Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

1 Chronicles 27 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 This is the count of Israel's people—heads of families, commanders of thousands and hundreds, and officers serving the king in every matter of the divisions that rotated monthly through the year, each division 24,000. Israelfo akuw ahorow no ni—mmusua mpanyimfo, asahene ne asraafo mpanyimfo a na wɔhwɛ asraafo akuw ahorow so de som ɔhene, a kuw biara kɔ adwuma ɔsram baako wɔ afe mu. Na dɔm a wɔwɔ kuw biara mu nso dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000). Wɔn din na edidi so yi.
2 Over the first division, for the first month, was Jashobeam son of Zabdiel; his division numbered 24,000. Sabdiel babarima Yasobeam na na ɔyɛ kuw a edi kan no sahene, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a edi kan wɔ afe no mu. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000).
3 He was a descendant of Perez, chief of all army commanders for the first month. Na ɔyɛ Peres aseni a na ɔhwɛ asraafo mpanyimfo no nyinaa so ɔsram a edi kan no mu.
4 Dodai the Ahohite led the second month's division; Mikloth was its chief officer—24,000 men. Dodai a na ɔyɛ Ahoa aseni na na ɔyɛ kuw a ɛto so abien a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so abien mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000), a na Miklot yɛ nʼabediakyiri.
5 Third army commander, for the third month: Benaiah son of Jehoiada the priest, chief; his division: 24,000. Ɔsɔfo Yehoiada babarima Benaia na na ɔyɛ kuw a ɛto so abiɛsa a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so abiɛsa mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000).
6 This Benaiah was the mighty man of the thirty and their leader; his son Ammizabad led his division. Saa Benaia yi na na ɔhwɛ Dawid asraafo akunini kuw, a na wɔfrɛ wɔn Akofo Akɛse Aduasa no so. Ne babarima Amisabad na na ɔyɛ nʼabediakyiri.
7 Fourth, for the fourth month: Asahel, Joab's brother, then his son Zebadiah; his division: 24,000. Yoab nuabarima Asahel na na ɔyɛ kuw a ɛto so anan, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so anan mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000). Asahel babarima Sebadia na odii nʼade.
8 The fifth, for the fifth month, was the commander Shamhuth the Izrahite; his division numbered 24,000. Samhut a ɔyɛ Yisrahini na na ɔyɛ kuw a ɛto so anum, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so anum mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000).
9 The sixth, for the sixth month, was Ira son of Ikkesh the Tekoite; his division numbered 24,000. Ikes babarima Ira a ofi Tekoa no na na ɔyɛ kuw a ɛto so asia, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so asia mu no sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000).
10 Seventh, for month seven: Helez the Pelonite, of Ephraim's descendants; his division: 24,000. Heles a na ɔyɛ Efraim aseni a ofi Pelon no na na ɔyɛ kuw a ɛto so ason, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so ason mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000).
11 The eighth, for the eighth month, was Sibbecai the Hushathite, of the Zerahites; his division numbered 24,000. Sibekai a na ɔyɛ Sera aseni a ofi Husa no na na ɔyɛ kuw a ɛto so awotwe, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so awotwe mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000).
12 The ninth, for the ninth month, was Abiezer the Anathothite, of the Benjamites; his division numbered 24,000. Abieser a na ofi Anatot a ɛda Benyamin asase so no na na ɔyɛ kuw a ɛto so akron, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so akron mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000).
13 The tenth, for the tenth month, was Maharai the Netophathite, of the Zerahites; his division numbered 24,000. Maharai a ɔyɛ Serah aseni a ofi Netofa no na na ɔyɛ kuw a ɛto so du, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so du mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000).
14 Eleventh, for month eleven: Benaiah the Pirathonite, from Ephraim's descendants; his division: 24,000. Benaia a ofi Piraton a ɛwɔ Efraim no na na ɔyɛ kuw a ɛto so dubaako, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so dubaako mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000).
15 Twelfth, for the twelfth month: Heldai the Netophathite, of Othniel's clan; 24,000 in his division. Heldai a ɔyɛ Otniel a ofi Netofa aseni no na na ɔyɛ kuw a ɛto so dumien, a na wɔkɔ adwuma ɔsram a ɛto so dumien mu no so sahene. Na ne kuw no asraafodɔm dodow yɛ mpem aduonu anan (24,000).
