Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

John 6 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 After this, Jesus crossed the Sea of Galilee, also called the Sea of Tiberias. Eyi akyi no, Yesu kɔɔ tɔnn kotwaa Galilea Po, a ɛyɛ Tiberia Po no.
2 A large crowd followed him, because they saw the signs he performed on the sick. Esiane sɛ nkurɔfo huu sɛ Yesu nam anwonwakwan so asa nnipa pii yare no nti, wodii nʼakyi.
3 Jesus went up on the mountainside and sat down there with his disciples. Yesu ne nʼasuafo no kɔɔ bepɔw bi so kɔtenaa hɔ kakra.
4 Now the Passover, the feast of the Jews, was near. Saa bere no na Twam Afahyɛ no abɛn.
5 Looking up, Jesus saw a large crowd approaching and asked Philip, "Where can we buy bread for these people to eat?" Bere a Yesu twaa nʼani, huu sɛ nnipakuw no reba ne nkyɛn no, obisaa Filipo se, “Ɛhe na yebenya aduan ama saa nnipa dodow yi?”
6 He said this to test Philip, for he himself already knew what he was going to do. Yesu bisaa Filipo saa asɛm yi de sɔɔ no hwɛe, efisɛ na onim nea ɔbɛyɛ.
7 Philip answered him, "200 days' wages of bread isn't enough for each of them to get a little." Filipo buae se, “Ansa na yebetumi ama saa nnipa dodow yi aduan no, ɛsɛ sɛ yenya asram awotwe akatua.”
8 One of his disciples, Andrew, Simon Peter's brother, said to him, Andrea a ɔyɛ Simon Petro nua no kae se,
9 "A boy here has five barley loaves and two fish—but what's that for so many?" “Abarimaa bi wɔ ha a ɔwɔ brodo anum ne kyenam abien; na eyi betumi aso nnipa dodow yi di?”
10 Jesus said, "Have the people sit down." Much grass grew there, so about 5,000 men sat down. Yesu hyɛɛ nʼasuafo no se, “Momma obiara ntena ase.” Asuafo no ma wɔtenatenaa sare no so. Na mmarima a wɔwɔ wɔn mu no dodow bɛyɛ mpem anum.
11 Jesus then took the loaves, gave thanks, and distributed them to those seated; likewise with the fish, as much as they wanted. Yesu faa brodo no bɔɔ mpae na ɔkyɛ maa wɔn. Ɔfaa saa kwan koro no ara so kyɛɛ kyenam no nso maa wɔn.
12 When they were full, he told his disciples, "Gather the leftover pieces, so nothing is lost." Wodidi mee akyi no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mommoaboa aduan a aka no ano na bi ansɛe.”
13 So they gathered the fragments left over from the five barley loaves after the people ate, filling twelve baskets. Wɔboaboaa aduan a ɛkae no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛn dumien.
14 So when the people saw the sign he did, they said, "This really is the Prophet coming into the world!" Nnipa no huu nsɛnkyerɛnne a Yesu ayɛ no, wɔkae se, “Ampa ara, onipa yi ne odiyifo a yɛrehwɛ no kwan no.”
15 Knowing they meant to come and seize him to make him king, Jesus withdrew again to the mountain alone. Yesu huu sɛ nnipa no ayɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛkyere no asi no hene no, ɔtwee ne ho fii wɔn mu kɔɔ bepɔw no so bio.
16 When evening came, his disciples went down to the sea, Onwini dwoe no, Yesu asuafo no kɔɔ Galilea mpoano.
17 got in a boat and headed across the sea to Capernaum. It was already dark, and Jesus had not yet reached them. Wɔtwɛn kosii sɛ ade sae na ɔmma no, wɔkɔtenaa ɔkorow mu se wɔrekɔ Kapernaum.
18 A strong wind was blowing, and the sea grew rough. Saa bere no na ahum retu wɔ po so ama po no ani afono.
19 After rowing three or four miles, they saw Jesus walking on the water, approaching the boat, and were afraid. Wɔhare kɔɔ wɔn anim bɛyɛ akwansin abiɛsa anaa anan no, wohuu sɛ obi nam po no so reba; eyi maa ehu kaa wɔn kosii sɛ,
20 But he said to them, "It is I; do not be afraid." Yesu kae se, “Ɛyɛ me, Munnsuro!”
21 So they were glad to take him into the boat, and instantly it reached the shore they were heading toward. Asuafo no pɛɛ sɛ anka wɔde no tena ɔkorow no mu, nanso ntɛm ara ɔkorow no koduu Kapernaum.
