Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Matthew 10 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Jesus called his twelve disciples and gave them authority over unclean spirits, to drive them out and heal every disease and every sickness. Yesu frɛɛ nʼasuafo dumien no baa ne nkyɛn, na ɔmaa wɔn tumi sɛ wontu ahonhommɔne na wɔnsa nyarewa ne ahoɔmmerɛw nyinaa.
2 The twelve apostles' names: first, Simon called Peter, and Andrew his brother; James son of Zebedee, and John his brother; Yesu asuafo dumien no din ni: Simon a ne din baako ne Petro ne ne nua Andrea; Yakobo ne ne nua Yohane a wɔyɛ Sebedeo mma no,
3 Philip and Bartholomew; Thomas and Matthew the tax collector; James son of Alphaeus and Thaddaeus; Filipo ne Bartolomeo, Toma ne towgyefo Mateo, Yakobo, Alfeo ba ne Tadeo,
4 Simon the Zealot and Judas Iscariot, who also betrayed him. Simon a ofi Kana ne Yuda Iskariot a akyiri no, oyii Yesu mae no.
5 Jesus sent these twelve, instructing them: "Do not go to Gentile regions or enter a Samaritan town. Yesu somaa asuafo dumien no hyɛɛ wɔn se, “Monnkɔ nea amanamanmufo wɔ anaa Samariafo kurow biara mu,
6 Go rather to the lost sheep of the house of Israel. na mmom monkɔ Onyankopɔn nguan a wɔwɔ Israel a wɔayera no nkyɛn.
7 As you go, proclaim this message: 'The kingdom of our Father has come near.' Monkɔka nkyerɛ wɔn se, ‘Onyankopɔn Ahenni no abɛn!’
8 Heal the sick, raise the dead, cleanse those with leprosy, drive out demons. Freely you received; freely give. Monsa ayarefo yare, munnyan awufo, momma akwatafo ho mfi, na muntu ahonhommɔne. Sɛnea munyaa no kwa no, saa ara na mo nso na momfa mma kwa.
9 Do not take any gold or silver or copper in your belts. “Mommmfa sikakɔkɔɔ, dwetɛ anaa kɔbere biara mmɔ mo ho.
10 No travel bag, no second shirt, no sandals, no staff—the worker deserves his food. Mommmfa akwantukotoku anaa ntade anaa mpaboa anaa pema. Ɛsɛ sɛ odwumayɛni didi.
11 Whatever town or village you enter, find out who is worthy there, and stay there until you leave. Kurow biara a mobɛkɔ mu anaa akuraa biara a mobɛkɔ ase no, monhwehwɛ onipa a onyamesuro wɔ ne mu akyi kwan na montena ne nkyɛn kosi da a mubefi hɔ akɔ baabi foforo.
12 As you enter the home, greet it. Sɛ mokɔ ofi bi mu a, munkyia wɔn se, ‘Asomdwoe nka mo!’
13 If the home is worthy, let your peace rest on it; if not, let it return to you. Sɛ saa ofi no mufo gye mo fɛw so a, munhyira wɔn, na sɛ wɔannye mo de a, momfa mo asomdwoe.
14 If anyone won't welcome you or hear your words, shake the dust off your feet as you leave that house or town. Sɛ morefi ofi anaa kurow biara a wɔannye mo wɔ mu no mu akɔ a, momporoporow ofi no anaa kurow no mu mfutuma a ɛwɔ mo nan ase no ngu hɔ.
15 Truly I tell you: Sodom and Gomorrah will fare better on judgment day than that town. Nokware ni, atemmuda no, Sodom ne Gomora mpo benya baabi agyina wɔ Onyankopɔn anim sen saa kurow no.
16 Look, I send you out as sheep among wolves; so be as shrewd as serpents, as innocent as doves. “Monkae sɛ meresoma mo sɛ nguan akɔ mpataku mu. Monyɛ anifere sɛ awɔ na munnwo sɛ mmorɔnoma.
17 Beware of people; they will hand you over to councils and whip you in their synagogues. Nanso monhwɛ yiye wɔ nnipa ho! Wɔbɛkyere mo adi mo asɛm, abɔ mo mmaa wɔ wɔn asɔredan mu.
18 For my sake you'll be brought before governors and kings, as testimony to them and the Gentiles. Me nti, wɔde mo bɛkɔ atumfo ne ahene anim. Eyi bɛma moanya kwan aka asɛmpa no akyerɛ wɔn ne amanamanmufo no.
19 But when they hand you over, don't worry about what to say or how—for what to say will be given you at that time, Sɛ wɔkyere mo a, munnnwinwen asɛm a mobɛka de ayi mo ho ano ho. Wɔde asɛm a mobɛka no bɛma mo bere a ɛsɛ mu.
20 for it will not be you speaking, but the Spirit of your Father speaking through you. Asɛm a mobɛka no remfi mo, na mmom, mo ɔsoro Agya no honhom na ɔnam mo so bɛkasa.
21 Brother will betray brother to death, father his child; children will rise against their parents and have them killed. “Onua beyi onua ama na wɔakum no. Saa ara na agyanom nso beyi wɔn mma ama. Mma bɛsɔre atia wɔn awofo ama wɔakum wɔn.
