Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Leviticus 2 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 "When anyone brings a grain offering to our Father, the offering must be fine flour. Pour oil on it, put frankincense on it, “ ‘Obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɔ aduan afɔre de ma Awurade no, ɛsɛ sɛ afɔrebɔde no yɛ asikresiam muhumuhu koraa. Wonhwie ngo ngu so mfa aduhuam mfra
2 and bring it to Aaron's sons, the priests. The priest will take a handful of its fine flour and oil, with all its frankincense, and burn the memorial portion on the altar—a fire offering, a pleasing aroma to our Father. nkɔma Aaron mma asɔfo no. Ɔsɔfo no bɛsaw siam ne ngo no nsa mma de aka aduhuam no nyinaa ho na wahyew eyi sɛ afɔremuka no nkae ade, aduan afɔrebɔ, ehua a ɛsɔ Awurade ani.
3 The rest of the grain offering belongs to Aaron and his sons—most holy, from the fire offerings to our Father. Ɛsɛ sɛ wɔde asikresiam nkae no ma Aaron ne ne mmabarima sɛ wɔn aduan; nanso wɔfa ne nyinaa sɛ afɔre kronkron a wɔabɔ ama Awurade.
4 "When you bring a grain offering baked in an oven: fine flour, either loaves without yeast mixed with oil, or wafers without yeast spread with oil. “ ‘Sɛ wɔde brodo a wɔato no fononoo mu brɛ Awurade sɛ afɔrebɔde a, ɛsɛ sɛ wɔde asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ato a mmɔkaw nni mu na ɛbɔ saa afɔre no. Mutumi de brodo ntrantraa dɛdɛ a mmɔkaw nni mu na mode ngo afa so nso bɔ afɔre ma ɛyɛ yiye.
5 If your offering is a grain offering on a griddle, it must be fine flour mixed with oil, without yeast. Sɛ afɔrebɔde no yɛ aduan a wɔato wɔ dade so a, asikresiam muhumuhu a mmɔkaw mfra mu, na mode ngo afra na momfa mmɔ saa afɔre no.
6 Break it into pieces and pour oil on it; it is a grain offering. Mummubu mu asinasin na munhwie ngo ngu so na ɛnyɛ sɛ atoko afɔre ara pɛ.
7 If your offering is grain cooked in a pan, make it with fine flour and oil. Sɛ monoa mo afɔre no wɔ kuruwa mu a, ɛno nso, momfa asikresiam muhumuhu a mode ngo afra na ɛmmɔ saa afɔre no.
8 Bring the grain offering made from these to our Father; present it to the priest, who brings it to the altar. Sɛ moyɛ aduan bi, sɛ motoe, sɛ mokyewee anaasɛ mohowee no, ɛsɛ sɛ mode saa afɔrebɔde no kɔma ɔsɔfo na ɔno nso de kɔ afɔremuka no anim de kɔma Awurade.
9 The priest takes the grain offering's memorial portion and burns it on the altar—a fire offering, a pleasing aroma to our Father. Afɔrebɔde no mu kakraa bi na ɛsɛ sɛ asɔfo no hyew, nanso Awurade ani bɛsɔ ade mu no nyinaa.
10 What remains of the grain offering belongs to Aaron and his sons—most holy, from the fire offerings to our Father. Nea ɛbɛka no yɛ asɔfo no dea, nanso wɔfa no sɛ ne nyinaa yɛ ɔhyew afɔre kronkron a wɔabɔ de ama Awurade.
11 "No grain offering you bring to our Father may contain yeast, for you must not burn any yeast or honey as a fire offering to our Father. “ ‘Afɔre a mode asikresiam na ɛbɔ no, mommfa mmɔkaw mmfra mu, efisɛ ɛnsɛ sɛ ɔhyew afɔre biara a mobɛbɔ ama Awurade no, mode mmɔkaw anaa ɛwo fra mu.
12 You may bring them to our Father as a firstfruits offering, but do not offer them on the altar as a pleasing aroma. Mode bɛbrɛ Awurade sɛ aduankan afɔrebɔde, nanso ɛnsɛ sɛ wɔhyew wɔ afɔremuka no so sɛ afɔre a ɛsɔ Awurade ani.
13 Salt every grain offering. Don't leave out your Father's covenant salt; add salt to all your offerings. Momfa nkyene mfra afɔrebɔde biara. Munnyi mo Nyankopɔn apam mu nkyene mmfi mo atoko afɔrebɔ mu; momfa nkyene nka mo afɔrebɔ nyinaa ho.
14 "If you bring a firstfruits grain offering to our Father, offer new grain roasted in fire, crushed kernels, as your firstfruits offering. “ ‘Sɛ mode mo nnɔbae a edi kan mu aba kan rebɛbɔ afɔre a, emu aburow no munhuan ho na montoto na momfa mma Awurade.
15 Put oil on it and lay frankincense on it; it is a grain offering. Momfa ngo ne aduhuam nyɛ ho; ɛyɛ atoko afɔre.
16 The priest burns the memorial portion—some of the crushed grain and oil—with all its frankincense, as a fire offering to our Father." Na ɔsɔfo no bɛhyew aburow a wɔayam ne ngo no nkae de aduhuam afra sɛ aduan afɔrebɔde a wɔde aba Awurade anim.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]