Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Numbers 10 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Our Father spoke to Moses, saying: Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
2 "Make yourself two silver trumpets, hammered work; use them to call the community and to move the camps. “Fa dwetɛ a wɔaboro yɛ ntorobɛnto abien, na ɛyɛ a wɔahyɛn de afrɛ nnipa no, na edu ntamadan no tu so nso a, wɔahyɛn.
3 When both sound, the whole community must gather to you at the entrance to the tent of meeting. Sɛ wɔhyɛn ntorobɛnto abien no a, nnipa no behu sɛ, ɛsɛ sɛ wɔboa wɔn ho ano wɔ Ahyiae Ntamadan no ano.
4 But if only one is blown, the leaders—heads of Israel's clans—are to gather to you. Na sɛ wɔhyɛn baako pɛ a, na ɛkyerɛ sɛ Israel mmusua no mu mpanyimfo na ɛsɛ sɛ wɔba wo nkyɛn.
5 When you sound a blast, the camps on the east side are to set out. Sɛ mohyɛn de kyerɛ sɛ monkɔ mo anim a, mmusuakuw a wɔwɔ Ahyiae Ntamadan apuei fam no betu afi wɔn atenae hɔ na wɔakɔ.
6 Sound a second blast: camps on the south side set out. Sound a blast for their setting out. Sɛ mohyɛn nea ɛto so abien no a, mmusuakuw a wɔwɔ anafo fam no bedi so. Monhyɛn no ntiantia mu mfa nkyerɛ sɛ wɔnkɔ.
7 But when you call the assembly together, blow a steady note, not an alarm. Na sɛ mofrɛ nnipa no ama wɔabehyia a, momfa ɔkwan foforo so nhyɛn ntorobɛnto no.
8 Aaron's sons, the priests, are to blow the trumpets—a lasting law for you throughout your generations. “Aaron mmabarima asɔfo nko ara na wɔbɛma wɔn kwan ama wɔahyɛn ntorobɛnto no. Eyi yɛ mmara a ɛbɛtena hɔ daa ama awo ntoatoaso a ɛbɛba no nyinaa.
9 When you go to war in your land against the enemy crushing you, sound an alarm on the trumpets—you will be remembered before me and saved from your enemies. Sɛ mudu Bɔhyɛ Asase no so na mo ne mo atamfo a wɔhyɛ mo so no ko a mohyɛn ntorobɛnto no. Na, Awurade, mo Nyankopɔn bɛkae mo na wagye mo afi mo atamfo nsam.
10 Also on your day of joy, at your appointed feasts and new moons, blow the trumpets over your burnt offerings and over your peace offerings—a memorial for you before our Father. I am your Father." Anigyebere mu nso, monhyɛn ntorobɛnto no. Afe mu dapɔnna nso, monhyɛn. Ɔsram biara mfiase nso, monhyɛn mfa nnye mo ani wɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre ho. Sɛ moyɛ saa a, ɛbɛkae Onyankopɔn apam a ɔne mo wɔ no. Na mene Awurade mo Nyankopɔn.”
11 In the second year, second month, on the twentieth day, the cloud lifted from over the tabernacle of the testimony. Ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so aduonu no a ɛyɛ mfe abien a Israelfo fii Misraim no, omununkum no pagyaw ne ho fii Ahyiae Ntamadan no so,
12 The Israelites set out from the Sinai wilderness, stage by stage; the cloud settled in the Paran wilderness. enti Israelfo no fii Sinai sare so hɔ dii omununkum no akyi kosii sɛ ekogyinaa Paran sare so.
13 This was their first setting out, at our Father's command through Moses. Bere a ɛsɛ sɛ wotu no duu no, Awurade nam Mose so ka kyerɛɛ wɔn.
14 Judah's camp banner set out first, by their divisions, Nahshon son of Amminadab over his division. Akwantu no mu no, mmusua a wɔhyɛ Yuda abusuakuw no ase, a Aminadab babarima Nahson tua ano na otuu wɔn frankaa ma wodii kan.
15 Nethanel son of Zuar was over the division of the tribe of Issachar, Wɔn a wodii so ne Isakar abusuakuw a Suar babarima Netanel di wɔn anim.
16 and Eliab son of Helon was over the division of the tribe of Zebulun. Sebulon abusuakuw na wodii hɔ a Helon babarima Eliab na na odi wɔn anim.
17 The tabernacle was taken down, and the sons of Gershon and sons of Merari set out, carrying it. Wotutuu Ahyiae Ntamadan no, na Gerson ne Merari mmusua a wofi Lewifo mu no soaa Ahyiae Ntamadan no dii wɔn afa wɔ santen no mu.
