Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Mark 15 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 At dawn the chief priests, elders, scribes, and the whole council consulted together, bound Jesus, led him away, and handed him over to Pilate. Ade kyee anɔpatutuutu no, asɔfo mpanyin, Yudafo mpanyin, Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo ne agyinatufo hyia dwenee ɔkwan a wɔde Yesu bɛfa so ho. Wɔkyekyeree no de no kɔhyɛɛ Pilato nsa.
2 Pilate asked him, "Are you the King of the Jews?" "You say so," Jesus replied. Wɔde no duu hɔ no, Pilato bisaa no se, “Wone Yudafo hene no ana?” Yesu buae se, “Mo na muse.”
3 The chief priests kept accusing him of many things. Asɔfo mpanyin no kaa nsɛm akɛseakɛse guu no so, nanso wanka hwee.
4 So Pilate questioned him again: "Have you no answer? See how many charges they bring against you." Pilato bisaa no bio se, “Enti nsɛm akɛseakɛse a wɔreka gu wo so yi, wonka ho hwee?”
5 But Jesus said nothing more, and Pilate was amazed. Nanso Yesu anka hwee ma ɛyɛɛ Pilato nwonwa.
6 Now at the festival, Pilate used to release one prisoner for them—whoever they asked for. Na ɛyɛ Pilato amanne sɛ, afe biara ogyaa odeduani baako a ɔman no pɛ sɛ wogyaa no ma wɔn no wɔ Twam Afahyɛ mu.
7 A man called Barabbas was in prison with the rebels who had committed murder during the uprising. Saa afe no na onipa bi a wɔfrɛ no Baraba ka nnipa bi a wɔsɔre tiaa aban, nam so dii awu no ho wɔ afiase hɔ.
8 The crowd came up and began asking Pilate to do for them what he always did. Dɔm no kɔɔ Pilato so kɔka kyerɛɛ no se, onyi odeduani baako mma wɔn sɛnea daa ɔyɛ no.
9 "Do you want me to release for you the King of the Jews?" Pilate answered, Pilato bisae se, “Minyi ‘Yudafo Hene’ no mma mo ana?”
10 for he knew it was out of envy that the chief priests had handed him over. Efisɛ na wahu sɛ asɔfo mpanyin no de ɔtan na atwa asɛm ato Yesu so esiane din a na wagye no nti.
11 But the chief priests stirred up the crowd to have him release Barabbas for them instead. Nanso asɔfo mpanyin no tuu dɔm no aso se, sɛ wɔde beyi Yesu de, wɔmpere mma wonyi Baraba.
12 "So what do you want me to do with the one you call King of the Jews?" Pilate asked them again. Enti Pilato bisaa wɔn se, “Na sɛ miyi Baraba ma mo a, dɛn na menyɛ saa ɔbarima yi a mofrɛ no mo hene no?”
13 Crucify him!" they shouted back. Wɔteɛteɛɛ mu se, “Bɔ no asennua mu!”
14 "Why? What evil has he done?" Pilate asked. But they shouted all the louder, "Crucify him!" Pilato bisaa wɔn bio se, “Adɛn nti? Bɔne bɛn na wayɛ?” Wɔn nyinaa bɔ gyee so se, “Bɔ no asennua mu!”
15 To satisfy the crowd, Pilate released Barabbas to them. He had Jesus flogged, and handed him over to be crucified. Afei Pilato huu sɛ ɔyɛ asɛm no ho hwee a, ɛrenyɛ ye. Bio, na osuro nso sɛ, sɛ anhwɛ a basabasayɛ bɛba nti, ogyaa Baraba maa wɔn. Ɔbɔɔ Yesu mmaa, na ɛno akyi no, ɔde no maa wɔn se wɔnkɔbɔ no asennua mu.
16 Soldiers led him away into the palace (the governor's headquarters) and called together the whole company of soldiers. Asraafo no de Yesu kɔɔ amrado aban mu hɔ, na wɔfrɛɛ asraafo no nyinaa baa hɔ.
