Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Luke 17 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 He told his disciples, "Offenses are sure to come, but woe to the one they come through! Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Ɛyɛ dɛn ara a hintinnua no bɛba, nanso obiara a ebi bɛfa ne so aba no nnue.
2 Better for him to have a millstone hung around his neck and be thrown into the sea than to cause one of these little ones to stumble. Eye ma saa onipa no sɛ wɔde ɔbo a mu yɛ duru bi bɛsen ne kɔn mu atow no akyene po mu sen sɛ ɔbɛto nkumaa yi mu baako hintidua.
3 "Watch yourselves. If your brother sins, rebuke him, and if he repents, forgive him. Enti monhwɛ mo ho so yiye. “Sɛ wo nua fom wo a, ka nʼanim na sɛ onu ne ho a, fa ne bɔne kyɛ no.
4 If he sins against you seven times a day, and seven times returns saying, 'I repent,' forgive him." Sɛ nso ɔfom wo mpɛn ason da koro na mpɛn dodow a ɔfom wo no nyinaa, ɔde ahonu srɛ wo a fa kyɛ no.”
5 The apostles said to the Lord, "Increase our faith!" Asomafo no ka kyerɛɛ Yesu se, “Awurade, to yɛn gyidi so.”
6 The Lord said, "If you had faith like a mustard seed, you could tell this mulberry tree, 'Be uprooted and planted in the sea,' and it would obey you. Yesu buaa wɔn se, “Sɛ mowɔ gyidi te sɛ onyaa aba a, anka mubetumi aka akyerɛ ankye yi se, ‘Tutu kogu po mu,’ na ɛbɛba mu saa.
7 Which of you with a servant plowing or tending sheep tells him, coming in from the field, 'Come at once, recline at the table'? “Mo mu hena na ɔwɔ ɔsomfo a ɔyɛ nʼafuw mu adwuma anaasɛ ɔhwɛ ne mmoa na ofi afum ba a, ɔbɛka akyerɛ no se, ‘Wʼaduan si hɔ na kodidi?’
8 Won't he instead say, 'Get my supper ready, dress to serve me while I eat and drink, then you may eat and drink'? Na mmom ɔrenka nkyerɛ no se, ‘Noa aduan ma me na sɛ mididi wie a, wo nso woakodidi?’
9 "Does he thank the servant because he did what he was commanded? Sɛ ɔsomfo yi yɛ nʼasɛde yi a ne wura no bɛda no ase ana?
10 So you too, having done all you were commanded, say: 'We are unworthy servants; we've only done our duty.'" Saa ara nso na sɛ mo nso moyɛ mo asɛde a, ɛsɛ sɛ moka se, ‘Yɛyɛ asomfo a ayeyi mfata yɛn; yɛn asɛde a ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛayɛ no.’ ”
11 On the way to Jerusalem he was passing along between Samaria and Galilee. Bere bi a Yesu rekɔ Yerusalem no, ɔfaa Samaria ne Galilea hye so.
12 As he entered a village, ten men who had leprosy met him. They stood at a distance, Ɔrebɛn akuraa bi ase no, akwatafo du bi a na wogyinagyina kurotia no huu no
13 and called out loudly, "Jesus, Master, have mercy on us!" teɛteɛɛ mu se, “Yesu, yɛn wura, hu yɛn mmɔbɔ!”
14 Seeing them, he said, "Go, show yourselves to the priests." As they went, they were made clean. Yesu huu wɔn no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Momfa mo ho nkɔkyerɛ ɔsɔfo!” Bere a akwatafo no rekɔ no, wɔn ho yɛɛ wɔn den.
15 One of them, seeing he was healed, turned back, praising our Father loudly, Wɔn mu baako huu sɛ ne ho ayɛ no den no, ɔsan nʼakyi de ahurusi yii Onyankopɔn ayɛ se, “Anuonyam nka Onyankopɔn, wama me ho ayɛ me den!”
16 and he fell on his face at Jesus' feet, giving him thanks. Now he was a Samaritan. Ɔbɛkotow Yesu anim daa no ase. Na saa ɔbarima yi yɛ Samariani.
17 Jesus said, "Weren't ten made clean? Where are the nine? Yesu bisae se, “Ɛnyɛ nnipa du na wɔn ho yɛɛ wɔn den? Baakron a wɔaka no wɔ he?
