Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Genesis 5 OASCB

Show OASCB only
Verse × ×
1 This is the written record of Adam's descendants. When our Father created humankind, he made them in the likeness of God. Sɛdeɛ Adam asefoɔ nnidisoɔ teɛ nie. Ɛberɛ a Onyankopɔn nwonoo onipa no, ɔnwonoo no sɛ ɔno ara ne sɛso.
2 He created them male and female, blessed them, and named them Humankind when they were created. Ɔbɔɔ ɔbaa ne ɔbarima, na ɔhyiraa wɔn. Ɔbɔɔ wɔn wieeɛ no, ɔtoo wɔn edin onipa.
3 At 130, Adam fathered a son in his likeness, after his image, and named him Seth. Adam dii mfeɛ ɔha aduasa no, ɔwoo ɔbabarima sɛ ɔno ara ne bɔbea ne ne sɛso. Ɔtoo no edin Set.
4 After he fathered Seth, Adam lived 800 years and had other sons and daughters. Ɔwoo Set no, Adam tenaa ase mfeɛ aha nwɔtwe a, ɔwowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho.
5 Altogether, Adam lived 930 years, and then he died. Sɛ wɔka Adam mfeɛ nyinaa bom a, ɔdii mfeɛ aha nkron aduasa, ansa na ɔrewu.
6 When Seth had lived 105 years, he fathered Enosh. Set dii mfeɛ ɔha ne enum no, ɔwoo Enos.
7 After he fathered Enosh, Seth lived 807 years and had other sons and daughters. Set woo Enos akyiri no, ɔtenaa ase, dii mfeɛ aha nwɔtwe ne nson, wowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho.
8 Altogether, Seth lived 912 years, and then he died. Sɛ wɔka Set mfeɛ dodoɔ bom a, ɔdii mfeɛ aha nkron ne dumienu, ansa na ɔrewu.
9 When Enosh had lived ninety years, he fathered Kenan. Enos dii mfeɛ aduɔkron no, ɔwoo Kenan.
10 After he fathered Kenan, Enosh lived 815 years and had other sons and daughters. Enos woo Kenan akyiri no, ɔtenaa ase mfeɛ aha nwɔtwe ne dunum, wowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho.
11 Altogether, Enosh lived 905 years, and then he died. Sɛ wɔka Enos mfeɛ dodoɔ bom a, ɔdii mfeɛ aha nkron ne enum, ansa na ɔrewu.
12 When Kenan had lived seventy years, he fathered Mahalalel. Kenan dii mfeɛ aduɔson no, ɔwoo Mahalalel.
13 After he fathered Mahalalel, Kenan lived 840 years and had other sons and daughters. Kenan woo Mahalalel akyiri no, ɔtenaa ase mfeɛ aha nwɔtwe aduanan, wowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho.
14 Altogether, Kenan lived 910 years, and then he died. Sɛ wɔka Kenan mfeɛ dodoɔ bom a, ɔdii mfeɛ aha nkron ne edu, ansa na ɔrewu.
15 When Mahalalel had lived sixty-five years, he fathered Jared. Mahalalel dii mfeɛ aduosia enum no, ɔwoo Yared.
16 After he fathered Jared, Mahalalel lived 830 years and had other sons and daughters. Mahalalel woo Yared akyiri no, ɔtenaa ase, dii mfeɛ aha nwɔtwe aduasa, wowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho.
17 Altogether, Mahalalel lived 895 years, and then he died. Sɛ wɔka Mahalalel mfeɛ dodoɔ bom a, ɔdii mfeɛ aha nwɔtwe aduɔkron enum, ansa na ɔrewu.
18 When Jared had lived 162 years, he fathered Enoch. Yared dii mfeɛ ɔha aduosia mmienu no, ɔwoo Henok.
19 After he fathered Enoch, Jared lived 800 years and had other sons and daughters. Yared woo Henok akyiri no, ɔtenaa ase mfeɛ aha nwɔtwe, wowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho.
20 Altogether, Jared lived 962 years, and then he died. Sɛ wɔka Yared mfeɛ dodoɔ bom a, ɔdii mfeɛ aha nkron aduosia mmienu, ansa na ɔrewu.
21 When Enoch had lived sixty-five years, he fathered Methuselah. Henok dii mfeɛ aduosia enum no, ɔwoo Metusela.
22 After fathering Methuselah, Enoch walked with our Father 300 years, and had other sons and daughters. Henok woo Metusela akyiri no, Henok de ne ho bataa Awurade ho mfeɛ ahasa, na ɔwowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho.
23 Altogether, Enoch lived 365 years. Sɛ wɔka Henok mfeɛ dodoɔ bom a, ɔdii mfeɛ ahasa aduosia enum.
24 Enoch walked faithfully with our Father; then he was gone, because our Father took him. Henok de ne ho bataa Onyankopɔn; afei, obi anhunu no bio, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn faa no kɔeɛ.
25 When Methuselah had lived 187 years, he fathered Lamech. Metusela dii mfeɛ ɔha aduɔwɔtwe nson no, ɔwoo Lamek.
26 After he fathered Lamech, Methuselah lived 782 years and had other sons and daughters. Metusela woo Lamek akyiri no, ɔtenaa ase mfeɛ ahanson aduɔwɔtwe mmienu, wowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho.
27 Altogether, Methuselah lived 969 years, and then he died. Sɛ wɔka Metusela mfeɛ dodoɔ bom a, ɔdii mfeɛ aha nkron aduosia nkron, ansa na ɔrewu.
28 When Lamech had lived 182 years, he fathered a son. Lamek dii mfeɛ ɔha ne aduɔwɔtwe mmienu no, ɔwoo ɔbabarima.
29 He named him Noah, saying, "He will comfort us in our work and painful toil of our hands, from the ground our Father cursed." Ɔtoo no edin Noa, na ɔkaa sɛ, ɔno na ɔbɛma yɛanya ahomegyeɛ afiri kuayɛ mu adwumaden wɔ asase a Awurade adome no so.
30 After he fathered Noah, Lamech lived 595 years and had other sons and daughters. Lamek woo Noa akyiri no, ɔtenaa ase mfeɛ ahanum aduɔkron enum, wowoo mmammarima ne mmammaa kaa ho.
31 Altogether, Lamech lived 777 years, and then he died. Sɛ wɔka Lamek mfeɛ dodoɔ bom a, ɔdii mfeɛ ahanson aduɔson nson, ansa na ɔrewu.
32 When Noah was 500 years old, he fathered Shem, Ham, and Japheth. Noa dii mfeɛ ahanum no, ɔwoo mmammarima baasa a, wɔfrɛ wɔn Sem, Ham ne Yafet.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OASCB

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]