Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

John 4 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 So when Jesus knew the Pharisees heard he was making and baptizing more disciples than John. Yesu huu se Farisifo no ate sɛ nnipa pii reba ne nkyɛn ama wabɔ wɔn asu sen sɛnea nnipa kɔ Yohane nkyɛn,
2 (though Jesus himself was not baptizing, but his disciples were), a na ɛnyɛ Yesu ankasa na ɔbɔ asu no, na mmom nʼasuafo no na wɔbɔ asu.
3 he left Judea and went back to Galilee. Enti ofii Yudea san kɔɔ Galilea.
4 And he had to pass through Samaria. Ɔrekɔ no na ɛsɛ sɛ ɔfa Samaria.
5 So he came to a town of Samaria called Sychar, near the field Jacob gave his son Joseph. Ɛbɛyɛ sɛ owigyinae no, na Yesu abɛn Samaria kurow bi a wɔfrɛ no Sikar a ɛbɛn asase bi a Yakob de maa ne ba Yosef no ho.
6 Jacob's well was there. Jesus, tired from the trip, sat down at the well—about noon. Ɛhɔ na na Yakob abura wɔ. Esiane ɔbrɛ a na Yesu abrɛ nti, ɔtenaa abura no ho sɛ ɔregye nʼahome. Na saa bere no bɛyɛ awia nnɔndumien.
7 A woman of Samaria came to draw water. Jesus said to her, "Give me a drink." Ankyɛ na Samarianibea bi baa hɔ bɛtow nsu maa Yesu srɛɛ no sɛ, “Ma me nsu no bi nnom.”
8 (For his disciples had gone into the town to buy food.). Saa bere no na Yesu asuafo no kɔ kurow no mu akɔtɔ aduan.
9 The Samaritan woman said, "You're a Jew; why ask me, a Samaritan woman, for a drink?" (Jews don't associate with Samaritans.). Samarianibea no ka kyerɛɛ Yesu se, “Ɛyɛ me nwonwa sɛ wo a woyɛ Yudani rebisa nsu afi me a meyɛ Samariani nkyɛn.” Na Yudafo ne Samariafo nni hwee yɛ.
10 Jesus answered her, "If you knew our Father's gift, and who asks you, 'Give me a drink,' you'd have asked him, and he'd have given you living water." Yesu buaa no se, “Sɛ wunim akyɛde a Onyankopɔn de ma onipa anaa onipa ko a ɔresrɛ wo nsu yi a anka wobɛsrɛ no na wama wo nkwa nsu.”
11 The woman said to him, "Sir, you have nothing to draw with, and the well is deep. Where then do you get this living water? Ɔbea no bisae se, “Owura, wunni hama, nni bokiti; abura yi mu nso dɔ yiye, na ɛhe na wubenya saa nkwa nsu no afi?
12 Are you greater than our father Jacob, who gave us the well, drank from it himself, with his sons and livestock?" Woyɛ ɔkɛse sen yɛn agya Yakob a otuu abura yi maa yɛn na ɔne ne mma, ne nguan ne nʼanantwi nom mu nsu bi no ana?”
13 Jesus said to her, "Everyone who drinks of this water will be thirsty again, Yesu buaa no se, “Obiara a ɔnom saa nsu yi bi no, osukɔm de no bio,
14 but whoever drinks the water I give him will never thirst again; that water will become in him a spring of water welling up to eternal life." nanso nea ɔbɛnom nsu a mede bɛma no no, osukɔm renne no bio da. Nsu a mede bɛma no no bɛyɛ sɛ asuti a ɛrenyow da wɔ ne mu, na ɛbɛma no nkwa a ɛrensa da.”
15 The woman said to him, "Sir, give me this water, so I won't get thirsty or come here to draw water." Ɔbea no srɛɛ no se, “Owura, ma me saa nkwa nsu yi bi na osukɔm anne me bio, na daa mantwa kwan ammɛtow nsu.”
16 Jesus said to her, "Go, call your husband, and come back here." Yesu ka kyerɛɛ no se, “Kɔfrɛ wo kunu na wo ne no mmra.”
17 The woman answered, "I have no husband." Jesus told her, "You're right to say you have no husband. Ɔbea no buaa no se, “Me wura, minni kunu.” Yesu nso kae se, “Asɛm a woaka no yɛ nokware, sɛ wunni kunu no.
18 For you've had five husbands, and the man you have now isn't your husband. You've spoken the truth." Woaware mmarima baanum agyae na ɔbarima a wo ne no wɔ hɔ mprempren no nyɛ wo kunu mpo.”
