Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Deuteronomy 32 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Listen, heavens, and I will speak; let the earth hear the words of my mouth. Monyɛ aso, mo ɔsoro na mɛkasa; tie, wo asase, nsɛm a efi mʼanom.
2 May my teaching fall like rain, my speech settle like dew, like gentle showers upon the tender grass, and like rain upon the growing plants. Ma me nkyerɛkyerɛ ntɔ sɛ osu; na me nsɛm nsian sɛ obosu, sɛ osu a ɛpete gu sare foforo so, sɛ osu mmoroso wɔ afifide foforo so.
3 For I will proclaim the name of our Father; ascribe greatness to our Father! Mɛbɔ Awurade din. O, monkamfo yɛn Nyankopɔn kɛseyɛ!
4 The Rock—our Father—his work is perfect, for all his ways are justice. Our Father is faithful and does no wrong; just and upright is he. Ɔne Ɔbotan no, ne nnwuma so nni, na nʼakwan nyinaa ye. Onyankopɔn nokwafo a ɔnyɛ mfomso, Ɔtreneeni ne ɔnokwafo ne no.
5 They have acted corruptly toward him; they are no longer his children, but a blemish—a crooked and twisted generation. Porɔwee adidi wɔn mu na wɔnyɛ ne mma; wɔyɛ awo ntoatoaso akɔntɔnkyefo aniwufo.
6 Is this how you repay our Father, you foolish and senseless people? Is he not your Father, who created you, who made you and established you? Saa ne ɔkwan a ɛsɛ sɛ mofa so tua Awurade ka ni ana, mo nkwaseafo ne adwenharefo? Ɛnyɛ ɔno ne mo Agya, mo yɛfo no? Ɛnyɛ ɔno na ɔbɔɔ mo na ɔmaa mo nnyinaso?
7 Remember the days of old; consider the years of generation after generation. Ask your father, and he will tell you, your elders, and they will explain. Monkae tete nna; munnwen tete awo ntoatoaso no ho. Mummisa mo agya na ɔbɛkyerɛ mo. Mummisa mo mpanyimfo na wɔbɛkyerɛ mo ase.
8 When the Most High, our Father, gave the nations their inheritance, when he divided humanity, he fixed the borders of the peoples according to the number of the sons of Israel. Bere a Ɔsorosoroni no maa amanaman no agyapade, na ɔkyekyɛɛ adesamma nyinaa mu no, ɔtotoo ahye maa nnipa no sɛnea Israelmma no dodow te.
9 For our Father's portion is his people, Jacob his allotted heritage. Efisɛ Israelfo yɛ Awurade kyɛfa; Yakob yɛ nʼagyapade wɔde maa no.
10 He found him in a desert land, in the howling waste of the wilderness; he encircled him, he cared for him, he guarded him as the apple of his eye. Ohuu no wɔ sare asase so, asase kesee a hwee nni so so. Ɔde no sie hwɛɛ ne so; ɔbɔɔ ne ho ban sɛ nʼaniwa kurutiayisi,
11 Like an eagle that stirs up its nest, that hovers over its young, he spread out his wings and caught them, carrying them on his wings. sɛ ɔkɔre a ɔhwanyan ne berebuw mu na ɔbɔ mfamfia fa ne mma ho, na ɔtrɛw ne ntaban mu buma no, soaa no kɔɔ no.
12 Our Father alone guided him, and there was no foreign god with him. Awurade nkutoo na ɔkyerɛɛ no kwan; na ananafo nyame biara nka ne ho.
13 He set him atop the heights of the land, and he ate the produce of the field; he nourished him with honey from the rock, and oil from the flinty crag. Ɔma no nantew faa asase no nkoko so; na ɔde mfuw so nnuaba bɔɔ no akɔnhama; Ɔde ɔbotan mu wo ne ngo a efi abohemaa mu,
14 Curds from the herd and milk from the flock, with the fat of lambs, rams of Bashan and goats, with the finest of the wheat—and you drank the foaming wine of the blood of grapes. nyɛmmoa mu nufusu ne srade, nguamma ne mmirekyi a wɔadɔ srade, Basan adwennini a wɔpaw ne atoko muhumuhu siesiee no. Monom nsa papa a efi bobe mu.
15 But Jeshurun grew fat and kicked—you grew fat, bloated, and sleek—then he abandoned our Father who made him and scorned the Rock of his salvation. Yeshurun dɔɔ srade na onyaa ahoɔden; aduan ma wɔyɛɛ duru, yɛɛ pemee. Wɔtoo Onyankopɔn a ɔbɔɔ wɔn no asaworam; wɔpoo wɔn Nkwagye Botan no.
16 They stirred him to jealousy with foreign gods; they provoked him to anger with abominations. Wɔma ɔtwee ninkunu wɔ wɔn ananafo anyame no ho na wɔde wɔn abosom a okyi no hyɛɛ no abufuw.
17 They sacrificed to demons that were not God, to gods they had never known, new gods who had only recently appeared, whom your fathers had never dreaded. Wɔbɔɔ afɔre maa atoro anyame a wɔnyɛ Onyankopɔn, anyame a na wonnim wɔn, anyame a wɔbaa nnansa yi ara, anyame a na mo agyanom nsuro wɔn.
