Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Exodus 6 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Then our Father told Moses, "Now you'll see what I'll do to Pharaoh: with a strong hand he'll send them out; with a strong hand drive them from his land." Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Wubehu nea mede bɛyɛ Farao. Menam me tumi so bɛhyɛ no na wama me nkurɔfo no akɔ; me basa kokuroo no bɛma wapam wɔn afi ɔman no mu.”
2 Our Father spoke to Moses and said to him, "I am your Father. Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose se, “Mene Awurade no.
3 I appeared to Abraham, Isaac, and Jacob as El Shaddai—our Father Almighty—but they didn't know me by my name, Father. Miyii me ho adi kyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ Onyankopɔn tumfo. Nanso mammɔ me din sɛ Awurade no ankyerɛ wɔn.
4 I also confirmed my covenant with them, to give them Canaan, land where they lived as foreigners. Na me ne wɔn hyehyɛɛ apam sɛ mede Kanaan asase a na tete no wɔte so sɛ ahɔho no bɛma wɔn ne wɔn asefo.
5 I have also heard the groaning of the Israelites, whom the Egyptians enslave, and remembered my covenant. Bio, mate Israelfo apinisi ne nya a Misraimfo di wɔn no nyinaa na makae me ne wɔn apam no.
6 Tell Israel's sons: I am your Father. I will bring you out from under Egypt's burdens, rescue you from their slavery, and redeem you with an extended arm and great judgments. “Enti ka kyerɛ Israelfo no se, ‘Me, Awurade, menam me tumi so bɛyɛ anwonwade de ayi wɔn afi nkoasom mu ama wɔade wɔn ho.
7 I'll take you as my children, be your Father. You'll know I am your Father, freeing you from under Egypt's burdens. Megye wɔn ato mu sɛ me nkurɔfo na mayɛ wɔn Nyankopɔn. Na wobehu sɛ mene Awurade, wɔn Nyankopɔn a wagye wɔn afi Misraimfo nsam no.
8 I will bring you to the land I swore, hand raised, to give to Abraham, to Isaac, and to Jacob, and give it to you as a possession. I am your Father." Mede wɔn bɛba asase a mehyɛɛ bɔ sɛ mede bɛma Abraham, Isak ne Yakob no so. Saa asase no bɛyɛ mo agyapade. Mene Awurade no.’ ”
9 Moses told the Israelites this, but they wouldn't listen to Moses because of their broken spirit and their harsh slavery. Enti Mose kaa asɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ nnipa no, nanso wɔantie, esiane abawpa a efi ɔhyɛ ntraso nti.
10 Then our Father said to Moses, Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
11 "Go, tell Pharaoh king of Egypt to let the Israelites go out of his land." “San kɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ ɔmma Israelfo no mfi ne man no mu nkɔ.”
12 But Moses said in our Father's presence, "If the Israelites won't listen to me, why would Pharaoh? I speak poorly." Nanso Mose kae se, “Sɛ Israelfo no rentie me a, ɛbɛyɛ dɛn na Farao betie me, bere a mʼano ntewee yi?”
13 Now our Father spoke to Moses and Aaron, ordering them regarding the Israelites and Pharaoh king of Egypt, to bring the Israelites out of Egypt. Afei, Awurade hyɛɛ Mose ne Aaron sɛ wɔnsan nkɔ Israelfo no ne Farao a ɔyɛ Misraimfo hene no nkyɛn nkɔka nkyerɛ no se ɔmma Israelfo no kwan na womfi Misraim asase so nkɔ.
14 Heads of their fathers' houses: Reuben's sons, Israel's firstborn—Hanoch, Pallu, Hezron, Carmi. These were Reuben's clans. Nnipa a na wotuatua Israel mmusuakuw no ano no din na edidi so yi: Ruben a ɔyɛ Israel abakan mmabarima yɛ: Hanok, Palu, Hesron, Karmi. Eyinom na wɔwoo Ruben asefo.
15 Simeon's sons: Jemuel, Jamin, Ohad, Jachin, Zohar, and Shaul son of a Canaanite woman—Simeon's clans. Simeon mmabarima: Yemuel, Yamin, Ohad, Yakin, Sohar ne Saulo a na ne na yɛ Kanaanni. Eyinom na wɔwoo Simeon asefo.
16 Sons of Levi by their generations: Gershon, Kohath, Merari. Levi lived 137 years. Lewi mmabarima: Gerson, Kohat, Merari Lewi dii mfe ɔha aduasa ason.
17 The sons of Gershon: Libni and Shimei, by their clans. Gerson mmabarima: Libni, Simei a wɔyɛ mmusua ti.
18 The sons of Kohath: Amram, Izhar, Hebron, and Uzziel. Kohath lived 133 years. Kohat mmabarima: Amram, Ishar, Hebron, Usiel. Kohat dii mfe ɔha aduasa abiɛsa.
19 The sons of Merari: Mahli and Mushi. These were the clans of Levi according to their generations. Merari mmabarima: Mahli, Musi. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din mpanyin mu no no yɛ Lewi abusuafo.
20 Amram married his father's sister Jochebed; she bore him Aaron and Moses. He lived 137 years. Amram waree nʼagya nuabea Yokebed na wɔwoo Mose ne Aaron. Amram dii mfe ɔha aduasa ason.
21 The sons of Izhar: Korah, Nepheg, and Zichri. Ishar mmabarima: Kora, Nefeg, Sikri.
22 The sons of Uzziel: Mishael, Elzaphan, and Sithri. Usiel mmabarima: Misael, Elsafan, Sitri.
23 Aaron married Elisheba daughter of Amminadab, sister of Nahshon; she bore him Nadab, Abihu, Eleazar, and Ithamar. Aaron waree Aminadab babea Elisaba a ɔyɛ Nahson nuabea. Wɔn mma din ni: Nadab, Abihu, Eleasar ne Itamar.
24 The sons of Korah: Assir, Elkanah, and Abiasaph. These were the clans of the Korahites. Kora mmabarima: Asir, Elkana, Abiasaf Eyinom ne Kora asefo.
25 Eleazar, Aaron's son, married one of Putiel's daughters; she bore him Phinehas. These are heads of Levite houses, by clan. Aaron babarima Eleasar waree Putiel mmabea no baako. Na Pinehas yɛ wɔn mma no mu baako. Nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne wɔn a na wotuatua Lewifo mmusuakuw no ano.
26 This was Aaron and Moses whom our Father told, "Bring Israel out of Egypt by their divisions." Saa Aaron ne Mose yi ara na Awurade ka kyerɛɛ wɔn se, “Munkoyi Israelfo nyinaa mfi Misraim asase so” no.
27 These spoke to Pharaoh king of Egypt to bring the Israelites out of Egypt: Moses and Aaron. Na wɔn na wɔkɔɔ Farao hɔ kɔkaa se ɔmma Israelfo no mfi Misraim no.
28 Now on the day our Father spoke to Moses in the land of Egypt, Da a Awurade kasa kyerɛɛ Mose wɔ Misraim asase so no,
29 our Father told him, "I am your Father. Tell Pharaoh king of Egypt all I tell you." ɔkae se, “Mene Awurade no. Ka asɛm biara a mereka yi kyerɛ Farao a ɔyɛ Misraim hempɔn no.”
30 But Moses said before our Father, "Since I speak poorly, how will Pharaoh listen to me?" Na Mose ka kyerɛɛ Awurade bio se, “Mʼano ntewee yi, ɛbɛyɛ dɛn na asɛm a mɛka no bɛtɔ Farao asom ama watie me?”
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]