Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Leviticus 18 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Our Father spoke to Moses, saying: Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Israelfo no se,
2 "Speak to the children of Israel and say to them: I am your Father. ‘Mene Awurade mo Nyankopɔn,
3 You must not do as Egypt does, where you lived; you must not do as Canaan does, where I am bringing you; you must not follow their statutes. enti mommmɔ mo bra sɛ abosonsomfo. Monnyɛ sɛ nnipa a na mo ne wɔn te wɔ Misraim anaa Kanaan wɔ faako a mede mo rekɔ no. Munnsuasua wɔn.
4 You must follow my judgments and keep my statutes, walking in them. I am your Father. Me mmara ne mʼahyɛde ara so na ɛsɛ sɛ mudi; na ɛsɛ sɛ mudi so pɛpɛɛpɛ, efisɛ mene Awurade mo Nyankopɔn.
5 Keep my statutes and my judgments; whoever does them will live by them. I am your Father. Sɛ mudi so a, mubenya nkwa. Mene Awurade.
6 "None of you may approach any close relative to have sexual relations. I am your Father. “ ‘Mo mu biara nni ho kwan sɛ ɔware obusuani a ɔbɛn no. Mene Awurade.
7 "Do not have sex with your mother—that exposes your father's nakedness. She is your mother; do not have sex with her. “ ‘Ɛnsɛ sɛ ɔbabea ware nʼagya anaasɛ ɔbabarima ware ne na.
8 "You must not have sexual relations with your father's wife; that would dishonor your father. “ ‘Ɛnsɛ sɛ wo ne wʼagya yerenom mu bi da; ebebu wʼagya animtiaa.
9 "Don't have sexual relations with your sister, your father's or mother's daughter, born at home or elsewhere. “ ‘Ɛnsɛ sɛ wo ne wo nuabea anaa wʼagya babea anaa wo na babea da, sɛ wɔwoo no ofi no mu anaa ofi foforo mu.
10 "Do not have sex with your son's or daughter's daughter—that exposes your own nakedness. “ ‘Ɛnsɛ sɛ moware mo nenabea, sɛ ɔyɛ mo babarima babea anaa mo babea babea, efisɛ ebebu mo animtiaa.
11 "Your father's wife's daughter, born to your father, is your sister; do not have sex with her. “ ‘Ɛnsɛ sɛ woware wo nuabea a ɔyɛ wʼagya yerenom bi babea.
12 "You must not have sexual relations with your father's sister; she is your father's close relative. “ ‘Anaa wo sewaa—wo agya nuabea, efisɛ ɔyɛ wʼagya busuani pɛɛ.
13 "You must not have sexual relations with your mother's sister, for she is your mother's close relative. “ ‘Saa ara na ɛnsɛ sɛ woware wo na a ɔyɛ wo na nuabea, efisɛ, ɔyɛ wo na busuani pɛɛ.
14 "Do not dishonor your father's brother by having sex with his wife; she is your aunt. “ ‘Wʼagya nuabarima yere nso, wunni ho kwan sɛ woware no.
15 "Do not have sex with your daughter-in-law; she is your son's wife—do not have sex with her. “ ‘Wunni ho kwan sɛ woware wo babarima yere, efisɛ ɔyɛ wʼase.
16 "You must not have sexual relations with your brother's wife; that would dishonor your brother. “ ‘Saa ara nso na wuntumi nnware wo nuabarima yere, efisɛ ɔyɛ wo nuabarima dea.
17 "Do not have sex with a woman and her daughter, or take her son's or her daughter's daughter, to have sex with them; they are close relatives—that is depraved. “ ‘Worentumi nware ɔbea bi nsan nware ne babea anaa ne nenabea nka ho, efisɛ wɔn nyinaa yɛ abusuafo pɛɛ na ɛyɛ awudisɛm nso.
18 "Do not marry a woman as rival to her sister, sleeping with her while the sister is still living. “ ‘Ɛnsɛ sɛ woware nuabeanom baanu sɛ akorafo, bere a wo yere te ase.
19 "Do not approach a woman for sex during her monthly impurity. “ ‘Ɛnsɛ sɛ wofa ɔbea a ɔwɔ afikyirikɔ mu.
20 "Do not have sex with your neighbor's wife, making yourself unclean by her. “ ‘Ɛnsɛ sɛ wofa wo yɔnko yere de gu mo ho fi.
21 "Do not give any of your children to be passed through the fire to Molech, desecrating your Father's name. I am your Father. “ ‘Mfa wo mma mu biara mma Molek mma ɔmmfa no mmɔ afɔre wɔ nʼafɔremuka so. Ngu wo Nyankopɔn din ho fi, efisɛ mene Awurade.
22 "You must not have sexual relations with a male as with a woman; it is detestable. “ ‘Ɔbarima a ɔne ne yɔnko barima da yɛ akyiwade kɛse na ɛyɛ bɔne a ɛso nso.
23 "Do not have sex with any animal, making yourself unclean; a woman must not present herself to an animal to mate with it. That is a perversion. “ ‘Ɛnsɛ sɛ ɔbarima fa aboa de gu ne ho fi. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ ɔbea de ne ho ma aboanini ma ɔfa no. Ɛyɛ akyiwade kɛse.
24 "Do not make yourselves unclean by any of these, for by all of them the nations I'm driving out before you became unclean. “ ‘Munngu mo ho fi wɔ saa akwan ahorow yi biara so na eyinom ne nea abosonsomfo yɛ. Esiane sɛ wɔyɛ saa nti, merebeyi wɔn afi asase a morekɔ so no so.
25 The land was made unclean, so I called it to account for its guilt, and it vomited out those living there. Saa ahohwibra no agu ɔman mu no nyinaa ho fi; ɛno nti na meretwe nnipa a wɔte hɔ no aso na mayi wɔn afi asase no so.
26 Keep my rules and laws. None of you—native or foreigner among you—may do any of these detestable things. Ɛsɛ sɛ mudi me mmara ne mʼahyɛde no nyinaa so pɛpɛɛpɛ na ɛnsɛ sɛ moyɛ saa akyiwade yi mu bi koraa. Saa mmara yi ka mo a wɔwoo mo Israelman mu ne ahɔho a wɔne mo te nyinaa bi.
27 For the people of the land before you did all these detestable things, and it was made unclean. Ampa ara, efisɛ daa nnipa a wɔte saa asase a mede mo rekɔ so no so yɛ saa akyiwade yi nti, asase no ho agu fi.
28 Let the land not vomit you out for making it unclean, as it vomited out the nation before you. Monnyɛ saa ade no bi, anyɛ saa a, mɛpam mo afi asase no so sɛnea mɛyɛ wɔn a wɔte hɔ mprempren no.
29 "Anyone who does any of these detestable things will be cut off from among their people. “ ‘Obiara a ɔbɛyɛ akyiwade yi mu bi no, ɛsɛ sɛ wotwa no asu fi ɔman no mu.
30 So keep my charge: do none of the detestable customs practiced before you, and do not make yourselves unclean by them. I am your Father." Enti monhwɛ sɛ mubedi me mmara no so na monnyɛ saa abusude kɛse yi bi. Monnkɔyɛ abususɛm a wɔn a wɔte asase a morekɔ so no yɛ no bi mmfa ngu mo ho fi. Mene Awurade mo Nyankopɔn.’ ”
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]