22 The next day, the crowd remaining on the far shore saw that only one boat had been there, that Jesus had not boarded it with his disciples, but that his disciples had gone off alone. Ade kyee no, nnipa a na wɔwɔ Galilea po no agya no huu sɛ ɔkorow baako pɛ na na ɛwɔ hɔ, nanso asuafo no tenaa mu kɔe a na Yesu nka wɔn ho.
23 Other boats came from Tiberias near the place where they ate bread after the Lord gave thanks. Ankyɛ koraa na akorow afoforo bi fi Tiberia baa faako a Awurade maa nnipakuw no aduan dii no.
24 So when the crowd saw Jesus and his disciples weren't there, they got in boats and went to Capernaum to look for Jesus. Bere a nnipa no huu sɛ Yesu ne nʼasuafo no nni hɔ no, wɔtenatenaa akorow no mu sɛ wɔrekɔ Kapernaum akɔhwehwɛ no.
25 Finding him across the sea, they asked, "Rabbi, when did you get here?" Woduu Kapernaum na wohuu Yesu no, wobisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo, bere bɛn na wobaa ha?”
26 Jesus answered them, "Truly, truly, I tell you: you seek me not because you saw signs, but because you ate the loaves and were filled. Yesu buaa wɔn se, “Mereka nokware akyerɛ mo se, ɛnyɛ sɛ muhuu anwonwade a meyɛe no nti na morehwehwɛ me, na mmom sɛ munyaa aduan di mee no nti.
27 Don't work for food that spoils, but for food that lasts to eternal life, which the Son of Man will give you. For on him our Father has set his seal." Monnsɛe mo bere nyinaa mpere nhwehwɛ aduan a etumi sɛe no akyi kwan, na mmom mompere nhwehwɛ aduan a ɛtena hɔ daa a ɛma nkwa a enni awiei a Onipa Ba no de bɛma mo no akyi kwan. Efisɛ eyi nti na mʼAgya somaa me.”
28 Then they said to him, "What must we do to be doing the works of our Father?" Nnipa no bisaa no se, “Dɛn na yɛnyɛ na yɛasɔ Onyankopɔn ani?”
29 Jesus answered them, "This is our Father's work: that you believe in the one he sent." Yesu buaa wɔn se, “Eyi ne nea Onyankopɔn pɛ sɛ moyɛ, munnye nea wasoma no no nni.”
30 So they asked him, "What sign will you give, so we may see and believe you? What work will you do? Nnipa no bisaa no bio se, “Anwonwade bɛn na wobɛyɛ akyerɛ yɛn ama yɛagye wo adi?
31 Our ancestors ate manna in the wilderness, as it is written: 'He gave them bread from heaven to eat.'" Sɛ wopɛ sɛ yegye wo di sɛ wone Agyenkwa no de a, ɛno de ma yɛn aduan nni daa sɛnea Kyerɛwsɛm no di ho adanse sɛ, Mose maa yɛn nenanom ɔsoro aduan dii wɔ sare no so.”
32 Jesus told them, "Truly, truly, I tell you: Moses didn't give you the bread from heaven—my Father gives you the true bread from heaven. Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mereka nokware akyerɛ mo se, ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo nenanom aduan a efi ɔsoro no dii wɔ sare so hɔ no na mmom ɛyɛ mʼAgya. Na afei de, ɔma mo aduan a efi ɔsoro a ɛma nkwa a enni awiei no di daa.
33 For the bread of our Father is he who comes down from heaven and gives the world life." Saa aduan a efi Onyankopɔn nkyɛn no ne onipa a ofi ɔsoro ba asase so na ɔde nkwa brɛ wiase no.”
34 So they said to him, "Lord, give us this bread always." Nnipa no ka kyerɛɛ no se, “Owura, ma yɛn saa aduan no bi nni daa.”
35 Jesus told them, "I am the bread of life. Whoever comes to me will never hunger; whoever believes in me will never thirst. Yesu kae se, “Mene brodo a ɛma nkwa no. Obiara a ɔba me nkyɛn na ogye me di no, ɔkɔm anaa osukɔm renne no da.
