to the soul who seeks him. Awurade yɛ ma wɔn a wɔn anidasoɔ wɔ ne mu, onipa a ɔhwehwɛ noɔ no;
26 It is good to wait quietly for the salvation of our Father. Ɛyɛ sɛ wɔyɛ komm de twɛn Awurade nkwagyeɛ.
27 It is good for a man to bear the yoke in his youth. Ɛyɛ ma ɔbarima sɛ ɔsoa kɔnnua no wɔ ne mmeranteɛ ɛberɛ mu.
28 Let him sit alone in silence when it is laid on him; Ma ɔntena ase komm, ɛfiri sɛ Awurade de ato no so.
29 let him put his mouth in the dust—there may yet be hope; Ma ɔmfa nʼanim nsie wɔ mfuturo mu, ebia anidasoɔ wɔ hɔ.
30 let him give his cheek to the one who strikes, and be filled with insults. Ma ɔmfa nʼafono mma deɛ ɔpɛɛ sɛ ɔbɔ no na ɔnhyɛ no aniwuo.
31 For the Sovereign Father will not abandon forever. Na Awurade nto nnipa ntwene koraa.
32 Though he causes grief, he will have compassion according to the abundance of his covenant love; Ɛwom, ɔde awerɛhoɔ ba deɛ, nanso ɔbɛnya ayamhyehyeɛ. Ne dɔ kɛseɛ no to rentwa da.
33 for he does not willingly afflict or grieve people. Ɔfiri amemenemfe mu de amanehunu anaa awerɛhoɔ brɛ nnipa mma.
34 To crush underfoot all the prisoners of the earth, Sɛ wɔde wɔn nan dwerɛ nneduafoɔ a wɔwɔ asase no so a,
35 to deny a man justice in the sight of the Most High, sɛ wɔtiatia obi ahofadie so wɔ Ɔsorosoroni no anim a,
36 to deprive a man of justice in his case—the Sovereign Father does not approve. anaa sɛ wɔbu obi ntɛnkyea a, Awurade nhunu saa nneɛma yi anaa?
37 Who has spoken and it came to pass, unless the Sovereign Father has commanded it? Hwan na ɔbɛtumi aka na wama aba mu wɔ ɛberɛ a ɛnyɛ Awurade na ɔhyɛeɛ?
38 Is it not from the mouth of the Most High that both calamity and good come? Ɛnyɛ Ɔsorosoroni no anom na musuo ne nnepa firi anaa?
39 Why should a living man complain about the punishment for his sins? Adɛn enti na ɛsɛ sɛ ɔteasefoɔ nwiinwii ɛberɛ a wɔatwe nʼaso wɔ ne bɔne ho?
40 Let us examine and test our ways, and return to our Father! Momma yɛnhwehwɛ yɛn akwan mu na yɛnsɔ nhwɛ, na yɛnsane nkɔ Awurade nkyɛn.
41 Let us lift up our hearts and our hands to our Father in heaven: Momma yɛmma yɛn akoma ne yɛn nsa so, nkyerɛ Onyankopɔn wɔ ɔsoro, na yɛnka sɛ:
42 "We have sinned and rebelled, and you have not forgiven. “Yɛayɛ bɔne, na yɛate atua na woamfa ankyɛ.
43 You have wrapped yourself in anger and pursued us, killing without pity; “Wode abufuo akata wo ho ataa yɛn; na wakunkum a woannya ahummɔborɔ.
44 you have wrapped yourself with a cloud so that no prayer can pass through. Wode wo ho asie omununkum mu enti mpaeɛbɔ biara nnuru wo nkyɛn.
45 You have made us scum and refuse among the peoples. Woayɛ yɛn atantanneɛ ne wira wɔ amanaman no mu.
46 All our enemies open their mouths against us; “Yɛn atamfoɔ nyinaa abae wɔn anom tɛtrɛɛ de tia yɛn.
47 panic and pitfall have come upon us, devastation and destruction." Yɛabrɛ ne ahunahuna ne akukuruhweaseɛ, mmubuiɛ ne ɔsɛeɛ.”
48 My eyes flow with streams of water over the destruction of my people. Me nisuo sene sɛ asutene ɛfiri sɛ wɔasɛe me nkurɔfoɔ.
49 My eyes will flow without ceasing, without respite, Me nisuo bɛsene ara, na ɛrennyae,
50 until our Father looks down and sees from heaven. kɔsi sɛ Awurade bɛhwɛ afiri ɔsoro, na wahu.
51 My eyes bring grief to my soul at the fate of all the daughters of my city. Deɛ mehunu no ma me kra werɛ ho me kuropɔn no mu mmaa nyinaa enti.
52 I have been hunted like a bird by those who were my enemies without cause; Mʼatamfoɔ a menyɛɛ wɔn hwee pampam me sɛ anomaa.
53 they flung me alive into a pit and cast stones on me; Wɔpɛɛ sɛ wɔtwa me nkwa so na wɔsi me aboɔ wɔ amena mu;
54 water closed over my head; I said, "I am lost." nsuo bu faa me tiri so, na ɛyɛɛ me sɛdeɛ wɔrewie me.
55 I called on your name, my Father, from the depths of the pit; Mebɔɔ wo din, Ao Awurade firi amena no ase tɔnn.
56 you heard my plea: "Do not turn a deaf ear to my cry for help!" Wotee me sufrɛ: “Nsi wʼaso wɔ me gyeɛ sufrɛ ho.”
57 You came near on the day I called on you; you said, "Do not fear!" Wotwe bɛnee me ɛberɛ a mefrɛɛ woɔ no, na wokaa sɛ, “Nsuro.”
58 You have taken up my cause, Sovereign Father; you have redeemed my life. Ao Awurade, wodii mʼasɛm maa me; na wogyee me nkwa.
59 You have seen the wrong done to me, my Father; judge my cause. Woahunu bɔne a wɔayɛ me, Ao Awurade. Di mʼasɛm ma me!
60 You have seen all their vengeance, all their plots against me. Woahunu wɔn aweretɔ no mu den, wɔn pɔ a wɔbɔ tia me no nyinaa.
61 You have heard their taunts, my Father, all their plots against me, Ao Awurade, woate wɔn sopa, wɔn pɔ a wɔbɔ tia me no nyinaa,
62 the lips and thoughts of my assailants against me all day long. deɛ mʼatamfoɔ ka no sɛ asomusɛm na wɔka no brɛoo de tia me da mu nyinaa.
63 Watch their every move; I am the object of their mocking song. Hwɛ wɔn! Sɛ wɔgyinagyina hɔ anaa sɛ wɔtete hɔ, wɔto akutia nnwom de di me ho fɛw.
64 You will repay them, my Father, according to the work of their hands. Fa deɛ ɛfata tua wɔn so ka, Ao Awurade, deɛ wɔn nsa ayɛ enti.
65 You will give them hardness of heart; your curse will be on them. Pirim wɔn akoma, na ma wo nnome mmra wɔn so.
66 You will pursue them in anger and destroy them from under the heavens of our Father. Fa abufuo taa wɔn, na sɛe wɔn firi Awurade sorosoro ase.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OASCB

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]