Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

2 Peter 3 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Beloved, this is now the second letter I write you; in both I stir up your sincere mind by reminder. Adɔfonom, eyi ne krataa a ɛto so abien a makyerɛw abrɛ mo. Mekyerɛw sɛ mede rebɛkae mo, de akanyan mo adwene.
2 Remember the words the holy prophets spoke beforehand, and the command of our Lord and Savior given through your apostles. Mepɛ sɛ mokae nsɛm a adiyifo akronkron no kaa no mmere bi a atwam no ne mmara a efi Awurade ne Agyenkwa a wɔde faa mo asomafo so maa mo no.
3 Know this first: mockers will come in the last days, mocking, following their own lusts. Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ mote ase sɛ nna a edi akyiri no mu no, nnipa bi bɛba a wɔn ara wɔn honam akɔnnɔ na ebedi wɔn so. Wobedi mo ho fɛw
4 They will ask, "Where is his promised coming? Since the fathers fell asleep, everything continues as it has since creation's beginning." aka se, “Ɔhyɛɛ mo bɔ se ɔbɛba. Wanka? Na ɔwɔ he? Yɛn agyanom awuwu dedaw, nanso biribiara te sɛ nea ɛte fi adebɔ mfiase!”
5 They willfully ignore this: long ago, by our Father's word, heavens existed, and earth formed out of water and through water, Wɔhyɛ da ma wɔn werɛ fi nokware no sɛ, efi tete na Onyankopɔn kasa maa ɔsoro bae, na wofi nsu mu de nsu yɛɛ asase.
6 and through these the world of that time was deluged with water and perished. Akyiri no wɔde nsuyiri bɛsɛee saa bere wiase no.
7 By the same word, today's heavens and earth are stored up for fire, kept for the day of judgment and destruction of the wicked. Nanso Onyankopɔn ahyɛ sɛ ɔsoro ne asase ntena hɔ nkosi atemmuda. Afei wɔbɛsɔ ogya wɔ mu de asɛe nnebɔneyɛfo.
8 Don't overlook this, loved ones: with our Father, one day is like 1,000 years, and 1,000 years like one day. Nanso anuanom, mommma mo werɛ mfi ade baako sɛ Awurade ani so de, nsonoe nni da koro ne mfe apem ntam. Ne fam de, abien no nyinaa yɛ pɛ.
9 Our Father isn't slow to keep his promise, as some think; he's patient with you, wanting no one to perish, but all to reach repentance. Awurade ntwentwɛn ne nan ase wɔ ne bɔ a wahyɛ ho sɛnea ebinom susuw no. Mmom ɔwɔ mo ho ntoboase, efisɛ ɔmpɛ sɛ wɔbɛsɛe obiara, na mmom ɔpɛ sɛ obiara sakra fi ne bɔne ho.
10 But the day of our Lord Jesus will come like a thief: the heavens will vanish with a rushing sound, the elements will burn and melt, and the earth with all its works will be exposed. Na Awurade da no bɛba sɛ ɔkorɔmfo. Da no, ɔsoro bɛbobɔ mu na ayera na wim nneɛma bɛhyew na asɛe na asase ne so nneɛma nyinaa nso bɛda adi.
11 Since all this will dissolve, what sort of people should you be? You should live holy lives, devoted to God, Na sɛ saa ɔkwan yi so na wɔbɛfa asɛe ade nyinaa a, na ɔbra bɛn na ɛsɛ sɛ wobɔ? Ɛsɛ sɛ mo bra yɛ kronkron na mode mo ho ma Onyankopɔn.
12 as you wait for and hasten the coming of our Father's day, when the heavens will be set ablaze and dissolved, and the elements melt in the heat. Monhwɛ saa da no kwan na monyɛ mo nneɛma pɛpɛɛpɛ; da a Onyankopɔn bɛto ɔsoro mu gya na wim nneɛma anan na ayera wɔ ogyaframa mu no.
13 But as he promised, we wait for new heavens and a new earth, where righteousness lives. Nanso yɛtwɛn nea Onyankopɔn ahyɛ yɛn ho bɔ no, ɔsoro foforo ne asase foforo a ɛhɔ na trenee bɛtena.
14 So, beloved, awaiting these things, strive to be found by him in peace, spotless and without defect. Enti anuanom, mugu so retwɛn da no, mommɔ mmɔden sɛ mobɛyɛ kronkron a mfomso biara nni mo ho wɔ Onyankopɔn anim na mo ne no atena wɔ asomdwoe mu.
15 Regard our Lord's patience as salvation, just as our beloved brother Paul wrote you, with the wisdom given him, Monkae nhu sɛ Awurade wɔ ntoboase efisɛ ɔpɛ sɛ obiara nya nkwagye. Ɛno na yɛn nua Paulo nam nyansa a Onyankopɔn de maa no no so kyerɛw mo no.
16 as in all his letters, where he speaks about these things. Some parts are hard to understand, and the ignorant and unstable twist them—as they do the other Scriptures—to their own destruction. Saa ɔkwan koro no ara so na ɔfa kyerɛw ne nkrataa no na saa nsɛm yi ara so nso na ogyina kyerɛwee. Wɔn a wonnim na wɔnnyɛ den no ntumi nkyerɛ nsɛm bi a ɛyɛ den wɔ ne nkrataa no mu no ase yiye. Saa ara na wɔyɛ Kyerɛwsɛm nkae no de ɔsɛe ba wɔn so no.
17 So then, loved ones, knowing this in advance, guard yourselves, so you aren't swept away by the error of lawless people and lose your own firm standing. Nanso anuanom, esiane sɛ wɔadi kan abɔ mo kɔkɔ no nti, monwɛn na wɔn a wonni mmara so no mfomso no antwe mo amfi mo tebea pa hɔ.
18 Grow in the grace and knowledge of our Lord and Savior Jesus Christ. To him be glory, now and to the day of eternity. Amen. Munyin wɔ yɛn Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo dom ne nimdeɛ mu. Ɔno na anuonyam nka no mprempren ne daa. Amen.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]