Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

2 Samuel 20 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 A worthless man named Sheba son of Bichri, a Benjamite, was there. He blew the trumpet and shouted, "We have no share in David, no inheritance in Jesse's son! Everyone to your tents, Israel!" Ɔtɔkwapɛfo bi a na wɔfrɛ no Seba na ɔyɛ Bikri a ofi Benyamin babarima, hyɛn torobɛnto teɛɛ mu se, “Yɛne Dawid nni hwee yɛ. Yenni agyapade biara wɔ Yisai babarima no nkyɛn. Israel mmarima, mommra na yɛn nyinaa nkɔ yɛn kurom!”
2 So all Israel's men abandoned David to follow Sheba son of Bichri; but Judah's men held to their king, from the Jordan to Jerusalem. Enti Israel mmarima gyaw Dawid hɔ, kodii Seba akyi. Nanso Yuda mmarima no de, wɔtenaa wɔn hene nkyɛn, na wɔwowaw no fi Asubɔnten Yordan ho, kosii Yerusalem.
3 David came to his house in Jerusalem, and the king took the ten concubines he had left to keep the house and put them under guard. He provided for them but did not sleep with them. They stayed confined until they died, living as widows. Bere a oduu nʼahemfi hɔ wɔ Yerusalem no, ɔhyɛɛ sɛ ne mpenanom du a ogyaw wɔn hɔ no, wɔmfa wɔn nkɔhyɛ kokoa mu baabi. Na ɛsɛ sɛ wɔma wɔn wɔn ahiade nyinaa, nanso ɔne wɔn renna bio. Enti wɔn mu biara tenaa ase sɛ okunafo, kosii ne wuda.
4 The king told Amasa, "Call the men of Judah to me within three days, and be here yourself." Ɔhene no hyɛɛ Amasa sɛ ɔmfa nnansa mmoaboa Yuda asraafo ano, na ɔmmɛka biribi nkyerɛ no saa bere no mu.
5 Amasa went to summon Judah, but delayed beyond the time the king had set for him. Enti Amasa kɔbɔɔ asraafo no amanneɛ, nanso nʼahoboa no boroo nnansa no.
6 David told Abishai, "Sheba son of Bichri will now harm us more than Absalom. Take your lord's men and chase him, or he'll reach fortified cities and escape us." Na Dawid ka kyerɛɛ Abisai se, “Saa ɔtɔkwapɛfo Seba no rebɛhaw yɛn asen sɛ nea Absalom haw yɛn no. Fa mʼakofo no, na taa no ansa na waguan akɔbɔ ne ho aguaa wɔ hintabea nkurow no mu baabi a yɛn nsa renka no.”
7 So Joab's men, the Cherethites, the Pelethites, and all the mighty warriors went out after him from Jerusalem to pursue Sheba son of Bichri. Enti Abisai ne Yoab yiyii awɛmfo a wodi mu fii Yoab asraafo ne ɔhene no ankasa de mu de tiw Seba.
8 At the great stone in Gibeon, Amasa met them. Joab wore his military tunic, with a belted sword in its sheath on his waist; as he stepped forward, it fell out. Na woduu Gibeon ɔbo kɛse no ho no, Amasa hyiaa wɔn. Na Yoab hyɛ nʼakotade a ɔde afoa abɔ nʼataaso. Otuu nten kɔɔ nʼanim sɛ ɔrekokyia Amasa no, afoa no fii boha no mu tɔɔ fam.
9 Joab said to Amasa, "Are you well, my brother?" With his right hand Joab grasped Amasa's beard to kiss him. Yoab bisaa no se, “Me nua, wo ho te dɛn?” Ɛhɔ ara na Yoab de ne nsa nifa soo nʼabogyesɛ mu, sɛ nea ɔrefew nʼano.
10 Amasa did not notice the sword in Joab's hand. Joab struck his belly, spilling his intestines to the ground. Without a second blow, Amasa died. Then Joab and his brother Abishai pursued Sheba son of Bichri. Amasa anhu sɛ afoa no hyɛ ne nsa benkum mu. Na Yoab de afoa no wɔɔ ne yam, maa ne nsono tu guu fam. Ɛho anhia sɛ Yoab betia ne so koraa, na Amasa wui. Yoab ne ne nuabarima Abisai gyaw no hɔ, toaa so tiw Bikri babarima Seba.
11 One of Joab's young men stood by Amasa and said, "Whoever favors Joab, whoever is for David—follow Joab!" Yoab asraafo no mu aberante a ɔyɛ panyin wɔ nsraadɔm no so no mu baako teɛɛ mu kyerɛɛ Amasa asraafo no se, “Obiara a ɔtaa Yoab akyi ne obiara a ɔwɔ Dawid afa no, ommedi Yoab akyi.”
