Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

1 Chronicles 29 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 David the king told the whole assembly: My son Solomon, the one our Father has chosen, is young and inexperienced, and the task is great, for the temple is not for man but for our Father. Afei, Ɔhene Dawid dan nʼani kyerɛɛ ɔmanfo no kae se, “Me babarima Salomo a Onyankopɔn ayi no sɛ onni Israel so sɛ ɔhene foforo no da so yɛ abofra a onni osuahu biara. Adwuma a ɛda nʼanim no so, na Asɔredan a obesi no nyɛ dan hunu bi. Ɛyɛ Awurade Nyankopɔn no ankasa de.
2 With all my strength I have provided for my Father's house: gold for the gold, silver for the silver, bronze for the bronze, iron for the iron, wood for the wood; onyx stones and stones for settings, stones of antimony and varied colors, every kind of precious stone, and marble in abundance. Mede nea mitumi yɛ biara adi dwuma, maboaboa nea matumi anya nyinaa ano ama me Nyankopɔn Asɔredan no si. Mprempren, sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafrae, nnade ne nnua ne apopobibiri abo ne aboɔden abo, aboɔden agude ne abo pa ne abohemaa ahorow nyinaa pii wɔ hɔ.
3 Because I delight in my Father's house, I give my personal treasure of gold and silver to my Father's house, beyond all I've provided for the holy house: Na esiane me ho a mede ama me Nyankopɔn Asɔredan no nti, mede mʼankasa sikakɔkɔɔ ne dwetɛ bɛboa ɔdan no si. Eyinom bɛka adansi no ho nneɛma a maboaboa ano ama asɔredan kronkron no ho.
4 about 112 tons of gold, gold of Ophir, and about 262 tons of refined silver, to overlay the buildings' walls. Mama Ofir sikakɔkɔɔ a ɛboro nsania ani tɔn ɔha ne dumien ne dwetɛ a wɔahoa ho nsania ani tɔn ahannu aduosia abien a wɔde begu adan no afasu anim,
5 Gold for the gold, silver for the silver, and every task for craftsmen's hands. Now who is willing to dedicate himself today to our Father? ne sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nnwuma a aka a adwumfo no bɛyɛ no. Afei, hena na obeyi ne yam de nʼayɛyɛde ama Awurade nnɛ?”
6 Then the clan leaders, the tribal leaders of Israel, the commanders of thousands and hundreds, and the officials over the king's work offered willingly. Na abusua ntuanofo, Israel mmusuakuw ntuanofo, asahene ne asraafo mpanyimfo ne ɔhene adwumayɛfo nyinaa fii ɔpɛ pa mu mae.
7 For the service of our Father's house, they gave about 188 tons of gold and 10,000 darics, 375 tons of silver, 675 tons of bronze, and 3,750 tons of iron. Wɔmaa sikakɔkɔɔ bɛyɛ tɔn ɔha aduɔwɔtwe awotwe, sika ankasa mpem du, dwetɛ bɛyɛ tɔn ahaasa aduɔson anum, kɔbere mfrafrae bɛyɛ tɔn ahansia aduɔson anum ne nnade bɛyɛ tɔn mpem ahaasa ahanson ne aduonum, de boaa Asɔredan no si.
8 Whoever had precious stones gave them to our Father's house treasury, under Jehiel the Gershonite's care. Wɔmaa aboɔden abo bebree a wɔkɔkoraa no wɔ sikakorabea a ɛwɔ Awurade fi maa Yehiel a ɔyɛ Gerson aseni hwɛɛ so.
9 The people rejoiced at their willing gifts, offered freely to our Father with a whole heart; King David also rejoiced greatly. Nnipa no ani gyee ɔma no ho, efisɛ wofi ɔpɛ pa ne koma pa mu na woyiyi maa Awurade, na Ɔhene Dawid ani gyee yiye.
10 So David blessed our Father before the whole assembly. And David said, "Blessed are you, the Father of Israel our father, from everlasting to everlasting. Na ɔhene Dawid kamfoo Awurade wɔ nnipa no nyinaa anim se, “Awurade, yɛn agya Israel Nyankopɔn, ayeyi nka wo daa nyinaa.
11 Yours, our Father, are the greatness, the power, the glory, the victory, and the majesty—for everything in the heavens and on earth is yours. Yours is the kingdom, our Father; you are lifted up as head over all. Kɛseyɛ, ahoɔden, anuonyam, nkonimdi ne tumi yɛ wo de, Awurade. Biribiara a ɛwɔ ɔsoro ne asase so yɛ wo de, Awurade, na ahenni yi nso yɛ wo de. Yɛma wo so sɛ wone ade nyinaa so tumfo.
12 Riches and honor come from you; you rule over all. Power and might are in your hand; it is in your hand to make great and to give strength to all. Ahonya ne anuonyam fi wo nko ara, efisɛ woyɛ ade nyinaa sodifo. Tumi ne ahoɔden nyinaa wɔ wo nsam na wopɛ mu na wufi ma nnipa yɛ kɛse na wonya ahoɔden.
13 And now, our Father, we give thanks to you and praise your glorious name. Afei, yɛn Nyankopɔn, yɛda wo ase, na yɛkamfo wo din kronkron no.
14 Who am I, and who are my people, that we could offer so willingly? Everything comes from you—we have only given you what's from your own hand. “Na me ne hena na me nkurɔfo ne nnipa bɛn a yetumi kyɛ wo biribi? Biribiara a yɛwɔ no fi wo nkyɛn, na nea yɛde ma wo no yɛ nea wode ama yɛn dedaw no.
