Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Acts 2 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 When the day of Pentecost arrived, they were all together in one place. Pentekoste da no duu no, na asuafo no nyinaa ahyia wɔ faako.
2 Suddenly a sound like a violent, rushing wind came from heaven and filled the entire house where they sat. Amono mu hɔ ara, nne bi te sɛ ahum a ɛretu fi ɔsoro ba bɛhyɛɛ ofi a na wɔwɔ mu no ma.
3 What looked like divided tongues of fire appeared and rested on each one of them. Ogya a ɛredɛw a ɛte sɛ tɛkrɛma besisii wɔn so mmaako mmaako.
4 All were filled with the Holy Spirit and began speaking in other tongues, as the Spirit gave them words to say. Honhom Kronkron no hyɛɛ wɔn nyinaa ma, na wɔkaa kasa foforo, sɛnea Honhom no maa wɔn ho kwan no.
5 At that time devout Jews from every nation under heaven were living in Jerusalem. Saa bere no na Yudafo bi a wɔfɛre Nyame fi mmeaemmeae aba Yerusalem.
6 When this sound rang out, a crowd gathered, confused, since each one heard them speak in his own language. Wɔtee nea ɛrekɔ so no, wɔbɔɔ twi behyiae, na ɛyɛɛ wɔn nwonwa ne ahodwiriw, efisɛ obiara tee sɛ wɔreka ne kurom kasa.
7 They were amazed and astonished, saying, "Are not all these who are speaking Galileans? Enti wobisae se, “Na saa nnipa yi a wɔrekasa yi nyɛ Galileafo ana?
8 How is it, then, that each of us hears them in our own native language? Na adɛn nti na yɛte sɛ wɔreka Onyankopɔn anwonwadwuma ho asɛm wɔ yɛn a yɛyɛ
9 Parthians, Medes, and Elamites; those who live in Mesopotamia, Judea and Cappadocia, Pontus and Asia, Partifo, Mediafo ne Elamfo, ne wɔn a wɔte Mesopotamia ne Yudea ne Kapadokia, Ponto, Asia,
10 Phrygia, Pamphylia, Egypt, the parts of Libya near Cyrene; visitors from Rome, Jews and converts to Judaism; Frigia ne Pamfilia, Misraim ne Libia fa a ɛbɛn Kirene ne ahɔho a wofi Roma, Yudafo ne wɔn a wɔasakra aba Yudasom mu,
11 Cretans and Arabs—we hear them telling in our own tongues the mighty works of our Father!" ne Kretafo ne Arabfo mu biara kasa mu yi?”
12 They were all amazed and perplexed, saying to one another, "What does this mean?" Wɔde ahodwiriw bisae se, “Eyi ase ne dɛn?”
13 But others mocked and said, "They are full of sweet wine." Afoforo nso dii wɔn ho fɛw se, “Saa nnipa yi abobow nsa.”
14 But Peter stood with the eleven, raised his voice, and declared to them: "Men of Judea, everyone living in Jerusalem—know this and listen carefully to my words. Petro ne asomafo dubaako no sɔre gyinaa hɔ na ɔkasaa denneennen kyerɛɛ nnipa no se, “Me nuanom Yudafo ne mo a mote Yerusalem nyinaa, muntie asɛm a mereka yi.
15 These people are not drunk, as you suppose, for it is only nine o'clock in the morning. Saa nnipa yi mmow nsa sɛnea mususuw no, efisɛ ade nnya nkyee a ɛsɛ sɛ obi nom nsa bow.
16 No, this is what was spoken through the prophet Joel: Asɛm a asi yi na odiyifo Yoel hyɛɛ ho nkɔm se:
17 'And in the last days, says our Father, I will pour out my Spirit on all people; your sons and your daughters will prophesy, your young men will see visions, and your old men will dream dreams. “ ‘Onyankopɔn kae se, nna a edi akyiri no, mehwie me Honhom no agu nnipa nyinaa so. Mo mmabarima ne mo mmabea bɛhyɛ nkɔm, mo mmerante nso ahu anisoade. Na mo mpanyin nso asoso adae.