17 They dressed him in purple, twisted together a crown of thorns, and set it on him. Wɔhyɛɛ no batakari kɔkɔɔ bi, de nsɔe atenten bi nwenee kyɛw hyɛɛ no.
18 And they began to salute him: "Hail, King of the Jews!" Wofii ase bɔ gyee so, dii ne ho fɛw se, “Yudafo hene, wo nkwa so!”
19 They kept beating his head with a staff, spat on him, and knelt in mock homage to him. Wɔde abaa paa nʼapampam, tetee ntasu guu no so, buu no nkotodwe, de dii ne ho fɛw.
20 After mocking him, they stripped off the purple and put his own clothes on him, then led him out to crucify him. Wodii ne ho fɛw wiee no, wɔworɔw batakari kɔkɔɔ no, na wɔde ɔno ara nʼatade hyɛɛ no, de no kɔɔ sɛ wɔrekɔbɔ no asennua mu.
21 They forced a passerby coming from the countryside—Simon of Cyrene, father of Alexander and Rufus—to carry his cross. Wɔrekɔ no, wohyiaa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ofi Kirene a ɔyɛ Aleksandro ne Rufo agya wɔ ɔkwan so. Wɔhyɛɛ no ma ɔsoaa Yesu asennua no.
22 They brought Jesus to the place called Golgotha (which means Place of a Skull). Wɔde Yesu baa baabi a wɔfrɛ hɔ se Golgota, a ne nkyerɛase ne Nitiri so, hɔ.
23 They offered him wine mixed with myrrh, but he did not take it. Ɛhɔ na wɔmaa no nsa nwenweenwen bi sɛ ɔnnom, nanso wannom.
24 They crucified him. They divided his clothes among them, casting lots for what each would get. Afei wɔbɔɔ no asennua mu. Eyi akyi, wɔbɔɔ nʼatade no so ntonto.
25 It was nine in the morning when they crucified him. Ɛbɛyɛ anɔpa nnɔnkron na wɔbɔɔ no asennua mu.
26 The written notice of the charge against him read: THE KING OF THE JEWS. Asɛm bi a wɔka too no so na wɔkyerɛw taree nʼasennua no atifi ka se, “YUDAFO HENE NO NI.”
27 They crucified two rebels with him, one on his right and one on his left. Da no ara anɔpa, wɔbɔɔ awudifo baanu bi asennua mu kaa Yesu ho. Na ɔbaako sɛn ne nifa so, na ɔbaako nso sɛn ne benkum so.
28 Not in this edition Eyi maa nea Kyerɛwsɛm no kae se, “Wɔkan no fraa nnebɔneyɛfo mu” no baa mu.
29 Those passing by insulted him, shaking their heads, saying, "Ha! You who tear down the temple and build it in three days, Nnipa a wɔsen faa hɔ no nyinaa wosowosow wɔn ti, dii ne ho fɛw se, “Ei, wo ni? Ɛnyɛ wo na wuse wubetumi abubu asɔredan na wode nnansa asi no?
30 save yourself and come down from the cross!" Sɛ wuse wo ho yɛ nwonwa a, ɛno de sian fi asennua no so si fam.”
31 Likewise the chief priests and scribes mocked him among themselves: "He saved others; himself he can't save. Saa bere no na asɔfo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no nso atwa ahyia hɔ redi Yesu ho fɛw. Wɔkɔɔ so dii ne ho fɛw se, “Ogye afoforo nanso ontumi nnye ne ho!”
32 Let the Christ, King of Israel, come down from the cross now, so we can see and believe." Those crucified with him also insulted him. Wɔkɔɔ so dii ne ho fɛw bio se, “Agyenkwa! Yudafo hene! Sian fi asennua no so si fam, na yennye wo nni!” Awudifo a wɔbɔɔ wɔne Yesu asennua mu no mpo dii ne ho fɛw bi.
33 At noon, darkness came over the whole land until three in the afternoon. Efi owigyinae kɔpem nnɔnabiɛsa no, sum duruu asase no so nyinaa.
