Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Romans 10 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Brothers and sisters, my heart's desire and prayer to our Father for Israel is for their salvation. Anuanom, nea me koma pere hwehwɛ yɛ me mpae a mebɔ srɛ Onyankopɔn ma Israelfo sɛ wobenya nkwagye.
2 I testify about them: they have zeal for our Father, but not according to knowledge. Metumi adi wɔn ho adanse sɛ wɔyɛ nnipa a wɔde mmɔdemmɔ som Onyankopɔn sɛnea ɛsɛ. Nanso wɔn som no mfi nimdeɛ mu.
3 Ignorant of our Father's righteousness, seeking to establish their own, they did not submit to our Father's righteousness. Wɔammu trenee a efi Onyankopɔn no, na mmom wɔpɛɛ sɛ wɔfa wɔn ankasa nimdeɛ so. Eyi amma wɔamfa wɔn ho anhyɛ Onyankopɔn pɛ a ɔnam so ma onipa wie pɛyɛ no ase.
4 For Christ is the law's goal, so all who believe receive righteousness. Kristo ne mmara no awiei, enti obiara a ogye di no bɛyɛ ɔtreneeni.
5 For Moses writes about the righteousness that is based on the law: "The one who does these things will live by them." Mose kyerɛe sɛ, sɛ onipa di mmara no so a, obetumi asɔ Onyankopɔn ani, bere a ɔkyerɛw se, “Sɛ obi pɛ sɛ onya nkwa a, ɔnyɛ nea mmara no ka no nyinaa.”
6 But faith-based righteousness says: "Don't say in your heart, 'Who will go up to heaven?'" (that is, to bring Christ down). Nanso wɔn a wɔn gyidi nti Onyankopɔn agye wɔn no, mmisa wɔ wɔn koma mu se, “Hena na ɔbɛkɔ ɔsoro akɔfa Kristo aba?”
7 "or 'Who will descend into the abyss?'" (that is, to bring Christ up from the dead). Na wɔremmisa nso se, “Hena na ɔbɛkɔ awufo asase so akonyan no aba nkwa mu?”
8 But what does it say? "The word is near you, in your mouth and in your heart"—meaning the word of faith we proclaim: Nea Kyerɛwsɛm no ka ni: “Onyankopɔn asɛm no abɛn wo, ɛda wʼano na ɛwɔ wo koma mu.” Eyi ne asɛm a ɛfa gyidi ho a yɛka no.
9 If you confess with your mouth Jesus is Lord and believe in your heart that our Father raised him from the dead, you will be saved. Sɛ wopae mu ka se, “Yesu ne Awurade,” na wugye di sɛ Onyankopɔn na onyan no fii awufo mu a, wobegye wo nkwa.
10 For with the heart you believe and are made right with our Father, with the mouth you confess and are saved. Na yefi koma mu gye di na wɔabu yɛn bem, na yɛde yɛn ano pae mu ka na yɛanya nkwagye.
11 For the Scripture says, "Everyone who believes in him will not be put to shame." Na Kyerɛwsɛm no ka se, “Obiara a ɔde ne ho to ne so no, nʼanim rengu ase.”
12 No difference between Jew and Greek: the same Lord is Lord of all, generous to all who call on him. Nsonoe biara nni Yudani ne Amanamanmuni ntam. Awurade baako no yɛ Awurade ma wɔn nyinaa na ohyira wɔn a wosu frɛ no.
13 For "everyone who calls on the name of our Lord Jesus will be saved." Sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no benya nkwa.”
14 So how can they call on one they haven't believed in? How can they believe in one they haven't heard of? How can they hear without someone preaching? Ɛbɛyɛ dɛn na nnipa benya gyidi wɔ Awurade mu na wɔabisa no nkwagye? Na ɛbɛyɛ dɛn na wɔate? Gye sɛ obi ka kyerɛ wɔn.
15 How can they proclaim him unless they're sent? As written: "How beautiful are the feet of those bringing good news!" Na sɛ wɔansoma wɔn nso a, wɔbɛyɛ dɛn na wɔaka Asɛmpa no? Sɛnea wɔakyerɛw se, “Wɔn a wɔde Asɛmpa no reba no anan yɛ fɛ.”
16 But not all obeyed the good news, for Isaiah says, "Our Father, who believed our message?" Nanso ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔagye Asɛmpa no adi, sɛnea Yesaia kae se, “Awurade, hena na wagye yɛn asɛnka adi?”
17 So faith comes from hearing, and hearing through the word about Christ. Ɛno de, na gyidi no fi asɛm no tie mu, nea yɛte fi Asɛmpa a ɛfa Kristo ho no mu.
18 But I ask: did they not hear? Yes, they did: "Their sound went out to all the earth, their words to the ends of the world." Nanso mibisa se: Wɔante ana? Mmom wɔtee: “Wɔn nne akodu asase so mmaa nyinaa, na wɔn nsɛm nso akodu asase ano.”
19 But I ask, did Israel not know? First Moses says: "I will make you jealous by those not a nation, angry by a nation without understanding." Mibisa bio se, Israelfo ante ase ana? Nea edi kan, Mose ka se, “Mɛma moatwe aman a wɔnyɛ me man mpo ho ninkunu. Mede ɔman a wonni ntease bɛhyɛ mo abufuw.”
20 Isaiah is bold enough to say, "I was found by those not seeking me; I appeared to those not asking for me." Na Yesaia de akokoduru ka se, “Wɔn a wɔnhwehwɛ me no huu me; medaa me ho adi kyerɛɛ wɔn a wommisaa mʼase no.”
21 But about Israel he says, "All day long I stretched out my hands to a disobedient, defiant people." Na nea ɔka faa Israelfo ho ne sɛ, “Da mu nyinaa matrɛw me nsa mu ama nnipa a wɔyɛ asoɔden ne nyiyiano.”
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]