Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

2 Samuel 13 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 After this, Absalom son of David had a beautiful sister named Tamar, and David's son Amnon loved her. Na Dawid babarima Absalom wɔ nuabea bi a na ne ho yɛ fɛ yiye. Na saa ɔbea no din de Tamar. Na Amnon a ɔyɛ ne nuabarima no kɔn dɔɔ no.
2 Amnon was so distressed over his sister Tamar he made himself sick; she was a virgin, and he saw no way to get near her. Amnon tuu nʼani sii Tamar so ara kosii sɛ ɛbɔɔ no yare. Na ɔyɛ ɔbabun nti, na na ɛyɛ sɛ Amnon rentumi nyɛ no hwee.
3 Amnon had a friend named Jonadab, son of David's brother Shimeah; Jonadab was very shrewd. Na Amnon wɔ adamfo onifirifo bi a wɔfrɛ no Yonadab. Na ɔyɛ Dawid nuabarima Simea babarima.
4 He asked Amnon, "Why so haggard morning after morning, son of the king? Won't you tell me?" Amnon said, "I love Tamar, sister of my brother Absalom." Da koro bi, Yonadab bisaa Amnon se, “Asɛm bɛn na aba? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔhene babarima yɛ bosaa anɔpa biara saa?” Na Amnon buaa no se, “Medɔ Tamar, Absalom nuabea no.”
5 "Lie in bed and act sick," Jonadab said. "When your father comes to see you, tell him, 'Please let my sister Tamar feed me. Let her make the meal where I can watch, so I eat from her hand.'" Yonadab kae se, “Eye, mɛkyerɛ wo nea wobɛyɛ. San kɔ na kɔda wo mpa so, na hyɛ da yɛ sɛnea woyare no. Sɛ wʼagya behu wo a, ka kyerɛ no se ɔnka nkyerɛ Tamar, na ɔmmɛyɛ aduan bi mma wo nni. Ka kyerɛ no se, sɛ ɔno brɛ wo aduan di a, wo ho bɛtɔ wo.”
6 Amnon lay down and faked illness. When the king came to see him, Amnon said, "Let my sister Tamar come make two cakes for me to watch, so I can eat from her hand." Enti Amnon patuw yaree. Na ɔhene no bɛsraa no no, Amnon ka kyerɛɛ no se, “Mesrɛ wo, ma Tamar mmɛhwɛ me, na ɔnnoa biribi mma minni.”
7 David sent word to Tamar at the palace: "Go to your brother Amnon's house and make him food." Dawid penee so, somaa Tamar kɔɔ Amnon fi, kɔnoaa aduan maa no.
8 Tamar went to her brother Amnon's house, where he lay. She took dough, kneaded it, shaped cakes in front of him, and baked them. Bere a Tamar duu Amnon fi hɔ no, ɔkɔɔ ɔdan a na ɔda mu no mu, sɛnea sɛ Tamar refɔtɔw asikresiam a obehu. Enti ɔtoo brodo sononko bi maa no.
9 She took the pan and served him, but he refused to eat. "Send everyone out," Amnon said. So everyone left him. Nanso ɔde aduan no guu apampaa so besii nʼanim no, wampɛ sɛ odi. Na Amnon ka kyerɛɛ nʼasomfo a wɔwɔ hɔ no se, “Obiara mfi ha nkɔ!” Enti wɔn nyinaa kɔe.
10 Amnon told Tamar, "Bring the food into the bedroom, so I may eat from your hand." Tamar took the cakes she had made and brought them to her brother Amnon in the bedroom. Afei, ɔka kyerɛɛ Tamar se, “Fa aduan no brɛ me wɔ me pia mu, na bubu hyɛ mʼano.” Enti Tamar maa so de kɔɔ hɔ.
11 As she brought them near to eat, he grabbed her: "Come, sleep with me, my sister." Na bere a ogu so de rema no no, ɔtow hyɛɛ ne so, na ɔkae se, “Wo ne me nna, me nuabea ɔdɔfo.”
12 "No, my brother!" she said. "Don't force me. Such a thing is never done in Israel. Don't do this disgraceful thing. Na Tamar teɛɛ mu se, “Dabi da, onuabarima! Nyɛ saa amumɔyɛde yi! Nyɛ me saa! Wunim sɛ, sɛ woyɛ a, ɛyɛ bɔne kɛse wɔ Israel.