22 Everyone will hate you because of my name, but whoever holds out to the end will be saved. Me nti, nnipa nyinaa bɛtan mo. Nanso nea obetumi agyina pintinn akosi awiei no na wobegye no nkwa.
23 When persecuted in one town, flee to the next. I tell you truly: you won't finish Israel's towns before the Son of Man comes. Sɛ wɔtaa mo kurow baako mu a, munguan nkɔ kurow foforo mu. Mereka nokware akyerɛ mo se morenwie Israel nkurow nyinaa mu adwumayɛ ansa na Onipa Ba no aba.
24 The student is not above the teacher, nor the servant above his master. “Osuani nsen ne kyerɛkyerɛfo, na akoa nso nsen ne wura.
25 It's enough for the student to become like the teacher, and the servant like the master. If they call the head of the house Beelzebul, how much more his household! Osuani sua ne kyerɛkyerɛfo, na akoa nso sua ne wura. Enti sɛ me a meyɛ ofi no ti no wɔfrɛ me ‘Ɔbonsam’ a, dɛn din na wɔremfa mfrɛ mo!
26 So do not be afraid of them. There is nothing concealed that will not be disclosed, or hidden that will not be made known. “Munnsuro wɔn. Mmere bi bɛba a nokware no bɛda adi. Nea wɔyɛ no kokoa mu no nyinaa bɛda adi.
27 What I tell you in the dark, say in daylight; what's whispered in your ear, proclaim from rooftops. Nea mereka akyerɛ mo wɔ sum mu yi, monka wɔ hann mu. Nea mereka agu mo asom yi, mompae mu nka wɔ adan atifi.
28 Don't fear those who kill the body but not the soul; instead fear the One able to destroy both soul and body in hell. Munnsuro wɔn a wobetumi akum mo nipadua nanso wɔrentumi nkum mo kra no. Onyankopɔn a obetumi akum onipadua no ne ɔkra wɔ amanehunu kurom no nko ara na munsuro no.
29 Aren't two sparrows sold for a penny? Yet not one falls to the ground without your Father. Wɔtɔn akasanoma gye ahe? Nkasanoma abien bo nyɛ sika kakraa bi pɛ? Nanso akasanoma biara nni hɔ a obewu a mo Agya no nnim ho biribi.
30 And even the very hairs of your head are all numbered. Mo tinwi mpo, wɔakan ne nyinaa.
31 So do not be afraid; you are worth more than many sparrows. Enti munnsuro! Mosom bo ma Onyankopɔn sen nkasanoma.
32 Therefore, whoever acknowledges me before others, I will also acknowledge before my Father in heaven. “Obiara a ɔbɛka se onim me wɔ nnipa anim no, me nso mɛka se minim no mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no anim.
33 But whoever denies me before others, I'll deny before my Father in heaven. Na obiara a ɔbɛka se onnim me wɔ nnipa anim no, me nso mɛka se minnim no wɔ mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no anim.
34 Do not think I came to bring peace on earth; I came not to bring peace but a sword. “Munnsusuw sɛ mede asomdwoe na ɛbaa asase yi so! Ɛnyɛ asomdwoe na mmom afoa na mede bae.
35 For I came to pit a man against his father, a daughter against her mother, a daughter-in-law against her mother-in-law, Maba sɛ mɛma, “ ‘ɔbabarima asɔre atia nʼagya, na ɔbabea asɔre atia ne na, na ɔbea warefo nso asɔre atia nʼasebea.
36 a man's enemies will be the members of his own household. Obiara tamfo a ne ho yɛ hu no befi nʼankasa ne fi.’
37 Whoever loves father or mother above me is unworthy of me; whoever loves son or daughter above me is unworthy of me. “Nea ɔdɔ nʼagya anaa ne na kyɛn me no rentumi nyɛ me de. Saa ara na nea ɔdɔ ne babarima anaa ne babea kyɛn me no rentumi nyɛ me de ara ne no.
38 Whoever does not take up his cross and follow me is not worthy of me. Sɛ obi amfa nʼasennua na wammedi mʼakyi a, ɔrentumi nyɛ me de.
39 Whoever finds his life loses it, and whoever loses his life for my sake finds it. Sɛ woma wo kra som wo bo a, wobɛhwere wo kra no, nanso sɛ me nti wohwere wo kra a, wo nsa bɛka.
40 Whoever welcomes you welcomes me, and whoever welcomes me welcomes the One who sent me. “Obiara a ogye mo no gye me, na nea ogye me no nso gye Onyankopɔn a ɔsomaa me no.
41 Whoever welcomes a prophet as a prophet gets a prophet's reward, and whoever welcomes a righteous person as a righteous person gets a righteous person's reward. Sɛ wugye odiyifo bi sɛ ɔyɛ Onyankopɔn nipa nti a, wobetua wo so ka sɛ odiyifo no ara pɛ. Na sɛ wugye nnipa trenee a, wubenya akatua sɛ onipa trenee.
42 And whoever gives just a cup of cold water to one of these little ones because he is my disciple, truly I tell you, will never lose his reward." Na obiara a ɔbɛma mʼakyidifo yi mu akumaa bi nsu anom no, onii no akatua remmɔ no da.”
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]