18 Even on my male servants and my female servants in those days I will pour out my Spirit, and they will prophesy. Saa mmere no mu no, mehwie me Honhom agu mʼasomfo mpo so, mmarima ne mmea, ama wɔahyɛ nkɔm.
19 I will show wonders in the heavens above and signs on the earth below—blood and fire and billows of smoke. Mede mogya ne ogya ne wusiw kumɔnn bɛyɛ anwonwade ne nsɛnkyerɛnne wɔ ɔsoro ne asase so.
20 The sun will be turned to darkness and the moon to blood, before the great and glorious day of the Lord comes. Ansa na Awurade da kɛse no bɛba no, owia beduru sum na ɔsram nso ayɛ sɛ mogya.
21 And everyone who calls on the name of the Lord will be saved.'" Na obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no benya nkwa.’
22 "Men of Israel, hear these words: Jesus of Nazareth—a man our Father attested to you through miracles, wonders, and signs our Father did through him among you, as you yourselves know. “Israelfo, muntie! Yesu Nasareni no yɛ ɔbarima bi a ne dwuma kronkron a obedii no daa adi wɔ tumi ne anwonwade ne nsɛnkyerɛnne a Onyankopɔn nam ne so yɛe a mo ankasa di ho adanse no mu.
23 This man, handed over by our Father's set plan and foreknowledge, you crucified and killed by the hands of lawless men. Onyankopɔn ankasa fi ne pɛ ne ne nhumu mu sii gyinae yii Yesu maa mo, na mode no maa nnebɔneyɛfo ma wɔbɔɔ no asennua mu kum no.
24 But our Father raised him, freeing him from death's agony, since death could not hold him. Nanso Onyankopɔn nyan no fii owu mu ma oyii no fii owuyaw mu, efisɛ owu antumi anni ne so.”
25 For David says of him: 'I saw our Father always before me, for he's at my right hand, so I won't be shaken.' Asɛm a Dawid ka faa ne ho ne sɛ, “Mihu Awurade wɔ mʼani so daa nyinaa. Esiane sɛ ɔwɔ me nsa nifa nti, merenhinhim da.
26 Therefore my heart was glad and my tongue rejoiced; moreover, my body also will rest in hope. Ɛno nti me kra ani gye, na me tɛkrɛma di ahurusi. Me nipadua nso bɛhome asomdwoe mu.
27 For you will not abandon my soul to the grave, nor let your Holy One see decay. Efisɛ worennyaw me awufo mu. Na woremma wo Kronkronni no mporɔw.
28 You have shown me the paths of life; you will fill me with gladness in your presence." Woakyerɛ me nkwagye kwan; na wobɛma mʼani agye wɔ wʼanim.
29 "Brothers, I can tell you plainly: our ancestor David died, was buried, and his tomb remains with us to this day. “Anuanom, ɛsɛ sɛ meda mʼadwene adi pefee wɔ yɛn panyin Dawid ho. Owui na wosiee no, na ne nna da so wɔ hɔ besi nnɛ.
30 Since he was a prophet, he knew our Father had sworn an oath to seat one of his descendants on his throne, Na ɔyɛ odiyifo a onim bɔ bi a Onyankopɔn ahyɛ no no. Onyankopɔn hyɛɛ bɔ se ɔbɛyɛ Dawid asefo no mu baako ɔhene, sɛnea Dawid yɛ ɔhene no ara pɛ.
31 he foresaw and spoke of the Christ's resurrection, that he was not abandoned to the grave, nor his body saw decay. Dawid huu nea Onyankopɔn rebɛyɛ no ɔkasa faa owusɔre a ɛfa Agyenkwa no ho se, ‘Wɔannyaw no awufo mu. Ne honam nso amporɔw.’
32 This Jesus our Father raised up, and we are all witnesses of it. Onyankopɔn anyan saa Yesu yi afi owu mu, na yɛn nyinaa yɛ saa asɛm yi ho nnansefo.