16 Over the tribes of Israel: Reubenites' leader was Eliezer son of Zichri; Simeonites' leader, Shephatiah son of Maacah, Mmusuakuw no ne wɔn ntuanofo ni: Ruben abusuakuw: Sikri babarima Elieser; Simeon abusuakuw: Maaka babarima Sefatia;
17 for Levi, Hashabiah son of Kemuel; for Aaron, Zadok; Lewi abusuakuw: Kemuel babarima Hasabia; Aaron (asɔfo no) abusuakuw: Sadok;
18 for Judah, Elihu, one of David's brothers; for Issachar, Omri son of Michael; Yuda abusuakuw: Dawid nuabarima Elihu; Isakar abusuakuw: Mikael babarima Omri;
19 for Zebulun, Ishmaiah son of Obadiah; for Naphtali, Jerimoth son of Azriel; Sebulon abusuakuw: Obadia babarima Yismaia; Naftali abusuakuw: Asriel babarima Yerimot;
20 for Ephraim's descendants, Hoshea son of Azaziah; for the half-tribe of Manasseh, Joel son of Pedaiah, Efraim abusuakuw: Asasia babarima Hosea; Manase (atɔe fam) abusuakuw: Pedaia babarima Yoel;
21 for the half-tribe of Manasseh in Gilead, Iddo son of Zechariah; for Benjamin, Jaasiel son of Abner; Manase (apuei fam) abusuakuw Sakaria babarima Ido; Benyamin abusuakuw: Abner babarima Yaasiel;
22 for Dan, Azarel son of Jeroham. These were the leaders of the tribes of Israel. Dan abusuakuw: Yeroham babarima Asarel. Eyinom ne Israel mmusuakuw no ne wɔn ntuanofo.
23 David did not count those twenty years old and under, since our Father promised to make Israel as many as heaven's stars. Bere a Dawid ma wɔkan nnipa no, wɔankan wɔn a wonnii mfe aduonu, efisɛ na Awurade ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma Israelfo no adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma.
24 Joab son of Zeruiah started counting but didn't finish; anger came on Israel over it, so the total never appeared in King David's record. Yoab na ofii nnipakan no ase, nanso wanwie, efisɛ Onyankopɔn bo fuw Israel. Wɔankyerɛw nnipa no nyinaa dodow angu Ɔhene Dawid nkrataa mu.
25 Azmaveth son of Adiel oversaw the king's treasuries, and Jonathan son of Uzziah oversaw the storehouses in the fields, towns, villages, and towers. Adiel babarima Asmawet na na ɔhwɛ ahemfi sikakorabea so. Usia babarima Yonatan no na na ɔhwɛ ɔmantam no sikakorabea a ɛwowɔ nkurow, nkuraa ne aban a ɛwɔ Israel nyinaa so.
26 Over the field workers who tilled the soil was Ezri son of Chelub. Kelub babarima Esri na na ɔhwɛ apaafo a na wɔdɔw ɔhene mfuw so.
27 Shimei the Ramathite oversaw the vineyards; Zabdi the Shiphmite oversaw their produce for the wine cellars. Simei a na ofi Rama na na ɔhwɛ ɔhene bobe mfuw so. Sabdi a ofi Sifim na na ɔhwɛ aba a wɔde yɛ nsa ne nsa a wɔayɛ so.
28 Baal-hanan the Gederite oversaw the olive and sycamore-fig trees in the foothills; Joash oversaw the olive oil stores. Baal-Hanan a ofi Geder no na na ɔhwɛ ɔhene ngonnua ne ankye nnua a na ɛwɔ Yuda bepɔw ase no so. Yoas na na ɔhwɛ ma wɔyɛ ngo.
29 Shitrai the Sharonite oversaw herds grazing in Sharon; Shaphat son of Adlai oversaw herds in the valleys. Sitrai a ofi Saron na na ɔhwɛ anantwi a na wɔwɔ Saron sare so no so. Adlai babarima Safat na na ɔhwɛ anantwi a wɔwɔ abon ahorow mu no so.
30 Over the camels was Obil the Ishmaelite; and over the donkeys was Jehdeiah the Meronothite. Ismaelni Obil na na ɔhwɛ yoma so. Yehdia a ofi Meronot na na ɔhwɛ mfurum so.
31 Over the flocks was Jaziz the Hagrite; all these were officials over King David's property. Yasis a ofi Hagar na na ɔhwɛ ɔhene nguan so. Saa mpanyimfo yi nyinaa na na wɔhwɛ ɔhene Dawid agyapade so.
32 Jonathan, David's uncle, was a counselor, a man of understanding and a scribe; and Jehiel son of Hachmoni cared for the king's sons. Yonatan a na ɔyɛ Dawid wɔfa no yɛɛ ɔfotufo nyansafo maa ɔhene. Na ɔyɛ ɔkyerɛwfo a ɔwɔ nhumu. Na Hakmoni babarima Yehiel na na ɔkyerɛ ɔhene mmabarima ade.
33 Ahithophel was the king's counselor, and Hushai the Archite was the king's friend. Ahitofel na na ɔyɛ ɔhene fotufo. Na Husai a ofi Arki yɛ ɔhene adamfo.
34 After Ahithophel: Jehoiada son of Benaiah, and Abiathar. Joab commanded the king's army. Benaia babarima Yehoiada na odii Ahitofel ade na Abiatar bɛtoaa adedi no so. Yoab na na ɔyɛ Israel asraafodɔm no so sahene.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]