Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Genesis 32 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Jacob went on his way, and the angels of our Father met him. Yakob nso toaa nʼakwantu no so. Onyankopɔn abɔfo behyiaa no.
2 Jacob saw them and said, "This is our Father's camp!" He named that place Mahanaim. Yakob huu wɔn no, ɔkae se, “Ɛha yɛ Onyankopɔn fi!” Enti ɔtoo saa beae hɔ din “Mahanaim,” a ne nkyerɛase ne Onyankopɔn asase.
3 Jacob sent messengers ahead of him to Esau his brother in the land of Seir, the territory of Edom. Yakob somaa abɔfo dii nʼanim kɔɔ ne nua Esau nkyɛn wɔ Seir a ɛwɔ Edom asase so.
4 He ordered them, "Tell my lord Esau: your servant Jacob says, I've lived with Laban and stayed until now. Nkra a ɔde maa wɔn ni: “Monka nkyerɛ me wura Esau se, ‘Wʼakoa Yakob se, yɛn wɔfa Laban nkyɛn na makɔtena sɛ ɔhɔho ara de besi nnɛ yi.
5 I own oxen, donkeys, flocks, and servants—male and female. I've sent to inform my lord, to find favor in your eyes." Nnɛ de, mewɔ anantwi ne mfurum, nguan ne mmirekyi, nkoa ne mfenaa bebree. Masoma mʼabɔfo yi aba wo, me wura nkyɛn, sɛ wɔmmɛka nkyerɛ wo se, mereba. Mewɔ anidaso nso sɛ, menya wʼanim anuonyam ama woagye me fɛw so.’ ”
6 The messengers returned to Jacob: "We went to your brother Esau—he's coming to meet you, 400 men with him." Asomafo no san baa Yakob nkyɛn no, wɔbɛka kyerɛɛ no se, “Yɛkɔɔ wo nua Esau nkyɛn kɔkaa wo nkra no kyerɛɛ no, na ose ɔreba abehyia wo, na mmarima ahannan na wɔka ne ho reba.”
7 Jacob was very afraid and distressed. He split the people with him, and the flocks, herds, and camels, into two camps, Yakob de ehu ne awerɛhow kyekyɛɛ nnipa a ɔne wɔn nam no ne mmoa no mu akuw abien.
8 thinking, "If Esau reaches one camp and attacks it, the remaining camp will escape." Ɔkaa wɔ ne tirim se, “Sɛ ɛba sɛ Esau ne ne dɔm no ba bɛtow hyɛ kuw baako so a, kuw a ɛto so abien no betumi aguan.”
9 Then Jacob said, "God of my father Abraham and God of my father Isaac, my Father, who said to me, 'Return to your land and family, so I may treat you well,' Na Yakob bɔɔ Awurade mpae se, “Ao, Awurade Nyankopɔn a mʼagya Abraham ne mʼagya Isak som wo, Awurade a woka kyerɛɛ me se, ‘San kɔ wʼasase so ne wʼabusua mu, na mɛma woayɛ ɔdefo.’
10 I am too small for the least of all the covenant love and faithfulness you have shown your servant, for I crossed this Jordan with only my staff, and now I have become two camps. Wʼadɔe a wode ayɛ me ne nokware a woadi wʼakoa no mu kakraa bi mpo, mfata me. Da a mifii fie kotwaa Asubɔnten Yordan no, na me pema nko ara na mikurae, nanso nnɛ, me na mikura dɔm ahorow abien yi.
11 Rescue me, please, from my brother's hand, from Esau's hand—I fear him: he may come and strike me down, mothers with children. Mesrɛ wo, gye me fi me nua Esau nsam. Misuro sɛ ɔbɛtow ahyɛ me ne me yerenom ne me mma so.
12 But you said, 'I will surely be good to you and make your descendants like the sand of the sea, too many to count.'" Nanso wo na woahyɛ me bɔ se, ‘Nokware mu, mɛma woanya wo ho, na mama wʼase afɛe ayɛ sɛ mpoano nwea a wontumi nkan.’ ”
13 He stayed there that night, then took a gift for his brother Esau from what he had: Saa da no, ɔdaa hɔ. Na oyii nʼagyapade no bi sɛ akyɛde a ɔde bɛma ne nua Esau.
14 200 female goats and twenty male goats, 200 ewes and twenty rams, Nneɛma no ni: Mmirekyibere ahannu, mpapo aduonu, nguanmmere ahannu, adwennini aduonu.
15 thirty nursing camels with their young, forty cows, ten bulls, twenty female donkeys, ten male donkeys. Yomabere aduasa ne wɔn mma, anantwibere aduanan, anantwinini du, mfurummmere aduonu, mfurumnini du.
16 He gave them to his servants, drove by drove, separately, and told his servants, "Pass ahead of me, and leave space between drove and drove." Ɔkyekyɛɛ mmoa no mu akuwakuw, de maa nʼasomfo a kuw baako biara hyɛ ɔsomfo baako nsa. Ɔka kyerɛɛ nʼasomfo no se, “Munni mʼanim nkɔ, na mmom, momma akwan nneda mmoa akuwakuw no ntam.”