13 And I—where could I take my shame? And you—you'd be like one of Israel's contemptible fools. Please, speak to the king; he won't keep me from you." Na ɛhe na anka mede saa aniwu no bɛfa? Na wɔbɛka sɛ, wo nso woyɛ nkwaseafo akɛse a wɔwɔ Israel no mu baako. Mesrɛ wo, ka biribi kɛkɛ kyerɛ ɔhene, na ɔbɛma woaware me.”
14 But he refused to listen; being stronger than she, he forced her and had relations with her. Nanso Amnon ampene so. Na esiane sɛ ɔwɔ ahoɔden sen Tamar nti, ɔtoo no mmonnaa.
15 Then Amnon hated her with intense hatred—greater than the love he had felt for her. "Get up and get out!" he said to her. Ɛhɔ ara, Amnon dɔ no dan ɔtan. Ɔtan no mu yɛɛ den sen ɔdɔ a na ɔdɔ no no. Ɔteɛteɛɛ mu se, “Fi ha kɔ ntɛm!”
16 "No," she said, "sending me away is a worse wrong than what you already did to me." But he refused to listen. Tamar nso teɛteɛɛ mu se, “Dabi da. Sɛ worepam me afi ha mprempren no yɛ bɔne kɛse koraa sen nea woayɛ me dedaw no.” Nanso Amnon ampɛ sɛ obetie no.
17 He called his attendant and said, "Get this woman out of here, and bolt the door behind her." Ɔteɛɛ mu frɛɛ ne somfo hyɛɛ no se, “Pam saa ɔbea yi fi ha, na to pon no mu!”
18 She wore a long decorated robe, the dress of the king's virgin daughters back then. His attendant put her out and bolted the door behind her. Enti ɔsomfo no pam no. Na ɔhyɛ batakari tenten fɛfɛ bi sɛnea na amanne kyerɛ wɔ ɔhene babea a ɔyɛ ɔbabun ho no.
19 Tamar put ashes on her head and tore the long ornamented robe she wore. She put her hand on her head and went off, crying aloud as she went. Nanso Tamar sunsuan ne batakari no mu, de nsõ guu ne ti mu. Afei, ɔde ne nsa kataa nʼani, de osu sii kwan so.
20 Her brother Absalom said, "Has Amnon your brother been with you? Stay quiet now, my sister; he is your brother. Don't take this to heart." So Tamar lived as a desolate woman in her brother Absalom's house. Ne nuabarima Absalom huu no bisaa no se, “Wo nuabarima Amnon ne wo ada ana? Yɛ dinn, me nuabea; ɔyɛ wo nuabarima. Mfa saa asɛm yi nhyɛ wo koma mu.” Na Tamar tenaa ase sɛ ankonam werɛhonibea wɔ Absalom fi.
21 When King David heard all about this, he was furious. Bere a ɔhene Dawid tee asɛm no, ne bo fuw yiye.
22 Absalom said nothing to Amnon, good or bad, for he hated him for violating his sister Tamar. Absalom nso anka ho hwee ankyerɛ Amnon. Nanso ɔtan Amnon yiye, efisɛ wagu ne nuabea Tamar anim ase.
23 Two full years later Absalom had sheepshearers at Baal-hazor near Ephraim, and invited all the king's sons. Mfe abien akyi, da koro bi a na wɔretwitwa Absalom nguan ho nwi wɔ Baal-Hasor a ɛbɛn Efraim hye so no, Absalom too nsa frɛɛ ɔhene mmabarima nyinaa sɛ wɔmmra hɔ.
24 Absalom went to the king: "Your servant has shearers. Will the king and his servants join me?" Absalom kɔɔ ɔhene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Me nguan nwitwitwafo reyɛ adwuma. Ɔhene ne nʼasomfo bɛba abɛka me ho ana?”
25 "No, my son," the king told Absalom, "we shouldn't all go, or we'd burden you." Though Absalom urged him, he would not go but blessed him. Ɔhene buae se, “Dabi, me ba. Ɛnsɛ sɛ yɛn nyinaa kɔ; yɛbɛyɛ ɔhaw ama wo.” Ɛwɔ mu sɛ Absalom hyɛɛ no de, nanso wampene sɛ ɔbɛkɔ, na ohyiraa no kosɛkosɛ.
