Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Luke 14 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 One Sabbath, when he went to eat in the house of one of the leaders of the Pharisees, they were watching him closely. Homeda bi, Farisini panyin bi too nsa frɛɛ Yesu adidi. Adidi no ase hɔ no, na wɔn a wɔahyia no nyinaa rehwɛ nea Yesu bɛyɛ.
2 And there in front of him was a man whose body was swollen with fluid. Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ɔyare ahonhon.
3 Jesus said to the experts in the law and the Pharisees, "Is it lawful to heal on the Sabbath, or not?" Yesu bisaa Farisifo no ne mmaranimfo a na wɔwɔ hɔ no se, “Mmara ma ho kwan sɛ wɔsa yare homeda ana?”
4 But they stayed silent. So he took hold of the man, healed him, and sent him on his way. Wɔammua no. Enti Yesu soo ɔyarefo no mu saa no yare, gyaa no kwan.
5 Then he said to them, "If one of you has a son or an ox that falls into a well on the Sabbath day, will you not immediately pull him out?" Yesu bisaa wɔn a wɔahyia wɔ hɔ no nyinaa se, “Mo mu hena na sɛ nʼafurum tɔ abura mu homeda a ɔrenyi no da no ara?”
6 And they had no answer to give to this. Nanso wɔantumi ammua no.
7 When he noticed how the guests chose the places of honor, he told them a parable: Afei Yesu huu sɛ nnipa a wɔfrɛɛ wɔn baa adidi no ase no mu biara pɛ sɛ ɔtena mpanyin tenabea no, obuu wɔn bɛ bi se,
8 "When someone invites you to a wedding feast, do not take the place of honor, because a more distinguished guest than you may have been invited. “Sɛ obi to nsa frɛ wo kɔ aponto ase a, mpere wo ho nkɔtena mpanyin tenabea, efisɛ ebia na wato nsa afrɛ onipa titiriw bi a ɔsen wo.
9 Then the one who invited you both will come and say to you, 'Give this person your place,' and in disgrace you will have to take the lowest place. Sɛ ɛba saa a, nea ɔtoo nsa frɛɛ wo no betu wo afi akongua a wote so no so de ama nea ɔsen wo no na wode aniwu akɔtena akyi baabi.
10 But when you are invited, go and take the lowest place, so that when your host comes he will say to you, 'Friend, move up higher.' Then you will be honored in front of all who are at the table with you. Enti sɛ obi hyia wo kɔ aponto ase a, kɔtena akyi baabi na sɛ nea ohyiaa wo no behu wo a, waka akyerɛ wo se, ‘Onua, sɔre na kɔtena mpanyin tenabea.’
11 For all who exalt themselves will be humbled, and those who humble themselves will be exalted." Na obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase, na nea ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.”
12 Then he said to the man who had invited him, "When you give a lunch or a dinner, do not invite your friends or your brothers or your relatives or your rich neighbors. If you do, they may invite you back, and you would be repaid. Afei Yesu ka kyerɛɛ Farisini a ɔtoo nsa frɛɛ no no se, “Sɛ woto pon a mfrɛ wo nnamfo, wo nuanom, wʼabusuafo ne asikafo a wo ne wɔn bɔ fipam nko ara; sɛ woyɛ saa a wɔn nso bɛto nsa afrɛ wo bi na ɛba saa a na wonyɛɛ hwee ɛ.
13 But when you give a banquet, invite the poor, the crippled, the lame, the blind, Na sɛ woto pon a hyia ahiafo, mmubuafo, mpakye ne anifuraefo.
14 and you will be blessed. Since they have no way to repay you, you will be repaid at the resurrection of the righteous." Esiane sɛ wɔrentumi nyɛ saa bi mma wo no nti, da a atreneefo bɛsɔre afi awufo mu no, Onyankopɔn behyira wo.”
15 When one of those at the table with him heard this, he said to him, "Blessed is the one who will eat at the feast in the kingdom of our Father!" Wɔn a wɔte adidii no mu baako tee nea Yesu kae no; ɔkae se, “Nhyira nka nea obedidi wɔ Onyankopɔn ahenni no mu.”
16 Jesus replied, "A certain man was giving a great banquet, and he invited many guests. Yesu buaa no se, “Da bi, ɔbarima bi too pon kɛse hyiaa nnipa bebree.
17 "When the time came for the banquet, he sent his servant to tell those who had been invited, 'Come, for everything is now ready.' Bere soe no, ɔnam tumi so somaa ne somfo bi se ɔnkɔfrɛ wɔn a wɔahyia wɔn no se wɔmmra.
18 But one after another they all began to make excuses. The first said to him, 'I have bought a field, and I must go and see it. Please excuse me.' “Nanso, wɔn nyinaa yiyii wɔn ho ano. Nea odi kan no yii ne ho ano se, ‘Matɔ asase a nnɛ na ɛsɛ sɛ mekɔhwɛ enti mesrɛ no sɛ merentumi mma.’
