Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Numbers 26 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 After the plague, our Father said to Moses and to Eleazar son of Aaron the priest, Ɔyaredɔm no akyi no, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne ɔsɔfo Aaron babarima Eleasar se,
2 "take a census of the whole Israelite community by ancestral house, everyone twenty and older able to serve in Israel's army." “Monkan Israelfo mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa nyinaa na monhwɛ dodow a wobetumi akɔ ɔsa ama Israel wɔ abusua biara mu.”
3 Moses and Eleazar the priest spoke with them on the plains of Moab, by the Jordan across from Jericho: Enti Mose ne ɔsɔfo Eleasar kasa kyerɛɛ wɔn wɔ Moab tataw so, wɔ Asubɔnten Yordan ho a na wɔatra Yeriko no se,
4 "Count the people twenty years old and up, as our Father commanded Moses." These were Israel's people who came from the land of Egypt: “Monkan mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.” Eyinom ne Israelfo a wofi Misraim bae no:
5 Reuben, Israel's firstborn. Sons of Reuben: Hanoch, clan of the Hanochites; Pallu, clan of the Palluites, Eyinom ne Yakob babarima panyin Ruben asefo: Hanokfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Hanok; Palufo abusua, wɔde too a wɔn tete agya Palu;
6 of Hezron, the clan of the Hezronites; of Carmi, the clan of the Carmites. Hesronfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Hesron; Karmifo abusua, wɔde too wɔn tete agya Karmi.
7 These are the clans of the Reubenites; they numbered 43,730. Mmarima a na wɔwɔ Ruben mmusua nyinaa mu no dodow yɛ mpem aduanan abiɛsa ahanson aduasa (43,730).
8 The sons of Pallu: Eliab. Na Palu yɛ Eliab babarima,
9 Eliab's sons: Nemuel, Dathan, and Abiram—the same Dathan and Abiram, community representatives who challenged Moses and Aaron in Korah's assembly, when they challenged our Father. na Eliab mmabarima ne Nemuel, Datan ne Abiram. Saa Datan ne Abiram yi ara na wɔyɛ nnipa no ntuanofo a wɔka Kora akyidifo a wɔyɛɛ adwene tiaa Mose ne Aaron, de buu Awurade animtiaa no ho.
10 The earth opened its mouth and swallowed them and Korah, when the company died and the fire consumed 250 men—they became a warning. Na asase mu bue menee wɔne Kora. Ogya fi Awurade nkyɛn bɛsɛee wɔn akyidifo ahannu aduonum. Na wɔyɛɛ kɔkɔbɔ nsɛnkyerɛnne.
11 But the sons of Korah did not die. Nanso Kora ase antɔre.
12 Simeon's sons by clan: Nemuel's, the Nemuelite clan; Jamin's, the Jaminite clan; Jachin's, the Jachinite clan, Eyinom ne mmusua a wofi Simeon ase: Nemuelfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Nemuel. Yaminfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Yamin. Yakinfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Yakin.
13 of Zerah, the clan of the Zerahites; of Shaul, the clan of the Shaulites. Serafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Serah; Saulfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Saulo.
14 These are the clans of the Simeonites: 22,200. Mmarima a na wɔwɔ Simeon mmusua mu nyinaa dodow yɛ mpem aduonu abien ne ahannu (22,200).
15 Gad's sons by clan: Zephon's clan, the Zephonites; Haggi's clan, the Haggites; Shuni's clan, the Shunites, Eyinom ne mmusua a wɔyɛ Gad asefo: Sefonfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Sefon; Hagifo abusua, wɔde too wɔn tete agya Hagi; Sunifo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Suni;
16 of Ozni, the clan of the Oznites; of Eri, the clan of the Erites; Osnifo abusua, wɔde too wɔn tete agya Osni; Erifo abusua, wɔde too wɔn tete agya Eri;
17 of Arod, the clan of the Arodites; of Areli, the clan of the Arelites. Arodfo abusua, wɔde too wɔn agya Arod; Arelifo abusua, wɔde too wɔn tete agya Areli.
18 These are the clans of the sons of Gad as they were numbered: 40,500. Mmarima a na wɔwɔ Gad mmusua mu no dodow yɛ mpem aduanan ne ahannum (40,500).
19 Judah's sons were Er and Onan; Er and Onan died in the land of Canaan. Na Yuda wɔ mmabarima baanu a wɔn din de Er ne Onan a wowuwuu wɔ Kanaan asase so.
20 Judah's sons by clan: from Shelah, Shelanite clan; from Perez, Perezite clan; from Zerah, Zerahite clan. Yuda asefo mmusua a edidi so yi: Selafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Sela; Peresfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Peres; Serafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Serah.
21 Perez's sons: Hezron, clan of the Hezronites; Hamul, clan of the Hamulites. Eyinom ne mmusua a wofi Peres ase. Hesronfo abusua, a wɔde too wɔn tete agya Hesron; Hamulfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Hamul.
22 These are the clans of Judah as they were numbered: 76,500. Mmarima a na wɔwɔ Yuda mmusua mu no nyinaa dodow yɛ mpem aduɔson asia ne ahannum (76,500).