26 Absalom said, "If not, please let my brother Amnon come with us." "Why should he go with you?" the king asked. Na Absalom kae se, “Sɛ saa na ɛte de a, ma me nuabarima Amnon mmɛka yɛn ho.” Ɔhene no bisaa no se, “Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔbɛka mo ho?”
27 But Absalom pressed him, so he let Amnon and all the king's sons go with him. Nanso ɔhyɛɛ no nti, ɔmaa Amnon ne ahenemma no nyinaa bɛkaa ne ho.
28 Absalom ordered his servants, "Watch carefully. When wine makes Amnon merry and I say, 'Strike Amnon down,' kill him. Don't be afraid. Haven't I commanded you myself? Be strong and brave." Absalom ka kyerɛɛ ne nkurɔfo no se, “Muntie! Montwɛn na Amnon mmow nsa, na afei mɛyɛ nsɛnkyerɛnne na moakum no. Munnsuro. Me ara na mahyɛ mo sɛ monyɛ saa. Momfa akokoduru nyɛ.”
29 Absalom's servants did to Amnon as Absalom had ordered. Then all the king's sons rose, each mounted his mule, and fled. Enti Absalom mmarima no yɛɛ Amnon saa, sɛnea Absalom hyɛɛ wɔn no. Afei, ahene mmabarima no nyinaa sɔre tenatenaa wɔn mfurum so, na woguanee.
30 On the way, David heard: "Absalom has killed all the king's sons; not one is left." Bere a wɔresan akɔ Yerusalem no, saa asɛm yi duu Dawid asom se, “Absalom akunkum wo mmabarima no nyinaa a anka ɔbaako koraa.”
31 The king stood, tore his clothes, and lay on the ground; all his servants stood by, clothes torn. Ɔhene no huruw sii fam, sunsuan nʼatade mu, daa fam. Nʼafotufo nyinaa de ahodwiriw ne awerɛhow sunsuan wɔn ntade mu, dedaa fam saa ara.
32 But Jonadab son of Shimeah, David's brother, said: "My lord should not think they killed all the young men, the king's sons. Only Amnon is dead. Absalom intended this from the day Amnon violated his sister Tamar. Nanso ankyɛ biara na Yonadab a ɔyɛ Dawid nuabarima Simea babarima no beduu hɔ kae se, “Dabi, ɛnte saa. Ɛnyɛ wo mma no nyinaa na wɔakunkum wɔn. Amnon nko ara na wɔakum no. Efi bere a Amnon too ne nuabea Tamar mmonnaa no, na Absalom yɛɛ nʼadwene saa.
33 My lord the king must not take it to heart, thinking all the king's sons are dead. Only Amnon is dead." Dabi, wo mma no nyinaa nwuwui saa. Ɛyɛ Amnon nko ara.”
34 Meanwhile Absalom had fled. The young watchman looked up and saw many people coming down the road on the hillside behind him. Saa bere no, na Absalom aguan. Ɔwɛmfo a ɔwɔ Yerusalem fasu so no huu sɛ dɔm kɛse fi atɔe fam reba kurow no mu. Otuu mmirika kɔbɔɔ ɔhene amanneɛ se, “Mahu sɛ dɔm fi Horonaim kwan a ɛda bepɔw no nkyɛn mu hɔ no so reba.”
35 Jonadab said to the king, "Look, the king's sons have come. It's just as your servant said." Yonadab ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Wɔn na wɔreba no! Wo mma no reba sɛnea mekae no.”
36 As he finished speaking, the king's sons arrived weeping loudly; the king and all his servants also wept very bitterly. Ankyɛ na wobedui a, wɔretwa adwo, tew nisu, na ɔhene ne ne mpanyimfo nso twaa agyaadwo.
37 Absalom fled and went to Talmai son of Ammihud, king of Geshur. David mourned for his son day after day. Na Dawid suu ne babarima Amnon nna bebree. Na Absalom guan kɔɔ ne nena barima Talmai a na ɔyɛ Amihud a na ɔyɛ ɔhene Gesur no babarima nkyɛn.
38 After Absalom had fled and gone to Geshur, he stayed there three years. Ɔkɔtenaa Gesur hɔ mfe abiɛsa.
39 And King David's heart longed to go to Absalom, for he had found comfort after Amnon's death. Na Dawid a afei wagyae Amnon wu no ho asɛm no pɛɛ sɛ ɔne ne babarima Absalom san ka bɔ mu.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]