17 He ordered the first, "When Esau my brother meets you and asks you, 'Whose are you? Where are you going? Whose are these ahead of you?' Yakob san ka kyerɛɛ nʼasomfo a wodi kan no se, “Sɛ me nua Esau hyia mo, na obisa mo se, ‘Hena asomfo ne mo, mufi he na morekɔ he na hena mmoa na mode wɔn nam yi a?’
18 then say, 'They're your servant Jacob's, a gift sent to my lord Esau. Look, he himself is behind us.'" Monka nkyerɛ no se, ‘Mmoa no yɛ wʼakoa Yakob de. Ne nyinaa yɛ akyɛde a ɔde rebrɛ ne wura Esau, na nʼankasa di akyi reba.’ ”
19 He also commanded the second, the third, and all who followed the herds, "Say the same to Esau when you find him, Saa ara nso na Yakob ka kyerɛɛ nʼasomfo a wɔto so abien, abiɛsa ne wɔn a wodidi so a wɔde mmoa no rekɔ no se, “Sɛ muhyia Esau a, monka saa asɛm koro no ara nkyerɛ no. Monka nka ho se,
20 and you will say, 'Also, your servant Jacob is behind us.'" For he thought, "I will appease him with the gift ahead of me, then see his face; perhaps he'll accept me." ‘Wʼakoa Yakob ankasa di yɛn akyi reba.’ ” Efisɛ na Yakob ayɛ nʼadwene sɛ, “Mede akyɛde ahorow a mede asoma adi kan yi bɛpata no, na sɛ akyiri yi ohu me a, wagye me ato mu.”
21 So the gift passed on ahead of him, and he himself stayed that night in the camp. Enti wɔde Yakob akyɛde ahorow no dii kan kɔe. Na ɔno ankasa de, ɔdaa nʼatenae hɔ anadwo no.
22 That night he got up, took his two wives, two female servants, and eleven sons, and crossed the Jabbok ford. Anadwo no ara, Yakob sɔre faa ne yerenom baanu ne ne mfenaa baanu no ne ne mma dubaako no, de wɔn twaa Asubɔnten Yordan wɔ Yabok asutwabea hɔ.
23 He took them and sent them across the stream, and likewise sent across everything he had. Ɔde wɔn twaa asubɔnten no wiee no, ɔsan bɛfaa nʼagyapade a aka nyinaa de twaa asu no.
24 And Jacob was left alone. And a man wrestled with him until the breaking of the day. Enti ɛkaa Yakob nko ara wɔ nʼatenae hɔ. Anadwo no, obi ne no bɛtentamee ara kosii adekyee wɛɛ.
25 Seeing he could not defeat Jacob, the man touched his hip socket, and Jacob's hip was wrenched as they wrestled. Bere a ɔbarima a ɔne no tentamee no huu sɛ ɔrentumi nni Yakob so no, ɔbɔɔ Yakob dwonku ma ehuanee.
26 He said, "Let me go; dawn is breaking." But Jacob said, "I won't let you go unless you bless me." Na ɔbarima no ka kyerɛɛ Yakob se, “Ade akye nti, gyaa me ma menkɔ.” Nanso Yakob buaa no se, “Sɛ woanhyira me a, meremma wo nkɔ.”
27 And he said to him, "What is your name?" And he said, "Jacob." Ɔbarima no bisaa Yakob se, “Wo din de dɛn?” Obuae se, “Me din de Yakob.”
28 He said, "You will no longer be named Jacob, but Israel, for you have struggled with our Father and with men, and won." Ɔbarima no kae se, “Efi nnɛ, wɔremfrɛ wo Yakob bio, na mmom wɔbɛfrɛ wo Israel. Efisɛ wo ne Onyankopɔn ne nipa atentam, na woadi nkonim.”
29 Jacob asked him, "Please tell me your name." He said, "Why do you ask my name?" And he blessed him there. Yakob bisae se, “Mesrɛ wo, wɔfrɛ wo dɛn?” Ɔbarima no nso bisaa no se, “Adɛn nti na worebisa me din?” Na ohyiraa Yakob wɔ hɔ.
30 So Jacob named the place Peniel: "For I have seen our Father face to face, yet my life was saved." Ɛmaa Yakob too beae hɔ din Peniel, a ne nkyerɛase ne “Onyankopɔn Anim.” Na ɔkae se, “Mahu Onyankopɔn anikann, nanso meda so te nkwa mu.”
31 The sun rose upon him as he passed Penuel, limping because of his hip. Yakob refi Penuel no na owia agyina. Esiane ne dwonku a na ahuan no nti, na ɔka ne nan mu.
32 This is why, even now, the Israelites won't eat the thigh muscle on the hip socket—because he struck Jacob's hip socket there, at the thigh muscle. Ɛno nti na ebesi nnɛ yi, Israelfo nwe aboa dwonku koraa sɛ nkae ade no; efisɛ saa ntin kɛse a ɛwɔ Yakob dwonku no na ɔbarima a ɔne no tentamee no bɔe, maa dwonku no huanee no.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]