Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Genesis 36 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 This is the family record of Esau (that is, Edom). Eyinom ne Esau a wɔfrɛ no Edom no asefo.
2 Esau took his wives from the daughters of Canaan: Adah daughter of Elon the Hittite, and Oholibamah daughter of Anah, daughter of Zibeon the Hivite, Esau waree Kanaanfo mmea baasa. Wɔn din de Ada a ɔyɛ Hetini Elon babea, Ana babea Oholibama a ɔsan yɛ Hewini Sibeon nena ne
3 and Basemath the daughter of Ishmael, the sister of Nebaioth. Basmat a ɔyɛ Ismael babea na ɔyɛ Nebaiot nuabea.
4 Adah gave birth to Eliphaz for Esau, and Basemath gave birth to Reuel, Ada woo Elifas maa Esau. Basmat woo Reuel.
5 Oholibamah bore Jeush, Jalam, and Korah—Esau's sons, born to him in the land of Canaan. Oholibama nso woo Yeus, Yalam ne Kora. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne mmabarima a Esau yerenom baasa no wowoo wɔn maa no wɔ Kanaan asase so no.
6 Esau took his wives, sons, daughters, all his household, his livestock, all his animals, and all the property he had gained in Canaan, and moved to a land away from his brother Jacob. Esau faa ne yerenom, ne mmabarima, ne mmabea, ne fifo nyinaa, ne nyɛmmoa ne mmoa a aka nyinaa ne nʼagyapade biara a ɔbrɛ nyaa no wɔ Kanaan asase so nyinaa, tu fii ne nua Yakob nkyɛn, kɔɔ asase bi so wɔ akyirikyiri.
7 Their possessions were too great to live together; the land where they stayed couldn't support them both because of their livestock. Efisɛ na wɔn ahonyade no dɔɔso sɛ ɔne ne nua Yakob betumi atena faako. Na wɔn mmoa dodow nti, wɔn baanu no nsen asase a wɔte so no so.
8 So Esau settled in the hill country of Seir. (Esau is Edom.). Ɛno nti, Esau a wɔfrɛ no Edom no, kɔbɔɔ nʼatenae wɔ Seir bepɔw so.
9 These are the records of Esau, father of the Edomites, in the hill country of Seir. Eyinom ne Esau a ɔyɛ Edomfo agya no asefo a wɔwoo wɔn maa no bere a na ɔwɔ Seir bepɔw so no.
10 These are the names of Esau's sons: Eliphaz son of Adah, Esau's wife; Reuel son of Basemath, Esau's wife. Esau mmabarima no din na edidi so yi: Elifas, a ɔyɛ Esau yere panyin Ada babarima ne Reuel a ɔyɛ Basmat babarima.
11 The sons of Eliphaz were Teman, Omar, Zepho, Gatam, and Kenaz. Elifas nso mmabarima din na edidi so yi: Teman, Omar, Sefo, Gatam ne Kenas.
12 Timna, concubine of Esau's son Eliphaz, bore him Amalek. These were sons of Esau's wife Adah. Na Esau babarima Elifas nso wɔ mpena bi a ne din de Timna a ɔne no woo ba a wɔfrɛ no Amalek. Din a wɔabobɔ yi yɛ Esau yere Ada nenanom.
13 These are Reuel's sons: Nahath, Zerah, Shammah, Mizzah. These are the sons of Esau's wife Basemath. Reuel mmabarima din na edidi so yi: Nahat, Serah, Sama ne Misa. Saa din a wɔabobɔ yi yɛ Esau yere Basmat nso nenanom.
14 These are the sons of Esau's wife Oholibamah, daughter of Anah, daughter of Zibeon: she bore Jeush, Jalam, and Korah to Esau. Esau yere Oholibama a ɔyɛ Ana babea, na ɔsan yɛ Sibeon nena no mmabarima a ɔwoo wɔn maa Esau no ne eyinom: Yeus, Yalam ne Kora.
15 These are the chiefs of Esau's sons. The sons of Eliphaz, Esau's firstborn: chief Teman, chief Omar, chief Zepho, chief Kenaz. Eyinom ne Esau asefo no mu atitiriw: Elifas a ɔyɛ Esau abakan no nso mmabarima din na edidi so yi: Atitiriw Teman, Omar, Sefo, Kenas,
16 Chief Korah, chief Gatam, chief Amalek—these are Eliphaz's chiefs in the land of Edom; these were Adah's sons. Kora, Gatam ne Amalek. Saa din a wɔabobɔ yi ne Elifas a ɔyɛ Esau abakan no asefo atitiriw a wɔwowoo wɔn wɔ Edom asase so. Na saa atitiriw yi yɛ Ada nenanom.
17 These are the sons of Reuel, Esau's son: chief Nahath, chief Zerah, chief Shammah, chief Mizzah. These are Reuel's chiefs in the land of Edom. These are the sons of Basemath, Esau's wife. Esau babarima Reuel mmabarima din na edidi so yi: Otitiriw Nahat, Otitiriw Serah, Otitiriw Sama ne Otitiriw Misa. Saa din a wɔabobɔ yi ne Reuel a ɔyɛ Esau ba a ɔto so abien no nnipa atitiriw a wɔwoo wɔn wɔ Edom asase so. Na wɔyɛ Esau yere Basmat nenanom.
18 Sons of Esau's wife Oholibamah: chief Jeush, chief Jalam, chief Korah. These are the chiefs of Esau's wife Oholibamah, daughter of Anah. Esau yere Oholibama mmabarima din na edidi so yi: Otitiriw Yeus, Otitiriw Yalam ne Otitiriw Kora. Saa din a wɔabobɔ yi ne Esau yere Oholibama a ɔyɛ Ana babea no asefo nnipa atitiriw no.