36 But as I told you, you have seen me and still do not believe. Sɛnea maka akyerɛ mo no, moahu me nnwuma, nanso munnye me nni.
37 All the Father gives me will come to me, and the one who comes to me I will never drive away. Obiara a mʼAgya de no ama me no bɛba me nkyɛn, na obiara a ɔbɛba me nkyɛn nso no, merempam no.
38 For I came down from heaven not to do my own will, but the will of him who sent me. Na mifi ɔsoro baa asase so sɛ merebɛyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, na ɛnyɛ mʼapɛde.
39 This is the will of him who sent me: that I lose none of all he has given me, but raise them up on the last day. Na nea ɔsomaa me no apɛde ne sɛ mɛhwɛ wɔn a ɔde wɔn ama me no nyinaa so yiye na da a edi akyiri no, manyan wɔn ama wɔn nkwa foforo.
40 For this is the will of my Father: that everyone who looks to the Son and believes in him should have eternal life, and I will raise them up on the last day." MʼAgya apɛde ne sɛ obiara a ɔba me nkyɛn na ogye me di no benya nkwa a enni awiei, na da a edi akyiri no manyan no ama no nkwa foforo.”
41 So the Jews grumbled about him because he said, "I am the bread that came down from heaven." Yudafo no tee sɛ Yesu aka se, “Mene aduan a efi ɔsoro” no, wonwiinwii.
42 They said, "Isn't this Jesus, Joseph's son, whose father and mother we know? How can he now say, 'I have come down from heaven'?" Wɔkɔɔ so kae se, “Ɛnyɛ Yosef ne Maria ba ne saa Yesu yi? Ɛyɛɛ dɛn na otumi ka se ofi ɔsoro na ɔbae?”
43 Jesus answered them, "Stop grumbling among yourselves. Yesu buaa wɔn se, “Munnyae anwiinwii no.
44 "No one can come to me unless the Father who sent me draws him, and I will raise him on the last day. Mommma ɛnyɛ mo nwonwa sɛ maka saa, na obiara nni hɔ a obetumi aba me nkyɛn, gye sɛ Agya no a ɔsomaa me no twe no ba me ho, na da a edi akyiri no, menyan no.
45 It is written in the Prophets: 'And they will all be taught by our Father.' Everyone who has heard and learned from the Father comes to me. Adiyifo no akyerɛw se, ‘Onyankopɔn ankasa bɛkyerɛkyerɛ ne mma.’ Ɛno nti, obiara a otie Agya no nkyerɛkyerɛ no ba me nkyɛn.
46 Not that anyone has seen the Father except the one from him; he has seen the Father. Asɛm a maka yi nkyerɛ sɛ obi ahu Agya no pɛn, gye onipa a ofi Agya no nkyɛn no.
47 Truly, truly, I tell you, whoever believes has eternal life. Mereka nokwasɛm akyerɛ mo se, nea ogye di no nya nkwa a enni awiei.
48 I am the bread of life. Mene brodo a ɛma nkwa no.
49 Your ancestors ate the manna in the wilderness, yet they died. Mo nenanom dii mana wɔ sare so nso wowuwui,
50 This is the bread that comes down from heaven, so anyone may eat it and not die. nanso brodo a efi ɔsoro ba no yɛ brodo a obi di a ɔrenwu da.
51 I am the living bread come down from heaven. Whoever eats this bread will live forever. The bread I will give is my flesh, for the life of the world." Mene brodo a efi ɔsoro no; sɛ obi di saa brodo yi a ɔbɛtena ase daa. Brodo a mede bɛma obiara a ɔba me nkyɛn no ne me honam a mede ma, sɛnea ɛbɛyɛ na wiase benya nkwa.”
52 Then the Jews argued sharply among themselves, "How can this man give us his flesh to eat?" Asɛm a Yesu kaa yi maa Yudafo no bo fuwii, ma wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Ɛbɛyɛ dɛn na saa onipa yi betumi de ne honam ama yɛn sɛ aduan ama yɛadi?”
53 Jesus told them, "Truly, truly, I tell you, unless you eat the flesh of the Son of Man and drink his blood, you have no life in yourselves. Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mereka nokwasɛm akyerɛ mo; moanni Onipa Ba no honam sɛ aduan na moannom ne mogya a, morennya nkwa a enni awiei.