18 Reuben's camp standard set out by divisions, Elizur son of Shedeur over its division. Ruben abusuakuw tuu wɔn frankaa de dii so a Sedeur babarima Elisur di wɔn anim.
19 Shelumiel son of Zurishaddai was over the division of the tribe of Simeon, Wɔn a na wodi so ne Simeon abusuakuw a Surisadai babarima Selumiel di wɔn anim;
20 and Eliasaph son of Deuel was over the division of the tribe of Gad. Gad abusuakuw nso, na Deguel babarima Eliasaf na odi wɔn anim.
21 The Kohathites set out carrying the holy things, and the tabernacle was set up before they arrived. Na Kohatfo no nso na na wodi hɔ a wɔsoso kronkronbea hɔ nneɛma. Na ɛsɛ sɛ wɔhyehyɛ Ahyiae Ntamadan no wɔ beae foforo hɔ ansa na wɔadu hɔ.
22 Ephraim's camp standard set out by division, Elishama son of Ammihud over its division. Wɔn a na wodi so ne Efraim abusuakuw a na wodi wɔn frankaa no akyi a Amihud babarima Elisama na odi wɔn anim;
23 Gamaliel son of Pedahzur was over the division of the tribe of Manasseh, Wɔn a na wodi so ne Manase abusuakuw a Pedahsur babarima Gamaliel di wɔn anim;
24 and Abidan son of Gideoni was over the division of the tribe of Benjamin. na Benyamin abusuakuw na na wodi so a Gideoni babarima Abidan di wɔn anim.
25 Dan's camp standard set out, rear guard of all the camps, by their divisions, with Ahiezer son of Ammishaddai over its division. Wɔn a na wotwa to koraa no ne Dan abusuakuw a wɔyɛ wɔn nyinaa awɛmfo na Amisadai babarima Ahieser da wɔn ano na frankaa di wɔn anim.
26 Pagiel son of Ochran was over the division of the tribe of Asher, Okran babarima Pagiel na na odi Aser abusuakuw anim,
27 and Ahira son of Enan was over the division of the tribe of Naphtali. na Enan babarima Ahira nso di Naftali abusuakuw anim.
28 This was the order of march for the Israelites by their divisions as they set out. Saa nhyehyɛe yi na Israel mmusuakuw yi faa so tuu wɔn kwan no.
29 Moses said to Hobab son of Reuel the Midianite, his father-in-law, "We are traveling to the place our Father said, 'I will give it to you.' Come with us; we will treat you well, for our Father has promised good to Israel." Afei, Mose ka kyerɛɛ nʼase Hobab, Midiani Reuel ba se, “Eyi nyinaa akyi no, yɛrekɔ beae a Awurade kae se, ‘Mede bɛma mo no.’ Bra na yɛnkɔ na yɛbɛhwɛ wo so yiye; efisɛ Awurade ahyɛ Israelfo nnepa ho bɔ.”
30 But Hobab said to him, "I will not go; I am returning to my own land and my own people." Obuae se, “Dabi, merenkɔ; merekɔ mʼasase so ne mʼabusuafo nkyɛn.”
31 Moses said, "Please don't leave us, since you know where we should camp in the wilderness, and you'll be our eyes. Nanso Mose kae se, “Mesrɛ wo, nnyaw yɛn. Wo na wunim faako a ɛsɛ sɛ yɛtena wɔ sare no so, na wubetumi ayɛ yɛn kwankyerɛfo.
32 If you come with us, whatever good our Father does for us, we'll do the same for you." Sɛ wo ne yɛn kɔ a, nneɛma pa a Awurade de bɛma yɛn no nyinaa, wubenya bi.”
33 They set out from the mountain of our Father on a three-day journey, and the ark of our Father's covenant went ahead of them that three-day journey, seeking a resting place for them. Enti wofi Awurade Bepɔw so nantew nnansa. Awurade Apam Adaka no dii wɔn anim hwehwɛɛ baabi a wɔbɛsoɛ maa wɔn.
34 The cloud of our Father was over them by day as they left the camp. Wofii wɔn akwantu no ase awia a wɔrekɔ no nyinaa na Awurade mununkum no di wɔn anim.
35 Whenever the ark set out, Moses said, "Rise, O Father! Let your enemies be scattered; let those who hate you flee before you." Bere biara a wɔbɛma adaka no so asi mu no, Mose teɛ mu se, “Awurade, sɔre! Ma wʼatamfo nhwete; ma wɔn nyinaa nguan mfi wʼanim.”
36 Whenever it rested, he'd say, "Return, O Father, to Israel's countless thousands." Bere biara a wɔbɛsoɛ adaka no, ɔka se, “Awurade, san bra Israelfo mpempem a wontumi nkan wɔn no mu.”
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]