Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Ecclesiastes 5 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Guard your steps entering the house of God. Draw near to listen, not to offer fools' sacrifice—they don't know they're doing evil. Sɛ wokɔ Onyankopɔn fi a, hwɛ wʼanammɔntu yiye. Bɛn no na tie no sen sɛ wobɛbɔ nkwaseafo afɔre, wɔn a wonnim mfomso a wɔyɛ no.
2 Don't rush your mouth, and don't let your heart hurry to speak before God—God is in heaven, you're on earth, so keep your words few. Mpɛ ntɛm nkasa. Mpere wo ho wɔ wo koma mu sɛ wobɛka asɛm bi wɔ Onyankopɔn anim. Onyankopɔn te ɔsoro na wo de, wowɔ asase so, enti ma wo nsɛm nyɛ kakraa bi.
3 For a dream comes from too much activity, and a fool's voice from too many words. Adaeso fi adwennwen bebree mu ba, na nsɛm dodow da adi wɔ ɔkwasea kasa mu.
4 When you vow a vow to God, don't delay paying it—he has no delight in fools. Pay what you vow. Sɛ wohyɛ Onyankopɔn bɔ a, ntwentwɛn wo nan ase wɔ ho. Onni anigye wɔ nkwaseafo mu; enti di wo bɔhyɛ so.
5 It is better not to vow than to vow and not fulfill it. Sɛ woanhyɛ bɔ koraa a eye sen sɛ wobɛhyɛ bɔ na wunni so.
6 Don't let your mouth make you sin, or tell the messenger it was a mistake. Why should God be angry at your voice and destroy your handiwork? Mma wʼano mfa wo nkɔ bɔne mu. Nyi wʼano nkyerɛ asɔredan mu somfo se, “Me bɔhyɛ no yɛ mfomso.” Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn bo fuw nea woka na ɔsɛe wo nsa ano adwuma?
7 For in many dreams and many words there is fleeting vapor. Therefore fear God. Adaeso ne nsɛnkeka bebree nka hwee. Enti suro Onyankopɔn.
8 If you see the poor oppressed, and justice and righteousness violated in a province, don't be surprised—one official is watched by a higher one, and higher ones stand over them. Sɛ wuhu ohiani a wɔhyɛ ne so wɔ ɔmansin bi mu, na atɛntrenee ne ahofadi abɔ no a, mma eyinom nyɛ wo nwonwa, efisɛ nea ɔso sen no hwɛ no so, na nea ɔso sen wɔn baanu no nso hwɛ wɔn so.
9 Yet the profit of the land is for everyone; even the king is served by the field. Wɔn nyinaa fa asase no so siade; na ɔhene no ankasa nya mfuw no so mfaso.
10 Whoever loves money never has enough; whoever loves wealth never has enough income. This too is fleeting. Nea nʼani bere sika no nnya nea ɛdɔɔso da; na nea ɔpɛ ahonyade dodow no ani nsɔ nea onya. Eyi nso yɛ ahuhude.
11 As wealth grows, so do those who consume it—what gain for its owner but watching it with his eyes? Adetɔnnne bu so a, saa ara na atɔfo no nso dɔɔso. Na mfaso bɛn na nea ɛwɔ no no nya sen sɛ ɔde nʼani bɛhwɛ?
12 A worker's sleep is sweet, whether he eats little or much; the rich man's abundance won't let him sleep. Ɔpaani da ma nʼani kum, sɛ wadidi amee, anaasɛ wammee, nanso ɔdefo ahonya dodow nti ontumi nna.
13 I have seen a sickening evil under the sun: wealth kept by its owner, to his harm. Mahu bɔne kɛse wɔ owia yi ase: wɔde ahode sie de haw ne wuranom,
14 That wealth was lost in a bad venture, and when he fathered a son he had nothing left to leave him. anaasɛ ahode fa atoyerɛnkyɛm bi so hwere sɛ ɛbɛyɛ na wonya mma a wɔremmɛto hwee mfa.
15 As he came from his mother's womb, naked he returns, going as he came, taking nothing from his labor to carry in his hand. Adagyaw na onipa de fi ne na yafunu mu bae, na sɛnea ɔbae no, saa ara na ɔbɛkɔ. Ɔremfa nʼadwumayɛ so mfaso biara a obetumi akita wɔ ne nsa mu no nkɔ.
16 This too is a bitter evil: just as he came, so he goes. What does he gain from toiling for wind? Eyi nso yɛ ɔhaw kɛse: Sɛnea onipa ba no, saa ara na ɔkɔ, na mfaso bɛn na onya wɔ bere a ɔyɛ adwuma ma mframa?
17 All his days he eats in darkness, with much frustration, sickness, and anger. Ne nna nyinaa mu no, odidi a nʼanom nyɛ no dɛ, efisɛ abawpa, ateetee ne abufuw wɔ no so.
18 This I have seen: it is good and fitting to eat, drink, and see good in all the labor one labors at under the sun through the few days of life God gives—for that is one's lot. Afei mihuu sɛ eye ma onipa sɛ obedidi na wanom na wama nʼani agye nʼadwumaden ho wɔ owia yi ase, wɔ mmere kakra a Onyankopɔn de ama no yi mu, efisɛ eyi ne ne kyɛfa.
19 Also, when God gives someone wealth, possessions, and power to enjoy them, to accept their portion and find joy in their labor—that is God's gift. Nea ɛka ho ne sɛ, sɛ Onyankopɔn ma onipa bi ahonyade ne adenya, na onya ahotɔ, de anigye yɛ nʼadwuma, na ohu sɛ ne kyɛfa ne no a, ɔnkae sɛ ɛyɛ Onyankopɔn akyɛde.
20 He will seldom recall the days of his life, since God keeps him busy with the joy of his heart. Ɔntaa ntena ase nnwen ne nkwanna ho, efisɛ Onyankopɔn de koma mu anigye ama no.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]