Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Genesis 10 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 This is the account of Noah's sons—Shem, Ham, and Japheth. Sons were born to them after the flood. Eyinom ne Noa mmabarima: Wɔne Sem, Ham ne Yafet asefo. Wɔwowoo mmabarima nsuyiri no akyi.
2 The sons of Japheth: Gomer, Magog, Madai, Javan, Tubal, Meshech, and Tiras. Yafet asefo ni: Gomer, Magog, Media, Yawan, Tubal, Mesek ne Tiras.
3 The sons of Gomer: Ashkenaz, Riphath, and Togarmah. Gomer asefo ni: Askenas, Rifat ne Togarma.
4 The sons of Javan: Elishah, Tarshish, Kittim, and Rodanim. Yawan asefo ni: Elisa, Tarsis, Kitim ne Rodanim.
5 From these the coastland peoples divided into their lands, each by language, clan, and nation. Na wɔn asefo bɛyɛɛ po so adwumayɛfo wɔ nsase ahorow so a na abusuakuw biara ka ne kasa nko.
6 The sons of Ham: Cush, Mizraim, Put, and Canaan. Ham asefo ni: Kus, Misraim, Put ne Kanaan.
7 The sons of Cush: Seba, Havilah, Sabtah, Raamah, and Sabteca. The sons of Raamah: Sheba and Dedan. Kus asefo ni: Seba, Hawila, Sabta, Raama ne Sabteka. Na Raama asefo nso ne: Saba ne Dedan.
8 Cush fathered Nimrod, who was the first mighty man on the earth. Kus woo Nimrod. Na Nimrod bɛyɛɛ ɔkofo kɛse wɔ asase so.
9 He was a mighty hunter before God, so they say, "Like Nimrod, a mighty hunter before God." Na ɔyɛ ɔbɔmmɔfo kɛse a Awurade ahyira no, na wɔbɔ ne din ka asɛm. Na obiara a ɔyɛ akokodurusɛm no, wɔde no toto Nimrod a na ɔyɛ ɔbɔmmɔfo kɛse a Awurade ahyira no no ho.
10 The beginning of his kingdom was Babel, Erech, Accad, and Calneh, in the land of Shinar. Nʼahenni fii ase wɔ Babilonia, Erek, Akad ne Kalne a ne nyinaa wɔ Sinear asase so.
11 From that land he went out to Assyria and built Nineveh, Rehoboth-Ir, Calah, Ofii saa asase no so trɛw nʼahenni mu kɔɔ Asiria, kɔkyekyeree Ninewe. Rehobot-Ir, Kala ne
12 and Resen, between Nineveh and Calah; this is the great city. Resen a ɛda Ninewe ne Kala ntam; ɛno na ɛyɛ kurow kɛse wɔ saa ahemman no mu.
13 Mizraim fathered the Ludim, the Anamim, the Lehabim, the Naphtuhim, Na Misraim woo Ludfo, Anamfo, Lehabfo, Naftuhfo,
14 the Pathrusim, the Casluhim (from whom the Philistines came), and the Caphtorim. Patrusfo, Kasluhfo ne Kaftorfo a wɔn ase na Filistifo fi.
15 Canaan fathered Sidon his firstborn, and Heth, Na Kanaan woo nʼabakan Sidon ne Het.
16 and the Jebusites, the Amorites, the Girgashites, Yebusifo, Amorifo, Girgasifo,
17 the Hivites, the Arkites, the Sinites, Hewifo, Arkifo, Sinifo,
18 the Arvadites, the Zemarites, and the Hamathites. Afterward the clans of the Canaanites spread out. Arwadfo, Semarifo ne Hematifo. Akyiri no, Kanaanfo mmusua no petee.
19 Canaan's border ran from Sidon toward Gerar to Gaza, and toward Sodom, Gomorrah, Admah, and Zeboiim, to Lasha. Kanaan nsase ahye trɛw fii Sidon koduu Gerar de kosii Gasa koduu Sodom ne Gomora, Adma, Seboim de kosi Lasa.
20 These are Ham's sons, by their clans, languages, lands, and nations. Eyinom ne Ham asefo a wɔn mmusuakuw, wɔn kasa, wɔn nsase ne wɔn aman da wɔn adi.
21 Children were also born to Shem, older brother of Japheth, father of all Eber's descendants. Sem a na ne nua panyin ne Yafet no nso woo mmabarima. Sem nananom ne Eber mma.
22 The sons of Shem: Elam, Asshur, Arphaxad, Lud, and Aram. Sem asefo ni: Elam, Asur, Arfaksad, Lud ne Aram.
23 The sons of Aram: Uz, Hul, Gether, and Mash. Aram asefo ni: Us, Hul, Geter ne Mas.
24 Arphaxad fathered Shelah, and Shelah fathered Eber. Na Arfaksad woo Sela, na Sela woo Eber.
25 Eber had two sons: one named Peleg, for the earth was divided in his days, and his brother named Joktan. Eber woo mmabarima baanu. Wɔtoo ɔbaako din Peleg a ase kyerɛ Nkyekyɛmu, efisɛ nʼawobere mu na kasa ahorow nti, nnipa a wɔwɔ asase so mu kyekyɛe ma wɔhwetee. Na wɔtoo ne nua a ɔka ne ho no din Yoktan.
26 Joktan fathered Almodad, Sheleph, Hazarmaveth, Jerah, Yoktan woo Almodada, Selef, Hasarmawet, Yera,
27 Hadoram, Uzal, Diklah, Hadoram, Usal, Dikla,
28 Obal, Abimael, Sheba, Obal, Abimael, Seba,
29 Ophir, Havilah, and Jobab; all these were the sons of Joktan. Ofir, Hawila ne Yobab.
30 Their territory extended from Mesha toward Sephar, to the hill country of the east. Asase a wɔte so no trɛw fi Mesa kosi Sefar, ɔmantam a ɛda bepɔw so wɔ apuei fam no.
31 These are Shem's sons, by their clans, languages, lands, and nations. Eyinom ne Sem mmabarima, sɛnea wɔn mmusua ne wɔn kasa, wɔn nsase ne wɔn amanaman te no.
32 These are the clans of Noah's sons, by their lines of descent, in their nations; from these the nations spread across the earth after the flood. Eyinom ne Noa mmabarima mmusua, sɛnea wɔn awo ntoatoaso te wɔ wɔn amanaman mu. Na efi eyinom mu na nsuyiri no akyi no amanaman petee asase so.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]