23 Issachar's sons by clan: Tola, clan of the Tolaites; Puvah, clan of the Punites, Eyinom ne mmusua a wofi Isakar ase: Tolafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Tola; Puwafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Puwa;
24 of Jashub, the clan of the Jashubites; of Shimron, the clan of the Shimronites. Yasubfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Yasub; Simronfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Simron.
25 These are the clans of Issachar as they were numbered: 64,300. Mmarima a na wɔwɔ Isakar mmusua no mu no nyinaa dodow yɛ mpem aduosia anan ne ahaasa (64,300).
26 Zebulun's sons by clan: from Sered, the Seredite clan; from Elon, the Elonite clan; from Jahleel, the Jahleelite clan. Eyinom ne mmusua a wofi Sebulon ase: Seredfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Sered; Elonfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Elon. Yakleefo abusua, wɔde too wɔn tete agya Yakleel.
27 These are the clans of the Zebulunites as they were numbered: 60,500. Mmarima a na wɔwɔ Sebulon mmusua no mu no nyinaa dodow yɛ mpem aduosia ne ahannum (60,500).
28 The sons of Joseph according to their clans were Manasseh and Ephraim. Ɛnam Manase ne Efraim so na mmusua abien fii Yosef mu bae.
29 Manasseh's sons: Machir's clan, the Machirites; Machir fathered Gilead; Gilead's clan, the Gileadites. Manase asefo: Makirfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Makir; Gileadfo abusua, wɔde too wɔn tete agya, Makir babarima, Gilead.
30 Sons of Gilead: Iezer, clan of Iezerites; Helek, clan of Helekites, Eyinom ne mmusua a wofi Gileadfo ase: Yeserfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Yeser; Helekfo abusua, wɔde too wɔn agya Helek.
31 and of Asriel, the clan of the Asrielites; and of Shechem, the clan of the Shechemites; Asrielfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Asriel; Sekemfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Sekem;
32 and of Shemida, the clan of the Shemidaites; and of Hepher, the clan of the Hepherites. Semidafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Semida; Heferfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Hefer.
33 Zelophehad son of Hepher had no sons, only daughters: Mahlah, Noah, Hoglah, Milcah, and Tirzah. Hefer babarima Selofehad annya mmabarima nanso na ɔwɔ mmabea a wɔn din de Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa.
34 These are the clans of Manasseh; they numbered 52,700. Mmarima a na wɔwɔ Manase mmusua no nyinaa mu dodow yɛ mpem aduonum abien ne ahanson (52,700).
35 These are Ephraim's descendants by family: Shuthelah, family of the Shuthelahites; Becher, family of the Becherites; Tahan, family of the Tahanites. Eyinom ne mmusua a wofi Efraim ase: Sutelafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Sutela; Bekerfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Beker; Tahanfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Tahan.
36 And these are the sons of Shuthelah: of Eran, the clan of the Eranites. Eyinom ne Sutela asefo: Eranfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Eran.
37 These are the clans of Ephraim's sons, by their count: 32,500. These are Joseph's sons by their clans. Eyinom Efraim mmusua; wɔn dodow yɛ mpem aduasa abien ne ahannum (32,500). Eyinom ne mmusua a wɔyɛ Yosef asefo.
38 Benjamin's sons by clan: Bela, clan of the Belaites; Ashbel, clan of the Ashbelites; Ahiram, clan of the Ahiramites, Eyinom ne mmusua a wofi Benyamin ase. Belafo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Bela; Asbelfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Asbel; Ahiramfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Ahiram;
39 of Shephupham, the clan of the Shuphamites; of Hupham, the clan of the Huphamites. Sufamfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Sufam; Hufamfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Hufam.
40 Bela's sons: Ard and Naaman—from Ard, the Ardite clan; from Naaman, the Naamite clan. Eyinom ne mmusua a wofi Belafo mu; Ardfo a wɔde wɔn too wɔn tete agya Ard; Naamanfo a wɔde wɔn too wɔn tete agya Naaman.
41 These are the sons of Benjamin by their clans; they numbered 45,600. Na mmarima a na wɔwɔ Benyamin mmusua no mu nyinaa dodow yɛ mpem aduanan anum ne ahansia (45,600).
42 These were Dan's sons by clan: from Shuham, the Shuhamite clan. These were Dan's clans by clan. Eyi ne abusua a efi Dan ase. Suhamfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Suham. Na Dan asefo no nyinaa yɛ Suhamfo.
43 All the clans of the Shuhamites numbered 64,400. Mmarima a na wɔwɔ saa mu no nyinaa dodow yɛ mpem aduosia anan ne ahannan (64,400).
44 Asher's sons by clan: Imnah, clan of the Imnites; Ishvi, clan of the Ishvites; Beriah, clan of the Beriites. Eyinom ne mmusua a wofi Aser ase: Yimnafo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Yimna; Isuifo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Isui; Beriafo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Beria.
