Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Genesis 5 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 This is the written record of Adam's descendants. When our Father created humankind, he made them in the likeness of God. Sɛnea Adam asefo nnidiso te ni. Bere a Onyankopɔn nwen onipa no, ɔnwen no sɛ ɔno ara ne sɛso.
2 He created them male and female, blessed them, and named them Humankind when they were created. Ɔbɔɔ ɔbea ne ɔbarima, na ohyiraa wɔn. Ɔbɔɔ wɔn wiee no, ɔtoo wɔn din onipa.
3 At 130, Adam fathered a son in his likeness, after his image, and named him Seth. Adam dii mfe ɔha aduasa no, ɔwoo ɔbabarima sɛ ɔno ara ne bɔbea ne ne sɛso. Ɔtoo ne din Set.
4 After he fathered Seth, Adam lived 800 years and had other sons and daughters. Ɔwoo Set no, Adam tenaa ase mfe ahanwɔtwe a ɔwowoo mmabarima ne mmabea kaa ho.
5 Altogether, Adam lived 930 years, and then he died. Sɛ wɔka Adam mfe nyinaa bɔ mu a, odii mfe ahankron aduasa, ansa na ɔrewu.
6 When Seth had lived 105 years, he fathered Enosh. Set dii mfe ɔha ne anum no, ɔwoo Enos.
7 After he fathered Enosh, Seth lived 807 years and had other sons and daughters. Set woo Enos akyi no, ɔtenaa ase, dii mfe ahanwɔtwe ne ason, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho.
8 Altogether, Seth lived 912 years, and then he died. Sɛ wɔka Set mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahankron ne dumien, ansa na ɔrewu.
9 When Enosh had lived ninety years, he fathered Kenan. Enos dii mfe aduɔkron no, ɔwoo Kenan.
10 After he fathered Kenan, Enosh lived 815 years and had other sons and daughters. Enos woo Kenan akyi no, ɔtenaa ase mfe ahanwɔtwe ne dunum, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho.
11 Altogether, Enosh lived 905 years, and then he died. Sɛ wɔka Enos mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahankron ne anum, ansa na ɔrewu.
12 When Kenan had lived seventy years, he fathered Mahalalel. Kenan dii mfe aduɔson no, ɔwoo Mahalalel.
13 After he fathered Mahalalel, Kenan lived 840 years and had other sons and daughters. Kenan woo Mahalalel akyi no, ɔtenaa ase mfe ahanwɔtwe aduanan, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho.
14 Altogether, Kenan lived 910 years, and then he died. Sɛ wɔka Kenan mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahankron ne du, ansa na ɔrewu.
15 When Mahalalel had lived sixty-five years, he fathered Jared. Mahalalel dii mfe aduosia anum no, ɔwoo Yared.
16 After he fathered Jared, Mahalalel lived 830 years and had other sons and daughters. Mahalalel woo Yared akyi no, ɔtenaa ase, dii mfe ahanwɔtwe aduasa, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho.
17 Altogether, Mahalalel lived 895 years, and then he died. Sɛ wɔka Mahalalel mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahanwɔtwe aduɔkron anum, ansa na ɔrewu.
18 When Jared had lived 162 years, he fathered Enoch. Yared dii mfe ɔha aduosia abien no, ɔwoo Henok.
19 After he fathered Enoch, Jared lived 800 years and had other sons and daughters. Yared woo Henok akyi no, ɔtenaa ase mfe ahanwɔtwe, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho.
20 Altogether, Jared lived 962 years, and then he died. Sɛ wɔka Yared mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahankron aduosia abien, ansa na ɔrewu.
21 When Enoch had lived sixty-five years, he fathered Methuselah. Henok dii mfe aduosia anum no, ɔwoo Metusela.
22 After fathering Methuselah, Enoch walked with our Father 300 years, and had other sons and daughters. Henok woo Metusela akyi no, Henok de ne ho bataa Awurade ho mfe ahaasa, na ɔwowoo mmabarima ne mmabea kaa ho.
23 Altogether, Enoch lived 365 years. Sɛ wɔka Henok mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahaasa aduosia anum.
24 Enoch walked faithfully with our Father; then he was gone, because our Father took him. Henok de ne ho bataa Onyankopɔn; afei, obi anhu no bio, efisɛ Onyankopɔn faa no kɔe.
25 When Methuselah had lived 187 years, he fathered Lamech. Metusela dii mfe ɔha aduɔwɔtwe ason no, ɔwoo Lamek.
26 After he fathered Lamech, Methuselah lived 782 years and had other sons and daughters. Metusela woo Lamek akyi no, ɔtenaa ase mfe ahanson aduɔwɔtwe abien, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho.
27 Altogether, Methuselah lived 969 years, and then he died. Sɛ wɔka Metusela mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahankron aduosia akron, ansa na ɔrewu.
28 When Lamech had lived 182 years, he fathered a son. Lamek dii mfe ɔha ne aduɔwɔtwe abien no, ɔwoo ɔbabarima.
29 He named him Noah, saying, "He will comfort us in our work and painful toil of our hands, from the ground our Father cursed." Ɔtoo no din Noa, na ɔkae se, “Ɔno na ɔbɛma yɛanya ahomegye afi kuayɛ mu adwumaden wɔ asase a Awurade adome no so.”
30 After he fathered Noah, Lamech lived 595 years and had other sons and daughters. Lamek woo Noa akyi no, ɔtenaa ase mfe ahannum aduɔkron anum, wowoo mmabarima ne mmabea kaa ho.
31 Altogether, Lamech lived 777 years, and then he died. Sɛ wɔka Lamek mfe dodow bɔ mu a, odii mfe ahanson aduɔson ason, ansa na ɔrewu.
32 When Noah was 500 years old, he fathered Shem, Ham, and Japheth. Noa dii mfe ahannum no, ɔwoo mmabarima baasa a wɔfrɛ wɔn Sem, Ham ne Yafet.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]