Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Genesis 43 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Now the famine was severe in the land. Saa bere no mu no, na ɔkɔm no ano da so yɛ den wɔ asase no so nyinaa.
2 When they'd eaten the grain brought from Egypt, their father said, "Go back and buy us a little food." Enti bere a aduan a wɔkɔtɔ fii Misraim bae no reyɛ asa no, wɔn agya Yakob ka kyerɛɛ wɔn se, “Monsan nkɔ nkɔtɔ aduan kakra mmra bio.”
3 But Judah told him, "The man firmly warned us: 'You won't see my face without your brother.' Nanso Yuda ka kyerɛɛ nʼagya Yakob se, “Owura no sua kyerɛɛ yɛn denneennen se, ‘Sɛ moamfa mo nua kumaa no anka mo ho amma a, munnsi mʼanim ha bio.’
4 If you send our brother with us, we will go down and buy you food. Sɛ wobɛma yɛne yɛn nua kumaa no akɔ de a, ɛno de, yɛbɛsan akɔ akɔtɔ aduan no bi abrɛ wo.
5 But if you won't send him, we won't go, for the man said, 'You won't see my face without your brother.'" Nanso sɛ woamma yɛamfa no ankɔ de a, yɛrenkɔ, efisɛ owura no suaa denneennen se, ‘Sɛ mo nua kumaa no nka mo ho a, munnsi mʼanim bio.’ ”
6 Israel said, "Why did you harm me by telling the man you had another brother?" Israel bisaa ne mma no se, “Adɛn nti na moka kyerɛɛ owura no se mowɔ nua kumaa bi wɔ hɔ, na mode saa ɔhaw yi abɛto me so?”
7 They said, "The man questioned us closely about ourselves and our family: 'Is your father still alive? Do you have another brother?' We answered accordingly. How could we know he'd say, 'Bring your brother down'?" Anuanom no buaa wɔn agya Israel se, “Owura no nyaa adagyew, tɔɔ ne bo ase bisaa yɛn ne yɛn abusuafo ho nsɛm nyinaa se, ‘Mo agya da so te ase ana? Mowɔ onua foforo bi ka mo ho?’ Nsɛm a obisaa yɛn no na yebuaa no. Na yennim sɛ ɔbɛka se, ‘Momfa mo nua kumaa no mmra.’ ”
8 Judah said to his father Israel, "Send the boy with me; let's go, so we may live and not die—we, you, and our children. Ɛhɔ na Yuda ka kyerɛɛ nʼagya Israel se, “Fa yɛn nua no hyɛ me nsa, na yensi mu nkɔ ntɛm nkɔtɔ aduan no bi mmra, na ɔkɔm ankum yɛn ne wo ne yɛn mma.
9 I pledge myself for him—demand him from me. If I don't bring him back and set him before you, I'll bear the blame before you forever. Mʼankasa mɛhwɛ abofra no so. Sɛ mamfa no amma a, bisa me. Sɛ mamfa no amma, ammegyina wʼanim ha, amma woanhu sɛ wo ba no ni a, saa asodi no nna me so me nkwanna nyinaa.
10 For if we had not delayed, surely by now we would have returned twice." Sɛ yɛantwentwɛn yɛn nan ase a, anka saa bere yi, yɛakɔ aba bɛyɛ mprenu.”
11 Israel their father said to them, "If it must be so, do this: put the land's best products in your bags, and take the man a gift—a little balm, a little honey, spices, myrrh, pistachios, almonds. Afei, wɔn agya Israel ka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ meyɛ ho hwee na ɛrenyɛ yiye de a, ɛno de, momfa asase yi so nnepa a bi ne akyenkyennuru kakra, ɛwo kakra, aduhuam, kurobow, nkate ne ɔsonkoran aba nhyɛ mo nkotoku mu, nkɔyɛ owura no ayɛ.