12 Amasa lay wallowing in his blood in the middle of the road. When the man saw all the troops stopping there, he dragged Amasa from the road into the field and threw a garment over him, since everyone who came by stopped. Amasa daa ne mogyabura mu wɔ ɔkwan no mfimfini. Na ɔbarima no huu sɛ asraafo no adu hɔ a wɔagyina rehwɛ Amasa no, ɔtwee no fii ɔkwan no mu, de no too wuram, de atade kataa ne so.
13 Once he was moved off the road, all the men followed Joab to pursue Sheba son of Bichri. Woyii Amasa fii ɔkwan no mu akyi no, mmarima no nyinaa dii Yoab akyi sɛ wɔrekɔkyere Bikri babarima Seba.
14 Sheba passed through all the tribes of Israel to Abel of Beth Maacah; all the Bicrites gathered and followed him too. Saa bere no, Seba kyinii Israel nyinaa boaboaa ne fifo Bikrifo ano wɔ Abel-Bet-Maaka.
15 They came and besieged him in Abel of Beth Maacah. They raised a siege ramp against the city, standing against the outer rampart, while all Joab's troops battered the wall to bring it down. Yoab asraafo no duu hɔ no, wɔtow hyɛɛ Abel-Bet-Maaka so. Wosisii mpie wɔ kurow no akyi, de bɔɔ wɔn ho ban fii atamfo ho na wɔpempem afasu no, pɛɛ sɛ wodwiriw gu.
16 Then a wise woman called from the city, "Listen! Listen! Tell Joab, 'Come here, so I can speak with you.'" Na ɔbea nyansafo bi teɛɛ mu fi kurow no mu se, “Muntie! Muntie! Monka nkyerɛ Yoab se ɔmmra ha, na menka asɛm bi nkyerɛ no.”
17 As he approached, the woman asked, "Are you Joab?" "I am," he said. She said, "Hear your servant's words." "I'm listening," he said. Yoab kɔɔ ne nkyɛn, na obisaa no se, “Wo na wɔfrɛ wo Yoab no?” Obuae se, “Yiw.” Ɔkae se, “Tie asɛm a wʼafenaa pɛ sɛ ɔka no.” Obuae se, “Meretie.”
18 She said, "In the old days they used to say, 'Just ask for counsel at Abel,' and that settled the matter. Ɔkae se, “Tete no, na yɛka se, ‘Yɛrekɔpɛ afotu wɔ Abel.’
19 I am among the peaceful and faithful in Israel. You are trying to destroy a city, a mother in Israel. Why swallow up our Father's inheritance?" Yɛpɛ asomdwoe ne nokware wɔ Israel. Wopɛ sɛ wosɛe kurow a adi nokware wɔ Israel. Adɛn nti na wopɛ sɛ wosɛe ade a ɛyɛ Awurade dea?”
20 Joab answered, "I would never, never swallow up or destroy! Yoab buae se, “Ɛnyɛ sɛ mepɛ sɛ mesɛe wo kuropɔn.
21 Not so. But Sheba son of Bichri, from the hills of Ephraim, has rebelled against the king, against David. Hand over this one man, and I'll pull back from the city." The woman told Joab, "His head will be thrown to you over the wall." Nea merehwehwɛ no ara ne ɔbarima bi a ne din de Seba a ɔyɛ Bikri babarima a ofi Efraim bepɔw so, na wama ne ho so atia ɔhene, ɔhene Dawid. Fa saa ɔbarima no bra, na mefi kurow no mu.” Ɔbea no ka kyerɛɛ Yoab se, “Wɔbɛtow ne ti afi ɔfasu no so ama wo.”
22 The woman went to all the people with her wise plan. They cut off the head of Sheba son of Bichri and threw it to Joab. He blew the trumpet, and they scattered from the city, each to his home. Joab returned to the king in Jerusalem. Afei, ɔbea no kɔkaa nʼafotu pa no kyerɛɛ nnipa no nyinaa. Na wotwaa Bikri babarima Seba ti, tow maa Yoab. Enti ɔhyɛn torobɛnto maa ne mmarima no bɔ hwetee, maa obiara kɔɔ ne fi. Na Yoab san kɔɔ ɔhene nkyɛn wɔ Yerusalem.
23 Joab led all Israel's army; Benaiah son of Jehoiada led the Cherethites and Pelethites. Yoab bɛyɛɛ Dawid asraafo no so sahene bio. Na Yehoiada babarima Benaia nso yɛ ɔhene bammɔfo so panyin.
24 Adoram was in charge of the forced labor; Jehoshaphat son of Ahilud was the recorder; Adoram na na ɔhwɛ adwumayɛfo so, na Yehosafat a ɔyɛ Ahilud babarima no kyerɛw ahemfo ho abakɔsɛm.
25 Sheva was secretary; and Zadok and Abiathar were priests; Na Sewa yɛ asennii kyerɛwfo. Na Sadok ne Abiatar nso yɛ asɔfo.
26 and Ira the Jairite was also David's priest. Ɛnna Yairini Ira nso yɛ Dawid sɔfo.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]