34 At three in the afternoon Jesus cried out loudly, "Eloi, Eloi, lema sabachthani?" meaning, "My God, my God, why have you forsaken me?" Yesu de nne kɛse teɛɛ mu se, “Eli, Eli, lama sabaktani?” Ase ne sɛ, “Me Nyankopɔn, Me Nyankopɔn, adɛn nti na woagyaw me?”
35 When some of those standing nearby heard this, they said, "Listen, he's calling Elijah." Wɔn a wogyina hɔ no bi a wɔtee nea ɔkae no kae se, “Muntie sɛ ɔrefrɛ Elia.”
36 One ran, filled a sponge with sour wine, put it on a reed, and gave him a drink. "Let him be," he said, "let's see if Elijah comes to take him down." Wɔn mu baako tuu mmirika, kɔfaa sapɔw bi de bɔɔ nsa nwenweenwen bi mu de tuaa dua bi ano, de brɛɛ Yesu sɛ ɔnnom. Ɔkae se, “Momma yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abeyi no asi fam ana!”
37 With a loud cry, Jesus breathed his last. Yesu de nne kɛse teɛɛ mu bio, na ogyaa ne honhom mu wui.
38 And the curtain of the temple was torn in two from top to bottom. Ntama a etwa asɔredan no mu no mu suanee abien fi soro kosii fam.
39 The centurion facing Jesus saw how he breathed his last and said, "Truly this man was the Son of God." Asraafo ha so panyin a na ogyina hɔ no huu ɔkwan a Yesu faa so wui no, ɔkae se, “Ampa ara, onipa yi yɛ Onyankopɔn Ba!”
40 Women were also watching from a distance, including Mary Magdalene, Mary the mother of James the younger and Joses, and Salome. Saa bere no na mmea bi gyinagyina akyiri baabi rehwɛ nea ɛrekɔ so. Mmea no bi ne Maria Magdalene, Maria (a ɔyɛ Yakobo Kumaa ne Yosef na), ne Salome.
41 These women had followed him in Galilee and served him; many others who came up with him to Jerusalem were also there. Bere a na Yesu wɔ Galilea no, saa mmea yi dii nʼakyi som no. Saa ara nso na na nnipa bi a wodii nʼakyi baa Yerusalem no bi nso wɔ hɔ.
42 Evening had come, and since it was Preparation Day—the day before the Sabbath. Eduu anwummere no, esiane sɛ na ade kye a ɛyɛ Homeda no nti,
43 Joseph of Arimathea, a prominent council member who himself was waiting for the kingdom of our Father, dared to go to Pilate and ask for Jesus' body. baguani nuonyamfo bi a wɔfrɛ no Yosef, a ofi Arimatea a na ɔretwɛn Onyankopɔn ahenni no de akokoduru kɔɔ Pilato hɔ kɔsrɛɛ no se, ɔmfa Yesu amu no mma no.
44 Pilate was surprised he was already dead; summoning the centurion, he asked if Jesus had been dead long. Bere a Pilato tee sɛ Yesu awu no, wannye anni, enti ɔfrɛɛ Roma asraafo panyin a na ɔhwɛ hɔ no bisaa no.
45 When he learned from the centurion that it was so, he granted the body to Joseph. Asraafo panyin no kae se wawu no, Pilato maa Yosef kwan se ɔnkɔfa amu no.
46 Joseph bought linen, took the body down, wrapped it in the cloth, and laid it in a tomb cut from rock. Then he rolled a stone against the tomb's entrance. Yosef kɔtɔɔ nwera, yii Yesu amu no fii asennua no so, de nwera no kyekyeree no, ɔde no kɔtoo ɔboda bi a wɔatwa mu, pirew ɔbo kɛse bi hinii ano.
47 Mary Magdalene and Mary the mother of Joses saw where he was laid. Na Maria Magdalene ne Yosef ne na Maria wɔ hɔ bi, na wohuu faako a wɔde Yesu amu no toe.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]