18 Was no one found to return and give glory to our Father except this foreigner?" Adɛn nti na ɔmamfrani yi nko na wasan aba sɛ ɔrebeyi Onyankopɔn ayɛ?”
19 And he said to him, "Rise and go; your faith has made you well." Yesu ka kyerɛɛ no se, “Sɔre kɔ, wo gyidi ama wo ho ayɛ wo den.”
20 Asked by the Pharisees when the kingdom of our Father would come, he answered them, "The kingdom of our Father does not come with observation, Da bi Farisifo bi bisaa Yesu se, “Bere bɛn na Onyankopɔn ahenni no bɛba?” Yesu buaa wɔn se, “Onyankopɔn ahenni no nnam nsɛnkyerɛnne bi a mubehu so na ɛbɛba,
21 nor will they say, 'Look, here!' or 'There!' For the kingdom of our Father is among you." obi rentumi nkyerɛ mo sɛ, ‘Ɛwɔ ha anaa hɔ!’ Efisɛ Onyankopɔn ahenni no te mo mu.”
22 He told the disciples, "Days are coming when you will long to see one of the days of the Son of Man, and you won't see it. Na ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Mmere bi bɛba a mo ani begyina sɛ mubehu me bere tiaa bi wɔ mo nkyɛn, nanso morenhu me.
23 They will say to you, 'Look, there!' or 'Look, here!' Don't go, don't chase after them. Sɛ nnipa ka kyerɛ mo se Onipa Ba no wɔ ha anaa baabi foforo a, munnni wɔn akyi.
24 For as lightning flashes and lights the sky from one edge to the other, so the Son of Man will be in his day. Sɛnea anyinam pa gya wɔ wim ma nnipa nyinaa hu no, saa ara nso na me ba a mɛsan aba no bɛyɛ.
25 But first he must suffer many things and be rejected by this generation. Nanso ansa na eyinom nyinaa bɛba mu no, ɛsɛ sɛ mihu amane na me nkurɔfo nso po me.
26 As Noah's days were, so will the Son of Man's days be. “Sɛnea Noa bere so nnipa yɛɛ asoɔden no, saa ara nso na sɛ meba a ɛbɛyɛ ne no.
27 They ate, drank, married, and were given in marriage, until the day Noah entered the ark, and the flood came and destroyed them all. Saa bere no, nnipa didi nomee, wareware kosii sɛ Noa kɔhyɛɛ hyɛn no mu na nsuyiri bɛfaa saa nnipa no nyinaa.
28 It was the same in Lot's days: eating, drinking, buying, selling, planting, building, “Saa ara nso na Lot bere so no, na ɛte. Nnipa didi nomee, dii gua, yɛɛ mfuw, sisii adan,
29 but the day Lot left Sodom, fire and sulfur rained from heaven and destroyed them all, kosii sɛ Lot fii Sodom, na ogya ne sufre fii soro bɛhyew saa nnipa no nyinaa.
30 so will it be on the day when the Son of Man is revealed. “Saa ara nso na da a mɛsan aba no bɛyɛ.
31 On that day, whoever is on the roof with goods inside must not go down for them; likewise, whoever is in the field must not turn back. Saa da no, ɛnsɛ sɛ obiara a ɔwɔ adwuma mu, afuw mu anaa gua so san nʼakyi ba fie sɛ ɔrebɛsesa nʼahode.
32 Remember Lot's wife. Monkae asɛm a ɛtoo Lot yere.
33 Whoever seeks to preserve his life will lose it, but whoever loses his life will keep it. Obiara a ɔdɔ ne kra no, ebefi ne nsa. Na nea ɔbɛhwere ne kra no benya.
34 I tell you, that night two will be in one bed: one will be taken, and the other left. Da no, wɔbɛfa nnipa baanu a wɔda faako no mu baako agyaw ɔbaako.
35 There will be two women grinding together; one will be taken and the other left." Saa ara nso na wɔbɛfa mmea baanu a wɔrenoa aduan no mu baako agyaw ɔbaako.
36 Not in this edition Mmarima baanu a wɔreyɛ adwuma wɔ afuw mu no nso, wɔbɛfa ɔbaako agyaw ɔbaako.”
37 They asked, "Where, Lord?" He said, "Wherever a corpse lies, the vultures will gather there." Asuafo no bisaa Yesu se, “Awurade, ɛhe na wɔde wɔn bɛkɔ?” Yesu buaa wɔn se, “Baabi a funu wɔ no, apete mpa hɔ!”
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]