Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Numbers 31 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Our Father said to Moses, Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
2 "Avenge the Israelites against the Midianites; afterward you will be gathered to your people." “Esiane sɛ Midianfo daadaa mo de mo kɔɔ abosonsom mu no nti, tɔ so were ma Israelfo no. Eyi akyi no wubewu na woakɔ wʼagyanom nkyɛn.”
3 So Moses told the people, "Arm men from among you for war, to go against Midian and carry out our Father's justice on Midian. Mose ka kyerɛɛ nkurɔfo so se, “Munyi mo mmarima no mu bi na wɔnkɔ Awurade aweretɔ sa a ɔde tia Midianfo no.
4 You are to send 1,000 from each of the tribes of Israel to the war." Momfa Israel abusua biara mu nnipa apem nkɔ ɔsa no.”
5 So from Israel's thousands, 1,000 per tribe were supplied—12,000 armed for war. Wɔyɛɛ saa nyaa mmarima mpem dumien siesie wɔn maa ɔko no; Israel abusuakuw biara maa mmarima apem.
6 Moses sent them to war, 1,000 from each tribe, with Phinehas son of Eleazar the priest, carrying the holy articles of the sanctuary and the signal trumpets in his hand. Afei Mose ma wɔkɔe, nnipa apem baako a wofi abusuakuw biara mu. Ɔsɔfo Eleasar babarima Pinehas na odii wɔn anim kɔɔ ɔko no. Wɔrekɔ no, wɔde akronkronne a ɛwɔ kronkronbea hɔ ne ntorobɛnto a wɔbɛhyɛn de ama asraafo no nsɛnkyerɛnne kɔe.
7 They waged war against Midian, as our Father had commanded Moses, and they killed every male. Wɔne Midiafo no koe, na sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no wokum Midian mmarima no nyinaa.
8 They killed the kings of Midian among the slain—Evi, Rekem, Zur, Hur, and Reba, Midian's five kings—and killed Balaam son of Beor with the sword. Wɔn a wokum wɔn no bi ne Midian ahemfo baanum a wɔn din de Ewi, Rekem, Sur, Hur ne Reba. Beor babarima Balaam nso, wɔde afoa kum no.
9 The people of Israel captured Midian's women and children, and plundered all their livestock, flocks, and goods. Afei, Israel asraafo no kyekyeree Midian mmea ne mmofra nyinaa ne wɔn anantwi ne wɔn nguan fom nneɛma pii kaa ho sɛ asade.
10 They burned with fire all the cities where they lived and all their camps, Wɔtoo Midian no atenae, nkurow ne nkuraa nyinaa mu gya, hyew no pasaa.
11 and they took all the spoil and all the plunder, both people and animals. Wɔfaa asade ne afowde a nnipa no ne mmoa ka ho.
12 They brought the captives, plunder, and spoil to Moses, Eleazar the priest, and Israel's whole assembly, at the camp on Moab's plains by the Jordan, across from Jericho. Wɔde nnommum no ne ɔko no mu nneɛma a wonyae no nyinaa brɛɛ Mose, ɔsɔfo Eleasar ne Israelfo a na wɔabɔ wɔn atenase wɔ Moab tataw so baabi a na ɛbɛn Asubɔnten Yordan a wotwa fi Yeriko baa hɔ no.
13 Moses, Eleazar the priest, and all the assembly's leaders went to meet them outside the camp. Mose ne ɔsɔfo Eleasar ne mpanyimfo a wotuatua nnipa no ano no fii atenae hɔ kohyiaa nkonimdifo no kwan.
14 But Moses was angry with the army's officers, commanders of thousands and commanders of hundreds, who returned from the battle. Nanso Mose bo fuw mpanyimfo a wotuatua nsraadɔm apem ne ɔha no ano a wofi ɔsa no bae no.
15 Moses said to them, "Have you let all the women live? Obisaa wɔn se, “So moankunkum mmea no?
16 Look, these women, on Balaam's advice, led Israel to betray our Father in the Peor incident, bringing the plague on the congregation of our Father. Wɔn ne nnipa no a wotie Balaam nti wɔtwetwee Israelfo na amma wɔanni Awurade nokware kɔsom abosom wɔ bepɔw Peor so a enti ɛmaa ɔhaw ne abɛbrɛsɛ bebree baa Awurade nkurɔfo so no.
