Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Acts 2 OASCB

Show OASCB only
Verse × ×
1 When the day of Pentecost arrived, they were all together in one place. Pentekoste da no duruiɛ no, na asuafoɔ no nyinaa ahyia wɔ faako.
2 Suddenly a sound like a violent, rushing wind came from heaven and filled the entire house where they sat. Amonom hɔ ara, ɛnne bi te sɛ ahum a ɛretu firi ɔsoro baeɛ bɛhyɛɛ efie a na wɔwɔ mu no ma.
3 What looked like divided tongues of fire appeared and rested on each one of them. Egya a ɛrederɛ a ɛte sɛ tɛkrɛma bɛsisii wɔn so mmaako mmaako.
4 All were filled with the Holy Spirit and began speaking in other tongues, as the Spirit gave them words to say. Honhom Kronkron no hyɛɛ wɔn nyinaa ma, na wɔkaa kasa foforɔ, sɛdeɛ Honhom no maa wɔn ho kwan.
5 At that time devout Jews from every nation under heaven were living in Jerusalem. Saa ɛberɛ no na Yudafoɔ bi a wɔfɛre Onyame firi mmeaeɛ mmeaeɛ aba Yerusalem.
6 When this sound rang out, a crowd gathered, confused, since each one heard them speak in his own language. Wɔtee deɛ ɛrekɔ so no, wɔbɔɔ twi bɛhyiaeɛ, na ɛyɛɛ wɔn nwanwa ne ahodwirie, ɛfiri sɛ, obiara tee sɛ wɔreka ne kurom kasa.
7 They were amazed and astonished, saying, "Are not all these who are speaking Galileans? Enti, wɔbisaa sɛ, “Na saa nnipa yi a wɔrekasa yi nyɛ Galileafoɔ anaa?
8 How is it, then, that each of us hears them in our own native language? Na adɛn enti na yɛte sɛ wɔreka Onyankopɔn anwanwadwuma ho asɛm wɔ yɛn a yɛyɛ
9 Parthians, Medes, and Elamites; those who live in Mesopotamia, Judea and Cappadocia, Pontus and Asia, Partifoɔ, Mediafoɔ ne Elamfoɔ, ne wɔn a wɔte Mesopotamia ne Yudea ne Kapadokia, Ponto, Asia,
10 Phrygia, Pamphylia, Egypt, the parts of Libya near Cyrene; visitors from Rome, Jews and converts to Judaism; Frigia ne Pamfilia, Misraim ne Libia fa a ɛbɛn Kirene ne ahɔhoɔ a wɔfiri Roma, Yudafoɔ ne wɔn a wɔasakyera aba Yudasom mu,
11 Cretans and Arabs—we hear them telling in our own tongues the mighty works of our Father!" ne Kretafoɔ ne Arabfoɔ mu biara kasa mu yi?”
12 They were all amazed and perplexed, saying to one another, "What does this mean?" Wɔde ahodwirie bisaa sɛ, “Yei ase ne sɛn?”
13 But others mocked and said, "They are full of sweet wine." Afoforɔ nso dii wɔn ho fɛ sɛ, “Saa nnipa yi aboboro nsã.”
14 But Peter stood with the eleven, raised his voice, and declared to them: "Men of Judea, everyone living in Jerusalem—know this and listen carefully to my words. Petro ne asomafoɔ dubaako no sɔre gyinaa hɔ na ɔkasaa dendeenden kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Me nuanom Yudafoɔ ne mo a mote Yerusalem nyinaa, montie asɛm a mereka yi.
15 These people are not drunk, as you suppose, for it is only nine o'clock in the morning. Saa nnipa yi mmoboroo nsã sɛdeɛ mosusu no, ɛfiri sɛ, adeɛ nnya nkyee a ɛsɛ sɛ obi nom nsã boro.
16 No, this is what was spoken through the prophet Joel: Asɛm a asi yi na odiyifoɔ Yoɛl hyɛɛ ho nkɔm sɛ:
17 'And in the last days, says our Father, I will pour out my Spirit on all people; your sons and your daughters will prophesy, your young men will see visions, and your old men will dream dreams. “ ‘Onyankopɔn kaa sɛ, nna a ɛdi akyire no, mɛhwie me Honhom no agu nnipa nyinaa so. Mo mmammarima ne mo mmammaa bɛhyɛ nkɔm, mo mmeranteɛ nso ahunu anisoadeɛ. Na mo mpanin nso asoso adaeɛ.