19 The woman said to him, "Sir, I see that you are a prophet. Ɔbea no kae se, “Owura, mihu sɛ woyɛ odiyifo.
20 Our fathers worshiped on this mountain, but you say Jerusalem is where people must worship." Yɛn agyanom Samariafo som Onyankopɔn wɔ saa bepɔw yi so, nanso mo Yudafo de, moka se Yerusalem nko ara na ɛsɛ sɛ yɛsom Nyankopɔn.”
21 Jesus told her, "Woman, believe me: an hour is coming when you'll worship the Father neither on this mountain nor in Jerusalem. Yesu ka kyerɛɛ no se, “Merema woate ase sɛ bere bi bɛba a nnipa rensom Agya no wɔ saa bepɔw yi so anaa Yerusalem.”
22 You worship what you don't know; we worship what we know—salvation comes from the Jews. Mo Samariafo nnim nea mosom no. Nanso yɛn Yudafo de, yenim nea yɛsom no, efisɛ Yudafo so na nkwagye nam ba.
23 But a time is coming, and now is, when true worshipers worship the Father in spirit and truth—for the Father seeks such worshipers. Nna bi reba, na mpo aba dedaw, sɛ nokware asomfo bɛsɔre Agya no wɔ Honhom ne nokware mu. Eyinom ne asomfo a Agya no hwehwɛ.
24 The Father is spirit, and those who worship him must worship in spirit and truth." Onyankopɔn yɛ Honhom, na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔsom no no som no wɔ Honhom ne nokware mu.
25 The woman said to him, "I know Messiah—the one called Christ—is coming. When he comes, he will tell us everything." Ɔbea no ka kyerɛɛ no se, “Minim sɛ Agyenkwa no a wɔfrɛ no Kristo no bɛba, na sɛ ɔba a ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn biribiara mu.”
26 Jesus said to her, "I am he—the one speaking to you." Yesu ka kyerɛɛ no se, “Me a me ne wo rekasa yi, mene Kristo no.”
27 Just then his disciples returned, amazed he was talking with a woman. Yet no one said, "What do you want?" or, "Why talk with her?" Yesu ano sii pɛ na nʼasuafo no san bae. Ɛyɛɛ asuafo no nwonwa sɛ wɔbɛtoo Yesu sɛ ɔne ɔbea bi redi nkɔmmɔ. Nanso wɔn mu biara ammisa ɔbea no nea ɔrehwehwɛ ne Yesu nso, nea enti a ɔne saa ɔbea no redi nkɔmmɔ no.
28 So the woman left her water jar and went back to town and said to the people, Afei ɔbea yi gyaw nʼasuhina no hɔ san kɔɔ kurow no mu kɔka kyerɛɛ kurom hɔfo se,
29 "Come, see a man who told me everything I ever did. Could this be the Christ?" “Mommra mmɛhwɛ ɔbarima bi a waka kokoa mu nneɛma a mayɛ akyerɛ me! Anaa ɔno ne Agyenkwa no?”
30 They left the town and were coming to him. Nnipa a wɔtee asɛm yi nyinaa bɔɔ twi kɔhwɛɛ Yesu.
31 Meanwhile the disciples were urging him, "Rabbi, eat." Afei asuafo no ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, didi.”
32 But he said to them, "I have food to eat that you know nothing about." Yesu buaa wɔn se, “Mewɔ aduan a midi a munnim ho hwee.”
33 So the disciples said to one another, "Has anyone brought him something to eat?" Ɛmaa asuafo no bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Obi abrɛ no aduan bi ana?”
34 Jesus said to them, "My food is doing the will of the one who sent me and finishing his work. Yesu buae se, “Mʼaduan ne sɛ meyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, na miwie dwuma a ɔde maa me sɛ mimmedi no.
35 Don't you say, 'Four months more, then harvest comes'? Look, I tell you: raise your eyes, see the fields—white for harvest. Moka se, ‘Asram anan mu, otwabere bedu.’ Mummue mo ani nhwɛ mo ho nhyia, na muhu sɛ aburow awo a ɛkyerɛ sɛ, otwabere adu!
36 Already the harvester earns wages, gathering fruit for eternal life, so that planter and harvester may rejoice together. Otwafo nya nʼakatua a ɛsɛ no, na ɔboaboa nea watwa no ano ma nkwa a ɛnsa da. Eyi ma nea odua ne nea otwa no nyinaa ani gye.
37 For here the saying holds true: 'One plants and another harvests.' Ɛyɛ nokware pefee sɛ, ‘Obi dua na obi twa.’
38 I sent you to reap what you didn't work for. Others worked, and you have entered into their labor." Mesomaa mo kɔɔ baabi sɛ munkotwa nea monyɛe ho adwuma ɛ. Nnipa afoforo na wɔayɛ adwumaden, na mo de, moanya mfaso afi adwuma a wɔayɛ no mu.”