17 Now kill every male child, and kill every woman who has slept with a man. Munkunkum mmarimaa no nyinaa. Na munkunkum mmea a wɔne mmarima adeda no nyinaa.
18 But keep alive for yourselves every young girl who has not slept with a man. Mmeawa nketewa a wɔne mmarima nnae no na munnyaa wɔn na mo ne wɔn ntena.
19 Stay outside the camp seven days. Anyone who killed someone or touched a corpse must purify themselves on the third day and the seventh—you and your captives. “Ɛsɛ sɛ obiara a wakum obi, anaa ɔde ne nsa kaa nea wɔakum no no, fi atenae ha nkɔtena baabi nnanson. Munnwira mo ho ne mo nnommum no nnansa ne ne nnanson so.
20 Purify every garment, every leather article, everything made of goats' hair, and every wood article." Munnwira mo ntade ne biribiara a wɔde aboa nhoma, abirekyi nwi anaa dua ayɛ.”
21 Eleazar the priest told the soldiers who had gone to war, "This is the statute of the law our Father commanded Moses: Afei, ɔsɔfo Eleasar ka kyerɛɛ mmarima a wɔkɔɔ ɔko no se, “Eyi ne mmara a Awurade ahyɛ a waka akyerɛ Mose:
22 only the gold, the silver, the bronze, the iron, the tin, and the lead. Sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere, dade, sanyaa, sumpii
23 Everything that can withstand fire, pass through the fire—it becomes clean. But it must also be purified with water of purification. Whatever can't withstand fire, pass through the water. ne biribiara a etumi etumi gyina ogya ano no ɛsɛ sɛ wɔde fa ogya mu sɛnea ɛho bɛtew. Eyi akyi, ɛsɛ sɛ wɔde ahodwira nsu dwira ho ma ɛtew ho. Nanso, biribiara a ɛrentumi nnyina ogya ano no de, wɔmfa nsu nnwira ho.
24 Wash your clothes on the seventh day, and you'll be clean; then you may enter the camp." Nnanson so no, ɛsɛ sɛ mohoro mo ntade na mo ho afi. Afei mubetumi asan aba atenae hɔ.”
25 Our Father said to Moses, Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
26 "You, Eleazar the priest, and the family heads of the community, count the plunder taken, people and animals. “Ɛsɛ sɛ wo ne ɔsɔfo Eleasar ne mmusua no mpanyimfo nyinaa kan asade a nnipa ne mmoa a mofaa wɔ ɔko no mu no.
27 Divide the plunder into two: between the fighters who went to battle and the whole congregation. Monkyɛ asade no mu abien pɛpɛɛpɛ mfa fa mma asraafo a wɔkɔɔ ɔko no na momfa fa a aka no mma nnipa a wɔaka no.
28 From the soldiers who went out to battle, take a tax for me: one in 500—people, cattle, donkeys, and flocks. Asraafo a wɔkoo no kyɛfa mu no, munyi ahannum biara so baako; sɛ ɛyɛ nnipa, anantwi, mfurum anaa nguan na momfa nsom Awurade.
29 Take it from their half and give it to Eleazar the priest as a contribution to me. Fa saa kyɛfa yi ma ɔsɔfo Eleasar na onhim no afɔremuka no anim mfa mma Awurade.
30 From the Israelites' half, take one in fifty—from the people, cattle, donkeys, flocks, and all the animals—and give them to the Levites who keep charge of my tabernacle." Afei Israelfo a wɔaka no kyɛfa no, munyi aduonum biara mu baako; sɛ ɛyɛ nnipa, anantwi, mfurum, nguanten anaa mmoa foforo biara no, momfa mma Lewifo a wɔhwɛ Awurade Ahyiae Ntamadan no so no.”
31 Moses and Eleazar the priest did as our Father had commanded Moses. Enti Mose ne ɔsɔfo Eleasar yɛɛ nea Awurade hyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no.
32 The plunder remaining from the spoil that the army had taken was 675,000 sheep, Asade a ɛkae a akofo no fae no dodow yɛ nguan mpem ahansia ne aduɔson anum (675,000);
33 72,000 cattle, anantwi mpem aduɔson abien (72,000);
34 61,000 donkeys, mfurum mpem aduosia baako (61,000);
35 and 32,000 persons in all—the women who had not slept with a man. ne mmeawa mpem aduasa abien (32,000).