18 Even on my male servants and my female servants in those days I will pour out my Spirit, and they will prophesy. Saa mmerɛ no mu no, mɛhwie me Honhom agu mʼasomfoɔ mpo so, mmarima ne mmaa, ama wɔahyɛ nkɔm.
19 I will show wonders in the heavens above and signs on the earth below—blood and fire and billows of smoke. Mede mogya ne ogya ne wisie kumɔnn bɛyɛ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ wɔ ɔsoro ne asase so.
20 The sun will be turned to darkness and the moon to blood, before the great and glorious day of the Lord comes. Ansa na Awurade da kɛseɛ no bɛba no, owia bɛduru sum na ɔsrane nso ayɛ sɛ mogya.
21 And everyone who calls on the name of the Lord will be saved.'" Na obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no bɛnya nkwa.’
22 "Men of Israel, hear these words: Jesus of Nazareth—a man our Father attested to you through miracles, wonders, and signs our Father did through him among you, as you yourselves know. “Israelfoɔ, montie! Yesu Nasareni no yɛ ɔbarima bi a ne dwuma kronkron a ɔbɛdiiɛ no daa adi wɔ tumi ne anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ a Onyankopɔn nam ne so yɛeɛ a mo ankasa di ho adanseɛ no mu.
23 This man, handed over by our Father's set plan and foreknowledge, you crucified and killed by the hands of lawless men. Onyankopɔn ankasa firi ne pɛ ne ne nhunumu mu sii no gyinaeɛ sɛ wɔbɛyi Yesu ama mo, na mode no maa nnebɔneyɛfoɔ ma wɔbɔɔ no asɛnnua mu kumm no.
24 But our Father raised him, freeing him from death's agony, since death could not hold him. Nanso, Onyankopɔn nyanee no firii owuo mu maa ɔyii no firii owuyea mu, ɛfiri sɛ, owuo antumi anni ne so.”
25 For David says of him: 'I saw our Father always before me, for he's at my right hand, so I won't be shaken.' Asɛm a Dawid ka faa ne ho ne sɛ, “Mehunu Awurade wɔ mʼani so daa nyinaa. Esiane sɛ ɔwɔ me nsa nifa enti, merenhinhim da.
26 Therefore my heart was glad and my tongue rejoiced; moreover, my body also will rest in hope. Ɛno enti, me kra ani gye, na me de me tɛkrɛma di ahurisie. Me onipadua nso bɛhome asomdwoeɛ mu.
27 For you will not abandon my soul to the grave, nor let your Holy One see decay. Ɛfiri sɛ, worennya me awufoɔ mu. Na woremma wo Kronkronni no mporɔ.
28 You have shown me the paths of life; you will fill me with gladness in your presence." Woakyerɛ me nkwagyeɛ ɛkwan; na wobɛma mʼani agye wɔ wʼanim.
29 "Brothers, I can tell you plainly: our ancestor David died, was buried, and his tomb remains with us to this day. “Anuanom, ɛsɛ sɛ meda mʼadwene adi pefee wɔ yɛn panin Dawid ho. Ɔwuiɛ na wɔsiee no, na ne damena da so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ.
30 Since he was a prophet, he knew our Father had sworn an oath to seat one of his descendants on his throne, Na ɔyɛ odiyifoɔ a ɔnim bɔ bi a Onyankopɔn ahyɛ no no. Onyankopɔn hyɛɛ bɔ bi sɛ ɔbɛyɛ Dawid aseni ɔhene, sɛdeɛ Dawid yɛ ɔhene no ara pɛ.
31 he foresaw and spoke of the Christ's resurrection, that he was not abandoned to the grave, nor his body saw decay. Dawid hunuu deɛ Onyankopɔn rebɛyɛ no, ɔkasa faa owusɔreɛ a ɛfa Agyenkwa no ho sɛ, ‘Wɔannya no awufoɔ mu. Ne honam nso amporɔ.’
32 This Jesus our Father raised up, and we are all witnesses of it. Onyankopɔn anyane saa Yesu yi afiri owuo mu, na yɛn nyinaa yɛ saa asɛm yi ho adansefoɔ.