54 Whoever feeds on my flesh and drinks my blood has eternal life, and I will raise him on the last day. Obiara a odi me honam sɛ aduan na ɔnom me mogya no nya nkwa a enni awiei, na da a edi akyiri no menyan no ama no nkwa foforo.
55 For my flesh is true food, and my blood is true drink. Me honam ne aduan pa no, na me mogya nso ne nsu pa no.
56 Whoever feeds on my flesh and drinks my blood remains in me, and I in him. Obiara a odi me honam sɛ aduan na ɔnom me mogya sɛ nsu no te me mu, na me nso mete ne mu.
57 As the living Father sent me and I live because of the Father, so whoever feeds on me will live because of me. Sɛnea Agya teasefo no somaa me na ɔno nti mete ase no, saa ara nso na obiara a odi me honam sɛ aduan no, me nti ɔbɛtena ase.
58 This is the bread that came down from heaven. It is not like the bread your ancestors ate and still died. Whoever feeds on this bread will live forever." Eyi ne brodo a efi ɔsoro bae. Ɛnte sɛ mana a yɛn nenanom dii wɔ sare so na wowuwui no. Saa brodo yi de, obiara a obedi bi no bɛtena ase daa.”
59 He said these things while teaching in the synagogue at Capernaum. Bere a na Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ hyiadan mu wɔ Kapernaum no na ɔkaa saa nsɛm yi.
60 On hearing it, many of his disciples said, "This is a hard teaching. Who can accept it?" Yesu akyidifo no mu pii tee asɛm a ɔkae no, wɔkae se, “Saa asɛm yi de, ɛkyerɛ yɛn adwene. Hena na ɔbɛte ase?”
61 Aware that his disciples were grumbling about this, Jesus said to them, "Does this offend you? Yesu huu sɛ nʼakyidifo no renwiinwii no, obisaa wɔn se, “Asɛm a mekae yi to mo hintidua ana?
62 "Then what if you see the Son of Man ascending to where he was before? Ɛno de ɛba sɛ Onipa Ba no resan akɔ ɔsoro, faako a ofi bae no a, dɛn na mobɛyɛ?
63 The Spirit gives life; the flesh helps nothing. The words I have spoken to you are spirit and life. Onyankopɔn honhom na ɛma nkwa. Onipa ntumi mma nkwa. Nsɛm a maka akyerɛ mo yi yɛ honhom na nkwa wɔ mu,
64 But some of you don't believe." For Jesus knew from the start who didn't believe, and who would betray him. nanso mo mu bi nnye nni.” Efi mfiase no na Yesu huu wɔn a wonnye no nni ne wɔn a wɔbɛtwe wɔn ho afi ne ho no.
65 And he said, "This is why I told you: no one can come to me unless the Father enables him." Ɔkɔɔ so kae se, “Eyi nti na meka kyerɛɛ mo se obi ntumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya no ama no ho kwan” no.
66 From this time many of his disciples turned back and no longer walked with him. Esiane saa nsɛm a Yesu kae no nti, nʼakyidifo no mu pii twee wɔn ho fii ne ho na wɔanni nʼakyi bio.
67 So Jesus asked the Twelve, "Do you want to leave too?" Yesu huu saa no, obisaa asuafo dumien no se, “Mo nso mubegyae mʼakyidi ana?”
68 Simon Peter answered him, "Lord, to whom should we go? You have the words of eternal life. Simon Petro buaa no se, “Awurade, hena nkyɛn na yɛbɛkɔ? Wo na wowɔ nsɛm a ɛwɔ nkwa a enni awiei.
69 We have believed and known you are the Holy One of our Father." Na yegye wo nsɛm no di na yenim sɛ wone Onyankopɔn Ba Kronkron no.”
70 Jesus answered them, "Have I not chosen you, the Twelve? Yet one of you is a devil." Yesu kɔɔ so kae sɛ, “Me ara na miyii mo dumien yi, nanso mo mu baako yɛ ɔbonsam.”
71 He meant Judas, son of Simon Iscariot, one of the Twelve, who was about to betray him. Asɛm a Yesu kae no, na ɛfa Yuda a ɔyɛ Simon Iskariot ba no a ɔyɛ asuafo dumien no mu baako a obeyi Yesu ama no ho.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]