19 These are the sons of Esau (that is, Edom), and these are their chiefs. Saa din a wɔabobɔ yi ne Esau a ɔno ara ne Edom no mmabarima. Wɔn ara nso na wɔyɛ wɔn nnipa atitiriw no.
20 These are the sons of Seir the Horite, who lived in the land: Lotan, Shobal, Zibeon, Anah, Eyinom ne Horini Seir mmabarima a na saa bere no wɔtete Seir asase so no: Lotan, Sobal, Sibeon, Ana,
21 Dishon, Ezer, and Dishan—chiefs of the Horites, sons of Seir, in Edom's land. Dison, Eser ne Disan. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne Horini Seir mmabarima a na wɔtete Edom asase so no nnipa atitiriw no.
22 The sons of Lotan were Hori and Hemam, and Lotan's sister was Timna. Lotan mmabarima ne eyinom: Hori ne Homam. Na Timna yɛ Lotan nuabea.
23 These are the sons of Shobal: Alvan, Manahath, Ebal, Shepho, and Onam. Sobal nso mmabarima ne eyinom: Alwan, Manahat, Ebal, Sefo ne Onam.
24 These are Zibeon's sons: Aiah and Anah. This is the Anah who found hot springs in the wilderness while tending his father Zibeon's donkeys. Na eyinom ne Sibeon mmabarima: Aya ne Ana. Saa Ana yi ne abarimaa a, bere bi ɔde nʼagya Sibeon mfurum kɔɔ adidi wɔ sare no so a okohuu asu aniwa bi a na nsuɔhyew fi mu ba no.
25 These are the children of Anah: Dishon, and Oholibamah the daughter of Anah. Ana mma ni: Dison ne Oholibama a ɔyɛ Ana babea no.
26 These are the sons of Dishon: Hemdan, Eshban, Ithran, and Cheran. Disan mmabarima ni: Hemdan, Esban, Yitran ne Keran.
27 These are the sons of Ezer: Bilhan, Zaavan, and Akan. Eser mmabarima ne eyinom: Bilhan, Saawan ne Akan.
28 These are the sons of Dishan: Uz and Aran. Eyinom ne Disan mma: Us ne Aran.
29 These are the chiefs of the Horites: chief Lotan, chief Shobal, chief Zibeon, chief Anah, Eyinom ne Horifo nnipa atitiriw: Lotan, Sobal, Sibeon, Ana,
30 chief Dishon, chief Ezer, chief Dishan—chiefs of the Horites, clan by clan, in the land of Seir. Disan, Eser ne Disan. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne Horifo nnipa atitiriw a bere a na wɔwɔ Seir asase so no, wodii wɔn mmusua no so.
31 These are the kings who ruled in the land of Edom before any king ruled over the Israelites: Eyinom ne nnipa a wodii kan dii hene wɔ Edom asase so ansa na Israelni biara rebedi Israelmma so hene:
32 Bela the son of Beor reigned in Edom, and the name of his city was Dinhabah. Bela a ɔyɛ Beor babarima bedii hene wɔ Edom asase so. Na nʼahenkurow din de Dinhaba.
33 When Bela died, Jobab the son of Zerah from Bozrah reigned in his place. Na Bela wui no, Serah babarima Yobab a ofi Bosra bedii nʼade sɛ ɔhene.
34 When Jobab died, Husham from the land of the Temanites reigned in his place. Na Yobab wui no, Husam a ofi Teman asase so bedii nʼade sɛ ɔhene.
35 Husham died; Hadad son of Bedad, who defeated Midian in the territory of Moab, reigned in his place. His city was named Avith. Husam wu akyi Hadad a ɔyɛ Bedad babarima a okodii Midian so nkonim wɔ Moab asase so no na odii nʼade sɛ ɔhempɔn. Wɔtoo nʼahenkurow no din Hawit.
36 When Hadad died, Samlah from Masrekah reigned in his place. Hadad wui no, Samla a ofi Masreka kuropɔn mu bɛyɛɛ ɔhene.
37 When Samlah died, Shaul from Rehoboth on the Euphrates reigned in his place. Samla wui no, Saulo a ofi Rehobot a ɛda asu Eufrate ho no bedii hene.
38 When Shaul died, Baal-hanan the son of Achbor reigned in his place. Na Saulo wui no, Akbor babarima Baal-Hanan bedii hene.
39 When Baal-hanan son of Achbor died, Hadar reigned in his place; his city's name was Pau, and his wife's name was Mehetabel, daughter of Matred, daughter of Mezahab. Akbor babarima Baal-Hanan nso wui no, Hadad bedii nʼade, tenaa nʼahengua so sɛ ɔhempɔn. Na ɔhene Hadad ahenkurow no din de Pau, na ne yere nso din de Mehetabel a ɔyɛ Me-Sahab babea a ɔno nso yɛ Matred babea.
40 These are Esau's chiefs, by clan, by place, by name: chief Timna, chief Alvah, chief Jetheth. Sɛnea wɔn a wodidi so yi a wɔyɛ Esau asefo no mmusua ne wɔn tenabea te ni: Timna abusua, Alwa abusua, Yetet abusua,
41 Chief Oholibamah, chief Elah, chief Pinon, Oholibama abusua, Ela abusua, Pinon abusua,
42 chief Kenaz, chief Teman, chief Mibzar, Kenas abusua, Teman abusua, Mibsar abusua,
43 chief Magdiel, and chief Iram. These are Edom's chiefs, by their settlements in the land they held. Esau was father of the Edomites. Magdiel abusua ne Iram abusua. Eyinom ne Edom mmusua a wɔde wɔn atenae no din totoe. Na wɔn nyinaa yɛ Edomfo a wɔyɛ Esau asefo.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]