33 So, lifted up to our Father's right hand, having received the promised Holy Spirit from the Father, he poured out what you now see and hear. Wɔahyɛ no anuonyam de no akɔtena Onyankopɔn nifa so ma ne nsa aka Honhom Kronkron no a Agya no hyɛɛ no ho bɔ no; ɛno na wahwie agu yɛn so, na ɛho nsɛnkyerɛnne na muhu na mote yi.
34 For David never went up into heaven, but he himself says: "Our Father said to my Lord, 'Sit at my right hand, Dawid ankasa de, wankɔ ɔsoro, na mmom ɔkae se, “ ‘Awurade ka kyerɛɛ me wura se, “Tena me nsa nifa so ha,
35 until I make your enemies a footstool for your feet.'" kosi sɛ mede wʼatamfo bɛyɛ wʼanan ntiaso.” ’
36 "So let the whole house of Israel know for certain: our Father made this Jesus, whom you crucified, both Lord and Christ." “Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa hu sɛ, mo na mobɔɔ saa Yesu yi a Onyankopɔn ayɛ no Awurade ne Agyenkwa no asennua mu.”
37 Cut to the heart at this, they asked Peter and the other apostles, "Brothers, what should we do?" Bere a nnipa no tee saa asɛm yi, ɛhaw wɔn yiye. Enti wobisaa Petro ne asomafo a wɔaka no se, “Anuanom, dɛn na yɛnyɛ?”
38 Peter said to them, "Repent, and each of you be baptized in the name of Jesus Christ for the forgiveness of your sins, and you will receive the gift of the Holy Spirit. Petro ka kyerɛɛ wɔn se, “Monsakra mo adwene na momma wɔmmɔ mo asu wɔ Yesu Kristo din mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde mo bɔne bɛkyɛ mo na moanya Onyankopɔn akyɛde a ɛyɛ Honhom Kronkron no.
39 For the promise is for you, your children, and all far off—as many as the Sovereign our Father will call to himself." Onyankopɔn hyɛɛ Honhom Kronkron yi ho bɔ maa mo ne mo mma ne wɔn a wɔtete akyirikyiri ne wɔn a Awurade, yɛn Nyankopɔn bɛfrɛ wɔn aba ne nkyɛn no nyinaa.”
40 And with many other words he warned and urged them, saying, "Save yourselves from this corrupt generation." Petro kaa nsɛm bebree kyerɛɛ wɔn se, “Munnye mo ho mfi asotwe a ɛreba saa nnebɔneyɛfo yi so no mu.”
41 So those who welcomed his message were baptized, and about 3,000 people were added that day. Wɔn mu dodow no ara gyee asɛm no di ma wɔbɔɔ wɔn asu. Saa da no, nnipa bɛyɛ mpensa na wɔbɛkaa agyidifo no ho.
42 They devoted themselves to the apostles' teaching and deep communion, to the breaking of bread and the prayers. Daa na wɔde wɔn adagyew nyinaa sua asomafo no nkyerɛkyerɛ. Wɔne wɔn nyaa ayɔnkofa, hyia didi bɔɔ mu ne wɔn bɔɔ mpae.
43 Awe came over everyone, and many wonders and signs were done through the apostles. Asomafo no yɛɛ anwonwade ahorow bebree ma obiara a ohuu no ho dwiriw no.
44 All who believed were together and had all things in common. Gyidifo no nyinaa kɔɔ so tenaa ase sɛ nnipa koro, na wɔkyekyɛɛ wɔn ahode mu memaa wɔn ho wɔn ho.
45 They sold their property and possessions and distributed the proceeds to all, as anyone needed. Wɔtɔn wɔn ahode kyekyɛɛ sika a wonya fii mu no maa wɔn ho wɔn ho sɛnea ɛho hia obiara.
46 Every day, devoting themselves together in the temple, breaking bread house to house, they shared food with joyful, sincere hearts, Daa na wɔbɔ mu hyia wɔ asɔredan mu de anigye ne koma pa bɔ mu didi wɔ wɔn afi mu. Wɔkamfoo Onyankopɔn, nyaa anuonyam wɔ nnipa anim.
47 praising our Father, with favor among all the people. The Lord added to their number daily those being saved. Da biara na Awurade de wɔn a ogye wɔn nkwa no bɛka wɔn ho.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]