19 Another said, 'I have bought five pairs of oxen, and I am on my way to try them out. Please excuse me.' “Na ɔfoforo nso yii ne ho ano se, ‘Matɔ anantwi du a mede wɔn bɛyɛ mʼafuw a nnɛ na ɛsɛ sɛ mekɔsɔ wɔn hwɛ enti mesrɛ no sɛ merentumi mma.’
20 And another said, 'I have just married a wife, and so I cannot come.'" “Ɔfoforo bi nso yii ne ho ano se, ‘Afei na maware, enti merentumi mma.’
21 So the servant came back and reported this to his master. Then the master of the house became angry and said to his servant, 'Go out quickly into the streets and alleys of the town, and bring in the poor, the crippled, the blind, and the lame.' “Ɔsomfo no san bɛbɔɔ ne wura no amanneɛ no, ɔde abufuw somaa no bio se, ‘Ka wo ho kɔ mmɔnten so ne mmantam na kɔfrɛfrɛ ahiafo, mmubuafo, anifuraefo ne mpakye sɛ wɔmmra.’
22 "'Master,' the servant said, 'what you ordered has been done, and still there is room.' “Ɔsomfo no kɔfrɛfrɛɛ nnipa no bae, nanso na afa da so wɔ hɔ ara.
23 Then the master told the servant, 'Go out to the roads and country lanes and compel them to come in, so that my house will be full. “Ɛno nti owura no san somaa no se, ‘Kɔ akwan so ne mfikyiri na frɛ obiara a wubehu no no se, mato pon, enti wɔmmra.
24 For I tell you, not one of those who were invited will taste my banquet.'" Na merema woate ase sɛ, nnipa a metoo nsa hyiaa wɔn no mu biara nni hɔ a mʼaduan yi bi bɛka nʼano da biara da.’ ”
25 Large crowds were traveling with him, and turning to them he said, Da bi a na nkurɔfo akuwakuw bi di Yesu akyi no, ɔdan ne ho ka kyerɛɛ wɔn se,
26 "If anyone comes to me and does not hate his own father and mother and wife and children and brothers and sisters—yes, even his own life—he cannot be my disciple. “Sɛ obi pɛ sɛ odi mʼakyi a, ɛsɛ sɛ ɔdɔ me sen nʼawofo, ne yere, ne mma, ne nuanom ne nʼankasa ho, anyɛ saa a ɔrentumi nyɛ me suani.
27 Whoever does not carry his own cross and follow me cannot be my disciple. Obiara a odi mʼakyi na ontumi nnyina amanehunu ano no, rentumi nyɛ me suani.
28 Suppose one of you wants to build a tower. Will he not first sit down and count the cost, to see whether he has enough to finish it? “Mo mu hena na ɔpɛ sɛ osi aban a ɔrentena ase nsese nhwɛ sɛ ɔwɔ sika a ɔde bewie?
29 Otherwise, if he lays the foundation and is not able to finish, everyone who sees it will begin to ridicule him, Anyɛ saa na ofi ɔdan no ase na wantumi anwie a, wɔn a wohu no nyinaa bɛserew no,
30 saying, 'This person began to build and was not able to finish.' aka se, ‘Onipa yi fii ase sɛ ɔresi dan, nanso wantumi anwie.’
31 Or suppose a king is about to go to war against another king. Will he not first sit down and consider whether he is able with 10,000 men to face the one coming against him with 20,000? “Anaasɛ ɔhene bɛn na okura asraafo mpem du na ɔrekohyia ɔsahene foforo a okura asraafo mpem aduonu a, ɔrenkari ne ho nhwɛ ansa na wakɔ akono?
32 And if he cannot, he will send a delegation while the other is still far off and ask for terms of peace. Na sɛ ɔhwɛ na ɔrentumi nso a, ansa koraa na ɔsahene foforo no bɛbɛn no no, otu abɔfo kohu no se, ɔmma wonsiesie wɔn ntam na asomdwoe mmra.
33 In the same way, any one of you who does not give up everything he has cannot be my disciple. Ɛno nti obiara a wampa ne ho akyi no rentumi nyɛ me suani.
34 "Salt is good, but if it loses its saltiness, how can it be made salty again? “Nkyene yɛ dɛ. Na sɛ ɛyera ne dɛ a, ɔkwan bɛn so na wɔbɛfa ama ayɛ dɛ bio?
35 Fit for neither soil nor manure pile, it's thrown out. Whoever has ears to hear, let them hear." So nni mfaso mma biribiara. Wɔbɛtow agu. “Nea ɔwɔ aso a obetie no, ontie.”
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]