39 Many Samaritans from that town believed in him because of the woman's testimony: "He told me everything I ever did." Esiane adanse a Samarianibea no di faa Yesu ho se, “Waka biribiara a mayɛ akyerɛ me” no nti, kurow no mu hɔfo pii gyee Yesu dii sɛ ɔno ne Mesaia no.
40 When the Samaritans came to him, they asked him to stay with them; he stayed two days. Enti bere a Samariafo no baa Yesu nkyɛn no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn. Ɔpenee so dii nnaanu wɔ wɔn nkyɛn.
41 And many more believed because of his word. Ne nsɛm no nti nnipa bebree gyee no dii.
42 They told the woman, "It is no longer because of what you said that we believe—we've heard for ourselves, and we know this man truly is the Savior of the world." Nnipa a wogyee no dii no ka kyerɛɛ ɔbea no se, “Ɛnyɛ adanse a wubedii no nti na yegye no di, na mmom nsɛm a yɛate sɛ ɔka no nti na yɛagye no adi. Na yenim sɛ ɔno ne wiase Agyenkwa no.”
43 After the two days he departed from there for Galilee. Nnaanu akyi no, Yesu fii kurow no mu kɔɔ Galilea.
44 (For Jesus himself had testified that a prophet has no honor in his own hometown.). Ɛwɔ mu sɛ na Yesu aka se, “Odiyifo biara nni anuonyam wɔ ne man mu” de, nanso
45 When he arrived in Galilee, the Galileans welcomed him, having seen all he did in Jerusalem at the feast—they too had gone to the feast. esiane nea Galileafo a wɔwɔ Yerusalem wɔ Twam Afahyɛ bere no mu no huu nea Yesu yɛe no nti, oduu Galilea no wogyee no.
46 He went again to Cana in Galilee, where he had turned water to wine. A royal official's son was sick at Capernaum. Ɔsan kɔɔ Kana a ɛwɔ Galilea, faako a ɔmaa nsu dan nsa hɔ no bio. Yesu wɔ hɔ no ɔhene somfo panyin bi a na ne ba yare wɔ Kapernaum no
47 Hearing that Jesus had come from Judea to Galilee, he went to him and begged him to come down and heal his son, who was about to die. tee ne nka sɛ ofi Yudea aba Galilea hɔ. Saa ɔbarima yi kɔɔ Kana kohuu Yesu, srɛɛ no se ɔne no nkɔ Kapernaum nkɔsa ne ba a na ɔyare a ɔreyɛ awu no yare mma no.
48 So Jesus said to him, "Unless you people see signs and wonders, you will never believe." Yesu kae se, “Menyɛ nsɛnkyerɛnne nkyerɛ mo ansa na moagye me adi ana?”
49 The royal official said to him, "Sir, come down before my child dies." Ɔsomfo panyin no de ahoyeraw ka kyerɛɛ no se, “Owura, mesrɛ wo, ma yɛnkɔ ntɛm, anyɛ saa a me ba no bewu.”
50 Jesus said to him, "Go; your son will live." The man believed what Jesus told him and left. Yesu ka kyerɛɛ no se, “Kɔ fie na wo ba no ho ayɛ no den!” Ɔsomfo panyin no gyee asɛm a Yesu kae no dii na osii mu sɛ ɔrekɔ fie.
51 As he was going down, his servants met him and told him that his boy was living. Ɔnam kwan so no, nʼasomfo bi behyiaa no ka kyerɛɛ no se ne ba no ho atɔ no.
52 So he asked them the hour he improved, and they said, "Yesterday at the seventh hour, the fever left him." Ɔbarima no bisaa nʼasomfo no se, “Bere bɛn na ne ho tɔɔ no?” Asomfo no buaa no se, “Nnɛra awia bɛyɛ dɔnkoro bere mu na atiridiinini a na abɔ no no gyaee.”
53 So the father knew this was the hour when Jesus told him, "Your son will live." He and his whole household believed. Ɔbarima no tee asɛm no pɛ na ɔkaa se ɛyɛ saa bere koro no ara mu na Yesu ka kyerɛɛ no se, “Kɔ fie na wo ba no ho atɔ no” no. Eyi maa ɔbarima no ne ne fifo nyinaa gyee Yesu dii.
54 This was now the second sign that Jesus did when he had come from Judea to Galilee. Eyi ne nsɛnkyerɛnne a ɛto so abien a Yesu fii Yudea baa Galilea no ɔyɛe.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]