18 You neglected the Rock who fathered you, and you forgot our Father who gave you birth. Mopaa Ɔbotan a ɔyɛɛ mo agya no. Mo werɛ fii Onyankopɔn a ɔwoo mo no.
19 Our Father saw it and spurned them, because of the provocation of his sons and his daughters. Awurade huu eyi na ɔpoo wɔn efisɛ ne mmabarima ne ne mmabea hyɛɛ no abufuw.
20 And he said, "I will hide my face from them; I will see what becomes of them, for they are a perverse generation, children in whom there is no faithfulness. Ɔkae se, “Mede mʼanim behintaw wɔn na wɔahu sɛnea wɔn awiei bɛyɛ Efisɛ, wɔyɛ awo ntoatoaso akɔntɔnkyefo; mma a wonni nokware.
21 "They made me jealous with what is no god; they provoked me to anger with their worthless idols. So I will make them jealous with those who are no people; I will provoke them to anger with a foolish nation. Wɔde nea ɛnyɛ Onyame ahyɛ me ninkutwe na wɔde wɔn ahoni ahuhuw no ahyɛ me abufuw. Mɛma wɔn ani abere nnipa a wɔnyɛ me nkurɔfo. Mɛma ɔman a wonni ntease no ahyɛ wɔn abufuw.
22 For my anger has kindled a fire that burns to the depths of the grave; it devours the earth and its produce and sets ablaze the foundations of the mountains. Efisɛ mʼabufuwhyew befita ogya mu, nea ɛhyew kɔka awufo a wɔwɔ asase ase no. Ɛbɛsɛe asase ne so nnɔbae na ɛpaapae mmepɔw fapem.
23 I will heap disasters upon them; I will exhaust my arrows against them. “Mɛhɔre amanehunu ahorow no siw wɔ wɔn so na matow me bɛmma awowɔ wɔn.
24 Wasted by hunger, consumed by burning plague and bitter destruction; I will send the teeth of beasts against them, with the venom of things that crawl in the dust. Mede ɔkɔm kɛse, atiridiinini ne owuyare a ɛsɛe ade; mɛsoma nkekammoa se aba wɔn so; nhurutoa a wɔtow si wɔ mfutuma mu no ano bɔre.
25 Outside, the sword will bring death, and inside, terror—for young man and young woman alike, the nursing infant with the gray-haired elder. Afoa bɛma wɔahwere wɔn mma wɔ abɔnten so; wɔn afi mu, ehu bɛtɔ wɔn so. Mmerante ne mmabaa, mmofra ne nkwakoraa ase bɛhyew.
26 I would have said, 'I will cut them to pieces; I will blot out their memory from among mankind,' Mekae se mɛbɔ wɔn ahwete na mapepa wɔn din afi nnipa adwene mu.
27 had I not feared the taunt of the enemy, for fear their adversaries would misjudge and say, 'Our own hand has triumphed; it was not God who did all this.' Nanso misuroo ɔtamfo fɛwdi, anyɛ a na ɔtamfo ante ase aka se, ‘Yɛn nsa adi nkonim; Ɛnyɛ Awurade na ɔyɛɛ eyinom nyinaa.’ ”
28 For they are a nation without wisdom, and there is no understanding in them. Israel yɛ ɔman a wonni adwene. Obi nni wɔn mu a ɔwɔ nhumu.
29 If only they were wise, they would understand this; they would see their final fate. Sɛ anka wɔyɛ anyansafo na wɔbɛte eyi ase, na wɔahu nea wɔn awiei bɛyɛ ɛ!
30 How could one chase 1,000, and two put 10,000 to flight, unless their Rock had sold them, and our Father had given them up? Ɛbɛyɛ dɛn na onipa baako ataa nnipa apem, na baanu bɛma mpem du aguan, gye sɛ wɔn Botan atɔn wɔn gye sɛ Awurade ayi wɔn ama.
31 For their rock is not like our Rock; even our enemies concede it. Efisɛ wɔn botan nte sɛ yɛn Botan, sɛnea yɛn atamfo mpo gye to mu no.
32 For their vine comes from the vine of Sodom and from the fields of Gomorrah; their grapes are grapes of poison, their clusters are bitter. Wɔn bobe fi Sodom bobe mu na efi Gomora mfuw mu. Awuduru ahyɛ wɔn bobe aba mma, na bɔnwoma ahyɛ wɔn kasiaw amaama.
33 Their wine is the venom of serpents, the cruel poison of cobras. Wɔn bobesa yɛ awɔ ano bɔre; aprammiri ano bɔrewerɛmfo.
34 "Is this not stored up with me, sealed within my treasuries? “So menkoraa eyi mmoroso, na mensɔw ano wɔ mʼademude mu ana
35 Justice and recompense are mine, for the time when their foot will slip; for the day of their calamity is near, and their doom rushes upon them. Mɛtɔ were; metua so ka. Wɔn nan bɛwatiri bere a ɛsɛ mu; wɔn atoyerɛnkyɛm no abɛn na wɔn sɛe taa wɔn.”