36 The half belonging to those who had gone out to war numbered 337,500 sheep, Nneɛma no fa a wɔde maa asraafo no dodow ni: Nguan mpem ahaasa aduasa ason ne ahannum (337,500)
37 and the tribute to our Father from the sheep was 675. a wɔde mu ahansia aduɔson anum (675) som Awurade;
38 The cattle were 36,000, of which the tribute to our Father was 72. Anantwi mpem aduasa asia (36,000) a wɔde mu aduɔson abien (72) som Awurade;
39 The donkeys were 30,500, of which the tribute to our Father was 61. mfurum mpem aduasa ne ahannum (30,500) a wɔde emu aduosia baako (61) som Awurade;
40 The persons were 16,000, of which the tribute to our Father was 32. mmeawa mpem dunsia (16,000); wɔde wɔn mu aduasa abien (32) som Awurade.
41 Moses gave the tribute, our Father's contribution, to Eleazar the priest, as our Father commanded him. Kyɛfa a wɔde Awurade no nyinaa no wɔde maa ɔsɔfo Eleasar sɛnea Awurade kyerɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ no ara pɛ.
42 As for the Israelites' half, which Moses had set apart from that of the men who fought, Asade no a Israelfo no nyaa no na edidi so yi:
43 the congregation's half was 337,500 sheep, nguan mpem ahaasa aduasa ason ne ahannum (337,500),
44 36,000 cattle, anantwi mpem aduasa asia (36,000),
45 30,500 donkeys, mfurum Mpem aduasa ne ahannum (30,500) ne
46 and 16,000 persons. mmeawa mpem dunsia (16,000).
47 From the Israelites' half, Moses took one of every fifty—people and animals—and gave them to the Levites in charge of our Father's tabernacle, as our Father had commanded Moses. Nnipa no kyɛfa a wonyae no, Mose yiyii nnommum ne mmoa aduonum biara mu baako de maa Lewifo a wɔhwɛ Awurade Ahyiae Ntamadan so no. Wɔyɛɛ eyi nyinaa sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.
48 The officers over the army's units, the commanders of thousands and hundreds, came to Moses, Afei, asraafo no so mpanyimfo baa Mose nkyɛn
49 and said to him, "Your servants counted the fighting men under our command; not one of us is missing. bɛka kyerɛɛ no se, “Yɛabu nnipa a yɛde wɔn kɔɔ ɔko no nyinaa ano akyerɛ wo na ɔbaako koraa anyera.
50 So we've brought our Father an offering—each man's find: gold articles, armlets, bracelets, signet rings, earrings, beads—to atone for ourselves before our Father." Ɛno nti, yefi nea yenyaa no ɔko no mu no bi mu rebɛda Awurade ase. Yɛn asedade no yɛ sika nnwinne, nkapo, nkaa, asokaa ne kɔnmuade. Eyinom bɛyɛ mpata ama yɛn kra wɔ Awurade anim.”
51 Moses and Eleazar the priest received from them the gold, all the crafted articles. Mose ne ɔsɔfo Eleasar gyee saa akyɛde yi a ɛyɛ sikakɔkɔɔ ne nnwinne no fii asraafo mpanyimfo no nkyɛn.
52 All the gold of the contribution that they presented to our Father, from the commanders of thousands and the commanders of hundreds, came to about 420 pounds. Ne nyinaa mu sikakɔkɔɔ a asahene no de bae sɛ akyɛde a wɔde rebrɛ Awurade no ano si nkaribo kilogram ɔha ne aduɔkron.
53 The men of war had each taken plunder for himself. Na asraafo no afa ɔko no mu nneɛma a wonyae no bi.
54 Moses and Eleazar the priest took the gold from the commanders of thousands and hundreds and brought it into the tent of meeting as a reminder for the Israelites before our Father. Enti Mose ne Eleasar gyee akyɛde no fii asraafo mpanyimfo no hɔ, na wɔde sikakɔkɔɔ no baa Ahyiae Ntamadan no mu sɛ ɛnyɛ nkae ade mma Awurade sɛ Israelfo yɛ ne dea.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]