Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Exodus 33 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Our Father said to Moses, "Leave here, you and the people you brought up out of Egypt, for the land I swore to Abraham, Isaac, and Jacob: I will give it to your offspring. Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Di saa nnipa a wode wɔn fi Misraim asase so no anim kɔ asase a mede hyɛɛ Abraham, Isak ne Yakob bɔ no so, efisɛ mekae se, ‘Mede saa asase yi bɛma wʼasefo.’
2 I will send an angel before you and drive out the Canaanites, Amorites, Hittites, Perizzites, Hivites, and Jebusites. Mɛsoma ɔbɔfo adi wʼanim na wapam Kanaanfo, Amorifo, Hetifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo.
3 Go up to a land flowing with milk and honey, but I won't go up among you, for you're a stubborn people, and I might destroy you on the way." Ɛyɛ asase a ɛwo ne nufusu sen wɔ so. Na me ne mo rentu saa kwan no efisɛ moyɛ nnipa a mo aso yɛ den, na anyɛ a na makɔsɛe mo wɔ ɔkwan so.”
4 When the people heard this distressing news, they mourned, and no one put on their jewelry. Nnipa yi tee saa nsɛnhyew yi no, wotwaa agyaadwo na wɔworɔworɔw wɔn ho nkaa ne nnwinne nyinaa.
5 For our Father told Moses, "Say to Israel's people: You are a stubborn people. If I went among you for one moment, I would destroy you. Now remove your ornaments, so I can decide what to do with you." Awurade ka kyerɛɛ Mose se ɔnka nkyerɛ wɔn se, “Moyɛ nnipa a mo aso yɛ den. Na sɛ me ne mo tena bɛyɛ simma baako pɛ koraa mpo a, anyɛ a na matɔre mo ase. Monworɔworɔw mo nkaa ne mo nnwinne a mohyehyɛ no nyinaa na mehu nea mɛyɛ mo.”
6 So the people of Israel stripped off their jewelry from Mount Horeb onward. Eyi akyi no, obiara worɔw ne nnwinne wɔ Bepɔw Horeb so.
7 Moses would take the tent and pitch it outside the camp, far from the camp, calling it the tent of meeting. Everyone seeking our Father would go out to the tent of meeting, outside the camp. Na Mose sii ahyiae ntamadan wɔ nsraban no akyi a obiara a ɔpɛ sɛ ɔne Awurade di nkitaho no kɔ hɔ. Wɔtoo dan no din Ahyiae.
8 Whenever Moses went out to the tent, all the people rose and stood, each at his tent's entrance, watching Moses until he entered. Bere biara a Mose bɛkɔ Ahyiae Ntamadan no mu no, nnipa no nyinaa sɔre begyina wɔn ntamadan no ano hwɛ no kosi sɛ obedu ɔdan no ano.
9 Whenever Moses entered the tent, the pillar of cloud descended, stood at the entrance, and our Father spoke with Moses. Ɔrewura mu a, omununkum fadum behyia no wɔ ɔkwan no ano na Awurade nam mu ne Mose akasa.
10 When all the people saw the pillar of cloud standing at the tent entrance, they would rise and worship, each at his own tent entrance. Bere biara a nnipa no behu omununkum fadum no sɛ egyina ntamadan no pon ano no, wɔn nyinaa bɛsɔre akotow nea wobehu wɔ wɔn ntamadan no pon ano no.
11 So our Father would speak to Moses face to face, as one speaks with a friend. Moses would return to camp, but his young servant Joshua son of Nun would not leave the tent. Ɔdan no mu, na Awurade kasa kyerɛ Mose anim ne anim, sɛnea obi ne nʼadamfo di nkɔmmɔ. Na sɛ Mose san kɔ nsraban no hɔ a, aberante a ɔboa no a wɔfrɛ no Yosua (Nun ba) no de, ɔtena Ahyiae Ntamadan no mu ara kosi sɛ Mose bɛsan aba.
12 Moses said to our Father, "Look, you tell me, 'Bring up this people,' but you haven't told me whom you'll send with me. Yet you said, 'I know you by name, and you have also found favor in my sight.' Mose ka kyerɛɛ Awurade se, “Daa woka kyerɛ me se, ‘Fa saa nnipa yi kɔ bɔhyɛ asase no so, nanso wonkyerɛɛ me onipa a ɔnka me ho ne me nkɔ. Wuse woyɛ mʼadamfo a woayɛ me adɔe bebree.’
13 Now, if I have found favor in your eyes, please show me your ways, so I may know you and keep finding favor in your eyes. Remember too—this nation is your people." Na sɛ saa na ɛte a, di mʼanim kyerɛ me faako a ɛyɛ wo pɛ sɛ mefa na ama mate wo ase na mafa wo kwan so pɛpɛɛpɛ. Na mma wo werɛ mfi sɛ saa ɔman yi yɛ wo nkurɔfo.”
14 And he said, "My presence will go with you, and I will give you rest." Na Awurade buaa no se, “Mʼankasa me ne wo bɛkɔ na woadi nkonim.”
15 Moses said to him, "If your presence doesn't go with us, don't bring us up from here. Nanso Mose kae se, “Sɛ wo ne yɛn renkɔ de a, mma yemmfi ha nnkɔ.
16 How else will it be known that I have found favor with you, I and your people? Isn't it by your going with us, so we are set apart, I and your people, from every other people on the face of the earth?" Sɛ wo ne yɛn ankɔ a, hena na obehu sɛ me ne me nkurɔfo anya wo hɔ adom a ama nsonoe abɛda yɛn ne asase sofo a wɔaka no ntam?”
17 And our Father said to Moses, "This very thing you have asked I will do, for you have found favor in my sight, and I know you by name." Awurade buaa Mose se, “Ampa ara, mɛyɛ wʼabisade ama wo, efisɛ woanya ahummɔbɔ afi me nkyɛn na woyɛ mʼadamfo.”
18 Then Moses said, "Please show me your glory." Na Mose srɛɛ sɛ ɔpɛ sɛ ohu Onyankopɔn anuonyam.
19 He said, "I will make all my goodness pass before you and proclaim my name before you. I will be gracious to whom I will be gracious, and show compassion on whom I will show compassion." Awurade buae se, “Mɛma mo ahu mʼadɔe, na mɛbɔ me din Awurade no akyerɛ mo. Nea mepɛ sɛ mihu no mmɔbɔ no, mehu no mmɔbɔ, na nea mepɛ sɛ meyɛ no adɔe nso, mɛyɛ no adɔe.
20 But he said, "You cannot see my face, for no one may see me and live." Nanso morenhu mʼanuonyam, efisɛ obiara renhu mʼanim ntena nkwa mu.
21 And our Father said, "There is a place beside me; you will stand on the rock, “Nanso gyina ɔbotan yi so wɔ me nkyɛn ha.
22 while my glory passes by, I will put you in a rock crevice and cover you with my hand until I have passed by. Na sɛ mʼanuonyam resen a, mede wo bɛhyɛ ɔbotan no mu na mede me nsa akata wo so akosi sɛ metwa mu.
23 Then I will remove my hand, and you will see my back; my face will not be seen." Afei, meyi me nsa na woahu mʼakyi, na mʼanim de, ɛnsɛ sɛ wohu.”
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]