36 For our Father will vindicate his people and have compassion on his servants, when he sees that their strength is gone and no one remains, neither slave nor free. Awurade bebu ne nkurɔfo atɛn na wasesa nʼadwene wɔ ne nkoa ho, bere a wahu sɛ wɔn ahoɔden asa, na ɛnkaa obiara, akoa anaa ɔdehye.
37 Then he will say, 'Where are their gods, the rock in which they took refuge, Obebisa se, “Afei wɔn anyame no wɔ he, ɔbotan a wɔde yɛɛ wɔn guankɔbea,
38 who ate the fat of their sacrifices and drank the wine of their drink offering? Let them rise and help you; let them be your shelter!' anyame a wodii wɔn afɔrebɔde mu srade na wɔnom wɔn ɔnom afɔrebɔ mu nsa no? Ma wɔnsɔre mmɛboa mo! Ma womegye mo!
39 Look—I myself am he, and there is no god beside me. I put to death and I give life; I wound and I heal, and no one can deliver from my hand. “Afei, munhu sɛ, me ara me ne no! Onyame biara nni hɔ sɛ me! Me na mikum na mema nkwa: Me na mipira, na mɛkyekye, na obi rentumi nnye mfi me nsam.
40 For I lift my hand to heaven and declare: As surely as I live forever, Mema me nsa so kyerɛ ɔsoro de nidi sua sɛ: Sɛ mete ase daa yi,
41 when I sharpen my flashing sword and my hand grasps judgment, I will bring justice on my adversaries and repay those who hate me. sɛ mesew me afoa a ɛpa yerɛwyerɛw no na mifi atemmu mu so mu kuaw a, mɛtɔ mʼatamfo so were na matua wɔn a wokyi me ka.
42 I will make my arrows drunk with blood, and my sword will devour flesh—with the blood of the slain and the captives, from the long-haired heads of the enemy." Mɛma me bɛmma anom mogya abow, na mʼafoa adi ɔhonam, atɔfo ne nnommumfo mogya, atamfo ntuanofo no ti.”
43 Rejoice, nations, with his people, for he will avenge the blood of his children and bring justice on his adversaries; he will make atonement for his land and his people. Mo aman, mo ne ne nkurɔfo nni ahurusi, efisɛ ɔbɛtɔ ne nkoa mogya so were; ɔbɛtɔ were wɔ nʼatamfo so na wapata ama nʼasase ne ne nkurɔfo.
44 Moses came and spoke all the words of this song to the people, he and Joshua son of Nun. Mose ne Nun babarima Hosea ba bɛkaa dwom yi mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ nnipa no.
45 And when Moses had finished speaking all these words to all Israel, Mose woroo saa dwom no mu nsɛm no kyerɛɛ Israelfo no wiee no,
46 he told them, "Set your heart to all these words I testify to you today, that you command your children to keep and do all the words of this law. ɔka kaa ho se, “Momfa nsɛm a maka akyerɛ mo no nyinaa nsie mo koma mu. Monka nkyerɛ mo mma nso, sɛnea ɛbɛyɛ a wobedi saa mmara yi mu nsɛm nyinaa so pɛpɛɛpɛ.
47 This is no empty word for you—it is your life. Through this word you will live long in the land you are crossing the Jordan to possess." Saa nkyerɛkyerɛ yi nyɛ nsɛm bi a wɔde rema mo kwa, ɛyɛ mo nkwa! Sɛ mudi so a, mubenyin akyɛ wɔ asase a moretwa Asubɔnten Yordan akɔfa no so.”
48 That very day our Father spoke to Moses, saying, Da no ara, Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
49 "Go up this Abarim mountain, Mount Nebo, in Moab facing Jericho, and view Canaan, which I'm giving Israel's people as their possession. “Kɔ Moab, kɔ mmepɔw a ɛwɔ asu no apuei no so, na foro Nebo bepɔw a ɛne Yeriko di nhwɛanim no. To wʼani hwɛ Kanaan asase no, asase a mede rema Israelfo sɛ wɔn agyapade no.
50 Then die on the mountain you are climbing, and be gathered to your people, as Aaron your brother died on Mount Hor and was gathered to his people, Bepɔw a woaforo no so hɔ na wobɛkɔ akɔka wʼagyanom ho, sɛnea wo nua Aaron wuu wɔ Hor bepɔw so kɔkaa nʼagyanom ho no.
51 because you broke faith with me among the Israelites at the waters of Meribah-kadesh in the Wilderness of Zin, because you did not treat me as holy among the Israelites. Efisɛ mo baanu dii me huammɔ wɔ Israelfo mu wɔ Meriba ne Kades asu ho wɔ Sin sare so. Moanni me kronkronyɛ ho adanse ankyerɛ Israelfo no wɔ hɔ.
52 For you will see the land from a distance, but not enter it—the land I'm giving Israel's people." Ɛno nti, mubehu asase no afi akyiri, nanso morenkɔ asase a mede rema Israelfo no so.”
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]