12 Take double the money, and bring back what was returned in your sacks' mouths—perhaps an oversight. Sika a mode rekɔ no nso, monyɛ no mmɔho efisɛ ɛsɛ sɛ mosan de sika a kan no mode kɔe na ɔsan de hyɛɛ mo nnesoa mu bae no kɔma no. Ebia na ɛyɛɛ no anipaso.
13 Take your brother also, and go back to the man. Momfa mo nua no nso nka mo ho, na munsi mu ntɛmntɛm nkɔ.
14 May El Shaddai—our Father Almighty—grant you mercy before the man, so he releases your other brother and Benjamin. And as for me, if I'm bereaved of my children, I'm bereaved." Otumfo Nyankopɔn nnyina mo akyi, na owura no nhu mo mmɔbɔ, na onyaa mo nua panyin Simeon, na ɔmfa Benyamin nso nka mo ho, na mo nyinaa nsan mmra. Sɛ ɛsɛ sɛ midi wɔn wu ho awerɛhow nso a, minni asɛm biara ka.”
15 The men took the gift, twice the silver, and Benjamin, went down to Egypt, and stood before Joseph. Enti Israelmma no faa akyɛde ahorow a wɔde rekɔ akɔyɛ owura no ayɛ no, ne wɔn sika mmɔho abien, ne wɔn nua kumaa Benyamin kaa wɔn ho, sii mu kɔe. Woduu Misraim no, wokoyii wɔn ho adi kyerɛɛ Yosef.
16 Seeing Benjamin with them, Joseph told his house steward, "Bring the men into the house, slaughter an animal, and prepare it—they'll eat with me at noon." Bere a Yosef huu sɛ Benyamin ka wɔn ho no, ɔka kyerɛɛ ne fi somfo panyin no se, “Fa nkurɔfo no kɔ me fi, na kum aboa bi, na wɔmfa nnoa aduan, na awia me ne wɔn bedidi.”
17 The man did as Joseph said, and he brought the men into Joseph's house. Ɔsomfo panyin no yɛɛ sɛnea Yosef kae no ma ɔde nkurɔfo no kɔɔ Yosef fi.
18 The men were afraid because they were brought into Joseph's house. They said, "It's because of the money returned in our sacks the first time, that we're brought in—to attack us, fall on us, seize us as slaves, and take our donkeys." Ɔde wɔn duu Yosef fi no, wosuroe. Wɔkae se, “Gyama esiane dwetɛ a yɛbɛtɔɔ aduan a edi kan no wɔde hyehyɛɛ yɛn nkotoku mu no nti na ɔde yɛn aba ha. Ɔpɛ sɛ ɔde korɔn to yɛn so, na ɔfa yɛn sɛ ne nkoa, na ɔsan fa yɛn mfurum no nyinaa.”
19 So they approached the steward of Joseph's house and spoke to him at the door, Woduu Yosef fi kwan no ano no, wɔkɔɔ Yosef somfo panyin no nkyɛn.
20 and said, "Please, sir, we indeed came down the first time to buy food. Wɔka kyerɛɛ no se, “Yɛn wura, yɛsrɛ wo, yɛbaa ha bere bi a atwa mu bɛtɔɔ aduan.
21 At the lodge, when we opened our sacks, each man's silver was there in full weight, in his sack's mouth. We've brought it back with us. Bere a yɛresan akɔ yɛn kurom a ade sae, na yɛsoɛsoɛɛ no, asoɛe hɔ na yebuebuee yɛn nkotoku ano, na yehuu sɛ obiara sika a okurae a anka ɔde rekɔtɔ aburow no hyɛ ne kotoku no mu pɛpɛɛpɛ. Ɛno nti, yɛasan de aba.
22 We also brought more money to buy food, but don't know who put it in our sacks." Yɛasan de sika foforo aba sɛ yɛde rebɛtɔ aduan. Yennim onipa ko a ɔde saa sika no hyehyɛɛ yɛn nkotoku no mu.”
