Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Matthew 7 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 "Do not judge, so that you may not be judged. “Mummmu ntɛn, na afoforo ammu mo ntɛn.
2 For you'll be judged by the judgment you use, and measured by the measure you give. Nea mode yɛ afoforo no, ɛno ara na wɔde bɛyɛ mo.
3 Why look at the speck in your brother's eye but miss the log in your own? “Adɛn na woma dua ntɛtɛ a ɛda wo nua ani so no haw wo, bere a mpuran a ɛda wo de so no mfa wo ho?
4 Or how can you tell your brother, 'Let me remove the speck from your eye,' when a log is in yours? Ɛbɛyɛ dɛn na woatumi aka akyerɛ wo nua se, ‘Ma minyi ntɛtɛ a ɛda wʼani so no mma wo,’ bere a mpuran da wʼani so daa.
5 Hypocrite, first remove the log from your own eye; then you'll see clearly to remove the speck from your brother's eye. Nyaatwomni! Di kan yi mpuran a ɛda wʼankasa ani so no ansa na woatumi ahu ntɛtɛ a ɛda wo nua ani so no yiye na woayi ama no.
6 "Don't give dogs what is holy, or throw your pearls before pigs—they'll trample them underfoot, then turn and tear you apart. “Mommfa nea ɛho tew mma akraman. Saa ara nso na monntow mo nhene pa ngu mprako anim! Wobetiatia so, na wɔadan wɔn ho atow ahyɛ mo so.
7 "Ask, and you'll receive it; seek, and you'll find; knock, and it'll open for you. “Mummisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ, na mubehu; mompem, na wobebue mo.
8 For everyone who asks receives, whoever seeks finds, and whoever knocks, it will be opened. Na obiara a obisa no, onya. Obiara a ɔhwehwɛ no, ohu; na nea ɔpem no, wobue no.
9 Or what person among you, if his son asks him for bread, will give him a stone? “Na hena na ne ba bisa no brodo a ɔbɛma no ɔbo?
10 Or if he asks for a fish, will give him a snake? Anaasɛ obisa no nsumnam a ɔbɛma no ɔwɔ? Ɛremma saa da!
11 So if you, being evil, know how to give your children good gifts, how much more will your Father in heaven give good things to those who ask him? Na sɛ mo a moyɛ abɔnefo mpo nim sɛnea moma mo mma nnepa a, ɛbɛyɛ dɛn na mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no mfa nnepa mma ne mma wɔn a wobisa no no?
12 "So in everything, treat people the way you want them to treat you; for this is the Law and the Prophets. Enti sɛnea mmara no ne adiyifo no ka no, ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ mma wɔn saa ara.
13 "Enter through the narrow gate, for the gate is wide, the road broad, leading to destruction, and many enter through it. “Ɔkwan teateaa no nko ara so na wubetumi afa akɔ ɔsoro! Ɔkwan a ɛkɔ ɔbonsam kurom no trɛw, na nʼapon nso mu bae ma nnipadɔm a wɔfa so kɔ ɔsɛe mu.
14 But the gate is narrow, the road narrow, that leads to life; few find it. Ɔpon a wowura mu de kɔ nkwa mu no yɛ hiahiaa na ɔkwan a wɔfa so no nso yɛ teateaa, na nnipa kakraa bi na wohu fa so.
15 "Beware false prophets: they come to you in sheep's clothing but are ravenous wolves inside. “Monhwɛ mo ho yiye wɔ atoro akyerɛkyerɛfo a wɔba mo nkyɛn ahobrɛase mu sɛ nguan, nanso wɔyɛ mpataku a wonya mo a, wɔbɛtetew mo pasaa no ho.
16 By their fruit you will recognize them. Are grapes gathered from thornbushes, or figs from thistles? Wɔn nneyɛe na mode behu wɔn, sɛnea mutumi de dua bi aba hu dua ko a ɛyɛ no. Worentumi ntew bobe wɔ nsɔe so; saa ara nso na worentumi ntew borɔdɔma wɔ nnɛnkyɛnse so.
17 In the same way, every good tree bears good fruit, but the bad tree bears bad fruit. Dua a ɛwɔ nnyinaso pa no tumi sow aba pa; na dua a enni nnyinaso pa no nso sow aba bɔne.
18 A good tree cannot bear bad fruit, nor can a bad tree bear good fruit. Dua pa ntumi nsow aba bɔne; saa ara nso na dua bɔne ntumi nsow aba pa.
19 Every tree that does not bear good fruit is cut down and thrown into the fire. Dua biara a ɛnsow aba pa no, wotwa de gu gya mu hyew no.
20 So then, by their fruit you will recognize them. Onipa nneyɛe na ɛma wohu ne suban.
21 "Not everyone who says to me, 'Lord, Lord,' will enter the kingdom of our Father, but the one who does the will of my Father in heaven. “Ɛnyɛ obiara a ɔbɔ me din ‘Awurade, Awurade’ no na ɔbɛkɔ ɔsoro ahemman mu.
22 Many will say to me on that day, 'Lord, Lord, didn't we prophesy in your name, drive out demons in your name, do many miracles in your name?' Atemmu da no, nnipa pii bɛka akyerɛ me se, ‘Awurade, yɛkaa wo ho asɛm kyerɛɛ afoforo. Yɛnam wo din nso so tuu ahonhommɔne, san yɛɛ anwonwade, ahorow.’
23 Then I will tell them plainly: 'I never knew you; get away from me, you lawbreakers.' Na mabua wɔn se, ‘Minnim mo da. Mumfi me so nkɔ, nnebɔneyɛfo!’
24 "So anyone who hears these words of mine and does them will be like a wise man whose house was built on the rock. “Wɔn a wotie nea meka, na wodi so no te sɛ onyansafo a osi ne dan si ɔbotan so.
25 Rain fell, floods came, winds blew and beat against that house, but it didn't fall, because it was founded on rock. Osu tɔe, na osuframa bɔe, na nsu yirii, na emu biara kaa ɔdan no nanso ammu da, efisɛ wosi sii ɔbotan so.
26 And everyone who hears these words of mine and doesn't do them is like a foolish man who built his house on sand. Nanso wɔn a wotie nea meka na wonni so no te sɛ ɔkwasea bi a osii ne dan sii nwea so.
27 The rain fell, floods came, winds blew and hit that house, and it fell—and its fall was great." Osu tɔe, na osuframa bɔe, na nsu yirii, na emu biara kaa ɔdan no. Na edwiriw guu fam, bubuu pasaa.”
28 When Jesus had finished saying these words, the crowds were astonished at his teaching, Yesu asɛnka no maa nnipadɔm a wotiee no no nyinaa ho dwiriw wɔn,
29 because he was teaching them as one who had authority, and not as their scribes. efisɛ ɔkyerɛkyerɛɛ te sɛ obi a okura tumi, na ne nkyerɛkyerɛ no nte sɛ nea Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no kyerɛ no.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]