45 Sons of Beriah: Heber, clan of Heberites; Malchiel, clan of Malchielites. Eyinom ne mmusua a wofi Beria ase: Heberfo de wɔn ho too wɔn tete agya Heber; Malkielfo de wɔn ho too wɔn tete agya Malkiel.
46 Asher had a daughter named Serah. Na Aser wɔ ɔbabea bi a ne din de Sera.
47 These are the clans of the sons of Asher as they were numbered: 53,400. Mmarima a na wɔyɛ Aser asefo no nyinaa dodow yɛ mpem aduonum abiɛsa ne ahannan (53,400).
48 Naphtali's sons by clan: Jahzeel, clan of Jahzeelites; Guni, clan of Gunites, Eyinom ne mmusua a wofi Naftali ase: Yakseelfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Yakseel; Gunifo abusua no, wɔde too wɔn agya Guni;
49 of Jezer, the clan of the Jezerites; of Shillem, the clan of the Shillemites. Yeserfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Yeser; Silemfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Silem.
50 These are the clans of Naphtali; they numbered 45,400. Mmarima a na wɔwɔ Naftali mmusua nyinaa mu no dodow yɛ mpem aduanan anum ne ahannan (45,400).
51 This was the total number of the people of Israel: 601,730. Nnipa dodow a wɔkan wɔn no ano si mpem ahansia ne baako ahanson aduasa (601,730).
52 Then our Father said to Moses, Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
53 "Among these the land is to be divided for inheritance according to the number of names. “Kyekyɛ asase no ma mmusua no sɛ wɔn agyapade, sɛnea wɔn dodow te.
54 Give the larger group more land, the smaller less—each share sized to its census count. Ma abusua a ɛso no agyapade kɛse na abusua a esua no agyapade ketewa.
55 But the land must be divided by lot; they will inherit according to their fathers' tribal names. Hwɛ sɛ wɔnam ntontobɔ so bɛkyekyɛ asase no. Nea ɛsɛ sɛ kuw biara nya no begyina nʼagyanom abusuakuw din dodow so.
56 Their inheritance is to be apportioned by lot between the larger and the smaller." Ɛsɛ sɛ wɔbɔ ntonto wɔ agyapade no kyekyɛ so wɔ akuw akɛse ne nketewa no mu.”
57 These are the numbered Levites by their clans: Gershon's clan, the Gershonites; Kohath's clan, the Kohathites; Merari's clan, the Merarites. Eyinom ne Lewifo a wɔnam wɔn mmusua so kan wɔn: Wɔde Gersonfo too wɔn tete agya Gerson. Wɔde Kohatfo too wɔn tete agya Kohat. Wɔde Merarifo too wɔn tete agya Merari.
58 Levi's clans: Libnite clan, Hebronite clan, Mahlite clan, Mushite clan, Korahite clan. Kohath fathered Amram. Eyinom nso yɛ Lewifo mmusua: Libnifo, Hebronfo, Mahlifo, Musifo ne Korafo. Kohat yɛ Amram tete agya.
59 Amram's wife was named Jochebed, Levi's daughter, born to Levi in Egypt; she bore Amram Aaron, Moses, and their sister Miriam. Bere a Lewi wɔ Misraim no, wɔwoo ɔbabea a ne din de Yokebed. Kehat babarima Amram waree no. Wɔn na wɔwoo Aaron, Mose ne Miriam.
60 And to Aaron were born Nadab and Abihu, Eleazar and Ithamar. Aaron woo Nadab, Abihu, Eleasar ne Itamar.
61 But Nadab and Abihu died when they offered unauthorized fire before our Father. Nanso, bere a Nadab ne Abihu de ogya a ɛnyɛ kronkron brɛɛ Awurade no, wowuwui.
62 The Levites counted numbered 23,000, every male a month old and up. They were not counted among the Israelites, since no inheritance was given them among the Israelites. Nnipakan no mu no, na Lewifo nyinaa dodow yɛ mpem aduonu abiɛsa (23,000). Wɔkan mmarima a wɔadi fi ɔsram kosi mpanyimfo so. Nanso, wɔammu Lewifo no ano anka Israel nnipakan no ho, efisɛ wɔrekyɛ nsase no ama mmusuakuw no, wɔamma Lewifo no bi.
63 Moses and Eleazar the priest counted these on the plains of Moab by the Jordan, across from Jericho. Enti sɛnea Mose ne ɔsɔfo Eleasar fa kyerɛɛ nnipa no ano wɔ Moab bepɔw a ɛbɛn Asubɔnten Yordan a na wɔatwa Yeriko ne no.
64 None of these had been counted by Moses and Aaron the priest in the wilderness of Sinai. Na saa nnipa yi mu biara nni hɔ a ɔfra wɔn a Mose ne Aaron kan wɔn wɔ Sinai sare so no mu.
65 For our Father had said of them, "They would surely die in the wilderness." None remained, except Caleb son of Jephunneh and Joshua son of Nun. Efisɛ Awurade ka kyerɛɛ saa Israelfo no se wobewuwu wɔ sare no so. Anka wɔn mu biara, gye Yefune ba Kaleb ne Nun babarima Yosua.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]