23 He said, "Peace to you, don't fear. Your Father and the God of your father gave you treasure in your sacks; your payment reached me." Then he brought Simeon out to them. Ɔsomfo panyin no ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛnyɛ asɛm biara. Munnsuro. Onyame a mosom no ne mo agya Nyame a ɔsom no no na ɔde saa sika no hyehyɛɛ mo nkotoku no mu maa mo. Na mo sika no de, yegyei.” Afei, oyii Simeon fii afiase hɔ de no brɛɛ wɔn.
24 The man brought them into Joseph's house and gave them water, and they washed their feet; and he fed their donkeys. Ɔsomfo panyin no de wɔn kɔɔ Yosef fi, maa wɔn nsu hohoroo wɔn anan ase, na ɔmaa wɔn mfurum no nso aduan dii.
25 So they readied the gift for Joseph's noon arrival, since they'd heard they would eat there. Wɔboaboaa akyɛde a wɔde bɛma Yosef no ano de twɛn no, efisɛ na wɔate sɛ wobedidi wɔ fie hɔ awia no.
26 When Joseph came home, they brought him the gift in their hands and bowed to him, to the ground. Bere a Yosef bae no, anuanom no buu no nkotodwe, de wɔn akyɛde no maa no.
27 He asked how they were, then said, "Is your father—the old man you mentioned—well? Is he still alive?" Yosef bisaa wɔn sɛnea wɔn ho te. Ɔtoaa so se, “Mo agya akwakoraa a mokaa ne ho asɛm no ho te dɛn? Ɔda so te ase ana?”
28 They said, "Your servant our father is well, still alive." They bowed and prostrated themselves. Wobuaa no se, “Wʼakoa a ɔyɛ yɛn agya no ho ye. Ɔda so te ase.” Wɔde obu ne nidi bɔɔ wɔn mu ase wɔ nʼanim.
29 He looked up, saw his brother Benjamin, his mother's son, and asked, "Is this your youngest brother you told me about?" Then he said, "May our Father be gracious to you, my son." Bere a nʼani tɔɔ ne na ba Benyamin anim no, obisae se, “Oyi ne mo nua kumaa a mokaa ne ho asɛm kyerɛɛ me no ana?” Ɔtoaa so se, “Me ba, Onyankopɔn nnom wo!”
30 Joseph hurried out, moved with compassion toward his brother, seeking a place to weep; he went into his room and wept there. Yosef huu ne nua kumaa Benyamin no, ne werɛ howee, enti ɔyɛɛ ntɛm fii adi kɔhyɛɛ ne pia mu kosui.
31 Then he washed his face and came out; and he composed himself and said, "Serve the meal." Osu wiee no, ɔhohoroo nʼanim, san bae de animia kae se, “Momma yennidi!”
32 They served him alone, his brothers alone, Egyptians eating with him alone—Egyptians can't eat bread with Hebrews, detestable to them. Wɔtoo Yosef pon wɔ baabi, na wɔtoo anuanom no nso pon wɔ baabi wɔ ɔdan koro no ara mu. Misraimfo a wɔyɛ Yosef asomfo no nso didii wɔ baabi foforo, efisɛ Misraimfo no mmu Hebrifo, na wɔne wɔn ato nsa adidi.
33 They sat before him: the firstborn by his birthright, the youngest by his youth—the men were astonished at one another. Wɔde Yosef nuanom no tenatenaa ase mpanyin mu. Ɛyɛɛ saa maa anuanom no de ahodwiriw hwehwɛɛ wɔn ho wɔn ho anim.
34 He sent portions to them from his table, Benjamin's portion five times the others'. They drank and celebrated with him. Wotitii nnuan no fi Yosef pon so kɔmaa wɔn no, na Benyamin de no dɔɔso sen ne nua biara de mpɛn anum. Ɛmaa wɔne Yosef de anigye ne ahosɛpɛw didi nomee.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]