33 So, lifted up to our Father's right hand, having received the promised Holy Spirit from the Father, he poured out what you now see and hear. Wɔahyɛ no animuonyam de no akɔtena Onyankopɔn nifa so ma ne nsa aka Honhom Kronkron no a Agya no hyɛɛ no ɛho bɔ no; ɛno na wahwie agu yɛn so a ɛho nsɛnkyerɛnneɛ na mohunu na mote yi.
34 For David never went up into heaven, but he himself says: "Our Father said to my Lord, 'Sit at my right hand, Dawid ankasa de, wankɔ ɔsoro, na mmom, ɔkaa sɛ, “ ‘Awurade ka kyerɛɛ me wura sɛ, “Tena me nsa nifa so ha,
35 until I make your enemies a footstool for your feet.'" kɔsi sɛ mede wʼatamfoɔ bɛyɛ wo nan ntiasoɔ.” ’
36 "So let the whole house of Israel know for certain: our Father made this Jesus, whom you crucified, both Lord and Christ." “Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa hunu sɛ, mo na mobɔɔ saa Yesu yi a Onyankopɔn ayɛ no Awurade ne Agyenkwa no asɛnnua mu.”
37 Cut to the heart at this, they asked Peter and the other apostles, "Brothers, what should we do?" Ɛberɛ a nnipa no tee saa asɛm yi no, ɛhaa wɔn yie. Enti, wɔbisaa Petro ne asomafoɔ a aka no sɛ, “Anuanom, ɛdeɛn na yɛnyɛ?”
38 Peter said to them, "Repent, and each of you be baptized in the name of Jesus Christ for the forgiveness of your sins, and you will receive the gift of the Holy Spirit. Petro ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnu mo ho na wɔmmɔ mo asu wɔ Yesu Kristo din mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔde mo bɔne bɛkyɛ mo na moanya Onyankopɔn akyɛdeɛ a ɛyɛ Honhom Kronkron no.
39 For the promise is for you, your children, and all far off—as many as the Sovereign our Father will call to himself." Onyankopɔn hyɛɛ Honhom Kronkron yi ho bɔ maa mo ne mo mma ne wɔn a wɔtete akyirikyiri ne wɔn a Awurade, yɛn Onyankopɔn, bɛfrɛ wɔn aba ne nkyɛn no nyinaa.”
40 And with many other words he warned and urged them, saying, "Save yourselves from this corrupt generation." Petro kaa nsɛm bebree kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnye mo ho mfiri asotwe a ɛreba saa nnebɔneyɛfoɔ yi so no mu.”
41 So those who welcomed his message were baptized, and about 3,000 people were added that day. Wɔn mu dodoɔ no ara gyee asɛm no diiɛ maa wɔbɔɔ wɔn asu. Saa ɛda no, nnipa bɛyɛ mpensa na wɔbɛkaa agyidifoɔ no ho.
42 They devoted themselves to the apostles' teaching and deep communion, to the breaking of bread and the prayers. Daa na wɔde wɔn adagyeɛ nyinaa sua asomafoɔ no nkyerɛkyerɛ. Wɔne wɔn nyaa ayɔnkofa, hyia didi bɔɔ mu ne wɔn bɔɔ mpaeɛ.
43 Awe came over everyone, and many wonders and signs were done through the apostles. Asomafoɔ no yɛɛ anwanwadeɛ ahodoɔ bebree maa obiara a ɔhunuiɛ no ho dwirii no.
44 All who believed were together and had all things in common. Agyidifoɔ no nyinaa kɔɔ so tenaa ase sɛ nnipa korɔ, na wɔkyekyɛɛ wɔn ahodeɛ mu momaa wɔn ho wɔn ho.
45 They sold their property and possessions and distributed the proceeds to all, as anyone needed. Wɔtɔn wɔn ahodeɛ kyekyɛɛ sika a wɔnya firii mu no maa wɔn ho wɔn ho sɛdeɛ ɛho hia obiara.
46 Every day, devoting themselves together in the temple, breaking bread house to house, they shared food with joyful, sincere hearts, Daa na wɔbɔ mu hyia wɔ asɔredan mu de anigyeɛ ne akoma pa bɔ mu didi wɔ wɔn afie mu, kamfo Onyankopɔn, nya animuonyam wɔ nnipa anim.
47 praising our Father, with favor among all the people. The Lord added to their number daily those being saved. Ɛda biara na Awurade de wɔn a ɔgye wɔn nkwa no bɛka wɔn ho.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OASCB

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]