15 We are foreigners and guests before you, as all our ancestors were; our days on earth are like a shadow, with no hope of staying. Yɛwɔ ha mmere tiaa bi sɛ nsrahwɛfo ne ahɔho wɔ asase a yɛn agyanom dii kan wɔ so no so. Yɛn nna wɔ asase so te sɛ sunsuma a etwa mu kɔ ntɛm so a wonhu bio.
16 O our Father, all this wealth we gathered to build you a house for your holy name comes from your hand, and all of it is yours. Awurade, yɛn Nyankopɔn, saa nneɛma a yɛaboaboa ano de rebesi asɔredan de ahyɛ wo din kronkron anuonyam yi mpo fi wo nkyɛn! Ne nyinaa yɛ wo dea.
17 I know, my Father, you test the heart and delight in integrity. In my heart's integrity I have freely given all this, and now I see your people found here, giving to you with joy. Me Nyankopɔn, minim sɛ wohwehwɛ yɛn koma mu, na sɛ wuhu nokwaredi wɔ mu a, wʼani gye. Wunim sɛ mede adwene pa na ɛyɛɛ eyinom nyinaa, na mahwɛ ahu sɛnea wo nkurɔfo fi koma pa ne anigye mu de wɔn akyɛde aba.
18 O God of Abraham, Isaac, and Israel, our fathers, keep this intent forever in your people's hearts, and direct their hearts toward you. Awurade, yɛn agyanom Abraham, Isak ne Israel Nyankopɔn, ma wo nkurɔfo nyɛ osetie mma wo daa. Mma ɔdɔ a wɔde dɔ wo no nsesa.
19 Give my son Solomon a whole heart to keep your commands, testimonies, and statutes, to do all this, and build the temple I have provided for." Ma me babarima Salomo koma nyinaa mu ɔpɛ pa, na onni wʼahyɛde, wo mmara ne wo nkyerɛkyerɛ so, na onsi saa Asɔredan yi a mayɛ ho ahoboa nyinaa no.”
20 David told the whole assembly, "Bless your Father now." So they all blessed the God of their fathers, bowed their heads, and fell facedown before our Father and the king. Afei, Dawid ka kyerɛɛ ɔmanfo no nyinaa se, “Monkamfo Awurade, mo Nyankopɔn!” Na ɔmanfo no nyinaa kamfoo Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn, na wɔkotow buu nkotodwe wɔ Awurade ne ɔhene no anim.
21 They sacrificed sacrifices to our Father and offered burnt offerings to our Father the next day: 1,000 bulls, 1,000 rams, 1,000 lambs, with their drink offerings, and abundant sacrifices for all Israel. Ade kyee no, wɔde anantwinini apem, adwennini apem ne nguamma anini apem bɛbɔɔ ɔhyew afɔre maa Awurade. Wɔsan gyinaa Israel anan mu, de ɔnom afɔrebɔde pii ne afɔrebɔde ahorow bae.
22 They ate and drank before our Father that day with great joy, made Solomon son of David king again, anointed him ruler for our Father, and Zadok priest. Wɔde ahosɛpɛw didi nomee da no wɔ Awurade anim. Na bio, wɔhyɛɛ Dawid babarima Salomo ahenkyɛw sɛ wɔn hene foforo. Wɔsraa no ngo wɔ Awurade anim sɛ wɔn ntuanoni, na wɔsraa Sadok nso ngo sɛ wɔn sɔfo.
23 Solomon sat on our Father's throne as king in place of David his father. He thrived, and all Israel obeyed him. Na Salomo tenaa Awurade ahengua no so sɛ nʼagya Dawid nanmusini, na ɔkɔɔ so yiye, na Israel nyinaa tiee no.
24 Also all the leaders and mighty warriors, and also all King David's sons, submitted to King Solomon. Adehye mpanyimfo nyinaa, asahene ne Dawid mmabarima nyinaa sua kyerɛɛ ɔhene Salomo.
25 And our Father made Solomon exceedingly great in the sight of all Israel, giving him royal majesty beyond any king before him in Israel. Na Awurade pagyaw Salomo maa Israelman no maa no nidi nwonwaso, na ɔmaa Salomo ahonya ne anuonyam sen nʼagya.
26 David son of Jesse reigned over all Israel. Enti Yisai babarima Dawid dii Israel nyinaa so hene.
27 His reign over Israel lasted forty years—seven in Hebron, thirty-three in Jerusalem. Odii hene wɔ Israel mfe aduanan a ne nkyerɛmu ne sɛ, odii Hebron so mfe ason, na mfe aduasa abiɛsa nso, ɔtenaa Yerusalem.
28 He died at a good old age, full of days, wealth, and honor; Solomon his son reigned in his place. Ɔtenaa ase kyɛe, nyinii yiye, nyaa ahode ne anuonyam ansa na ɔrewu. Na ne babarima Salomo dii nʼade sɛ ɔhene.
29 Now the acts of King David, first and last, are written in the records of Samuel the seer, the records of Nathan the prophet, and the records of Gad the seer, Efi Ɔhene Dawid adedi mfiase de kosi nʼawie mu nsɛm nyinaa, wɔakyerɛw agu ɔdehufo Samuel abakɔsɛm nhoma, odiyifo Natan abakɔsɛm nhoma ne ɔdehufo Gad abakɔsɛm nhoma mu.
30 with all his reign and might, and the events that came upon him, Israel, and all the kingdoms of the lands. Nʼadedi mu akokodurusɛm ne biribiara a ɛbaa ne so, Israel ne ahenni ahorow a atwa ne ho ahyia nyinaa nso yɛ nsɛm a wɔakyerɛw.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]